Fi Ɔkra Nyinaa Mu Yɛ Asɛnka No
Ɔfã 5—Adwuma A Wofi Ɔkra Nyinaa Mu Yɛ So Mfaso Horow
1 Yehowa ma ne nkoa a wofi ɔkra nyinaa mu som no no nya mfaso pii. (Dw. 116:12) Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya nhyira pii afi Yehowa hɔ wɔ yɛn som adwuma no mu? Mfaso horow bɛn na yebenya? Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya awerɛhyem sɛ yebenya ne mpeneso ne n’anim dom?
2 W’ankasa Mmɔdenbɔ ho Hia: Mfaso horow a wunya fi Onyankopɔn hɔ no kɛse gyina mmɔden a wobɔ sɛ wobɛyɛ Onyankopɔn apɛde so titiriw. Paulo kaa ɔsom adwuma no ho asɛm sɛ: “Wɔn mu biara benya n’akatua sɛnea n’ankasa n’adwuma te.” (1 Kor. 3:8) Enti, momma yennya ɔsom adwuma no mu kyɛfa kɛse sɛnea yebetumi. Ɔsomafo Paulo ankasa nyaa akatua a ɛne sɛ ɔboaa nnipa pii, asafo ahorow mufo nyinaa mpo ma wobehuu Onyankopɔn. Anigye bɛn ara na onyaa sɛɛ yi, bere a ohuu wɔn gyidi a enhinhim no! (1 Tes. 2:19, 20) Ebia, wo nsɛm tebea horow remma wunnya ɔsom adwuma no mu kyɛfa pii te sɛ Paulo. Nanso, sɛ woboa obi anaasɛ abusua bi a wɔte sɛ nguan ma wɔn ase tim pintinn wɔ nkwa kwan no so a, so worennya nhyira pii? Nkuranhyɛ a ɛbɛma yɛayere yɛn ho wɔ afie afie som adwuma no mu na yɛayɛ sankɔhwɛ ne Bible adesua bɛn ara ni!
3 Mfaso Afoforo: Obi kra nyinaa mu a ofi som no so mfaso a ɛsom bo biako ne sɛ ɛma otwiw bɛn Yehowa ne Yesu Kristo sɛ yɔnko dwumayɛni. (Mat. 11:29, 30; 1 Kor. 3:9) Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ wobɛte nka sɛ Onyankopɔn honhom reboa wo wɔ ɔsom adwuma no mu! (Mat. 10:20; Yoh. 14:26) Afei nso, asafo no mufo afororo a yɛne wɔn bom de nsi yɛ adwuma no hyɛ yɛne wɔn ntam ɔdɔ ne biakoyɛ no mu den.
4 Sɛ yɛannyina ahyehyɛde a Yehowa de redi dwuma na ama n’apɛde ayɛ hɔ wɔ awiei nna yi mu no akyi a, yɛrentumi nnya nhyira biara mfi ne hɔ. (Fa toto 2 Ahene 10:15 ho.) Sɛ yefi koma nyinaa mu di akwankyerɛ a yɛnam Onyankopɔn ahyehyɛde so nya no akyi, na yɛde nnamyɛ nya asafo no dwumadi ahorow mu kyɛfa a, yenya honhom fam ahobammɔ fi Satan nnɛɛdɛe no ho. Etumi ma yenya ɔsom adwuma no mu kyɛfa a ɛsow aba pii.
5 Ɔkra nyinaa mu a yebefi ayɛ asɛnka adwuma ho nsɛm a ekura afa horow anum a ɛtoatoa so yi asi nneɛma bi a ɛkyerɛ no so dua. So wokae nneɛma a ɛbɛma yɛanya anisɔ ama Yehowa, a ɛkanyan obi ma ofi ɔkra nyinaa mu yɛ ade no? (Our Bulletin, No. 8) Dɛn nti na ahosiesie ho hia na yɛanya anigye wɔ ɔsom adwuma no mu? Ɔkwan bɛn na yebetumi afa so asiesie yɛn ho? (No. 9) Ɔkwan bɛn so na adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw betumi aboa afoforo ma wɔafi ɔkra nyinaa mu ayɛ ade? (No. 10) Ɔkwan bɛn so na nhyehyɛe pa a yɛn ankasa bɛyɛ no bɛboa yɛn ma yɛafi ɔkra nyinaa mu ayɛ ɔsom adwuma no? (No. 11) So wode nyansahyɛ ahorow yi redi dwuma?
6 Yehowa pɛ sɛ yetie no na ɛde mfaso abrɛ yɛn ankasa (Yes. 48:17) Afei nso, wɔn a wotie yɛn no nso nya ɔkra nyinaa mu a yefi yɛ ɔsom adwuma no mu mfaso horow no bi. (1 Tim. 4:15. 16) Wubetumi anya awerɛhyem sɛ bere a wode nsi yɛ adwuma a wɔde ama yɛn no, Yehowa behu na ‘wubenya apɛgyade’ a ɛne daa nkwa “sɛ akatua.”—Kol. 3:23, 24.