Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 12/8 kr. 4-8
  • Ɛho Nsɛnkyerɛnne no a Wobehu na Wɔadi Ho Dwuma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛho Nsɛnkyerɛnne no a Wobehu na Wɔadi Ho Dwuma
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Ɛbae
  • Ɔyare No
  • Ayaresabea Hɔ
  • Oduruyɛfo no Kyerɛkyerɛ Mu
  • Anidaso a Enni Hɔ
  • Komayare—Ade a Ɛde Nkwa To Asiane Mu
    Nyan!—1996
  • Wɔbɛyɛ Dɛn Atumi Atew Ɛho Asiane no So?
    Nyan!—1996
  • Ɔkwan a Wɔnam so Nya Ayaresa
    Nyan!—1996
  • Wubetumi Akwati Honhom Mu Komayare
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 12/8 kr. 4-8

Ɛho Nsɛnkyerɛnne no a Wobehu na Wɔadi Ho Dwuma

SƐ WUHU komayare ho sɛnkyerɛnne a, ɛho hia sɛ wohwehwɛ aduruyɛ mu mmoa ntɛm ara efisɛ owu ho asiane no yɛ kɛse wɔ yare no akyi dɔnhwerew a edi kan no mu. Sa a wobɛsa no ntɛm no betumi abɔ koma ntini no ho ban afi ɔsɛe korakora ho. Dodow a koma ntini no pii ho nka no, dodow no ara na koma no bɛbɔ yiye wɔ yare no akyi.

Nanso, komayare bi nyi ne ho adi ntɛm, na ɛnna nsɛnkyerɛnne a aniwa hu biara adi. Wɔ tebea horow yi mu no, ebia onii no renhu sɛ ɔwɔ koma mu mogya ntini mu yare (CAD). Awerɛhosɛm ne sɛ, wɔ ebinom fam no, yare denden bi a wobenya no bɛyɛ komayare ho mpopoe. Sɛ obi koma gyae bɔ na sɛ wɔankɔfrɛ nnuruyɛfo ntɛm na obi annyina ne ho antwitwi ne bo (CPR) amonom hɔ ara a, ɛbɛyɛ den sɛ obenya nkwa.

Ɛdefa nnipa a wɔwɔ CAD no mu dodow no ara ho no, Harvard Health Letter bɔ amanneɛ sɛ, bɛyɛ wɔn mu fã na wɔnhwehwɛ aduruyɛ mu mmoa ntɛm. Dɛn ntia? “Mpɛn pii no, esiane sɛ wonhu nea sɛnkyerɛnne no kyerɛ anaasɛ bu a wommu no aniberesɛm ntia.”

John,a a ɔwɔ komayare na ɔyɛ Yehowa Adansefo mu biako no ka no kyɛwpa kwan so sɛ: “Sɛ wuhu sɛ biribi nkɔ yiye a, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛhwehwɛ aduruyɛ mu mmoa esiane sɛ wusuro sɛ nkurɔfo benya adwene sɛ wusuro dodo nti. Anka mereyɛ ahwere me nkwa esiane sɛ manyɛ ho ade ntɛm nti.”

Nea Ɛbae

John kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Afe ne fã ansa na merenya me komayare no, oduruyɛfo bi bɔɔ me kɔkɔ wɔ srade pii a ɛwɔ me nipadua mu, asiane kɛse a CAD ba, no ho. Nanso mibuu m’ani guu asɛm no so, efisɛ na mete nka sɛ minyinii—na minnii mfe 40—na na mewɔ akwahosan pa. Manu me ho kɛse sɛ manyɛ ho biribi saa bere no. Mihuu nsɛnkyerɛnne foforo a na ɛyɛ kɔkɔbɔ—me home a na ensi so yiye a na ɛma mebrɛ, ɛyaw a na misusuw sɛ efi aboyerɛw, na asram pii ansa na yare no reba no, na mebrɛ yiye. Misusuwii sɛ da a menna pii ne adwuma mu nhyɛso na ɛde eyinom mu dodow no ara aba. Nnansa ansa na me komayare no reba no, minyaa nea na misusuw sɛ ɛyɛ ntini mu twe wɔ me bo. Ná ɛyɛ ɔyare kɛse a ɛkaa me nnansa akyi no ho mpopoe.”

Obi bo a ɛyɛ no yaw anaa ɛyɛ kuntann a enti ɔhome a ensi so no yɛ kɔkɔbɔ ma wɔn a wonya komayare no mu bɛyɛ fã. Ebinom home a ensi so yiye anaa brɛ a wɔbrɛ na wɔyɛ mmerɛw no tumi yɛ nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ koma no nnya oxygen a ɛfata esiane ntini bi a emu asiw nti. Ɛsɛ sɛ kɔkɔbɔ ho nsɛnkyerɛnne yi ma obi kɔ oduruyɛfo hɔ ma ɔyɛ ne koma mu nhwehwɛmu. Oduruyɛfo Peter Cohn ka sɛ: “Sɛ wɔsa home a ensi so yiye a, na ɛnkyerɛ sɛ wɔasiw komayare ano, nanso anyɛ yiye koraa no ɛbɛyɛ den sɛ ebetumi aba prɛkopɛ.”

Ɔyare No

John toa so sɛ: “Saa da no, na yɛrekɔbɔ softball. Bere a meredi ntɔmmɔ a wɔakyew ne nam awia no, metee nka sɛ me ho nyɛ me yiye, me bo fono me, na me soro twetwe me, nanso mamfa no aniberesɛm. Nanso bere a yɛkɔɔ agoprama no so na yefii ase bɔɔ bɔɔl no, na mitumi hu sɛ biribi nkɔ yiye. Awiabere no, metee nka sɛ emu reyɛ den.

“Medaa ayeya wɔ agodifo agua no so mpɛn pii, na mebɔɔ mmɔden sɛ mɛtwe me bo so ntini no mu, nanso emu kɔɔ so yɛɛ den ara. Bere a meredi agoru no, misusuwii sɛ, ‘Ebia manya nfluensa,’ efisɛ ɛwɔ hɔ ara a na mate awɔw ne mmerɛwyɛ nka. Bere a meretu mmirika no, mihui sɛ me home retew. Mesan daa benkyi bi so. Bere a mesɔre traa ase no, na akyinnye biara nni ho sɛ mewɔ ɔhaw kɛse mu. Meteɛɛm frɛɛ me babarima James sɛ: ‘Ehia sɛ mekɔ ayaresabea SEESEI ARA!’ Me bo yɛɛ sɛ nea abu agu mu. Ná ɛyaw no mu yɛ den araa ma mintumi nsɔre. Misusuwii sɛ, ‘Eyi ntumi nyɛ komayare, anaa ebetumi? Madi mfe 38 pɛ!’”

John babarima a na wadi mfe 15 saa bere no ka sɛ: “Edii simma kakraa bi pɛ no, na me papa ahwere n’ahoɔden, enti na ɛsɛ sɛ yɛma no so kɔto kar mu. M’adamfo na ɔkaa kar no, na obisabisaa Paapa nsɛm a ɛbɛma wahu sɛnea ne tebea no te. Awiei koraa no, na Paapa nkasa. M’adamfo no teɛɛm sɛ, ‘John!’ Nanso me papa ankasa ara. Afei Paapa hinhimii wɔ n’agua mu, osinsenee na ɔfee. Mekɔɔ so teɛteɛɛm sɛ: ‘Paapa! Medɔ wo! Mesrɛ wo nwu!’ Bere a ɛsoo ne mu denneennen akyi no, otwa hwee agua no so. Ná misusuw sɛ wawu.”

Ayaresabea Hɔ

“Yɛde mmirika kɔɔ ayaresabea hɔ kɔhwehwɛɛ mmoa. Ná simma abien anaa abiɛsa atwam fi bere a misusuwii sɛ Paapa awu no, nanso na mewɔ anidaso sɛ wobetumi ama n’ani so atetew no. Nea ɛyɛɛ me nwonwa ne sɛ yɛkɔtoo mfɛfo Yehowa Adansefo bɛyɛ 20 a na wɔwɔ agoprama no so wɔ baabi a wɔtwɛn no. Wɔma metee awerɛkyekye ne ɔdɔ nka, na na ɛyɛ mmoa kɛse wɔ ɔhaw bere a ɛte saa mu. Bɛyɛ simma 15 akyi no, oduruyɛfo bi bae bɛkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: ‘Yɛatumi ama wo papa ani so atetew no, nanso na wanya komayare a emu yɛ den. Yennim sɛ obenya nkwa a.’

“Afei ɔmaa mekɔhwɛɛ Paapa kakra. Nsɛm a Paapa ka de daa ɔdɔ adi kyerɛɛ yɛn abusua no maa me ho dwiriw me. Ɔde yaw kɛse kae sɛ: ‘Me babarima, medɔ wo. Kae bere nyinaa sɛ Yehowa ne obi a ne ho hia sen biara wɔ yɛn asetra mu. Nnyae no som da, na boa wo maame ne wo nuanom ma wɔnsom no daa. Yɛwɔ owusɔre no mu anidaso pintinn, na sɛ miwu a, mɛpɛ sɛ mihu mo nyinaa bere a masan aba no.’ Yɛn baanu nyinaa de ɔdɔ, osuro, ne anidaso sui.”

John yere, Mary, duu hɔ dɔnhwerew biako akyi. “Bere a mekɔɔ dan a wɔde wɔn a wɔn yare mu ayɛ den paa gu no mu no, oduruyɛfo no kae sɛ: ‘Wo kunu anya komayare a emu yɛ den.’ Me ho dwiriw me. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ mpɛn awotwe na wɔama John koma a ɛbɔ ntɛmntɛm no agyae. Ɔkwan a wɔfa so sa yare a emu ayɛ den yi ne sɛ wɔde anyinam ahoɔden bi di dwuma de ma koma a ɛbɔ ntɛmntɛm no brɛ ase, na ɛbɔ sɛnea ɛsɛ. Nea ɛka CPR, oxygen a wɔde ma, ne nnuru a wɔde fa ntini mu ma ho no, koma a ɛbɔ ntɛmntɛm a wɔma ɛbrɛ ase no yɛ ɔkwan a etu mpɔn a wɔfa so gye nkwa.

“Bere a mihuu John no, me koma twaa me. Ná wayɛ furubann, na na wɔde rɔba ne anyinam nhama ahyehyɛ ne nipadua mu de asuso mfiri a wɔde hwɛ sɛnea koma bɔ no mu. Mebɔɔ Yehowa mpae wɔ me tirim sɛ ɔmma me ahoɔden mfa nnyina saa sɔhwɛ yi ano esiane yɛn mmabarima baasa no nti, na mebɔɔ mpae srɛɛ akwankyerɛ a mede besi nea ɛda m’anim no ho gyinae a nyansa wom. Bere a mekɔɔ John mpa ho no, misusuw ho sɛ, ‘Dɛn na ɛsɛ sɛ woka kyerɛ wo dɔfo wɔ bere a ɛte sɛɛ mu? So yɛayɛ ahoboa ankasa ama tebea a ɛma nkwa ho ba asɛm yi?’

“John kae sɛ: ‘Me dɔfo, wunim sɛ ebia minnya nkwa. Nanso ɛho hia sɛ wo ne mmarimmaa no kura nokwaredi mu ma Yehowa efisɛ ɛrenkyɛ na saa nhyehyɛe yi aba awiei na ɔyare ne owu afi hɔ koraa. Mɛpɛ sɛ minyan wɔ saa nhyehyɛe foforo no mu behu wo ne yɛn mma no wɔ hɔ.’ Nusu guu yɛn.”

Oduruyɛfo no Kyerɛkyerɛ Mu

“Akyiri yi, oduruyɛfo no frɛɛ me gyinaa nkyɛn kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, nhwehwɛmu daa no adi sɛ ade a ɛmaa John nyaa komayare ne sɛ na ne benkum so ntini a esiane ba fam no mu asiw koraa. Ná ne ntini foforo nso mu asiw. Oduruyɛfo no ka kyerɛɛ me sɛ ɛsɛ sɛ misi John ayaresa no ho gyinae. Akwan a wotumi fa so no mu abien ne sɛ ebia wɔbɛma no nnuru anaa angioplasty. Ɔkae sɛ akyiri yi de no bɛyɛ papa, enti yɛpaw angioplasty no. Nanso nnuruyɛfo no anhyɛ bɔ biara sɛ ɛbɛyɛ yiye efisɛ nnipa dodow no ara nnya nkwa wɔ komayare a ɛte sɛ eyi mu.”

Angioplasty yɛ oprehyɛn bi a wɔde rɔba bi a tokuru dam hyɛ koma mu mogya ntini mu, na afei wohuw mu ma ɔkwan bɛda mu. Ɔkwan no boa kɛse wɔ mogya a wɔsan ma edi kyinhyia no mu. Sɛ ntini pii mu siw kɛse a, wɔtaa kamfo ntini mu oprehyɛn a ɛma mogya bɔ tra baabi a kwan asiw no kyerɛ.

Anidaso a Enni Hɔ

Wɔ angioplasty no akyi no, John nkwa kɔɔ so daa asiane mu nnɔnhwerew 72 bio. Awiei koraa no, ne koma no fii ase yɛɛ adwuma. Nanso John koma no de kan ahoɔden no fã pɛ na ɛreyɛ adwuma, na na ne fã kɛse adan etwã, enti na ɛkame ayɛ sɛ ontumi nkwati sɛ ɔbɛyɛ obi a ɔwɔ koma mu dɛmdi.

Bere a John kae nea esii no, otu fo sɛ: “Yɛwɔ yɛn Bɔfo no, yɛn mmusua, yɛn honhom fam anuanom mmarima ne mmea, ne yɛn ankasa ho asɛyɛde sɛ yebetie kɔkɔbɔ na yɛahwɛ yɛn akwahosan so yiye—titiriw bere a yɛwɔ asiane mu no. Sɛ yɛn ani begye anaa yebedi awerɛhow a, ɛfã kɛse no ara fi yɛn. Ɛyɛ yɛn ankasa gyinaesi.”

Ná John tebea no mu yɛ den, na na egye ntɛmpɛ. Nanso ɛnyɛ wɔn a wɔn bo so yɛ wɔn basaa nyinaa na ɛsɛ sɛ woguan kɔ oduruyɛfo hɔ. Nanso, ne suahu no yɛ kɔkɔbɔ, na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔte nka sɛ wɔwɔ nsɛnkyerɛnne bi no kɔyɛ nhwehwɛmu.

Dɛn na yebetumi ayɛ de atew komayare ho asiane no so? Asɛm a edi hɔ no besusuw eyi ho.

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔasesa din ahorow a ɛwɔ saa nsɛm yi mu no.

[Kratafa 6 adaka]

Komayare Ho Nsɛnkyerɛnne

• Obi koko a ɔte sɛ ayɛ kuntann, ɛtwetwe no, anaa ɛyɛ no yaw simma kakraa bi. Wubetumi adi mfomso aka sɛ ɛyɛ koko so yaw a emu yɛ den

• Ɛyaw a ebetumi atrɛw aka—anaa atra—apantan, ɛkɔn, mmati, abasa, abatwɛw, anaa nsa benkum

• Obi yafunu soro a ɛyɛ no yaw kyɛ

• Home a ensi so yie, kagyaayɛ, anisobiriw, fifiritew, anaa awɔw a ɛde obi bere a obi de ne nsa ka no

• Bɛtɛɛyɛ—ɛyɛ ade a obi betumi ate nka adapɛn bi ansa na yare no aba

• Abofono anaa ɔfe

• Obi koma a ɛtaa bɔ ntɛmntɛm a ɛnyɛ adwumaden na ɛde ba

Sɛnkyerɛnne no mu betumi ayɛ nea ɛnyɛ den anaa nea emu yɛ den, na ɛnyɛ komayare biara mu na ne nyinaa da adi. Nanso sɛ eyinom mu biara bom ba a, kɔhwehwɛ mmoa ntɛm. Nanso, wɔ tebea horow bi mu no, nsɛnkyerɛnne biara nna adi; wɔka eyinom ho asɛm sɛ komayare a ahintaw.

[Kratafa 7 adaka]

Nea Ɛsɛ sɛ Woyɛ De Nya Wo Ti Didi Mu

Sɛ wuhu komayare ho nsɛnkyerɛnne wɔ wo anaa obi a wunim no ho a:

• Gye nsɛnkyerɛnne no tom

• Gyae biribiara a woreyɛ na tra ase anaa da hɔ

• Sɛ nsɛnkyerɛnne no kyɛ kakra a, frɛ hɔnom ayaresabea no wɔ telefon so. Ka kyerɛ nea obetie nkra no sɛ wususuw sɛ woanya komayare, na kyerɛ no nea ɛbɛyɛ a ne nsa bɛka wo

• Sɛ w’ankasa betumi de ɔyarefo no ato kar mu akɔ ayaresabea hɔ ma wɔahwɛ no ntɛm a, yɛ saa. Sɛ wususuw sɛ wo na woanya komayare no a, srɛ obi na ɔmfa wo nto kar mu nkɔ hɔ

Sɛ woretwɛn nnuruyɛfo a wɔhwɛ yare a egye ntɛmpɛ no a:

• Gow ntade a emia no mu, a bɛlt anaa abɔkɔn ka ho. Boa ɔyarefo no ma ne ho nhare no, na fa no to sumii so, sɛ ɛho behia a

• Sɛ́ wo ne ɔyarefo no anaa ɔboafo no, ɛsɛ sɛ woyɛ bɔkɔɔ. Ahopere betumi ama arrythmia a edi awu no ayɛ kɛse. Mpaebɔ betumi aboa ma woayɛ bɔkɔɔ

Sɛ ɛte sɛ nea ɔyarefo no agyae home a:

• Teɛm denneennen bisa sɛ, “Wote asɛm a meka no?” Sɛ ɔyarefo no nkasa na ɔnhome a, fi ase twitwi ne koko so (CPR)

• Kae akwan titiriw abiɛsa a wɔfa so yɛ CPR no:

1. Pagyaw ɔyarefo no abogye, sɛnea ɛbɛyɛ a mframa kwan no bebue

2. Bere a mframa kwan no abue na woasiw ne hwene no, huw mframa gu n’anom brɛoo mprenu kosi sɛ ne koko bɛba soro

3. Mia ne koko wɔ ne nufu abien no ntam mpɛn 10 kosi 15 ma ɛntwe mogya mfi ne koma ne ne koko so. Anibu 15 biara no, huw n’anom mprenu na twitwi ne bo mpɛn 15 kosi sɛ mogya no bɛbɔ na wafi ase ahome anaasɛ nnuruyɛfo no bɛba

Ɛsɛ sɛ obi a wɔatete no wɔ CPR ho na ɔyɛ saa. Nanso sɛ obi a wɔatete no nni hɔ a, “CPR biara ye sen koraa,” saa na Oduruyɛfo R. Cummins a ɔyɛ komayare ho ayaresa a egye ntɛmpɛ ho kwankyerɛfo no ka. Sɛ obi amfa saa akwankyerɛ ahorow yi anni dwuma a, ɛyɛ den sɛ onipa no benya ne ti adidi mu. CPR ma onipa no tra ase kosi sɛ obenya mmoa.

[Kratafa 5 mfonini]

Komayare a wɔsa no ntɛm no betumi akora nkwa so na ansɛe koma no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena