Nkaebɔ Ahorow
● Nhoma a yɛde bɛma August ne September: Brochure biara a ekura nkratafa 32 gye Sukuu brochure no nkutoo. October: Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? November: Nyan! anaa Ɔwɛn-Aban anaa n’abien nyinaa kra.
● Wɔde Congregation Analysis Report (S-10) abien amana asafo ahorow nyinaa. Ɛsɛ sɛ ɔsom boayikuw no hwɛ hu sɛ ebedu September 10, 1991 no, na wɔde biako amana de akyerɛ asafo no dwumadi ma 1991 ɔsom afe no.
● Wɔde Literature Inventory kratasin (S-18) abien remana asafo ahorow nyinaa. Sɛ mo asafo no nhoma ne nsɛmma nhoma nyinaa wɔ baabi a mo nsa tumi ka a, ɛnde ɛsɛ sɛ mohyehyɛ Inventory kratasin no pɛpɛɛpɛ wie, na ɔhwɛfo guamtrani no hwɛ hu sɛ ɔde biako asan amana ansa na September 10, 1991 adu.
● Sɛ woyi nsa fi yɛn dwumadi so a, yɛbɛyɛ ɔmantam nhyiam wɔ Hohoe wɔ Volta Region wɔ Ewe ne Twi kasa mu. Bere: (Wɔbɛkyerɛ bere no akyiri yi.) Eyi yɛ nea wɔde reka nea wɔkyerɛe wɔ kratafa 6 wɔ krataa a ɛhyɛ Our Bulletin No. 6 mu no ho.
● Sɛ obi pɛ sɛ ɔkɔ nhyiam wɔ aburokyiri a, ɔno ankasa na ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne nhyehyɛe.
● Sɛ Sodikuw no ka kyerɛ baa dwumadibea ahorow no sɛ wɔmma nhyiamfo nkɔ nhyiam horow wɔ aman afoforo mu nkutoo a, na wɔyɛ saa.
● Eyi ne ɔsom afe no ɔsram a etwa to. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no yɛ nea obetumi biara de asafo no asɛnka akontaabu mana ansa na September 6 adu, sɛnea ɔyɛ daa no. Sɛ ɔde bɛfa post office a, ɛsɛ sɛ ɔde akontaa bu no mana denam SPECIAL DELIVERY so ansa na September 6 adu
● Efi September no, amansin so ahwɛfo baguam asɛmti foforo no bɛyɛ “Europa Apuei Fam Nhyiamfo Yi Yehowa Ayɛ.” Ɔkasa yi bɛyɛ mfonini a ɛkyerɛ 1990 “Kasa Kronn” Ɔmantam Nhyiam horow a wɔyɛe wɔ Europa Apuei Fam aman horow mu no mu nneɛma atitiriw bi.
● Nhoma Afoforo a Aba:
Mankind’s Search for God—Engiresi
How Can Blood Save Your Life?—Engiresi