Ɔkwan a Wɔnam so Nya Ayaresa
NTEASE wom sɛ obi a komayare ayɛ no pɛn bɛkɔ so asuro na wadwennwen. Ɔyare no bɛsan aka me anaa? Medi dɛm anaasɛ ɛyawdi ne ahoɔden a mɛhwere bɛma maka dan mu?
Ná John a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm a ɛto so abien no mu no wɔ anidaso sɛ bere kɔ so no, basaayɛ ne ne bo so a etutu no no begyae. Nanso asram bi akyi no, ɔkae sɛ: “Ebesi nnɛ yi, ennyaee. Ɛno, ne afei brɛ a mebrɛ ntɛm ne me koma a ɛbɔ ntɛmntɛm no ma mibisa me ho daa sɛ, ‘Meresan abenya yare no bio anaa?’”
Jane a ofi United States, a bere a onyaa komayare no na ɔyɛ ababaa kunafo no gye toom sɛ: “Ná misusuw sɛ minnya nkwa anaasɛ menya yare no bio na mawu. Ehu kaa me, efisɛ na mewɔ mma baasa a mehwɛ wɔn.”
Hiroshi a ofi Japan no kae sɛ: “Me ho dwiriw me bere a wɔka kyerɛɛ me sɛ me koma rentumi nyɛ adwuma sɛnea na ɛyɛ no bio no; ná sɛnea ɛbɔ no abrɛ ase ɔha biara mu 50. Migye di wiei sɛ ɛsɛ sɛ mitwitwa me dwumadi ahorow so sɛ Yehowa Adansefo somfo, efisɛ nea na meyɛ dedaw no mu kakraa bi pɛ na na mitumi yɛ.”
Sɛ obi ahoɔden so tew a, etumi ma ɔdwennwen na ɔte nka sɛ ne so nni mfaso. Marie, Australiani bi a wadi mfe 83 a ɔde ne bere nyinaa yɛɛ Yehowa Adansefo asɛnka adwuma no dii abooboo sɛ: “Tumi a na mintumi nyɛ hwee te sɛ bere bi a atwam no maa midii awerɛhow. Sɛ́ anka mɛboa afoforo no, me mmom na mihiaa mmoa.” Wɔ South Africa no, Harold kae sɛ: “Mantumi anyɛ adwuma asram abiɛsa. Ade a na mitumi yɛ saa bere no ara ne sɛ mɛnantenantew turo mu. Ná ɛyɛ abasamtu!”
Bere a Thomas a ofi Australia nyaa komayare ne mprenu so no, na ɛho abehia sɛ wɔyɛ no mogya ntini mu oprehyɛn. Ɔkae sɛ: “Mintumi yaw no koraa, na na ɛkame ayɛ sɛ oprehyɛn kɛse a mɛyɛ no yɛ nea minsusuw ho koraa.” Jorge a ofi Brazil no kaa nea efi komam oprehyɛn a ɔyɛe mu bae ho asɛm sɛ: “Esiane sɛ na midi hia nti, misuroe sɛ megyaw me yere nkutoo a onnya boafo. Metee nka sɛ merenni nna ahe bi.”
Ayaresa
Dɛn na aboa nnipa pii ma wɔanya ayaresa na wɔadi wɔn nkate mu haw so? Jane kae sɛ: “Sɛ ehu ka me a, mekɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu bere nyinaa, na mede m’adesoa to no so na migyaw ma no.” (Dwom 55:22) Mpaebɔ ma obi nya ahoɔden ne asomdwoe a ɛho hia bere a adwennwene da ne so no.—Filipifo 4:6, 7.
John ne Hiroshi de wɔn ho hyɛɛ dwumadi ahorow a ɛma apɔwmuden mu. Aduan pa a wodii ne apɔw-mu-teɛteɛ maa wɔn koma nyaa ahoɔden ma wɔn baanu nyinaa san fii adwuma ase. Na wɔkyerɛe sɛ Onyankopɔn honhom a ɛwowaw nnipa no na ɛma wonyaa adwene ne nkate fam ayaresa.
Ɛdenam mmoa a Thomas nya fii ne nuanom Kristofo hɔ so no, onyaa akokoduru de yɛɛ oprehyɛn no. Ɔkae sɛ: “Ansa na wɔreyɛ me oprehyɛn no, ɔhwɛfo bi bɛsraa me ne me bɔɔ mpae. Ɔsrɛɛ Yehowa anibere so sɛ ɔnhyɛ me den. Saa anadwo no, mede m’adwene sii ne mpaebɔ no so na metee nka sɛ ɛyɛ nhyira sɛ mewɔ mpanyimfo te sɛ ɔno a tema a wɔda no adi wɔ ɔhaw bere mu no ankasa yɛ ayaresa no.”
Anna a ofi Italy no gyinaa adwenemhaw ano wɔ saa kwan yi so: “Sɛ m’abam bu a, misusuw nhyira ahorow a manya dedaw sɛ Onyankopɔn asomfo mu biako ne nhyira a ɛbɛba wɔ Onyankopɔn Ahenni mu no ho. Eyi boa me ma minya asomdwoe bio.”
Marie kyerɛ Yehowa mmoa ho anisɔ. N’abusua aboa no, na ɔka sɛ: “Me honhom fam anuanom mmarima ne mmea a wɔn mu biara wɔ n’ankasa adesoa no gyee bere bɛsraa me, wɔfrɛɛ me telefon so, na wɔbrɛɛ me kad. Mɛyɛ dɛn atumi adi awerɛhow wɔ ɔdɔ a wɔda no adi yi nyinaa akyi?”
Ɛnsɛ sɛ Obi Yɛ Ankonam
Wɔaka sɛ ɛnsɛ sɛ obi a wɔresa ne koma yare no yɛ ankonam. Abusuafo ne nnamfo mmoa di dwuma titiriw kɛse wɔ wɔn a wɔn koma ankasa ne sɛnkyerɛnne kwan so koma hia ayaresa no mu.
Michael a ofi South Africa no kae sɛ: “Ɛyɛ den sɛ wobɛkyerɛkyerɛ sɛnea adwennwen te mu akyerɛ afoforo. Nanso sɛ mekɔ Ahenni Asa so a, tema a anuanom da no adi no yɛ nea ɛka koma yiye, na ɛhyɛ me den.” Ɔdɔ ne ntease a emu dɔ a Henry a ofi Australia no asafo yii no adi kyerɛɛ no no hyɛɛ no den. Ɔkae sɛ: “Ná mihia saa nkuranhyɛ nsɛm a efi ayamye mu no ankasa.”
Jorge ani sɔɔ tema a emu dɔ a afoforo daa no adi denam boa a wɔboaa n’abusua wɔ sika fam kosi sɛ otumi yɛɛ adwuma no so no. Saa ara na Olga a ofi Sweden nso ani sɔɔ mmoa a mfaso wɔ so a honhom fam anuanom mmarima ne mmea pii de maa ɔne n’abusua no. Ná ebinom kodi gua brɛ no, na na afoforo nso siesie ne fie.
Mpɛn pii no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ komayare no tew wɔn ho a wɔde bɛhyɛ dwumadi ahorow a na wɔn ani gye ho mu no so. Sven a ofi Sweden no kae sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a, memfa me ho nhyɛ ɔsom adwuma no mu bere a mframa no ano yɛ den anaa wim ayɛ nwini no, efisɛ ɛma me ho tutu me. M’ani sɔ ntease a me mfɛfo Adansefo pii da no adi wɔ saa asɛm yi mu no.” Na sɛ Sven ka mpa mu a, otumi tie nhyiam horow no efisɛ anuanom fi ɔdɔ mu kyere emu nsɛm no gu kasɛt so. “Wɔka nea ɛrekɔ so wɔ asafo no mu kyerɛ me, na ɛma mete nka sɛnea mewɔ hɔ bi.”
Marie a waka mpa mu no te nka sɛ ɛyɛ nhyira sɛ wɔn a ɔne wɔn sua Bible no ba ne hɔ. Saa kwan yi so no, obetumi akɔ so ne wɔn asusuw daakye a ɛyɛ anigye a ɔhwɛ kwan no ho. Thomas kyerɛ tema a wɔda no adi kyerɛ no no ho anisɔ: “Mpanyimfo no asusuw me ho yiye, na wɔatew dwumadi dodow a wɔde ma me no so.”
Mmusua Hia Mmoa
Tebea no betumi ayɛ den ama abusuafo te sɛ ɔyarefo no ara. Adwennwen ne ehu pii haw wɔn. Alfred a ofi South Africa no kaa ne yere adwennwen ho asɛm sɛ: “Bere a mifi ayaresabea baa fie no, na me yere nyan me mpɛn pii anadwo hwɛ sɛ ebia me ho da so ara ye anaa, na na ɔka no denneennen sɛ minkohu oduruyɛfo no asram abiɛsa biara ma ɔnyɛ me mu nhwehwɛmu.”
Mmebusɛm 12:25 ka sɛ “komam awerɛhow botow no.” Carlo a ofi Italy no ka sɛ efi bere a onyaa komayare no, ne yere a ɔwɔ dɔ na ɔboa no no “anya adwenemhaw.” Lawrence a ofi Australia no kae sɛ: “Nneɛma a ɛsɛ sɛ woma w’ani ba so no biako ne sɛ obi rehwɛ wo hokafo no. Adwennwen a ɛba ɔhokafo no so no betumi ayɛ kɛse paa.” Enti, ɛsɛ sɛ yɛkae abusua no mufo nyinaa ahiade, a mmofra no ka ho. Tebea no betumi ama wɔayɛ basaa wɔ nkate ne honam fam.
James a yɛbɔɔ ne din wɔ yɛn asɛm a ɛto so abien no mu no tew ne ho fii afoforo ho wɔ ne papa komayare no akyi. Ɔkae sɛ: “Metee nka sɛ mintumi nnye m’ani bio efisɛ misusuwii sɛ sɛ meyɛ saa pɛ a, asɛmmɔne bi besi.” Ne suro no ho asɛm a ɔka kyerɛɛ ne papa ne nkitahodi pa a ɔbɔɔ mmɔden ne afoforo nyae no boa ma odii ne haw no so. Saa bere no mu no, James yɛɛ biribi foforo a enyaa n’asetra so tumi kɛse. Ɔkae sɛ: “Memaa me kokoam Bible adesua ne ahosiesie a meyɛ ma yɛn Kristofo nhyiam horow no nyaa nkɔanim.” Asram abiɛsa akyi no, ohyiraa ne nkwa so maa Yehowa, na ɔde nsu mu asubɔ yɛɛ ho sɛnkyerɛnne. Ɔka sɛ: “Efi saa bere no, me ne Yehowa anya abusuabɔ a emu yɛ den yiye. Mewɔ nneɛma pii a ɛsɛ sɛ meda no ase wɔ ho ankasa.”
Bere a obi anya komayare akyi no, ɛsɛ sɛ onya bere hwehwɛ n’asetra mu. Sɛ nhwɛso no, John adwene sesae wɔ nneɛma ho. Ɔkae sɛ: “Wuhu ahuhude a wiase nneɛma akyidi yɛ, na wuhu sɛnea ɔdɔ a abusuafo ne nnamfo da no adi ho hia fa ne sɛnea yɛsom bo ma Yehowa. Me ne Yehowa, m’abusua, ne me honhom fam anuanom mmarima ne mmea ntam abusuabɔ ne ade a ehia me seesei.” Bere a ɔredwennwen ne suahu a ɛyɛ awerɛhow ho no, ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ ɛnyɛ anidaso a yɛwɔ sɛ bere bi reba a wobesiesie saa nneɛma yi nyinaa a, anka minnim sɛnea ɛbɛyɛ a metumi agyina eyi ano. Sɛ nneɛma ma mehaw a, misusuw daakye ho, na nea ɛrekɔ so seesei no bɛyɛ ade ketewa bi.”
Bere a wɔn a wɔanya wɔn ti adidi mu wɔ komayare ho no fa mmere pa ne mmere bɔne nyinaa mu wɔ ayaresa a wonya mu no, wɔde wɔn werɛ hyɛ Ahenni a Yesu Kristo kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ ho mpae no mu pintinn. (Mateo 6:9, 10) Onyankopɔn Ahenni no de daa nkwa wɔ pɛyɛ tebea mu bɛbrɛ nnipa wɔ paradise asase so. Saa bere no, wobeyi komayare ne dɛmdi afoforo nyinaa afi hɔ koraa. Wiase foforo no wɔ yɛn anim pɛɛ. Nokwarem no, afei na asetra a eye sen biara reba!—Hiob 33:25; Yesaia 35:5, 6; Adiyisɛm 21:3-5.
[Kratafa 13 mfonini]
Abusuafo ne nnamfo mmoa di dwuma titiriw wɔ n’ayaresa mu