Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 12/8 kr. 8-10
  • Wɔbɛyɛ Dɛn Atumi Atew Ɛho Asiane no So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔbɛyɛ Dɛn Atumi Atew Ɛho Asiane no So?
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mfe, Bɔbeasu, ne Awosu
  • Dwuma a Srade Di
  • Faakotra
  • Mogyammoroso, Kɛse Mmoroso, ne Asikreyare
  • Sigaretnom
  • Adwennwen
  • W’aduan a Wudi—So Ebetumi Akum Wo?
    Nyan!—1997
  • Komayare—Ade a Ɛde Nkwa To Asiane Mu
    Nyan!—1996
  • Mogya Mmoroso—Anosiw ne Ɛsodi
    Nyan!—2002
  • Ɛho Nsɛnkyerɛnne no a Wobehu na Wɔadi Ho Dwuma
    Nyan!—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 12/8 kr. 8-10

Wɔbɛyɛ Dɛn Atumi Atew Ɛho Asiane no So?

AWOSU, nneɛma a atwa yɛn ho ahyia, ne asetra kwan ka ho bi na koma mu mogya ntini mu yare (CAD) ba. Mfe dodow a asiane ahorow a saa nneɛma yi mu biako anaa nea ɛboro saa adi anaasɛ kyɛ a akyɛ no tumi ma CAD ne komayare yɛ obi.

Mfe, Bɔbeasu, ne Awosu

Dodow a obi nyin no, dodow no ara na komayare ho asiane yɛ kɛse. Komayare a ɛba no mu bɛyɛ ɔha biara mu 55 ba nnipa a wɔadi boro mfe 65 so. Wɔn a komayare kunkum wɔn no mu bɛyɛ ɔha biara mu 80 na wɔadi mfe 65 anaa nea ɛboro saa.

Mmarima a wonnii mfe 50 betumi anya bi ntɛm asen mmea a wɔanya saa mfe no ara. Sɛ ɔbea twa bra a, ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ ebetumi ayɛ no esiane nkwammoaa mu aduru a ɛbɔ ne ho ban a ɛso tew kɛse nti. Sɛnea akontaabu ahorow bi kyerɛ no, aduru a wɔde si nkwammoa mu aduru ananmu no betumi atew mmea dodow a wobetumi anya komayare no so bɛyɛ ɔha biara mu 40 anaa nea ɛboro saa, ɛwom sɛ asiane a ɛwɔ hɔ sɛ wobetumi anya kokoram no bɛyɛ kɛse de.

Awosu betumi adi dwuma titiriw wɔ eyi mu. Wɔn a wɔn awofo nyaa komayare ansa na wɔredi mfe 50 no betumi anya bi ntɛm. Sɛ mpo awofo no nyaa komayare wɔ mfe 50 akyi a, asiane kɛse bi wɔ hɔ. Sɛ abusua no mufo taa nya koma yare a, ɛnyɛ den koraa sɛ mmofra a wɔbɛwo wɔn akyiri yi no benya ɔhaw a ɛte saa ara.

Dwuma a Srade Di

Srade, a ɛyɛ ahoɔdennuru, no hia ma nkwa. Berɛbo no na ɛde ba, na mogya no de akɔma nkwammoa no wɔ abɔde mu nneɛma nketenkete bi a wɔfrɛ wɔn lipoproteins mu. Lipoprotein ahorow abien a ɛwɔ hɔ ne low-density lipoproteins (LDL srade) ne high-density lipoproteins (HDL srade). Sɛ LDL srade no yɛ pii wɔ mogya mu a, etumi ma obi nya CAD.

Wosusuw sɛ HDL no di dwuma titiriw de bɔ nipadua no ho ban denam srade a eyi fi nkwammoa no mu na ɛsan de kɔ mmerɛbo no mu, ma ɛsesã no na eyi fi nipadua no mu so. Sɛ LDL no dɔɔso na HDL nnɔɔso a, ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ obi benya komayare. Sɛ LDL no so tew a, ebetumi aba sɛ obi benya komayare. obi aduandi a ɔbɛhwɛ no yiye yɛ ade titiriw wɔ ne sa mu, na apɔw-mu-teɛteɛ betumi aboa. Nnuru ahorow betumi aboa, nanso ɔhaw a ebi de ba no nyɛ papa.a

Aduan a srade nnim kɛse yɛ nea wɔkamfo kyerɛ. Nnuan a srade nnim kɛse, te sɛ canola anwa anaa ngodua mu anwa a yɛde besi nnuan a srade wom pii, te sɛ bɔta ananmu no betumi atew LDL no so na akora HDL so. Nanso, American Journal of Public Health ka sɛ anwa a wɔde hydrogen afram anaa hydrogen kakraa bi na ɛfram a ɛwɔ bɔta ne nneɛma a wɔde yɛ atoduan mu no fã kɛse no ara betumi ama LDL akɔ soro ma HDL so atew. Akokɔ anaa krokro fã a srade nnim kɛse a yɛde besi nam a srade wom kɛse ananmu no nso yɛ nea wɔkamfo kyerɛ.

Nhwehwɛmu ada no adi sɛ vitamin E ne aduannuru bi a wɔfrɛ no beta-carotene, ne vitamin C betumi atew koma mu ntini mu yare a ɛwɔ mmoa mu so. Nhwehwɛmu bi daa no adi sɛ eyi betumi atew komayare a nnipa nya nso so. Nhabamma ne nnuaba a beta-carotene ne aduannuru foforo a wɔfrɛ no carotenoids ne vitamin C pii wom, te sɛ tomato, nkontommire, mako, carrots, aborɔdwommaa, ne anowatere, betumi abɔ yɛn ho ban wɔ CAD ho.

Ade a wɔka sɛ ɛboa nso ne vitamin B6 ne magnesium. Ntɛtɛw nnuan te sɛ atoko ne oats ne adua, asɛdua, ne aba ahorow bi betumi aboa. Bio nso, wosusuw sɛ ɛnam te sɛ salmon, mman, anaa tuna a anyɛ yiye koraa, wobedi no mprenu dapɛn biara no betumi atew CAD so, efisɛ anwa bi a wɔfrɛ no omega-3 dɔɔso wɔ eyi mu.

Faakotra

Ɛnyɛ den sɛ nnipa a wɔtra faako bɛtaa anya komayare. Wɔde da no mu fã kɛse no ara tra faako, na wɔntaa nteɛteɛ wɔn apɔw mu. Saa nnipa yi taa nya komayare bere a wɔayɛ nnwuma a ɛyɛ den te sɛ bere a wɔayɛ afuomdwuma denneennen, wɔatu mmirika, wɔama nneɛma a emu yɛ duru so, anaa wɔde sofi waawae sukyerɛmma no. Nanso ɛntaa nyɛ wɔn a wɔtaa teɛteɛ wɔn mpɔw mu no.

Simma 20 kosi 30 a wode bɛnantenantew pirimpirim mprɛnsa anaa mpɛn anan dapɛn biara no betumi atew komayare ho asiane no so. Apɔw-mu-teɛteɛ a wɔyɛ no daa no ma tumi a koma de bɔ no tu mpɔn, ɛboa ma obi so tew, ɛtew srade dodow a ɛwɔ nipadua mu so, na ɛtew mogyammoroso so.

Mogyammoroso, Kɛse Mmoroso, ne Asikreyare

Mogya a ɛde ahoɔden pii fa nipadua mu (mogyammoroso) betumi ama mogya ntini no ho atew na ama LDL srade akɔ mogya ntini no mu ma srade no ayɛ pii. Bere a srade no yɛ pii no, ɛremma mogya no nsen yiye, ma enti mogya no de ahoɔden sen.

Ɛsɛ sɛ obi hwɛ sɛnea ne mogya bɔ daa, efisɛ ebetumi aba sɛ onhu biribiara a ɛkyerɛ sɛ ɔhaw bi wɔ hɔ. Sɛ ahoɔden pii a mogya de fa ntini mu no ba fam biako biara a, ɛkyerɛ sɛ komayare ho asiane no so atew ɔha biara mu 2 kosi 3. Nnuru a wɔfa de brɛ sɛnea mogya bɔ ase no betumi aboa. Adidi a wɔtew so, ne nkyene a wɔtew ne di so wɔ tebea horow bi mu, ne apɔw-mu-teɛteɛ a wɔyɛ no daa de tew kɛseyɛ so betumi aboa ma wɔadi mogyammoroso so.

Kɛse mmoroso de mogyammoroso ne ahoɔdennuru mu haw ahorow ba. Kɛse mmoroso a wobɛkwati anaa wubedi ho dwuma no yɛ ɔkwan titiriw a wɔfa so siw asikreyare ano. Asikreyare ma ɛyɛ mmerɛw sɛ wubenya CAD, na ɛma obi nya komayare ntɛm.

Sigaretnom

Sigaretnom yɛ ade titiriw a ɛma obi nya CAD. Wɔ United States no, ɛno na ɛma nnipa a wonya komayare no nyinaa mu ɔha biara mu 20 wuwu, na ɛno na ɛde komayare a ɛka mmea a wonnii mfe 55 no mu bɛyɛ ɔha biara mu 50 ba. Sigaretnom ma mogyammoroso yɛ kɛse na ɛde awuduru bi te sɛ nicotine ne carbon monoxide kɔ mogya no mu. Saa nnuru yi nso sɛe ntini no.

Wɔn a wɔnom sigaret no san de wɔn a wɔhome bi no to asiane mu. Nhwehwɛmu ahorow da no adi sɛ wɔn a wɔnnom sigaret a wɔne wɔn a wɔnom bi te no betumi anya komayare ntɛm. Enti, ɛdenam sigaretnom a obi begyae so no, obetumi atew n’ankasa asiane so, na obetumi akora n’adɔfo a wɔnnom bi no nkwa so mpo.

Adwennwen

Sɛ wɔn a wɔwɔ CAD no hyia nkate ne adwene mu haw a, ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ wobenya komayare ma akunkum wɔn mpofirim asen nnipa a wɔn mogya ntini te apɔw no. Sɛnea nhwehwɛmu bi kyerɛ no, adwennwen betumi ama srade asiw ntini horow no mu, na eyi ma dwuma a mogya no di so tew bɛyɛ ɔha biara mu 27. Wohui sɛ mogya ntini a yare nkaa no kɛse mpo mu asiw. Nhwehwɛmu foforo kyerɛe sɛ adwennwen a emu yɛ den betumi ama srade a ɛwɔ obi mogya ntini mu no atetew na ama no anya komayare.

Consumer Reports on Health ka sɛ: “Ɛte sɛ nea nnipa bi de subammɔne tra ase. Wonnye nnipa nni, na wɔn bo fuw ntɛmntɛm. Bere a nnipa dodow no ara gyae nsɛm nketenkete ma ɛka no, nnipa a wɔn bo fuw ntɛmntɛm no ma wɔn ani bere.” Abufuw a entwa ne ɔtan de mogyammoroso ba, ɛma koma no bɔ kɛse, na ɛkanyan mmerɛbo ma ɛde srade gu mogya no mu. Eyi sɛe koma mu mogya ntini no, na ɛde CAD ba. Wosusuw sɛ abufuw ma komayare ho asiane no yɛ mmɔho abien, na eyi betumi ayɛ asiane a ɛtra hɔ anyɛ yiye koraa, nnɔnhwerew abien. Dɛn na ebetumi aboa?

Sɛnea The New York Times kyerɛ no, Oduruyɛfo Murray Mittleman kae sɛ wɔn a wɔbɔ mmɔden da odwo adi wɔ nsɛm a ɛhyɛ abufuw ho no betumi akwati komayare a ebetumi ayɛ wɔn no. Eyi te sɛ nsɛm a wɔkyerɛwee wɔ Bible mu mfehaha a atwam no pɛpɛɛpɛ: “Komam dwo yɛ ɔhonam nkwa.”—Mmebusɛm 14:30.

Ná ɔsomafo Paulo nim sɛnea adwennwen te. Ɔkaa dadwen a na ɔwom daa no ho asɛm. (2 Korintofo 11:24-28) Nanso onyaa Onyankopɔn hɔ mmoa, na ɔkyerɛwee sɛ: “Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.”—Filipifo 4:6, 7.

Ɛwom sɛ nneɛma foforo wɔ hɔ a ɛde komayare ba de, nanso nea yɛasusuw ho wɔ ha no betumi aboa ma obi ahu ɛho asiane sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi adi ho dwuma a ɛfata. Nanso, ebinom susuw sɛnea asetra te ma wɔn a wɔanya komayare pɛn no ho. Wobetumi anya ahotɔ akodu he?

[Ase hɔ asɛm]

a Nyan! mfa aduruyɛ, apɔw-mu-teɛteɛ, anaa nnuan a wɔnam so sa saa yare yi ho akwankyerɛ mma, na mmom, ɛde nhwehwɛmu bi a wɔatɔ wɔn bo ase ayɛ ho nsɛm ma. Ɛsɛ sɛ obiara si nea n’ankasa bɛyɛ ho gyinae.

[Kratafa 9 mfonini ahorow]

Sigaretnom, abufuw a wɔfa no ntɛmntɛm, srade nnuan a wodi, ne faakotra betumi ama ayɛ mmerɛw sɛ obi benya komayare

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena