Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 4/8 kr. 16-18
  • Wobu Yehowa Adansefo Bem Wɔ Greece

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wobu Yehowa Adansefo Bem Wɔ Greece
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nyamesom mu Ahofadi, ne Nnipa Kyɛfa
  • Wɔrentumi Nsiw Yehowa Adansefo Kwan
  • Wogye Nyamesom mu Ahofadi Tom
  • Ɛnyɛ Asɛm Ketewa
  • Wodii Bem Wɔ Europa Asɛnnibea A Ɛhwɛ Hokwan A Nnipa Wɔ So Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Asɛmpa no a Wɔbɔ Ho Ban Wɔ Mmara Kwan So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Wɔperee sɛ Wobenya Ahofadi De Asom
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
  • Ahenni Asɛmpakafo De Wɔn Asɛm Kɔ Asɛnnibea
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 4/8 kr. 16-18

Wobu Yehowa Adansefo Bem Wɔ Greece

Efi Nyan! Kyerɛwfo hɔ

ORTODƆKS sɔfo a ɔwɔ Crete akuraa Gazi ase no kae wɔ ne kasa ahorow no biako mu sɛ: “Yehowa Adansefo wɔ asa bi si yɛn akuraa yi ase pɛɛ. Mihia mo mmoa na yɛapam wɔn.” Nna kakraa bi twaam no, da koro anwummere bi, nkurɔfo bi a wonnim nea wofi bɛbobɔɔ Ahenni Asa mpoma no totoo tuo bobɔɔ mu. Ɛmaa nyamesom mu ahofadi ho asɛm sɔree bio wɔ Greece.

Saa nsɛm yi kaa ɛhɔ Adansefo no baanan, Kyriakos Baxevanis, Vassilis Hatzakis, Kostas Makridakis, ne Titos Manoussakis, ma wɔde abisade kɔɔ Nhomasua ne Ɔsom Ho Nsɛm Asoɛe hɔ sɛ wɔmma wɔn tumi krataa a wɔde bɛyɛ wɔn som ho nhyiam ahorow. Ná wɔhwɛ kwan sɛ, sɛ wonya tumi krataa a, bere rekɔ so no, ɛbɛma wɔanya polisifo ahobammɔ. Nanso, na ɛrenyɛ mmerɛw.

Ɔsɔfo no de krataa kɔɔ polisifo a wɔbɔ ɔmamfo ho ban no adwumayɛbea ti a ɛwɔ Heraklion no, de twee atumfoɔ no adwene sii Yehowa Adansefo Ahenni Asa a ɛwɔ n’asasesin mu no so, na ɔsrɛe sɛ wɔmfa anohyeto nto so na wɔmmara wɔn nhyiam ahorow no. Eyi maa polisifo hwehwɛɛ nsɛm no mu bisabisaa nkurɔfo nsɛm. Akyiri yi, aban mmaranimfo no de sobo ahorow bi too Adansefo no so, na wɔde asɛm no kɔɔ asɛnnibea.

Wɔ October 6, 1987 no, Heraklion Nsɛmmɔnedi Asɛnnibea no buu nnipa baanan a wodii wɔn asɛm no bem kae sɛ “wɔanyɛ bɔne a wɔde too wɔn so no, efisɛ ɔsom bi mufo wɔ hokwan sɛ wɔyɛ nhyiam ahorow . . . , a tumi krataa biara ho nhia.” Nanso, nnanu akyi no, aban mmaranimfo no kae sɛ wɔnsan mfrɛ asɛm no, na wɔde asɛm no kɔɔ asɛnnibea a ɛkorɔn sen ɛno. Wɔ February 15, 1990 no, saa asɛnnibea yi buaa Adansefo no fɔ sɛ, wɔmfa wɔn nto afiase asram abien na wontua bɛyɛ $100. Ɛno akyi no, wɔn a wodii wɔn asɛm no de asɛm no kɔdan Greece Asɛnnibea Kunini no.

Wɔ March 19, 1991 no, Asɛnnibea Kunini no bɔɔ asɛm a wɔde kɔdan wɔn no gui, na wɔpenee afobu no so. Bɛboro mfe abien akyi, bere a wɔde Asɛnnibea Kunini no gyinaesi no too gua wɔ September 20, 1993 no, polisifo totoo Ahenni Asa no mu. Sɛnea polisifo krataa bi daa no adi no, Crete Ortodɔks Asɔre no na na ɛhyɛ adeyɛ yi akyi.

Nea ɛmaa tebea yi baa saa ne sɛ, mmara horow bi a wɔhyehyɛe wɔ 1938 mu a atirimpɔw a ɛwɔ akyi ne sɛ wɔde besiw nyamesom mu ahofadi kwan no da so ara reyɛ adwuma wɔ Greece. Ɛkyerɛ sɛ sɛ ankorankoro bi pɛ sɛ ɔyɛ asɔre wɔ baabi a, ɛsɛ sɛ ogye tumi krataa fi Nhomasua ne Ɔsom Ho Nsɛm Asoɛe no ne afei Ortodɔks Asɔre a ɛwɔ hɔ no sɔfo panyin hɔ. Mfe pii ni a saa mmara horow a ne bere atwam yi de ɔhaw pii abrɛ Yehowa Adansefo.

Nyamesom mu Ahofadi, ne Nnipa Kyɛfa

Bere a Adansefo baanan no tee sɛ Asɛnnibea Kunini no apene afobu a wɔde maa wɔn no so no, wɔde abisade kɔɔ Europa Asoɛe a Ɛhwɛ Nnipa Kyɛfa So, a ɛwɔ Strasbourg, France no, wɔ August 7, 1991. Nnipa a wɔde guantoa kɔe no kae sɛ bu a wɔabu wɔn fɔ no tia Mmara a ɛto so 9 wɔ Europa Apam, a ɛko ma nsusuwii, ahonim, ne nyamesom mu ahofadi, ne afei hokwan a obi wɔ sɛ ne nkutoo anaa ɔne afoforo bom di ne som ho dwuma wɔ baguam anaa kokoam no.

Wɔ May 25, 1995 no, Bagua no mufo 25 no de nokoro sii gyinae sɛ wɔ saa asɛm yi mu no, Greece abu Europa Bagua no Mmara a ɛto so 9 no so. Asɛm a wɔde too gua ne sɛ na saa afobu no ne atirimpɔw a ɛwɔ nyamesom mu ahofadi akyi no nhyia, na na ɛho nhia wɔ ɔman a dodow amammu na wɔde yɛ adwuma no mu. Saa gyinae a wosii wɔ fata a asɛm no fata ho no kae nso sɛ: “Wɔn a wɔde guantoa no bae no . . . yɛ kuw a wonim wɔn som amanne ne nneyɛe horow yiye, na wɔma hokwan wɔ Europa aman pii mu.” Ewiee ase koraa no, Bagua no de asɛm no kɔmaa Europa Asɛnnibea ma Nnipa Kyɛfa Ahorow.

Wɔrentumi Nsiw Yehowa Adansefo Kwan

Wɔde asɛm no hyɛɛ May 20, 1996. Ná nnipa bɛboro 200 na wɔwɔ asɛnnidan no mu, a adesuafo ne abenfo a wofi ɛhɔ sukuupɔn no mu, nsɛnkyerɛwfo, ne Yehowa Adansefo dodow bi a wofi Greece, Germany, Belguim, ne France ka ho.

Owura Phédon Vegleris a wakyerɛ ade wɔ Athens Sukuupɔn agyae, na ɔyɛ Adansefo no mmaranimfo no, kae sɛ ɛnyɛ Europa Bagua no nko na ɔkwan a ɔman mpanyimfo no nam so, ne atɛn a wobui no bu so, na mmom, Greece Ɔman Mmara no nso. “Enti ɛyɛ ɔman mmara ne sɛnea wɔde yɛ adwuma na Asɛnnibea no redi ho dwuma.”

Sɛ́ anka Greece aban no mmaranimfo a ɔyɛ Ɔman Bagua no mu temmufo no bɛka nokwasɛm ahorow no, ɔtwee adwene sii gyinabea a Ortodɔks Asɔre no apaw wɔ Greece, ne sɛnea ɔne Ɔman no ne nkurɔfo no ayɛ biako, ne hia a ɔkyerɛ sɛ ɛho hia sɛ wosiw ɔsom afoforo kwan no so. Bio nso, ɔkae sɛ efi 1960 reba no, Yehowa Adansefo atumi ama wɔn dodow anya nkɔanim kɛse. Ɔkwan foforo so no, na wɔatumi ako atia akoten a Ortodɔks som no adi no!

Wogye Nyamesom mu Ahofadi Tom

Ná wobebua asɛm no September 26. Ná nkurɔfo ho pere wɔn sɛ wobehu nea ɛbɛkɔ akosi, titiriw Yehowa Adansefo. Bagua no Titrani, Owura Rudolf Bernhardt, kenkanee gyinaesi no wɔ baguam: Asɛnni Bagua no, a emufo yɛ atemmufo baakron no, de nokoro sii gyinae sɛ Greece abu Europa Bagua no Mmara a ɛto so 9 no so. Ɛhyɛe nso sɛ wontua sika $17,000 mma wɔn a wodii wɔn asɛm no ma wɔmfa ntew wɔn ka so. Nea ehia titiriw no, na nsɛm a ɛho hia a wɔde gyina nyamesom mu ahofadi akyi pii nso ka gyinaesi no ho.

Asɛnni Bagua no kae sɛ Greece mmara ma kwan ma “amammuifo, atumfoɔ ne asɔre mpanyimfo de wɔn ho hyehyɛ nyamesom mu ahofadi a wɔde di dwuma mu kɔ akyiri.” Wɔde kaa ho sɛ hwehwɛ a na wɔhwehwɛ sɛ wogye tumi krataa no yɛ ɔkwan a Ɔman no nam so de “mmara katee anaa nokwarem no, anohyeto ahorow ba nyamesom adwenhorow a akuw bi a wɔnyɛ ortodɔksfo, titiriw Yehowa Adansefo, de di dwuma no so.” Saa amanaman ntam asɛnnibea yi paa anuɔden a Ortodɔks Asɔre no de adi dwuma mfe pii no ho ntama.

Asɛnni Bagua no sii so dua sɛ “nyamesom mu ahofadi a Bagua no ma hokwan no mma Ɔman no tumi biara sɛ ɛnkyerɛ sɛ nyamesom gyidi ahorow bi anaa akwan a wɔfa so da no adi no fata anaasɛ ɛmfata.” Wɔkae nso sɛ “Yehowa Adansefo ka ‘ɔsom a wonim’ a Greece mmara ma ho kwan no ho . . . Aban no nso gyee eyi toom.”

Ɛnyɛ Asɛm Ketewa

Nna kakra a edi hɔ no, Greece atesɛm nkrataa titiriw no bɔɔ asɛm yi ho dawuru. Wɔ September 29, 1996 no, Kwasida Kathimerini no kae sɛ: “Ɛmfa ho sɛ Greece Ɔman no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ agu sɛ ‘ade ketewa bi kɛkɛ’ no, ‘animguase’ a Europa Asɛnnibea Ma Nnipa Kyɛfa no de baa so wɔ Strasbourg no yɛ asɛm paa ara, nokwasɛm a wɔakyerɛw ho nsɛm wɔ amanaman mu. Asɛnni Bagua no twee Greece adwene sii Mmara a ɛto so 9 wɔ Nnipa Kyɛfa ho bagua no mu so, na wɔde nokoro kasa tiaa Greece mmarahyɛ.”

Athens atesɛm krataa Ethnos a ɛba da biara no kyerɛwee wɔ September 28, 1996, sɛ Europa Asɛnnibea no “buu Greece fɔ, hyɛɛ no sɛ ontua sika mma ne manfo a wohu amane esiane sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo nti no.”

Wobisabisaa wɔn a wɔde guantoa kɔe no biako mmaranimfo, Owura Panos Bitsaxis, nsɛm wɔ radio so dwumadi bi mu, na ɔkae sɛ: “Yɛwɔ 1996 mu, a aka kakra ma yɛawura afeha a ɛto so 21 no mu, na akyinnye biara nni ho sɛ ɛnsɛ sɛ atumfoɔ yɛ nyiyim, dwoodwoo nkurɔfo, anaa wɔde wɔn ho gyigye nsɛm mu ɛdefa nyamesom mu ahofadi a ɛyɛ hokwan a obiara wɔ no ho. . . . Eyi ne bere a ɛfata sɛ aban no hwehwɛ ne nsɛnnii mu bio, na wosiw saa nyiyim a ntease nnim a mfaso biara nni so wɔ saa mmere a yɛwom yi mu no ano.”

Gyinae a wosii wɔ Manoussakis ne Afoforo ɛne Greece Ntam asɛm mu no ma yenya anidaso sɛ Greece Ɔman no bɛma ne mmara horow ne Europa Asɛnnibea no atemmu ahyia, sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa Adansefo a wɔwɔ Greece no betumi anya nyamesom mu ahofadi a atumfoɔ, polisifo, anaa asɔre nsiw wɔn kwan. Afei nso, eyi ne asɛm a ɛto so abien a Europa Asɛnnibea no adi atia Greece mmarahyɛ no wɔ nsɛm a ɛfa nyamesom mu ahofadi ho mu.a

Wonim no yiye sɛ Yehowa Adansefo yɛ osetie ma aban “atumfoɔ a wɔkorɔn” no wɔ nsɛm a entia Onyankopɔn Asɛm no mu. (Romafo 13:1, 7, NW) Wɔmfa ɔman nhyehyɛe pa nto asiane mu ɔkwan biara so. Nea ɛne no bɔ abira koraa no, wɔn nhoma horow ne wɔn baguam ɔsom adwuma no hyɛ obiara nkuran sɛ ɔnyɛ ɔman ba a odi mmara so na ɔde asomdwoe tra ase. Wɔn som no di adetreneeyɛ akyi, na ɛwɔ fapem pa, na emufo no aboa wɔn mpɔtamfo nkɔso yiye. Bible no abrabɔ gyinapɛn a ɛkorɔn a wɔakura mu pintinn, ne ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn yɔnko, a wɔda no adi titiriw wɔ wɔn Bible ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu no, anya nnipa a wɔwɔ nsase bɛboro 200 a wɔwɔ so no so nkɛntɛnso pa.

Yɛwɔ anidaso sɛ gyinae ahorow a Europa Asɛnnibea no asisi no bɛma Yehowa Adansefo ne ɔsom afoforo a emufo nnɔɔso a ɛwɔ Greece no nyinaa anya nyamesom mu ahofadi kɛse.

[Ase hɔ asɛm]

a Gyinaesi a edi kan, a wɔde too gua 1993 mu no, yɛ Kokkinakis ɛne Greece Ntam asɛm no.—Hwɛ September 1, 1993, Ɔwɛn-Aban, kratafa 27.

[Kratafa 17 mfonini]

Ahenni Asa a polisifo no totoom wɔ September 20, 1993 no

[Kratafa 17 mfonini]

Europa Asɛnnibea Ma Nnipa Kyɛfa, Strasbourg

[Kratafa 18 mfonini]

Adansefo a wodii wɔn asɛm no: T. Manoussakis, V. Hatzakis, K. Makridakis, K. Baxevanis

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena