Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/91 kr. 2
  • Asemmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asemmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—1991
Yɛn Ahenni Som—1991
km 12/91 kr. 2

Asemmisa Afã

◼ Dɛn na ɛkyerɛ sɛ obi asɛnka adwuma akontaabu di mu?

Yehowa Adansefo nyinaa ani gye ho yiye sɛ wobehu nea wɔreyɛ wɔ asɛnka adwuma no mu ɔsram biara ne afe biara. Kyerɛwtohɔ a ɛte sɛɛ no hyɛ yɛn nyinaa nkuran. (Aso. 2:41; 4:4) Enti wɔhwehwɛ sɛ obiara de akontaabu a edi mu bɛma wɔ ɔsram biara awiei.

Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi ate nea ɛsɛ sɛ yɛde ka yɛn ankasa asɛnka akontaabu ho ase koraa no, ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ yɛkenkan Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma nhoma no nkratafa 102 kosi 104. Wɔabua nsemmisa te sɛ, Bere bɛn na ɛsɛ sɛ yefi ase bu bere a yɛde yɛ asɛnka adwuma no ho akontaa? Dɛn ne sankɔhwɛ? Dɛn na yebetumi abu ho akontaa sɛ Bible adesua? ne afoforo fefeefe. Afei nso, wɔde nkyerɛkyerɛmu foforo ama wɔ asɛm a ekura afã abien a ɛne “Nkontaabu a Edi Mu a Yɛbɛboa Ma Yɛanya” a epuei wɔ December 1981 ne January 1982 Yɛn Ahenni Som mu no mu.

Ɛsɛ sɛ mpanyimfo a wɔpaw wɔn sɛ wɔne ɔdawurubɔfo foforo nkɔkasa no bɔ mmɔden sɛ wɔde Asɛnka Adwuma Akontaabu (S-4) ne Adesua Akontaabu (S-3) nkratasin no bedi dwuma de akyerɛkyerɛ nea yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no nso mu de aka nea ɛsɛ sɛ wɔka kyerɛ no no ho, na ama ɔfoforofo no ate sɛnea obebu akontaa a edi mu ase koraa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena