“Mihia Nkuranhyɛ ne Anidaso”
Woate nka saa pɛn anaa? Nnipa pii te nka saa nnɛ. Ɔbea bi a ofi Fort Smith, Arkansas, kyerɛw kɔɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York, no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ:
“Mo nhoma Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu no ma nimdeɛ pii na ɛkanyan nkate. Mede nna kakraa bi kenkan ne nyinaa. Ɛma minya anidaso sɛ ɛnkyɛ wiase foforo a ɛwɔ Yesu Kristo nniso ase a wɔahyɛ ho bɔ no bɛba. M’ani agyina saa da no.
“Ɛnkosi saa bere no, nea mehwɛ kwan ne sɛ metwa saa wiase yi, na metwɛn ma ɛno ba mu. Saa wiase asetra mfonoe a ɛnyɛ anigye yi ama m’abam abu. Mihia nkuranhyɛ ne anidaso. Mokae sɛ, sɛ yɛn ani gye ho a, yɛnam mo ahyehyɛde no so betumi anya ofie Bible adesua a yentua hwee. Mesrɛ mo mubetumi ama mahu nea ɛhwehwɛ sɛ meyɛ na manya eyi? Misusuw sɛ saa ofie Bible adesua yi bɛboa ahyɛ me nkuran.”
Sɛ wopɛ sɛ wo nsa ka Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no bi anaa obi ne wo yɛ ofie Bible adesua a, yɛsrɛ wo, kyerɛw Watch Tower, Box 760, Accra, Ghana, anaa address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5 no mu nea ɛbɛn wo sen biara.