Fi Ɔkra Nyinaa Mu Yɛ Asɛnka Adwuma No
Ɔfã 4:—Nhyehyɛe A Yɛde Bewie Yɛn Som Adwuma Wɔ Ɔkwan A Etu Mpɔn So
1 Ɔkra nyinaa mu a yebefi ayɛ baguam ɔsom adwuma hwehwɛ sɛ yɛn ankasa yɛyɛ nhyehyɛe pa. Yesu yɛɛ ɔsom adwuma a yɛyɛ no nnɛ no ho nhwɛso a ɛda nsow. (Luka 10:1, 2; Aso. 1:8) Yebetumi asua biribi nso afi sɛnea n’asuafo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu yɛɛ wɔn som adwuma no mu. (Aso. 5:42; 2 Tim. 4:5) Nanso ɔkwan bɛn so na wubetumi ayɛ nhyehyɛe pa na woanya nnepa a ɛte saa ara nnɛ?
2 Hyehyɛ Bere ma Asɛnka Adwuma: Yɛn som adwuma no nyɛ yɛn asetra fa ketewa bi a ɛho nhia. Yɛrentumi nka sɛ sɛ yenya bere a na yɛbɛyɛ yɛn som adwuma no. Sɛ yɛbɛyɛ yɛn som adwuma no ho nhyehyɛe a etu mpɔn a, ɛsɛ sɛ yeyi bere si hɔ ma n’afa horow nyinaa. (Efe. 5:15, 16) Adawurubɔfo pii hu sɛ, sɛ wɔde nnɔnhwerew dodow a wɔde bɛyɛ ɔsom adwuma no ɔsram biara si hɔ a, ɛboa. Eyi taa hwehwɛ sɛ wɔtoto wɔn nneɛma na ama wɔanya asɛnka mu kyɛfa dapɛn biara, ɛsɛ sɛ Kristofo awofo boa wɔn mma ma wɔyɛ bere ho nhyehyɛe de nya asɛnka adwuma no afã horow mu kyɛfa daa.—Deut. 6:7; Mmeb. 22:6.
3 Fa Botae Horow a Atirimpɔw Wom Sisi Hɔ: Botae horow a eye bɛma woanya biribi de asi w’anim. Sɛ wudu wo botae no ho a, wubenya nea woatumi ayɛ no mu anigye. (Mmeb. 13:12) Ɔsomafo Paulo de afotu mae sɛ: “Nanso nea yɛaso dedaw no, momma yɛnkɔ so saa ara.” (Fii. 3:16) Ɛsɛ sɛ w’asɛnka adwuma de ade a woyɛ no pɛpɛɛpɛ ho adanse ma wɔ wo honhom mu nkɔso afã horow nyinaa mu.
4 Sɛ nhwɛso no, so wowɔ nkratawa ne brochure ahorow a ɛdɔɔso? So wofa nsɛmma nhoma a aba foforo dodow bi, na so ayɛ fĩ? So wode afie afie kyerɛwtohɔ kratasin no di dwuma, wokyerɛw anigyefo ho nsɛm wɔ biako so, ne wɔn a woanto wɔn wɔ fie no ho nsɛm wɔ foforo so?
5 Ansa na wode wo ho bɛhyɛ ɔsom adwuma no mu no, gye bere fa hwɛ mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no mu. Paw nea wubetumi aka ho asɛm fi nhoma a yɛde rema no mu, na siesie wo ho sɛ wode bedi dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so de akanyan anigye? Afei nso, siesie wo ho sɛ wode Reasoning From the Scriptures nhoma a wɔayɛ ama asɛnkakɔ no bedi dwuma. Wubetumi ahwɛ emu nyansahyɛ ahorow no bi ntɛm ara, bere a wufi ofie biako mu rekɔ foforo mu mpo no. Nsɛntitiriw a eye yi a wode bedi dwuma no bɛma mpɔn a wutu wɔ wo ɔsom adwuma no mu no akɔ anim.
6 “Asɛmpa adwuma kronkron no” mu kyɛfa a wunya kosi ase wɔ nna a edi akyiri yi mu no yɛ hokwan a nhyira wom. (Rom. 15:16. New World Translation) Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho sɛ yebewie yɛn som adwuma no denam adanse a ɛsen biara a ɛne ‘anofafa aba’ no so. (Heb 13:15; fa toto Hosea 14:2 ho.) Sɛ yɛbɛyɛ saa a, momma yɛnyɛ bere ho nhyehyɛɛ nnya asɛnka mu kyɛfa daa, na yɛmfa botae horow a eye a ebetumi ama yɛawie yɛn som adwuma no de akamfo Yehowa no nsisi hɔ.