Madamfo Pa
Henanom ne wo nnamfo? Ɛyɛ w’atipɛnfo nkutoo? Kenkan abofra bi nsɛm a ɛfa ne nnamfo mu biako a ɔsen no panyin bɛyɛ mfe aduɔson ho.
YƐN abusua no tu kɔɔ Aberdeen, Scotland, bɛyɛ sɛ mfe akron a atwam ni, bere a na m’adi mfe asia pɛ no. Eyi yɛ bere a ehu kaa me efisɛ na ɛsɛ sɛ mifi sukuu foforo ase na mepaw nnamfo foforo. Nanso biribi maa me bo tɔɔ me yam wɔ tebea foforo yi mu. Ná aberewa bi a na m’awofo ahyia no pɛn te bɛn yɛn fie. Wɔhyɛɛ da de me kyiaa no, na ankyɛ na mihuu sɛnea ne ho yɛ anika ma ɛyɛɛ me nwonwa. Ná ɔbrɛ ne ho ase wɔ komam, na na osiesie ne ho fɛfɛɛfɛ.
Ná yɛagye ofie a yɛte mu no tua ho ka ɔsram biara, enti yetu kɔɔ yɛn ankasa fie a na efi Sewaa Louie fie ba hɔ bɛyɛ sɛ kwansin biako. Sewaa a mefrɛ no no yɛ obu a mewɔ ma no ne sɛnea medɔ no. Bere a na ɛsɛ sɛ yetu no, me werɛ howee, esiane sɛ na me ne me nuabarima afi ase resra no daa.
Nanso, na sukuu a mekɔ no bɛn Sewaa Louie fie yiye. Enti sɛ yewie adesua Fida biara a, ansa na mɛkɔ akosua Scotlandfo Amammerɛ Asaw wɔ sukuu mu anwummere no, mekɔ Sewaa fie kɔnom tii. Eyi bɛyɛɛ ade a meyɛ no daa. Ná mede m’anansesɛm nhoma no biako ba daa na na ɔkenkan kyerɛ me bere a na midi paanoo a ɛferɛ hyehyɛm, na menom nufusu a ɛyɛ nwini no.
Mekae sɛ, na ɛte sɛ nea Fida mma ntɛm bere a na mehwɛ kwan sɛ awia bere nnɔn 3:30 dɔn, a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ ntɛm du Sewaa Louie fie, no bɛbɔ no. Ɛyɛ saa bere yi na midii kan huu sɛnea wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ho betumi ayɛ anigye ne anika. Nokwarem, mammu no sɛ obi a ne mfe akɔ anim. Wɔ m’adwene mu no, na onyinii. Ná otumi ka kar hwɛ ne fie ne turo a ɛma fie hɔ yɛ huam no so yiye—dɛn bio na abofra hwehwɛ sen eyi?
Mfe abiɛsa twaam, na na mewɔ afe a etwa to wɔ mfitiase sukuu mu. Saa bere yi na Sewaa Louie sii gyinae sɛ, ne turo no ma ɔbrɛ dodo ma enti tu a obetu akɔ ɔdan a ɛbom mu bɛyɛ nea ɛfata. Saa bere no, na mintumi nte mpanyinyɛ ase. Ɛhaw me sɛ na ne dan no atew ne ho wɔ kurow no fã foforo. Ná m’ani nye Fida ho sɛnea na ɛte kan no.
Ntoaso sukuu a na mɛkɔ wɔ 1990 mu no bɛnee. Dɛn na na mɛyɛ wɔ sukuu kɛse a ɛte saa mu? Mɛyɛ m’ade dɛn? Ná merefi me nnamfo nkyɛn akɔ sukuu foforo mu, na na yɛn abusua no te beae foforo. Nanso na Sewaa Louie wɔ hɔ, efisɛ na ne fie foforo no bɛn ntoaso sukuu no pɛɛ! Mibisaa no sɛ ebia metumi aba ne fie hɔ awia abedi m’awia aduan a ɛyɛ paanoo a ɛferɛ hyehyɛm no anaa. Ne saa nti, daa awia bere nsrahwɛ nhyehyɛɛ foforo a ɛyɛ anigye fii ase bio.
Migye di sɛ saa bere yi na abusuabɔ a na ɛda yɛn ntam sɛ abofra ne ɔpanyin no bɛdanee ayɔnkofa a yɛn mu biara benyaa ɔfoforo ayɔnkofa mu anigye. Eyi daa adi wɔ akwan horow pii so, nanso ɔkwan titiriw biako ne bere a yefii ase kenkan nhoma te sɛ—Jane Eyre, Villette, Pride and Prejudice, ne Women in White boom no—sen sɛ yɛbɛkenkan anansesɛm nhoma. M’ani begyee akenkan ho.
Sewaa Louie kyerɛɛ me sɛ, nnipa ho dɔ yɛ ade a wosua. Sɛ ɛnyɛ ɔno a, anka ebia menyin kakra ansa na mahu. Ɔkyerɛɛ me sɛnea wotie asɛm, na nnipa pii a wɔwɔ wiase a adagyew nnim yi nsua eyi da, sɛ wɔyɛ mpanyin anaa mmofra. Na bere a mamoa me ho wɔ n’asa so agua mu no, ɔka n’asetra mu nsɛm ne osuahu ahorow a wanya kyerɛ me. Ɔbea yi nimdeɛ a ɛyɛ anigye yi ma me ho tɔ me yiye.
Sewaa Louie de nneɛma pii bɔɔ afɔre—aware, mma, adwuma a obesua—de hwɛɛ n’awofo ne ne maame nuabea panyin a na wɔyare denneennen no. Eyi maa ne nuabarima kumaa no tumi traa bere nyinaa som adwuma no mu.
Sewaa Louie akwahosan aba fam wɔ mfe abien a abɛsen kɔ no mu, na mitumi hu abasamtu, amanehunu, ne yaw a mpanyinyɛ de ba no. Nnansa yi ara, bere a odii mfe 84 no, na ɛsɛ sɛ ogyae kar ka, na eyi asɔ no ahwɛ yiye. Ná ɔyɛ obi a onni ne ho adagyew koraa, enti ka a waka fie seesei no haw adwene yiye. Atenka a onya sɛ ebia ɔrehaw afoforo no taa hyɛ no so. Ɛmfa ho bere dodow a yɛka kyerɛ no sɛ yɛdɔ no, na yɛbɛyɛ biribiara ama no no, ɔkɔ so nunu ne ho.
Nea ɛma ɛyɛ den seesei ne sɛ ɛyɛ den ma no sɛ obeguare na wasiesie ne ho. Ɛwom sɛ wayɛ eyi ama afoforo pɛn de, nanso seesei ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛhwehwɛ mmoa a ɛte saa. Eyi rekyerɛ me sɛ, sɛ nkurɔfo ntumi nyɛ wɔn ankasa ho ade mpo a, wɔfata sɛ yebu wɔn.
Nea ɛsen ne nyinaa no, saa suahu yi aboa me ma mate sɛnea mpanyinyɛ te ankasa ase. Ade biara a Sewaa Louie ntumi nyɛ bio no ma misu. Ne titiriw no, sɛ mihu no sɛ wahaw anaa ɔte yaw nka kɛse a, ɛyɛ a mepɛ sɛ misu pii. Ade a midi ho yaw titiriw ne sɛ ebia abofra foforo bi a manyin sen no renya ne nyansa yi mu mfaso.
Ɛtɔ mmere bi a mintumi nhu sɛ ebia mereyɛ pii ama no anaa. So n’ani gye me ho, na ɔdɔ me sɛnea medɔ no no? Nanso sɛ mikodidi awia bere na meyɛ no atuu a, adwene mu naayɛ biara tu yera.
Mibu no sɛ ɛyɛ nnidi sɛ manya adamfo a ɔte saa. Wakyerɛ me su pa ahorow pii—ne titiriw no, wakyerɛ me ɔdɔ. Meremfa nnamfo ɔha a me ne wɔn bɔ atipɛn nsesa me ne n’adamfofa no. Ɛwom sɛ ɛrenkyɛ mefi sukuu na merenkɔ ne fie nkodidi awia bere bio de, nanso mɛkɔ so adɔ no, asra no, na mayɛ m’adamfo pa yi mmoa. Wakyerɛ me sɛ, asetra betumi ayɛ nea ɛyɛ anigye na akomatɔyam wom sɛ wodi kan dwen afoforo ho a.—Wɔkyerɛw mae.
[Kratafa 18 mfonini]
Me ne Sewaa Louie