Ɔsom Nhyiam Horow
Dapɛn a Edi Kan
Dwom 199
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a ɛfata
15 min: “Nea Nsɛm a Esisi Mprempren no Kyerɛ a Yebehu.” Nsemmisa ne mmuae. Sɛ mususuw nkyekyem 6 ho wie a, yɛ Nkɔmmɔbɔ Asɛmti foforo no ho ɔyɛkyerɛ. Fa Nyan! a aba foforo mu asɛmti pɔtee bi di dwuma.
15 min: Mfaso a Yebenya Afi Yehowa Adansefo Asetra ho Nsɛm Mu. Anuanom baanu ntam nkɔmmɔbɔ. Onyankopɔn nnɛyi nkoa ho nsɛm pue wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no mu wɔ bere ne bere mu. Wɔakyerɛw wɔn din ne asɛmti no wɔ Watch Tower Publications Index no mu (Kyerɛ sɛnea wobehu nsɛm pɔtee no.) Ehia sɛ yɛkenkan nsɛm yi na yenya ahoɔden ne nkuranhyɛ afi mu Fa asɛm no di dwuma fa hyɛ anuanom ne Bible asuafo nkuran. Ka Vol. 112, No. 15, nkratata 25-9 mu asɛm a ɛne “Hwɛ Sɛnea Yehowa Pon ho Tra Yɛ Anigye!” mu nsɛm tiawa. Si asɛm no mu nsɛntitiriw pɔtee a ɛboa yɛn (a) wɔ yɛn asɛnka mu. (b) ma yegyina sɔhwɛ ahorow ano (d) ma yɛakyerɛ Yehowa ne n’ahyehyɛde no ho anisɔ yiye, ne (e) wiase nyinaa onuayɛ no ho anisɔ so dua. Yenya yɛ a yɛyɛ “wɔn a wɔnam gyidi ne abodwokyɛre so nyaa bɔhyɛ no asuafo” no mu mfaso kɛse.—Heb. 6:11, 12.
Dwom 174 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Ɛto so Abien
Dwom 27
5 min: Asafo mu nkaebɔ.
15 min: “Fi Ɔkra Nyinaa Mu Yɛ Asɛnka Adwuma No—Ɔfã 4.” Ɔkasa. Hyɛ mmusua ti nkuran sɛ wɔmmoa wɔn mmusua mufo nyinaa ma wɔnyɛ nhyehyɛe mfa ɔsom botae horow a eye nsisi hɔ.
15 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nhoma Ahorow a Yɛde Bedi Dwuma Nyansam no So.” Nsemmisa ne mmuae. Fa asɛm no di dwuma ma ɛmfa mo ho.
10 min: “Dɛn nti na Ɛsɛ sɛ Wohyɛ Ahobrɛase?” Ɔkasa a ɛhyɛ nkuran a egyina Vol. 112. No. 14, nkratafa 27-30 mu nsɛm so.
Dwom 92 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Ɛto so Abiɛsa
Dwom 164
10 min: Asafo mu nkaebɔ, Teokrase Nsɛmmansɛmma, sika akontaabu, ne ntoboa a nsa aka ho nsɛm. Ka October asɛnka akontaabu ho asɛm kyerɛ asafo no.
12 min: “Yɛ Nhyehyɛe Mprempren na Woakɔ 1991 ‘Wɔn a Wɔpɛ Ahofadi’ Ɔmantam Nhyiam No”—Ɔfa 1. Ma nkyekyem 1 kosi 14 sɛ ɔkasa. Ma emu nsɛm mfa mo asafo no no.
15 min:”Kristofo Mmofra—Munnyina Pintinn Wɔ Gyidi no Mu.” Nkɔmmɔ a abusua bi bɔ a egyina Vol. 112, No. 14, nkratafa 23-6 mu nsɛm so. Agya di anim wɔ nkɔmmɔbɔ no mu, na ɔma ɔyere no ne mmofra no de wɔn ho hyem. Kyerɛ akwan a mmofra betumi afa so agyina gyidi ho sɔhwɛ ahorow ano wɔ sukuu.
8 min: Asemmisa Afã ho nkɔmmɔbɔ. Ɔkasa. Kenkan asɛm no na munsusuw ho sɛnea bere ma kwan.
Dwom 183 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Ɛto so Anan
Dwom 59
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka nsɛmmma nhoma mu nsɛm a wobetumi aka ho asɛm a ebia wɔde bedi dwuma wɔ adansedi mu dapɛn yi ho asɛm.
20 min: “Asafo Nhoma Adesua Nhyehyɛe—Ɔfã 4.” Nsemmisa ne mmuae. Si sɛnea ehia sɛ obiara kyerɛ nhoma adesua kuw no muni biara ho anigye so dua.
15 min: “Yɛ Nhyehyɛe Mprempren na Woakɔ 1991 ‘Wɔn a Wɔpɛ Ahofadi’ Ɔmantam Nhyiam No”—Ɔfa 2. Nkyekyem 15 kosi 24 ho ɔkasa. Ma atiefo nnya mu kyɛfa sɛnea ɛfata. Fa “Ɔmantam Nhyiam Nkaebɔ” a ɛwɔ kratafa 6 ase hɔ mu nsɛm ka ho. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnkɔ ɔmantam nhyiam horow no, na wɔmfa wɔn ho nto Yehowa so.
Dwom 116 ne mpaebɔ a wɔde wie.