Nea Ɔhwehwɛe Ne Nokwaredi
Abeawa bi a ɔwɔ Ecuador kɔe ma wobisabisaa no nsɛm a ɛbɛma wɔafa no adwumam. Bere a ɔne nnipa foforo a wɔrepɛ adwuma a wɔn nyinaa dodow yɛ 36—bɔɔ nkɔmmɔ no—ohui sɛ ɛbɛyɛ den ama no. Ná wɔwɔ adwumayɛ mu osuahu na wɔawiewie sukuupɔn, bere a na onni emu biara. Na nsɛm asia a wobisaa no mu no, wammua abien yiye. Nanso na asɛmmisa no biako fa n’ankasa ho: “W’adwene yɛ wo dɛn wɔ nokware ho?”
Ɔbea no buae sɛ: “Nokware nyɛ nsusuwii a wontumi mfa nyɛ adwuma, na mmom ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn asetra kwan. Ɛsɛ sɛ yɛka nokware a yentwa atoro, efisɛ sɛ yetwa atoro a, yɛkɔka Satan Ɔbonsam ho. Sɛ yɛka nokware a, yɛsɔ Onyankopɔn ani na yɛn ankasa yenya mfaso horow pii.”
Bere a nea ɔhwɛ adwuma so no bisaa ɔsom a ɔbea no wom no, obuae sɛ ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Ade kyee no, wɔbɔɔ no amanneɛ sɛ wɔafa no adwuma no mu. Ɔsram biako akyi no, ɔbea no bisaa nea ɔhwɛ adwuma so no nea enti a ɔpaw no, na ɔkae sɛ ne nokwaredi ntia.
Ɛnyɛ nokware sɛ nnipa pii nni nokware nnɛ? Nanso, wonim nnipa a wobu Bible no sɛ wɔyɛ anokwafo. July 1, 1995 Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no kae sɛ: “Wɔ Bible mu no, ‘nokware’ nte sɛ nsusuwii a asete yɛ den a nyansapɛfo gye ho kyim no.”