Ɛtwetwee N’adwene
Wɔ May 1995 mu no, ɔbea bi a ɔwɔ New York Kuropɔn mu kyerɛw krataa kɔmaa Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York, no. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ:
“Na menam East 124th St., Borɔn so kwan a edi Kan ne nea ɛto so Abien no ntam. Mehwɛɛ fam hui sɛ mframa rebɔ nkratawa bi. Mekotow faa mo nkratawa no mu abiɛsa, Awerɛkyekye ma Wɔn a Wɔahaw, Nya Abusua Asetra Mu Anigye, ne Hena na Odi Wiase no So Ankasa? Mekenkan ne nyinaa, na m’ani gyee ho yiye.
“Sɛ mobɛyɛ me adɔe na moabrɛ me ofie Bible adesua a wonnye hwee no ho nsɛm bi a, anka m’ani begye ho. Afei nso, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, m’ani begye sɛ me nsa bɛka mo nhoma no bi. Me fam no, na ɛyɛ nhyira sɛ Awurade a ne yam ye no de nkratawa abiɛsa no beguu m’anim wɔ kwan mu ma mihui. Awurade nnwuma yɛ nwonwa ankasa.”
Sɛ wopɛ sɛ wokenkan saa nkratawa a ɛkanyan adwene yi anaa wɔne wo bɛyɛ ofie Bible adesua a wonnye hwee a, yɛsrɛ wo kyerɛw Watch Tower, Box 760, Accra, anaa address a ɛwɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata.