Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EDI KAN
Dwom 173
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Our Bulletin no mu Nkaebɔ a wɔapaw. Si nsɛmma nhoma a aba foforo mu nsɛm a wobetumi de adi dwuma wɔ nsɛmma nhoma adwuma mu so dua.
20 min: “Fa Boasetɔ Yɛ Ade Fefeefe wɔ Ɔsom Adwuma no Mu.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Si sɛnea ehia sɛ yenya boasetɔ, titiriw wɔ bere yi mu no so dua. Sɛ mususuw nkyekyem 6 ho wie a, ma ɔdawurubɔfo nyɛ sɛnea wɔde Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no di dwuma bere a wɔde “Hwɛ!” brochure no rema no ho ɔyɛkyerɛ
15 min: Ɔpanyin anaa asafo mu ɔsomfo a ɔfata di ɔfã yi ho dwuma. Bisa atiefo ma wɔnka brochure ahorow a mowɔ no mu nsɛm a mubetumi ne afoforo abɔ ho nkɔmmɔ ho asɛm. Paw nsɛntitiriw a ɛne Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no hyia a ɛbɛkanyan ofiewura no ma wakenkan brochure no. Ma wɔnyɛ brochure a wɔdan kɔ so ne asɛm a ɛfata a wobetumi ne afoforo abɔ ho nkɔmmɔ ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 156 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A ƐTO SO ABIEN
Dwom 162
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sika akontaabu. Teokrase nsɛmmansɛmma. Kae asafo no wɔ dapɛn awiei asɛnka nhyehyɛe ho.
15 min: “Fi Ɔkra Nyinaa Mu Yɛ Ɔsom Adwuma No—Ɔfã 1.” Ɔsom adwuma sohwɛfo ma wɔde asemmisa-ne-mmuae susuw asɛm no ho. Di kan paw obi na wakenkan kyerɛw nsɛm a woapaw no, na fa di dwuma ma ɛmfa mo ho. Kanyan afã horow anum no ho anigye.
20 min: Bere Nyinaa Som Adwuma—Hokwan Kɛse a Wɔde Ne Onyankopɔn Nantew. (Mika. 6:8) Ɔpanyin anaa asafo mu ɔsomfo a ɔfata, ɛbɛyɛ yiye a, obi a ɔyɛ bere nyinaa ɔsomfo ma ɔkasa a ɛyɛ anigye na ɛhyɛ nkuran. (Hwɛ May 15, 1989, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 21-3.) Fa nyansahyɛ a eye ma fa boa asafo mu adawurubɔfo ma wonsusuw bere nyinaa som adwuma a wɔbɛyɛ ho anibere so, sɛnea wɔn nsɛm tebea te. Bisabisa akwampaefo baanu anaa baasa nsɛm, na ka bere nyinaa som adwuma no mu mfaso pii ho asɛm. Ɔsom afe foforo yɛ bere pa a wobetumi afi ase. Ebia wɔn a wobefi ase ansa na September 1, 1991 adu no bɛfata sɛ wɔkɔ Akwampaefo Ɔsom Sukuu no, sɛ hokwan bue ma yɛyɛ no afe a edi hɔ no a.
Dwom 204 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A ƐTO SO ABIƐSA
Dwom 32
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Tĩ asafo no July asɛnka akontaabu mu nsɛntitiriw mu. Kamfo adawurubɔfo wɔ nea wotumi yɛe wɔ asɛnka mu ho.
20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nhumu So.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm ho. Yɛ nkyekyem 5 mu nsɛm ho ɔyɛkyerɛ. Ma ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw nkyerɛ sɛnea wobedi ofiewura a mfiase no ogye akyinnye no adanse denam anifere a ɔde bisa no nsɛm na ɔkyerɛ no nea Bible no ka wɔ asɛm no ho no so. Ɛsɛ sɛ wosua ɔyɛkyerɛ no yiye.
15 min: Sɛnea Migyee Nokware no. Osuahu ahorow. Ɔpanyin bisabisa nnipa baanu anaa baasa nsɛm. Twe adwene si sɛnea Onyankopɔn Asɛm ne ahyehyɛde no kanyan wɔn ma wohyiraa wɔn ho so gyee asubɔ no so. Si mfaso horow a wonya fi nokware no mu a wɔwɔ no so dua.
Dwom 67 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A ƐTO SO ANAN
Dwom 210
12 min: Asafo mu nkaebɔ ne Asemmisa Afã ho susuw. Bisa brochure ahorow a wɔde ama ne Bible adesua a wɔde afi ase no ho asɛm.
15 min: “Yɛn Ankasa Asɛyɛde ho Dwuma a Yebedi.” Ɔpanyin ne abusua bi susuw asɛm no ho. Ɔka sɛnea asafo no nyaa ɔmansin nhyiam a etwa to no dwumadi no ho anigye ne mfaso, na ɔkanyan wɔn ma wɔhwɛ ɔmansin nhyiam dwumadi foforo no kwan. Bisa mmusua ti a wɔwɔ atiefo no mu sɛnea dwumadi a etwa to no boaa wɔn mmusua. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnhyɛ da nyɛ nhyehyɛe pɔtee na ama wɔakɔ nhyiam no, na wɔanya dwumadi a wɔayɛ ama 1992 ɔsom afe no mu mfaso. Sɛ wunim da a mobɛyɛ nhyiam a edi hɔ no a, wubetumi aka akyerɛ wɔn.
18 min: “Asafo Nhoma Adesua Nhyehyɛe—Ɔfã 1.” Nkɔmmɔ a ɔpanyin a ne ho akokwaw ne ɔpanyin biako anaa mpanyimfo afoforo baanu anaa Asafo mu asomfo a wɔyɛ Asafo Nhoma Adesua so ahwɛfo bɔ. Si nsɛm abien anaa abiɛsa a ɛho hia titiriw wɔ mo asafo no mu, te sɛ mmuae a wɔde wɔn ankasa nsɛm bɛma ne asɛm a moasua no a wɔde bedi dwuma yiye no so dua titiriw.
Dwom 42 ne mpaebɔ a wɔde wie.