Fi Ɔkra Nyinaa Mu Yɛ Ade!
1 Yɛwɔ ntease pii a enti ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ anisɔ ma Yehowa. Nea ɛka eyinom ho ne nea wayɛ ama yɛn wɔ mmere a atwam, nea ɔreyɛ seesei ara, ne nea ɔbɛyɛ ama yɛn daakye. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn anisɔ no ka yɛn ma yɛyɛ? Dawid dwom bi bua sɛ: “Mehyira Awurade nna nyinaa, n’ayeyi wɔ m’anom daa yi.”—Dw. 34:1.
2 Bible da no adi pefee sɛ wɔahyɛ yɛn sɛ yɛnka asɛm. Eyi yɛ adwuma a yefi ‘ɔkra nyinaa mu yɛ ma Yehowa.’ (Kol. 3:23) Sɛ ɛyɛ ampa sɛ yefi ɔkra nyinaa mu yɛ ade a, ahe na yɛbɛyɛ wɔ ɔsom adwuma no mu? Bere a yesusuw ɔdɔ a Yehowa ayi no adi akyerɛ yɛn no ho no, akyinnye biara nni ho sɛ yɛn koma ka yɛn ma yefi ahofama mu nya kyɛfa wɔ ne ho asɛm ne n’atirimpɔw ahorow a ɛsom bo a yɛka kyerɛ afoforo no mu! Ɛka yɛn ma yɛyɛ nea yebetumi.
3 Ɛyɛ nea ntease wom sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ onipa a ofi ɔkra nyinaa mu yɛ ade no de n’ani besi ɔsom kronn so. Odwontofo no, a ɛda adi sɛ ɔtee nka saa no kae sɛ: “Da koro miyi wo ayɛ mpɛn ason.” (Dw. 119:164) Wɔn a wɔte nka te sɛ odwontofo no, hwehwɛ hokwan de yi Yehowa ayɛ. Sɛnea wɔn nsɛm tebea ma kwan no, wɔde nsiyɛ som sɛnea wobetumi.
4 Hokwan Horow a Yebenya De Ayi Yehowa Ayɛ Abu So: Ɛho nhia sɛ yɛtwɛn kosi bere a yɛreyɛ afie afie asɛnka adwuma no ansa na yɛaka asɛmpa no. Yɛn mfɛfo adwumayɛfo, mfɛfo sukuufo, abusuafo, ne amannifo nyinaa hia sɛ wɔte Ahenni asɛm no. Bere a yɛretu kwan no, yebetumi afi nkɔmmɔbɔ a ebetumi ama yɛadi wɔn a yɛne wɔn retu kwan, ahɔhodan mu adwumayɛfo, adidibea adwumayɛfo, wɔn a wɔtɔn pɛtro, anaa wɔn a wɔka taksi no adanse. Bere a yɛwɔ fie no, yebetumi adi afipamfo anaa adetɔnfo a wɔde nneɛma kyinkyin no adanse. Sɛ wogye yɛn to ayaresabea a, ayarehwɛfo, nnuruyɛfo, ne ayarefo foforo wɔ hɔ a yebetumi aka asɛm akyerɛ wɔn bɔnnɔ so.
5 Bɔnnɔ so Adansedi Sow Aba: Da bi na Adansefo baanu nam prama bi so, na wɔne aberante bi a na ɔne ne ba retu mpase fii nkɔmmɔbɔ ase. Awiei koraa no, ɔne ne yere begyee nokware no. Aberante no kae akyiri yi sɛ bere tiaa bi ansa na ɔrehyia Adansefo baanu no nea edi kan no, na wabɔ Onyankopɔn mpae aka sɛ, ‘Sɛ wowɔ hɔ a, mesrɛ wo ma minhu wo.’ Obu nea esii wɔ prama no so no sɛ ne mpaebɔ ho mmuae a Yehowa de mae.
6 Wɔn a wofi ɔkra nyinaa mu pɛ sɛ wɔboa afoforo wɔ honhom fam no nya anigye kɛse. Wonim sɛ ɔsom a ɛte saa a efi “koma mũ” mu no sɔ Yehowa ani.—1 Be. 28:9.