Ɔsom Nhyiam Horow
MONHYƐ NO NSOW: Yɛn Ahenni Som no bɛyɛ Ɔsom Nhyiam ho nhyehyɛe ama dapɛn biara wɔ December ne January mu. Asafo ahorow no betumi ayɛ nsakrae a ehia no na ama wɔakɔ ɔmantam nhyiam no, na afei wɔanya simma 30 de atĩ dwumadi no mu nsɛntitiriw mu wɔ Ɔsom Nhyiam dapɛn a edi hɔ no ase. Wobetumi akyɛ Fida kosi Kwasida dwumadi no mu abiɛsa na wɔati mu a ebiara kura simma 10. Ntimu a wɔasiesie no yiye bɛboa anuanom no ma wɔakae nsɛntitiriw no na wɔde adi dwuma wɔ wɔn asetra ne asɛnka mu.
Dapɛn a Edi Kan
Dwom 180
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a wɔapaw. Hyɛ akwampaefo aboafo adwumayɛ wɔ December mu ho nkuran, efisɛ December kura Kwasida anum ne ahomegye nna bi.
20 min: “Fa Ahokokwaw Di Nokware Asɛm no ho Dwuma.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Si sɛnea ehia sɛ wɔde Bible no di dwuma wɔ apon ano so dua. Sɛ mususuw nkyekyem 5 ho wie a, yɛ asɛm a wɔbɛka akyerɛ a wɔde ho nyansahyɛ ama no ho ɔyɛkyerɛ. Afei nso, yɛ sɛnea wɔnam Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no so de Bible no ma ho ɔyɛkyerɛ tiawa. Da no adi sɛ ɛtɔ mmere bi a, ebia adawurubɔfo bɛpɛ sɛ wɔde Word of God nhoma no nkutoo bɛma wɔn a ɛte sɛ nea wɔmpɛ Bible foforo biara bio no.
15 min: “New World Translation—Ɛda Nhomanim ne Nokwaredi Adi.” No. 112. Vol. 5, mu asɛm ho nkɔmmɔbɔ. Si nsɛntitiriw a ebia ɛho bɛba mfaso bere a wɔde Bible no rema wɔ asɛnka mu no so dua.
Dwom 23 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Ɛto so Abien
Dwom 161
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Si nsɛmma nhoma a aba foforo mu nsɛm a wobetumi de adi dwuma wɔ nsɛmma nhoma kyekyɛ mu dapɛn yi awiei so dua.
20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Ofie Bible Adesua ho Nhyehyɛe a Yɛbɛyɛ. Asemmisa ne mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Ma ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw nyɛ sɛnea wobetumi ne obi a wakyerɛ Bible a wɔde rema no ho anigye afi Bible adesua ase ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ anuanom nkuran sɛ wɔnsan nkɔsra obiara a ɔkyerɛ anigye, sɛ ebia wɔmaa no nhoma anaa wɔamma no bi.
15 min: Asemmisa Afã. Ɔpanyin ka sɛnea wɔhyehyɛ asɛnka akontaabu wɔ Akontaabu nkratasin so. Ma wɔnkyekyɛ Akontaabu nkratasin (S-3 ne S-4) no bi mma adawurubɔfo no ansa na nkɔmmɔbɔ no afi ase. Ɛsɛ sɛ nea odi ɔfa yi ho dwuma no kyerɛkyerɛ sɛnea wɔhyehyɛ S-4 Akontaabu kratasin no afa horow nnidiso nnidiso no mu sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Yɛn Som Adwuma nhoma no nkratafa 102 kosi 104 no. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ sɛnea wɔhyehyɛ Adesua Akontaabu (S-3) no nso mu.
Dwom 167 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Ɛto so Abiɛsa
Dwom 96
10 min: Asafo mu nkaebɔ, sika akontaabu, ne ntoboa a Asafo ti no kyerɛ sɛ nsa aka ho asɛm. Kamfo anuanom wɔ nea wɔde mae ho.
20 min: “Asafo Nhoma Adesua Nhyehyɛe—Ɔfã 5.” Nsemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ a ɔsom adwuma sohwɛfo di ho dwuma. Bisa ebinom ma wɔnka sɛnea wɔanya nsiesiei yi mu mfaso, anaasɛ bisa onipa biako anaasɛ baanu a ɔsom adwuma sohwɛfo no nsrahwɛ aboa wɔn no nsɛm.
15 min: Hwehwɛ Wɔn a Wɔsɛ Na Kyerɛkyerɛ Wɔn ɔkasa ne afoforo a wobisabisa wɔn nsɛm. Si Mateo 10:11 so dua. Nnipa a yɛbɛto wɔn wɔ fie no ayɛ ɔhaw a ɛreyɛ kɛse. Dɛn na yebetumi ayɛ? (kmTW 10/85 kr. 4 nky. 3, 4) Kɔ nnipa no nkyɛn wɔ wɔn adiwo. Yɛ wɔn a woanto wɔn wɔ fie no ho kyerɛwtohɔ na san kɔ hɔ ntɛm ara. Sɛ wo ne obi kasa wɔ abɔnten anaa wonam bɔnnɔ so adansedi so ne no kasa wɔ baabi a ɛnyɛ ne fie a, yɛ nhyehyɛe na kɔ ne fie. (Bisa adawurubɔfo ne/anaasɛ akwampaefo baanu anaa baasa a wɔatumi ayɛ bɔnnɔ so adansedi nsɛm bere tiaa bi.) Satan bɛfa ɔkwan biara a obetumi so asiw yɛn kwan na yɛanhu wɔn a wɔsɛ no. “Nguan” no yɛ Yesu Kristo dea. Wahyɛ yɛn sɛ yɛnhwehwɛ wɔn na yɛmma wɔn aduan. (Yoh. 21:15-17) Eyi boa yɛn ma yehu sɛnea ehia sɛ yedu ofie biara mufo nkyɛn, sɛ ebetumi ayɛ yiye a.
Dwom 75 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Ɛto so Anan
Dwom 105
7 min: Asafo mu nkaebɔ. Teokrase Nsɛmmansɛmma. Hyɛ obiara nkuran sɛ ɔnkɔ asɛnka wɔ nnapɔnna no mu. Tĩ nnapɔnna no mu asɛnka ho nhyehyɛe mu.
20 min: “Fi Ɔkra Nyinaa Mu Yɛ Asɛnka Adwuma No—Ɔfa 5.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm a atoatoa so aba no mu nea etwa to yi ho. Fa anigye hyɛ obiara nkuran sɛ ɔmfa nyansahyɛ a wɔde ama no nni dwuma.
18 min: “Ahenni Ntrɛwmu Mu Kyɛfa a Yebenya.” Nsemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw krataa a ehyem ho. Fa anigye hyɛ wɔn a wɔaboa teokrase dwumadi nnamyɛ mu nyinaa no nkuran.
Dwom 205 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Ɛto so Anum
Dwom 19
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka nhoma a yɛde rema January ho asɛm tiawa.
15 min: “Onyankopɔn Som a Yɛbɛma Ayɛ Yɛn Anigyede Titiriw.” Ɔkasa ne nneɛma a ɛma yɛn ani gye wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu ho nsɛm a wubisabisa afoforo a moadi kan ayɛ ho nhyehyɛe. Si sɛnea ehia sɛ yɛbɔ mmɔden yiye tɔ bere ma honhom fam nneɛma so dua.
20 min: Asafo mu ahiade anaasɛ “Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ.” Ɔkasa. Ka Ɔwɛn-Aban no fã yi a ɛkyerɛ sɛnea Bible no renya nkurɔfo asetra so nkɛntɛnso kɛse no mu osuahu ho asɛm. Wubetumi de No. 112. Vol. 7 ne 15 no mu de aka ho.
Dwom 129 ne mpaebɔ a wɔde wie.