‘Asɛm A Wɔka No Bere Pa Mu Ye Dɛn Ara!
ONYANSAFO a ɔkyerɛw mmebusɛm a ɛwɔ Bible mu no kae sɛ: “Asɛm a wɔka no bere [pa] mu, eye dɛn ara!” (Mmeb. 15:23) Na hwɛ nokware ara a ɛyɛ!
Wɔ Europa apueifam man bi so no, Yehowa Adansefo baanu ne aberante bi a na ɔne ne ba retu mpase fii nkɔmmɔbɔ ase. Nkɔmmɔbɔ no awiei no wɔtoo nsa frɛɛ aberante no kɔɔ Adansefo no mu biako fie. Ɛhɔ no wɔne aberante yi ne ne yere fii Bible mu nkɔmmɔbɔ ase. Awiei no aberante no ne ne yere ne aberante no maame gyee Onyankopɔn Asɛm mu nokware no toom.
Nea ɛyɛ anigye no, da a edi kan a ohyiaa Adansefo baanu no, na aberante yi akɔ asɔredan bi mu wɔ mpɔtam hɔ akɔbɔ mpae sɛ: ‘Onyankopɔn, sɛ wowɔ hɔ a, ma minhu wo.’ Bɛyɛ mfe abiɛsa no na aberante yi taa kotu mpase wɔ saa beae yi. Nanso saa da no ohyiaa Yehowa Adansefo baanu no. Hwɛ oye ara a eye sɛ na wɔn ani gye sɛ wɔbɛtrɛw “asɛmpa” no mu! Aberante no buu eyi sɛ ɛyɛ ne mpaebɔ no ho mmuae a Onyankopɔn de mae.