Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
Adwuma a Wonnya Nyɛ Meda mo ase pii wɔ nsɛm “Adwuma a wonnya nyɛ—Ano Aduru Wɔ Hɔ” no ho. (March 8, 1996) Ɛbae wɔ bere a na merehwehwɛ adwuma nanso na minnya bi no. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛhyehyɛ adwuma wɔ fie, sɛnea mokae wɔ kratafa 11 no, na ɛreboa me. Meda Yehowa ase sɛ mowɔ hɔ!
J. M., French Guiana
Nsɛm no kyerɛkyerɛɛ tebea a mekɔɔ mu nnansa yi ara mu. Asram kakraa a atwam mu no, ná ɛsɛ sɛ misua sɛ mɛyɛ “nnwuma nyinaa” bi, sɛnea asɛm no biako kae no. Nanso m’abam ammu. Mebɔɔ mmɔden sɛ menya adwempa, na awiei no, minyaa adwuma a mɛyɛ no daa. Saa bere no mu no, me yere a na onim guadi yiye no boaa me. Meda mo ase bio wɔ nsɛm a ɛboa yɛn ma yɛde Bible nnyinasosɛm ahorow di dwuma wɔ tebea horow a ɛyɛ den mu ho.
U. C., Italy
M’ani gyee mo adaka mu asɛm “Adwuma a Wɔbɛhyehyɛ Wɔ Fie” no ho titiriw. Meyɛ daa kwampaefo, bere nyinaa ɔsɛmpakafo, na mfirihyia abien ni, minyaa tumi krataa de buee beae a wɔhwɛ mmotafowa so wɔ fie. Ná mehwɛ mmofra so ansa na wɔakɔ sukuu, ne bere a wɔapɔn sukuu no, na minyaa sika wom yiye. Ɛma minyaa kwan kɔɔ asɛnka awiabere, na mede nnɔnhwerew anan pɛ na ɛyɛɛ adwuma da biara. Ná awofo pii ani sɔ, efisɛ na ɔhwɛ pa ho yɛ na. Mewɔ anidaso sɛ afoforo nso benya adwuma a ɛbɛboa wɔn ma wɔasom Yehowa.
T. K. L., United States
Mohyɛɛ nyansa sɛ wɔn a wɔnyɛ adwuma betumi adura nkongua ho, ayi ti, asiesie afie mu, ne nea ɛkeka ho. Afei nso mokae sɛ wɔ tebea horow bi mu no, wobetumi abɔ wɔn nnwuma no ho dawuru a wontua hwee, anaa ne bo nyɛ den. So eyi rentia mmara wɔ Germany?
R. T., Germany
Ɛsono ɔman biara ne ne mmara, na ebia saa nyansahyɛ yi bɛyɛ nea mmara mma ho kwan wɔ nsase bi so. Enti na yɛdaa hia a ehia sɛ wohu na wɔkyerɛ obu ma sikasɛm ne tow ho mmara, ansa na wɔafi dwumadi a ɛte saa ase adi, wɔ kratafa 9 no. Ɛyɛ Kristofo asɛyɛde sɛ wodi ɔman a wɔte mu mmara horow so. (Romafo 13:1)—SAMUFO.
Mmoa Yɛmmea M’ani gyee asɛm “Bible a Yesua—Wɔ Mmoa Yɛmmea!” no ho yiye. (March 8, 1996) M’ani gyee nsɛm a ɛfa mmoa a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no ho. Ná minnim da sɛ wɔbɔ ahafurum din wɔ Bible mu. M’ani gyee nkyekyem a ɛfa ntɛtea ho no nso ho. Asɛm no ahyɛ me nkuran ma enti mɛyɛ aboa foforo ho nhwehwɛmu ɔsram biara.
M. F., United States
M’adamfo Pa Mepɛ sɛ meda mo ase paa wɔ asɛm a ɛkanyan anigye “M’adamfo Pa” ho. (March 8, 1996) Ná ɛyɛ anigye sɛ mekenkan sɛ ɛmfa ho mfe dodow a na ɛda wɔn ntam no, na adamfofa a emu yɛ den saa wɔ hɔ. Ɛkyerɛkyerɛ mu sɛ ɛho nhia sɛ mmofra ne wɔn atipɛnfo nkutoo nya nnamfofa a emu yɛ den. Mpanyimfo pii wɔ hɔ a wɔwɔ suahu, nyansa, na wɔn ho yɛ anika pii.
S. T., England
Asɛm no kyerɛe sɛ mmofra ne mpanyin betumi abɔ, na mmofra betumi anya mpanyimfo no suahu mu mfaso. M’ankasa ne adamfo bi a ne mfe akɔ anim anya fekubɔ a ɛyɛ anigye akyɛ. Waboa me yiye ma magyina nsɛnnennen te sɛ atipɛnfo nhyɛso ano.
W. S., Austria
Ɛde besi saa bere yi no, na memmɔɔ mmɔden da sɛ mesua biribi afi mpanyimfo nkyɛn. Ɛdenam saa asɛm yi so no, seesei mahu nneɛma a metumi asua afi saafo no nkyɛn. M’ani begye ho yiye sɛ me ne mpanyimfo bi a wɔn nyansa mu dɔ bɛfa nnamfo denneennen.
R. K., Japan