Adesua Nhoma a Wɔde Bɔ Bra
Sukuu kyerɛkyerɛfo bi a ɔwɔ Zimbabwe, Afrika, kae sɛ wɔ Nyatsime Kɔlege a ɔkyerɛ ade no, wɔyɛ “Abrabɔ Ho Adesua” wɔ hɔ. Ɔkaa abusua mu nsɛnnennen bi a ohyiae ho asɛm, na ogye toom sɛ na ohia mmoa na ɔde adi ho dwuma.
Bere a ɔrekyerɛkyerɛ nea esii wɔ n’ankasa aware akyi mu no, ɔkae sɛ: “Ankyɛ koraa na nsɛnnennen fii ase, na ɛma yɛtetew mu wɔ November 1989 mu.” Ná nsɛnnennen foforo nso wɔ hɔ. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mene me maame a na ɔyɛ me papa yere panyin no abakan. Bere a meresua ade abɛyɛ ɔkyerɛkyerɛfo, a na mewɔ m’afe a ɛto so abien mu no, me papa wui, maa me nuanom mmarima ne mmea nkumaa 16 hwɛ bɛdaa me so.”
Bible a Yehowa Adansefo ne saa sukuu kyerɛkyerɛfo yi suae no boaa no ma otumi dii n’abusua mu nsɛnnennen no ho dwuma. Ɔne ne yere asan aka abom, na wɔwɔ anigye. Ɔkyerɛwee sɛ: “Me ne me yere nam osuahu a ɛyɛ yaw so ahu sɛ mmɔden a onipa bɔ sɛ ɔbɛkwati Onyankopɔn adi ne nsɛnnennen ho dwuma no nkosi hwee.” Na ɛdefa boa a ɔbɛboa ne sukuufo ma wɔadi wɔn haw ahorow ho dwuma no ho nso ɛ?
Ɔkyerɛwee sɛ: “Mekamfoo Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no kyerɛɛ yɛn sukuu kyerɛkyerɛfo panyin no ne akyerɛkyerɛfo foforo sɛ ɛyɛ nhoma a ɛfata. Wɔn nyinaa penee so, maa sukuu no kae sɛ ɛpɛ nhoma no 56, na makogye abrɛ sukuu no.”
Yegye di sɛ wo nso wubenya adesua nhoma a ekura nkratafa 320, a mfonini ahorow a ɛyɛ fɛ wom no so mfaso kɛse. Sɛ wopɛ sɛ wunya bi anaasɛ wopɛ ofie Bible adesua a wuntua hwee a, yɛsrɛ wo, kyerɛw Watch Tower, Box 760, Accra, Ghana, anaa address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata.