Mmea Nyin Kyɛ Nanso Ɛnkyerɛ sɛ Wodi Yiye
WƆ WIASE nyinaa no, mmea nyinyin ansa na wɔaware, wɔatew mma dodow a wɔwo so, na wɔtra ase kyɛ. UNESCO Sources nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ: “Mmea asetra resesa.” Wɔ 1970 ne 1990 ntam no, mmea nkwa nna fi bere a wɔwo wɔn anya nkɔanim mfe anan wɔ aman a anya nkɔso mu ne nea ɛreyɛ adu mfe akron wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu. “Eyi kyerɛ sɛ wɔ mmeae a wɔanya nkɔso no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, mmea nyin kyɛ sen mmarima mfe 6.5. Wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu no, nsonsonoe no yɛ mfe anum wɔ Latin Amerika ne Caribbean nsase so, mfe 3.5 wɔ Afrika, ne mfe abiɛsa wɔ Asia ne Pasifik.”
Nanso, wɔ mmea pii fam no, tra a wɔtra ase kyɛ no nkyerɛ asetra pa a wonya. Amanaman Nkabom no nsɛmma nhoma Our Planet ka sɛ wɔ wiase no mu mmea dodow no ara fam no, hokwan atitiriw a nnipa wɔ no da so ara te sɛ “akɔnnɔde a egu keeki so a ɛnkaa wɔn ano da. Wɔda so ara hwehwɛ paano ne nsu.” UN ka sɛ, nanso mmea ɔpepem pii nsa ntumi nka asetram ahiade atitiriw mpo, efisɛ wiase mu nnipa dodow a wonnim akenkan ne akyerɛw, aguanfo, ne ahiafo da so ara yɛ mmea. UNESCO Sources de ba awiei sɛ ɛmfa ho nkɔanim ahorow bi a wɔanya no, “ne nyinaa mu no, . . . ɛte sɛ nea mmea nni daakye ho anidaso pa biara.”