Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 12/8 kr. 14-15
  • Ɔyere Ahobrɛase—Dɛn na Ɛkyerɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔyere Ahobrɛase—Dɛn na Ɛkyerɛ?
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nhumu Ho Hia
  • Bere a Okunu no Guan Asɛyɛde
  • ‘Mommrɛ Mo Ho Ase Mma Mo Ho’
  • Dɛn Na Ahobrɛase Wɔ Aware Mu Kyerɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Ɔyɛɛ N’ade Nyansam
    Suasua Wɔn Gyidi
  • ‘Ɔbea Ti Ne Ɔbarima’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Ɔbea Nyansafo Bi Sianka Asiane
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 12/8 kr. 14-15

Bible No Adwene

Ɔyere Ahobrɛase—Dɛn na Ɛkyerɛ?

ONYANKOPƆN ASƐM, Bible, ka wɔ Efesofo 5:22 sɛ: “Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma no ankasa mo kununom, sɛ moyɛ ma Awurade.” Dɛn na eyi kyerɛ ankasa? So ɛsɛ sɛ ɔyere brɛ ne ho ase ma ne kunu apɛde nyinaa a sɛnea ɛte biara mfa ho? So ɔrentumi mfa n’ankasa adwene nyɛ biribi da, anaasɛ ɔnna nsusuwii a ɛne ne kunu de nhyia adi?

Susuw Abigail ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no ho hwɛ. Ɔyɛɛ ade nyansam, nanso na ɛne ne kunu Nabal a ɔyɛ ɔdefo no apɛde nhyia. Ɛmfa ho ayamye a Dawid a na Onyankopɔn apaw no sɛ ɔbɛyɛ Israel hene no akyidifo daa no adi wɔ Nabal ho no, “opoopoo wɔn.” Dawid a na ne bo afuw wɔ Nabal bonniayɛ no ho no boaboaa ne ho sɛ obekum Nabal. Abigail behui sɛ ne fie nyinaa da asiane mu. Otumi siankaa Dawid. Ɔkwan bɛn so?—1 Samuel 25:2-35.

Abigail gye toom wɔ Dawid anim sɛ na Nabal yɛ “onipa huhuni,” na ɔde nneɛma a Nabal de kamee wɔn no maa Dawid. Sɛnea ɛte no, ɛnteɛ sɛ okunu anaa ɔyere bɛbɔ ne hokafo mfomso ho dawuru. So na Abigail yɛ otuatewfo esiane sɛ ɔkasae na ɔyɛɛ ade saa kwan yi so nti? Dabi. Ná ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛbɔ Nabal ne ne fifo nkwa ho ban. Adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ na ɔyɛ obi a ommu ade anaa ɔyɛ nea ɔpɛ. Saa ara nso na Nabal a na n’ani nsɔ hwee no ankyerɛ sɛ n’ani nnye ɔkwan a ɔfaa so boae ma wɔhwɛɛ ne fie kɛse no so no ho. Nanso wɔ tebea a na emu yɛ den yi mu no, na nyansa hwehwɛ sɛ ɔde n’ankasa adwene di dwuma. Bio nso, Bible ka nea Abigail yɛe no ho asɛmpa.—1 Samuel 25:3, 25, 32, 33.

Bere tenten ansa na Abigail bere no reba no, na tete agyanom yerenom akyerɛ wɔn adwene ayɛ nneɛma a na wɔn kununom mpene so mmere bi. Nanso, wobuu “mmea kronkron a wɔde wɔn ho too Nyankopɔn so” yi sɛ ahobrɛase ho nhwɛsode ma ɔyere Kristoni. (1 Petro 3:1-6) Sɛ nhwɛso no, bere a Sara hui sɛ Abraham ba Ismael abɛyɛ asiane ama wɔn babarima Isak no, osii gyinae sɛ ɛsɛ sɛ wɔpam Ismael. Ná asɛm no yɛ “Abraham yaw yiye.” Nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Mma abofra no . . . asɛm no nnyɛ wo yaw, na nea Sara ka kyerɛ wo nyinaa, tie.”—Genesis 21:11, 12.

Nhumu Ho Hia

Ɛnde na ɛrenyɛ papa sɛ ɔyere bɛma ahobrɛase apiapia no ma wayɛ biribi a onim yiye sɛ nyansa nnim anaa etia Onyankopɔn nnyinasosɛm ahorow. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ wɔma ɔte afobu nka sɛ wadi anim wɔ asɛntitiriw bi mu, sɛnea Abigail ne Sara yɛe no.

Ɔyere ahobrɛase nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔyere yɛ okunu apɛde nyinaa bere biara. Nsonsonoe bɛn na ɛwom? Sɛ nnyinasosɛm ahorow a ɛteɛ ho ba asɛm a, ebetumi aba sɛ ɔne ne kunu renyɛ adwene. Nanso ɛsɛ sɛ ɔkɔ so da ahobrɛase pa ho su horow nyinaa adi.

Nokwarem no, ɛsɛ sɛ ɔyere hwɛ yiye sɛ onnyina pɛsɛmenkominya, menasepɔw, anaa nsusuwii bɔne biara so mmu n’ani ngu ne kunu apɛde so. Ɛsɛ sɛ ɔda nhumu ne “adwempa” adi te sɛ Abigail.—1 Samuel 25:3.

Bere a Okunu no Guan Asɛyɛde

Botae titiriw nti a ɔyere da ahobrɛase pa adi ne sɛ ɔbɛsɔ Yehowa ani denam ne kunu a ɔne no bɛyɛ biako na waboa no wɔ ne gyinaesi ahorow mu so. Eyi yɛ nyɛ den koraa bere a okunu no ho akokwaw wɔ honhom fam no. Sɛ ɔnte saa a, eyi betumi ayɛ asɛnnennen.

Sɛ ɛte saa a, ɔbɛyɛ dɛn atumi agyina ano? Sɛ ɔda obu adi wɔ asɛm bi ho a, obetumi afi nokwaredi mu abisa hokwan anaasɛ ɔde nyansahyɛ a ɛho bɛba abusua no mfaso ama. Sɛ ɔma no kwan ma ‘ɔka hyɛn no a,’ ebia ne ho bɛkokwaw yiye. Okunu a wonwiinwii kyerɛ no bere nyinaa no sɛe ahobrɛase honhom a ɔbea no wɔ. (Mmebusɛm 21:19) Nanso sɛ ɛda adi pefee sɛ ɔbarima no nhyehyɛe ma abusua no yiyedi ho ba asɛm a, ebia ɔde nyansahyɛ bɛma, sɛnea Sara yɛe no, de asiesie nneɛma.

Sɛ okunu no nyɛ gyidini a, ɔyere no hyia asɛnnennen kɛse koraa. Nanso, ɛsɛ sɛ ɔkɔ so brɛ ne ho ase bere dodow a ɔnhyɛ no mma ɔnto Bible mmara biara no. Sɛ ɔyɛ saa a, ɛsɛ sɛ ɔyere Kristoni yɛ n’ade te sɛ asuafo no, bere a asɛnnibea bi hyɛɛ wɔn sɛ wommu Onyankopɔn ahyɛde so no: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.”—Asomafo no Nnwuma 5:29.

Nanso esiane osuahu ne nyansa pii a wonni nti, okununom ne ɔyerenom a wɔwɔ adwempa mpo betumi ayɛ ade atra nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Ebia na okunu no nni tema; ebia na ɔyere no bɛyɛ katee wɔ n’apɛde horow ho. Dɛn na ɛbɛboa? Ehia yiye sɛ wɔn baanu nyinaa nya ahobrɛase adwene, “efisɛ yɛn nyinaa fom nneɛma pii mu.”—Yakobo 3:2.

Mmarima pii ani begye adwempa mu a ɔyere fi di kan wɔ nneɛma mu no ho, sɛ ɔde nyansa di ho dwuma a. Sɛ wɔn baanu nyinaa pa kyɛw bere a wodi mfomso a, ɛhyɛ biakoyɛ mu den. Ɛsɛ sɛ yɛde firi afoforo sɛnea Yehowa de yɛn da biara da mfomso horow firi yɛn no. “Yah, sɛ wudi amumɔyɛde akyi a, Awurade, [Yehowa, NW] hena na anka obegyina? Na wo na fafiri wɔ wo fam.”—Dwom 130:3, 4.

‘Mommrɛ Mo Ho Ase Mma Mo Ho’

Yɛn nyinaa yiyedi nti na Kyerɛwnsɛm no tu fo sɛ: “Mommrɛbrɛ mo ho ase mma mo ho Kristo suro mu.” Monnidi mo ho nni; monnsiw kwan, na monnsi akan. Nkyekyem no toa so sɛ: “Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma no ankasa mo kununom, sɛ moyɛ ma Awurade, efisɛ okunu yɛ ɔyere ti, sɛ Kristo nso yɛ asafo no ti no.”—Efesofo 5:21-23.

Hela asɛmfua a Paulo de dii dwuma wɔ Efesofo 5:21, 22 no kyerɛ sɛ obi fi ne pɛ mu brɛ ne ho ase. Na Awurade nti na wɔbrɛ wɔn ho ase na ɛnyɛ aware nti. Kristo asafo a wɔasra emufo no fi wɔn pɛ mu na wɔbrɛ wɔn ho ase ma Kristo wɔ anigye so. Akyinnye biara nni ho sɛ sɛ ɔyere yɛ saa ara ma ne kunu a, wɔn aware no bɛyɛ anigye, na akɔ yiye.

Kyerɛwnsɛm no nso ka sɛ: “Mo [okununom] mmiako mmiako nso, momma obiara nnɔ n’ankasa ne yere saa ara sɛ ne ho,” a ɔhyɛ biara nnim. (Efesofo 5:33; 1 Petro 3:7) Ɛsɛ sɛ okunu no nso ma ɛtra n’adwenem sɛ ɛsɛ sɛ ɔno nso brɛ ne ho ase ma ne ti, efisɛ Bible ka sɛ: “Ɔbarima biara ti ne Kristo.” Yiw, ɛsɛ sɛ ɔbarima no brɛ ne ho ase ma Kristo nkyerɛkyerɛ. Na Kristo nso brɛ ne ho ase ma ne ti: “Kristo ti ne Nyankopɔn.” Enti obiara wɔ ti, gye sɛ Yehowa. Na ɔno nso mpo de n’ankasa mmara kyekyere ne ho.—1 Korintofo 11:3; Tito 1:2; Hebrifo 6:18.

Kristofo ahobrɛase kari pɛ na ɛho wɔ mfaso ma ɔbarima ne ɔbea nyinaa. Ɛde biakoyɛ ne abotɔyam a yɛn Bɔfo a ɔwɔ dɔ no nkutoo na obetumi de ama no, ba aware mu.—Filipifo 4:7.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 14]

Leslie’s

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena