Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 3/8 kr. 31
  • Bɔ Wo Ho Ban Fi Ɔprannaa Ho!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bɔ Wo Ho Ban Fi Ɔprannaa Ho!
  • Nyan!—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onipa Ba no Bɛba
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Ɛho Nsɛnkyerɛnne no a Wobehu na Wɔadi Ho Dwuma
    Nyan!—1996
Nyan!—1996
g96 3/8 kr. 31

Bɔ Wo Ho Ban Fi Ɔprannaa Ho!

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ SWEDEN HƆ

ƆPRANNAA bi a ano nyɛ den pii betumi akura anyinam ahoɔden tumi ɔpepedudu pii a sɛ wosusuw a emu tumi no betumi ayɛ ampere ɔpedudu pii. Sɛ yɛyɛ ntotoho a, anyinam ahoɔden a wɔde di dwuma wɔ fie mu tumi taa yɛ ampere 15.a Dɛn na wubetumi ayɛ de abrɛ ɔprannaa a ebetumi aduru wo no ase? Hyɛ nyansahyɛ ahorow a edidi so yi nsow.

• Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, kɔ dan mu. Kar mu a wobɛhyɛ mpo betumi ama woanya ahobammɔ a ɛsɛ. Na sɛ wowɔ ɔdan tenten bi mu nso ɛ? Ɔdan tenten a dade a edwudwo ɔprannaa ano si so betumi ayɛ baabi a ahobammɔ wɔ. Sɛ nhwɛso no, Empire State Building a ɛwɔ New York Kuropɔn mu no gyina ɔprannaa bɛyɛ 25 a esi mu afe biara no ano. Nanso, eye sɛ worentra adan a wɔde nkyɛnsee abɔ so a dade a edwudwo ɔprannaa ano a ɛhyɛ fam nni ho, na esi bɛn dadebɛn ne nnadeban mu.

• Fi mmeae a ɛhɔ yɛ petee te sɛ atare ho, mprama so, ne mmeae a wɔbɔ golf. Nnua atenten a ɛno nko atew ne ho nso ho betumi ayɛ hu. Sɛ wowɔ baabi a nnua pii wɔ a, kogyina ntiatiaa paa no ase. Sɛ ɔprannaa no abɛn wo ma ɛyɛ hu na wuntumi nguan mfi beae bi a ɛhɔ yɛ petee a, kotow fam na sosɔ wo nkotodwe. Ɛnna fam tim, ɛho hia efisɛ ɛsɛ sɛ woyɛ biribi ma ka a ebetumi aka wo no yɛ ketewaa bi sɛnea wubetumi biara.

• Sɛ wowɔ ɔdan mu mpo a, wubetumi ayɛ ahwɛyiye. Nyansahyɛ kakraa bi na edidi so yi: Bɔ mmɔden sɛ worenso nneɛma a anyinam ahoɔden tumi fa mu, te sɛ sutoof ne dade durubɛn. Ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ woremmɛn aguaree durubɛn a nsu nam mu, anaa guaresɛn a wogyina mu guare no, na mmɔ mmɔden sɛ wode telefon bedi dwuma nso. Dunnum kɔmputa, television, ne nneɛma foforo a ɛde anyinam ahoɔden di dwuma nyinaa, efisɛ sɛ ɔprannaa si ofie hɔ a ebetumi asɛe no.

• Sɛ ɔprannaa duru obi a, ɛho hia sɛ wotwitwiw ne koko huw ne hwenem ntɛm ara. Ɔbenfo Victor Scuka, a ɔyɛ adwuma wɔ Anyinam Ahoɔden a Ano Yɛ Den Nhwehwɛmu Dwumadibea wɔ Uppsala Sukuupɔn mu wɔ Sweden, ka sɛ wɔ nsɛm pii mu no, wɔatwitwiw wɔn a ɔprannaa aduru wɔn no koko ma wɔatumi anya nkwa bere a na ɛte sɛ nea wɔawu mpo no. Ɔbɔ kɔkɔ sɛ: “Nanso ɛsɛ sɛ wɔyɛ eyi ntɛm na ansɛe wɔn amemene.”

Sɛ ɔprannaa duru wo a, fa ahobammɔ a yɛaka ho nsɛm seesei no di dwuma. Sɛ woyɛ saa a ebia ade a ɛyɛ hu yi renkum wo.

[Ase hɔ asɛm]

a Ampere yɛ anyinam ahoɔden dodow a wɔde di dwuma a wosusuw. Volt kyerɛ tumi a ɛwɔ anyinam ahoɔden no mu. Hwɛ February 22, 1985, Engiresi Nyan!, nkratafa 26-7.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena