Fi Ɔkra Nyinaa Mu Yɛ Asɛnka Adwuma No
Ɔfã 1: Anisɔ Ma Yehowa So Mfaso
1 Yehowa ho anisɔ a emu dɔ ne nea wayɛ ama yɛn no nyinaa na ɛma yefi ɔkra nyinaa mu yɛ ɔsom adwuma no. (2 Sam. 22:2, 3) Ɛsɛ sɛ tebea a adesamma a wɔatwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho no nyinaa wom no ho tema kanyan yɛn ma yɛyere yɛn ho wɔ ne som adwuma no mu. (Mat. 9:36; 2 Kor. 5:14, 15) Bere dodow a yɛde yɛn ho ma Yehowa kɛse na yedwen nkurɔfo ho kɛse no, dodow no ara na ɛbɛkanyan yɛn ma yɛde anigye anya asɛnka mu kyɛfa. (Mat. 22:37-39) Afei ɛma yɛn som adwuma no bɛyɛ ademude a ɛsɛ sɛ yebu no kɛse. (2 Kor. 4:7) Nanso yɛbɛyɛ dɛn atumi anya ɔsom adwuma no ho anisɔ a ɛte sɛɛ?
NNEƐMA A ƐBƐMA YƐN ANISƆ AYƐ KƐSE
2 Kokoam ne asafo mu Bible adesua, ne nsɛm a yɛde mpaebɔ dwen ho boa yɛn ma yɛne Yehowa nya abusuabɔ. Ɛma yehu sɛnea ne su horow ne ne nipasu ye no. So wudi dapɛn dapɛn Bible akenkan nhyehyɛe no akyi? So wuyi bere si hɔ daa de sua Asafo ti no nhoma ahorow? So wusiesie wo ho ma asafo nhyiam horow nyinaa, wokɔ na wode wo ho hyem? (Heb. 10:24, 25) Nsɛm ho a yedwen yiye wɔ yɛn kokoam adesua mu ne akyi no, bɛma yɛanya yɛn Nyankopɔn yamyefo no animtew ne ne nhyehyɛe ma nokware som ho anisɔ a efi komam.—Dw. 27:4.
3 Ɔkwan foforo a yɛbɛfa so atumi ama anisɔ a yɛwɔ no ayɛ kɛse no ne sɛ yebesusuw Onyankopɔn asomfo afoforo a wofii ɔkra nyinaa mu yɛɛ ade no nhwɛso ho yiye. Adwuma a wɔde maa odiyifo Yeremia no ho anigye menee no. (Yer. 20:9) Yesu gyaw nhwɛso bi, na ɔdaa anisɔ honhom ne nsiyɛ adi. (Yoh. 4:34) Ɔsomafo Paulo nam adwumaden a ɔyɛe wɔ ɔsom adwuma no mu no so de ɔsoro mmɔborohunu a woyii adi kyerɛɛ no no ho aseda mae. (1 Tim. 1:12, 13, 17) Sɛ yedwen nhwɛso ahorow a ɛte sɛɛ ne nnɛ mmere yi mu de nso ho a, yebetumi anya anisɔ a ɛbɛma yɛafi ɔkra nyinaa mu ayɛ ɔsom adwuma no.
4 Sɛ yesua Yehowa anuonyam a ɛharan no kɛseyɛ ho ade, na yedwen n’awonwa nnwuma ho a, ɛkanyan yɛn ma yɛka ne kɛseyɛ ho asɛm kyerɛ, na yɛde anigye kamfo no. (Dw. 145:5-7) Yɛda no adi sɛ yebu hokwan ahorow a yɛanya de di din kronkron no ho adanse no sɛ ɛsom bo denam nsiyɛ a yɛde hwehwɛ akwan a yɛbɛfa so atrɛw Ahenni nkrasɛm no mu no so.—Luka 6:45.
5 Nanso so nneɛma afoforo wɔ hɔ a ɛbɛkanyan yɛn ma yɛafi ɔkra nyinaa mu anya ɔsom adwuma no mu kyɛfa? Sɛ saa a, ɛyɛ nneɛma bɛn? Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo, asafo mu asomfo, akwampaefo ne Ahenni adawurubɔfo afoforo a wɔn ho akokwaw betumi aboa? Dɛn na botae horow yɛ wɔ anigye a yebenya no mu? Mfaso horow bɛn na yebetumi ahwɛ kwan? Wobebua nsemmisa yi ne afoforo wɔ asɛm a ekura afã horow anum yi a wɔbɛtoa so wɔ Our Bulletin a ebedidi eyi akyi aba no mu no mu.