Ahenni Ntrɛwmu Mu Kyɛfa A Yebenya
1 “Nsakrae a ɛyɛ nwonwa bɛn ara ni!” “Hwɛ sɛnea ɛbaa ntɛmntɛm!” “Hwɛ nhyira ara a ɛyɛ ma yɛn Rusia nuanom no!”
2 Wɔtee nsɛm yi wɔ August awiei ne September mfiase, bere a wotumi yɛɛ nhyiam horow wɔ Rusia wɔ tumi a na wobetumi atwam nyinaa akyi. Sɛ wɔka bom a, nnipa 74,252 na wɔkɔɔ afe yi nhyiam ason a wɔyɛe wɔ Rusia no, na wɔbɔɔ nnipa 7,820 asu. Bio nso, nnipa 295,924 nso hyiaam wɔ nhyiam horow a wɔyɛe wɔ Europa Apuei Fam no ase.
3 Te sɛ afeha a edi kan no mu no, akyinnye biara nni ho sɛ odiyifo Yesaia nsɛm yi renya mmamu: “Ɔman a wɔnam sum mu hu hann kɛse. . . . Woma ɔman no dɔ, woma n’anigye sõ, wɔn ani gye w’anim sɛ twabere mu anigye.” Yiw, Ahenni ntrɛwmu renya nkɔanim! Yesu Kristo di tumi! Nkɔmhyɛ no toa so sɛ: “N’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba.”—Yes. 9:2, 3, 7.
4 Nkɔso fɛfɛ a aba wɔ Europa Apuei Fam ho dwumadi ama ɛho abehia sɛ wɔtoa nhoma tintimmea akɛse a wɔresisi wɔ Germany no so. Yɛn nuanom a wɔwɔ hɔ no ani agye sɛ wɔbɛboa ntrɛwmu no, na ɛboa ankasa ma Yesu nkɔmhyɛ titiriw yi nya mmamu: ‘Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mat 24:14.
5 Ntrɛwmu kɛse mpo rekɔ so wɔ United States. Wɔ Gilead adesua wie dwumadi ase wɔ September mu no, wɔde amanneɛbɔ mae sɛ wɔbɛma adesuafo no dodow abu abɔ ho abɛyɛ 50 wɔ Gilead adesua a wobefi ase wɔ April mu no mu! Awiei koraa no, wobeyi sukuu no akɔ Watchtower Educational Center, a mprempren wogu so resi wɔ bɛyɛ mfe abiɛsa a atwam ni no mu wɔ Patterson, New York no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔte sɛ nnipa pii rebisa sɛ: “Nneɛma rekɔ so dɛn wɔ Patterson?”
6 Patterson Adan No: Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛbɛbɔ mo amanneɛ sɛ adwuma no rekɔ so ntɛmntɛm na adu akyiri sen sɛnea yɛhwɛɛ kwan. Wɔasi Patterson Inn adan ason no nyinaa—ahɔhodan a emu adan yɛ 150, a wotumi nantew fã adesuabea hɔ kɔ hɔ, a lɔre akwan no ho nnwuma, baabi a wɔde kar besisi ne asase no ani asiesie nso ka ho awie. Sɛ wowie adesuabea no a, wɔde nsrahwɛfo a wofi wiase nyinaa bɛtratra ahɔhodan a ɛbɛn no no mu. Nanso, seesei de, Betel abusua no mufo bɛyɛ 300 a wɔresi adan no na wɔte mu.
7 Sɛ wɔka wɔn dodow bom a, mprempren adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama 650 ne akyi na wɔreyɛ adwuma no! Wɔama eyinom mu pii adan wɔ mpɔtam hɔ, na wofi hɔ na wɔba adwuma da biara. New York Times sɛnkyerɛwfo bi kyerɛwee wɔ afe yi mfiase pɛɛ sɛ: “Ɔdan a esi hɔ te sɛ bepɔw so kurow kɛse bi wɔ Route 22 ho wɔ Putnam County kusuu fam apuei ha no yɛ beae a nnipa pii abom reyɛ ɔdansi adwuma . . . Wɔn nyinaa—mfidwumayɛfo, adansi ho animdefo, wɔn a wɔyɛ adan mfonini, dua adwumfo, concrete adwumayɛfo, anyinam nkanea adwumayɛfo, pipe ho adwumayɛfo ne apaafo—yɛ asɔremma a wɔatu wɔn ho ama yɛ adwuma fi adapɛn pii kosi mfe pii. Wonnye akatua, nanso wɔma wɔn sika kakra de tɔ nneɛma nketenkete a wohia.”
8 Awiei koraa no, adesuabea no bɛyɛ adan 17 a mukaase, sukuu adan, office, mmeae a wɔde kar sisi, adan asia a nnipa 1,200 bɛtra mu, adidibea ne nhyiambea a emu biara bɛfa nnipa 1,600 ka ho. Mprempren wɔawie adan no mu abien, wogu so resi anan, na wobefi anum ase wɔ 1992 mu. Wobefi adan asia a etwa to no si ase akyiri yi. Afe yi yɛn nsa kaa ade titiriw bi bere a ɔmantam no ne kurow no mu mpanyimfo penee so sɛ yensi beae a yebesiesie nsu a yɛbɛnom ne nsufĩ a yɛde nnuru bɛfra mu agugu nnɔbae so no.
9 Adwumayɛfo a woatu wɔn ho ama reyɛ adwuma no nya honhom mu mfaso horow. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɛfata sɛ adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama no nyinaa yɛ honhom mufo. (1 Kor. 2:14, 15) Adwumayɛ da anɔpa biara no, wotie Bible kyerɛwsɛm mu nkɔmmɔ. Nnansa wɔ dapɛn biara mu no adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama no mufo a wɔadi kan apaw wɔn nya nkɔmmɔbɔ no mu kyɛfa, na anɔpa afoforo nso, wɔnam radio bi so ma adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama no tie nkɔmmɔbɔ no fi Brooklyn adwumayɛbea ti hɔ. Afei nso, wɔyɛ Ɔwɛn-Aban adesua Dwoda anwummere na ama adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama reyɛ adwuma no nyinaa anya mu mfaso. Nanso, ɛnyɛ Patterson nkutoo na wogu so reyɛ ɔdansi adwuma kɛse wɔ New York.
10 Na Brooklyn Nso ɛ? August 30, 1990, no, Betel abusua a wɔn ani agye dii amanneɛbɔ a ese wɔama Asafo ti no adansi tumi krataa sɛ wonsi abansoro a ɛtoa so 30 ho ahurusi. Ɔsram a edi hɔ no, wofii ase bubuu factory abansoro dan a ɛtoa so akron a esi faako a wobesi ɔdan no. Afei, wɔ January 1991 mu no, wofii ase tutuu ɔdan foforo no fapem a ne tiaa mu yɛ anammɔn 100 na ne tenten yɛ anammɔn 200. Wotuu saa fapem a emu dɔ yɛ anammɔn 30 no wiei wɔ bere tiaa bi mu. Na ɛsɛ sɛ mfidwumayɛfo no hwɛ yiye efisɛ na asase no mu ɔkwan bi ne Ɔwɛn Aban Asafo no factory bi a wɔasi awie da faako a wɔresi ɔdan no nkyɛnmu wɔ benkum ne nifa so.
11 Wowiee fapem no tu wɔ asram asia ntam. Wɔbɛyɛ mukaase, nnuan dan, ne nneɛma afoforo ne adidibea a nnipa apem ne akyi bɛkɔ mu wɔ abansoro adan abien a edi kan no so. Na ɔdan no nnade adum ne mpuran akɛse no mu duru yɛ nkaribo 7,000,000 ne akyi. Wofii ase sisii adum yi wɔ July mu. Wofii ɔdan no to ase wɔ September mu, na ɛrenkyɛ na wɔahu ɔdan no su, ne kɛse ne ne trɛw wɔ Brooklyn sɛ ɛhɔnom adan atenten no mu biako!
12 Adwuma a adansi adwuma a Asafo ti no abɔ wɔn paa reyɛ no bɛba awie wɔ 1992 mfinimfini. Eyi kyerɛ sɛ wɔbɛdan ɔdan a ne sorokɔ yɛ anammɔn 378 no afasu no ahyɛ Asafo ti no nsa, na Adansefo a wɔatu wɔn ho ama awie ɔdan no si. Asafo ti no hwɛ kwan sɛ wobewie abansoro adan 12 a edi kan a abrannaa, adidibea, ne mukaase ka ho no ma wɔde adi dwuma wɔ 1993 awiei. Esiane sɛ wɔtete Brooklyn adan no nyinaa mu nti, ofie foforo yi ho hia na yɛde adi yɛn Kyerɛwnsɛm mu ahyɛde no ho dwuma.—Mat. 24:14.
13 Dɛn na Wubetumi Ayɛ? Asafo ti no se anuanom ayɛ pii dedaw. Adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama 14,000 ne akyi a wofi United States baabiara aba New York abɛboa ma wɔasisi adan ahorow wɔ mfe a atwam no mu. Ani asɔ wɔn ɔdɔ nnwuma yi yiye, na Asafo ti no pɛ sɛ ɔda wɔne wɔn yerenom, ne wɔn abusuafo afoforo a wɔboaa wɔn no ase. Esiane nea Hebrifo 13:16 ka nti, akyinnye biara nni ho sɛ yehia adwumafo a wotu wɔn ho ma pii.
14 Wɔ Ghana ha no, yɛwɔ Ahenni Asa adansi adwuma a ɛsɛ sɛ yɛboa. Esiane sɛ Ahenni Asa ho ayɛ na kɛse nti, sɛ woyi nsa fi yɛn dwumadi so pɛ a, Asafo ti no bɛyere ne ho yiye asisi Ahenni Asa, na yebehia mo mmoa kɛse. Ɛde besi nnɛ no, Ahenni Asa Foto a wofii ase wɔ September 1988 mu no mu sika yɛ nea ebetumi asi Ahenni Asa abiɛsa. Asafo ti no da mo ase wɔ ntoboa a mufi ayamye mu ayi de abɛto mu no ho. Nanso, esiane sɛ yehia Ahenni Asa ntɛm wɔ ɔman yi mu nyinaa nti, mubetumi ahu sɛnea ehia sɛ yedi asɛm yi ho dwuma ntɛm, sɛ yɛpɛ sɛ yesisi Ahenni Asa pii a. So yɛnam ntoboa a yebeyi abɛto Ahenni Asa Foto no mu so betumi ayɛ pii de ama nokware som anya nkɔso?
15 Na wohia honam fam nneɛma pii na ama wɔasi ahyiae ntamadan no wɔ Mose nna no mu, ne asɔrefi a wɔnam Salomo akwankyerɛ so sii no. Nanso, Yehowa kaa nnipa no koma ma wɔde nea wohia nyinaa mae. (Ex. 35:4-6, 21, 22; 36:3-6; 1 Be. 29:3-9) Wɔ yɛn bere yi mu no, ankorankoro, asafo ahorow, ne amansin reyi ntoboa ma yɛde asisi adan, a akyinnye biara nni ho sɛ ebedi dwuma titiriw wɔ ɔman yi mu ne wiase nyinaa Ahenni dawurubɔ no trɛw mu. So wubetumi aboa ntrɛwmu adwuma fɛfɛ yi?
16 Sɛ wubetumi a, yɛsrɛ sɛ fa ntoboa a ɛte sɛɛ no fa asafo no so mana Asafo ti no.
17 Sɛ wuntumi nyi ntoboa a wode kyɛ koraa na wowɔ sika bi a wobɛpɛ sɛ Asafo ti no de di dwuma kosi bere bi, na bere a woabisa no, wɔasan de ama wo a, yɛsrɛ sɛ kyerɛw Asafo ti no wɔ saa ntoboa yi ho. Wɔde ɛho nkyerɛkyerɛmu bɛmana wo.
18 Momma yemmom mfa nsi nyɛ adwuma mfa mmoa teokrase nnwuma ahorow, bere a Yehowa hyira yɛn mmiako mmiako na yɛbɔ mpae sɛ Asafo adansi nnwuma no nyɛ yiye na Onyankopɔn Ahenni ho nneɛma mu atrɛw asase so nyinaa no. Ɛmmra sɛ yɛn soro Agya no bɛma yɛn nyinaa adi yiye bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ n’adwuma awie no.