Nhwɛso a Ɛsɛ sɛ Yedi Akyi
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ CHILE HƆ
Giacomo Castelli wɔ ɔdan wɔ Antofagasta, kurow bi a emu nnipa bɛyɛ 170,000, a ɛwɔ Chile kusuu fam, mu. June a etwaam no, ohuu nkurɔfokuw bi wɔ hɔnom agoprama bi so bere a na ogyina n’abrannaa so no. Ɔkyerɛw wɔ krataa bi a ɔde kɔ ma wotintim wɔ El Mercurio atesɛm krataa mu no mu sɛ, “nea na ɛkyɛn so koraa ne mmofra a wɔadu mpanyin afe so a mihui sɛ wɔne wɔn awofonom reserew gye wɔn ani no.” Nea ɛbɛyɛ na wahu nokware a ɛwɔ anwonwade a ohui no mu no, osian kɔɔ agoprama no so.
Ɔkyerɛwfo a ɔyɛ mfeefeemu no kae sɛ: “Mekɔɔ hɔ maa me ho dwiriw me bio. Bere a mmusua no bi dii wɔn awiaduan wiei no, abusuafo no mu biara fii ase sesaw nea agugu fam no nyinaa de koguu wɔn ankasa wura kotoku mu. . . .
Ɔkyerɛwfo no toaa so sɛ “mepɛe sɛ mihu nkurɔfo ko a saa nnipa soronko yi yɛ. Mekɔɔ abeawa fɛfɛ bi a obetumi adi nkonim wɔ ahoɔfɛ akansi biara mu no hɔ, na ɔde anigye ka kyerɛɛ me sɛ: ‘Yɛyɛ Yehowa Adansefo, na yɛreyɛ nhyiam wɔ Ɔmantam Agumadibea hɔ.’” Bere a wɔpɔn awia no, akuw a na wɔwɔ ɔmansin nhyiam a nnipa bɛboro 3,000 kɔe no kɔɔ agoprama no so sɛ wɔrekodi wɔn awiaduan.
Ɔkyerɛwfo no kae sɛ: “Meyɛ Apostɔlik Roma Katolekni. Mekɔ Mass daa, na mfe a abɛsen kɔ mpo no, mekɔɔ Lourdes, wɔ France, kɔhwɛɛ ɔsom ho nneɛma.”
“Nanso, nea ɛbɛkyerɛ sɛ wɔtetee me sɛ Kristoni a odi mu no, ɛsɛ sɛ mibisa me ho nokwarem sɛ: Dɛn na Yehowa Adansefo wɔ a yɛn Katolekfo, ɔsom a nnipa a wɔwɔ Chile dodow no ara wom no, nni bi? Dɛn nti na mmofra a wɔadu wɔn mpanyin afe so yi ma wɔn awofo nya abotɔyam, bere a me mmabea baasa no guan fi me ho bere a mepɛ sɛ me ne wɔn pue no?
“Dɛn nti na Katolekfo mmofra yɛ basabasa; dɛn nti na wɔyɛ dede na wɔyɛ wɔn ho ‘Akofofo Ahoɔdenfo,’ na wɔboro mmofra foforo, . . . bere a saa mmofra yi de wɔpɛ asomdwoe, wɔn ani gye, na wodwen abɔde mu nneɛma ho? Dɛn nti na yɛn Katolekfo ntumi mmom nyɛ nhyiam bere a yɛremfa yɛn ho nhyehyɛ aguadi tantan a atwa mmeae kronkron a yɛsom ho ahyia, te sɛ La Tirana asɔrefie, Andacollo, ne afoforo no mu?
Ɔkyerɛwfo no, Owura Castelli, de asɛmmisa a edi so yi na ewiee ne krataa a ɔde kɔɔ atesɛm krataa no adwumayɛbea hɔ no: “So yɛn a yebu yɛn ho sɛ Katolekfo ne Kristofo no bɛyɛ sɛ wɔn da bi? Onyankopɔn ne Ɔbaabun no mmoa yɛn ma yɛnyɛ saa.”