Komayare—Ade a Ɛde Nkwa To Asiane Mu
AFE biara, mmarima ne mmea ɔpepem pii nya komayare wɔ wiase nyinaa. Nnipa pii nya wɔn ti didi mu, na wohyia ɔhaw kakraa bi wɔ ɛno akyi. Afoforo nso wuwu. Koma ho nimdefo Peter Cohn ka sɛ, afoforo fam no, koma no sɛe araa ma “dwuma pa a ebetumi adi bio ho ba asɛm,” na ɔde ka ho sɛ: “Enti ɛho hia sɛ wodi nneɛma a ɛde komayare ba ho dwuma ntɛm bere biara a ɛbɛyɛ yiye.”
Koma no yɛ ntini bi a ɛde mogya kɔ nipadua no nyinaa mu. Sɛ obi nya komayare (mogya a ɛda koma mu) a, koma ntini no fã bi wu bere a ennya mogya no. Nea ɛbɛyɛ na anya ahoɔden no, koma no hia oxygen ne nnuannuru foforo a ɛwɔ mogya no mu. Enya eyi denam ntini bi a edura koma no ho so.
Nyarewa betumi aka koma no fã biara. Nanso, nea ɛtaa ba paa ne yarebɔne bi a wɔfrɛ no atherosclerosis a etumi ka koma mu mogya ntini no. Sɛ ɛba saa a, srade pii tumi da koma mu mogya ntini no mu. Bere kɔ so no, srade no betumi ayɛ pii, ayɛ denneennen na asiw ntini no ano, a mogya ntumi nkɔ koma no mu. Koma mu mogya ntini mu yare (CAD) yi na ɛde komayare pii ba.
Sɛ ntini biako anaa nea ɛboro saa mu siw a, ɛma yare ka koma no bere a ennya oxygen dodow a ehia no. Wɔ koma mu mogya ntini a emu nsiw kɛse mpo mu no, srade a ɛda mu no betumi ama apae na ɛde mogya a abobɔ atɔw (mogyatoa) aba. Koma mu mogya ntini a yare aka no nso mu betumi atwe ntɛm. Mogya tumi da baabi a ntini bi mu atwe, ma ɛde aduru bi a esiw ntini ano ba, na eyi de yare ba.
Sɛ koma ntini no annya oxygen bere tenten a, nkwammoa a ɛwɔ ho no betumi awuwu. Koma ntini a ɛnte sɛ ntini afoforo bi no nsan nnya ahoɔden bio. Dodow a yare no kyɛ no, dodow no ara na koma no sɛe na dodow no ara na onipa no betumi awu. Sɛ koma mu ntini nkwaadom no sɛe a, ne dwumadi betumi ayɛ basaa, na koma no betumi afi ase abɔ ntɛmntɛm. Bere a koma no bɔ saa no, entumi mfa mogya nkɔ amemene no mu yiye. Wɔ simma du ntam no amemene no wu, na ɛma onipa no wu.
Enti, gye a nnuruyɛfo a wɔatete wɔn de wɔn ho begye mu ntɛm no ho hia. Ebetumi abɔ koma no ho ban afi ɔsɛe a egu so reba no ho, ebesiw bɔ a ɛbɔ ntɛmntɛm no ano anaa ebeyi afi hɔ, na agye obi nkwa mpo.