Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 11/8 kr. 3-4
  • So Wiase Nyamesom Ahorow Awiei Rebɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wiase Nyamesom Ahorow Awiei Rebɛn?
  • Nyan!—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wususuw Ɔsom Afoforo Ho?
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
  • So Ɔsom Biara Ye Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Sɛn Na Atoro Som Agu Onyankopɔn Din Ho Fĩ?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Yɛn Ho A Yɛde Bɛhyɛ Ɔsom Kronn Mu Ama Nkwagye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 11/8 kr. 3-4

So Wiase Nyamesom Ahorow Awiei Rebɛn?

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ SWEDEN HƆ

SO ASƐMTI yi ma wubisa sɛ: ‘Ɛbɛyɛ dɛn atumi aba saa? So wiase nyamesom ahorow no nnyee ntini, na enyaa nkɛntɛnso wɔ wiase nyinaa so nnɛ?’

Yiw, ɛmfa ho ɔhaw ahorow a wɔwom nyinaa no, ɛte sɛ nea wɔte saa. Wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu no, nyamesom ho aba asɛm, na wɔapa ho ntama asen bere biara wɔ adesamma abakɔsɛm mu. Nsoromma ho animdefo de wɔn mfiri akɛse a wɔde hwɛ nneɛma wɔ akyirikyiri no ahwehwɛ amansan yi mu, na ahunmu akwantufo adi ahunmu akɔneaba; na sɛnea Soviet ahunmu kwantufo bi kae no, wonhuu “Onyankopɔn anaa abɔfo biara.” Ade a wotumi so mu ho animdefo akyekyɛ nneɛma mu nketenkete nanso wonhuu ɔsoro tumi biara a ɛma nkwa wom. Abɔde a nkwa wom ho animdefo ne tete nnompe ho animdefo kyerɛ sɛ wɔasan ayɛ nkwa ho nhwehwɛmu wɔ adannandi mu fi aboawa ketewaa a wɔfrɛ no amoeba so abesi nnipa so, a wɔantumi anhu ɔbɔadeɛ bi ho adanse biara.

Nanso, wiase nyansa ne honam fam adedodowpɛ ho nyansapɛ ntumi nyii nyamesom ho adwene mfii okyinnsoromma yi mu, na wɔn a wonnye Onyankopɔn biara nni nyansapɛ ne amammui tumidi horow ntumi nyɛɛ saa ara. Bɛboro mfirihyia 70 a atwam ni no, kankabi Komunism a ennye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no bu nyamesom sɛ gyidi hunu ne “aduru a ɛsɛe nkurɔfo adwene,” na wɔagye nyamesom akannifo dibea afi wɔn nsam, na wɔabara wɔn dwumadi ahorow, asɛe anaa wɔafow asɔredan ne asɔrefie horow mu nneɛma, na wɔasɛe wɔn adwene akunkum emu asomfo. Nanso nneyɛe a ɛte saa no antumi annyi nyamesom ho adwene amfi hɔ. Sɛ nniso horow no gu pɛ a, ɛte sɛ nea nyamesom san nya ahoɔden foforo bio de sɔre gyina. Wɔ kan Komunis nsase so no, nkurɔfo asan de wɔn ani akyerɛ kan asɔrefie no bio, na wɔde ahofama bu nkotodwe som te sɛ nea wɔn nananom dii kan yɛe no ara pɛ.

Ɔsom ho adwene da so ara yɛ kɛse wɔ wiase no mmeae foforo. Afe biara, Nkramofo akwantufo a wɔkɔyɛ ɔsom mu nneɛma ɔpepem pii fi wiase nyinaa kɔ kuropɔn Mecca a ɛwɔ Saudi Arabia no mu. Katolekfo a wɔpɛ sɛ wohu pope na wogye ne nhyira no taa bɛhyɛ St. Peter’s Square a ɛwɔ Vatican hɔ no ma. Hindu asomfo ɔpepem pii da so ara kɔ mmeae ɔhaha pii kɔyɛ ɔsom ho ade wɔ nsubɔnten “kronkron” a ɛwɔ India no ho. Yudafo a nyamesom adi wɔn ti no pii kɔ kɔbɔ mpae wɔ Yerusalem Abubuwbɔ Ɔfasu no ho, na wɔde wɔn mpae horow a wɔakyerɛw no hyehyɛ ɔfasu no ho.

Yiw, ɛte sɛ nea wontumi nyi nyamesom mfi adesamma mu. Ireland ɔmanyɛfo, Edmund Burke kae sɛ: “Onipa nam ne suban so kyerɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔpɛ nyamesom.” Akontaabu kyerɛ sɛ wɔ ɔkwan bi so no, asase so nnipa 6 biara mu 5 wɔ nyamesom bi mu. Sɛnea nnansa yi akontaabu kyerɛ no, nnipa bɛyɛ ɔpepepem 4.9 na wɔwɔ nyamesom ahyehyɛde bi mu wɔ wiase, bere a ɔpepem 842 pɛ na wonni ɔsom biara mu.a

Bere a eyi wɔ yɛn adwenem no, so ntease wom sɛ yebegye adi sɛ wiase nyamesom ahorow awiei abɛn? Na sɛ ɛte saa a, bere bɛn, na ɔkwan bɛn so na ɛbɛba? So nyamesom bi bɛka? Momma yensusuw nsɛmmisa yi ho wɔ nsɛm abien a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔn a wɔka wɔn a “wɔmpɛ ɔsom biara” ho no bi ne: “Nnipa a wɔkyerɛ sɛ wonni nyamesom biara mu, wɔn a wonnye nni, wɔn a wontumi nhu sɛ ebia Onyankopɔn wɔ hɔ, wɔn a wonnye nyamesom nkyerɛkyerɛ biara ntom a wɔda anibiannaso adi wɔ nyamesom nyinaa ho.”

[Kratafa 3 mfonini]

St. Peter’s Square, Vatican City

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena