Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 3/8 kr. 23-31
  • Ade Foforo Wɔ Amanaman Ntam Ɔdansi Adwuma Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ade Foforo Wɔ Amanaman Ntam Ɔdansi Adwuma Mu
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Na Bible Nkɔmhyɛ Anya Mmamu
  • Ahenni Adwuma no mu Ntrɛwmu
  • Nhyehyɛe Foforo no Di Ahiade bi ho Dwuma
  • Nea Ɛma Wɔfata Sɛ Wɔsom
  • Ɔyerenom no Mmoa
  • Hokwan a Woanya de Yɛ Adwuma no ho Aseda
  • Afasu a Wɔma so Si hɔ wɔ Ɔdansi Adwuma Mu
  • Ɔdansi ho Abenfo Dwumadibea Ahorow
  • Nnansa Yi Adansi Nnwuma
  • Nea Ebehia a Wɔhwɛ Kwan
  • Ahosiesie Ma Daakye Ahiade Ahorow
  • Wɔsom Kristofo Onuayɛ Kuw no Wɔ Amanaman Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Wubetumi De Wo Bere Ne W’ahoɔden Aboa?
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2020
  • Ahenni Asa Adansi Adwuma—Ade a Ɛho Hia wɔ Ɔsom Kronn Mu
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Ahenni Ntrɛwmu Mu Kyɛfa A Yebenya
    Yɛn Ahenni Som—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 3/8 kr. 23-31

Ade Foforo Wɔ Amanaman Ntam Ɔdansi Adwuma Mu

Misraim pyramid no si ne China Ɔfasu Kɛse a wɔtoe no ma nnipa pii ho dwiriw wɔn. Nnɛyi abansoro atenten a ne sorokɔ bɛyɛ mita 400 no nso yɛ nwonwa. Nanso, ɔdansi adwuma foforo ho nneɛma bi nso yɛ nwonwa.

Adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama resisi adan akɛse wɔ wiase nyinaa. Wɔn a wɔatu wɔn ho ama yi mu pii fi aman a wɔresisi adan wom no ara mu. Nanso esiane sɛ mmoa ho taa hia nti, nnwumayɛfo a wofi aman afoforo so de sika dɔla ɔpepem pii atua wɔn akwantu ho ka akɔ mmeae a wɔyɛ adansi nnwuma a ɛwɔ akyirikyiri no. Wɔn a wɔatu wɔn ho ama yi mu pii de wɔn akwamma mmere bɔ afɔre de yɛ adwuma no; afoforo srɛ kwan fi wɔn nnwuma mu ma enti wɔhwere akatua pii.

Ɛmmoa ho mmɔdenbɔ a ɛda nsow yi yɛ amanaman ntam ɔdansi dwumadi a adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama yɛ, na wofi Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York de ho akwankyerɛ ma. Efi bere a wofii ɔdansi dwumadi yi ase wɔ November 1985 mu no, nnipa bɛboro 3,000 atua wɔn ankasa akwantu ho ka akɔ mmeae a wosisi adan bɛboro 30 wɔ South America, Australia, Afrika, Europa, ne nsupɔw pii so.

Mprempren, amanaman ntam adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama bɛyɛ 600 reyɛ adwuma wɔ aman bɛyɛ 25 mu. Wɔn mu bɛboro 400 yɛ wɔn a wɔama wɔn bere tenten, bɛyɛ afe ne akyi, dwumadi, na wɔfrɛ wɔn “Amanaman ntam Asomfo.” Wɔn a aka no dwumadi yɛ bere tiaa mu de, efi adapɛn abien kosi asram abiɛsa.

Dɛn nti na adwumayɛfo yi nyinaa fi wɔn pɛ de wɔn nimdeɛ ne ahoɔden yɛ adwuma a wonnye ho akatua? Dɛn na wobu no sɛ ehia araa ma enti wɔn ankasa de nneɛma bɔ afɔre sɛɛ yi?

Na Bible Nkɔmhyɛ Anya Mmamu

Wohu nea enti a pii de wɔn ho hyɛ amanaman ntam ɔdansi dwumadi yi mu ma ɛyɛ nwonwa no wɔ asemmisa bi ho mmuae mu. Bɛboro mfe 1,900 a atwam ni no, Yesu Kristo asomafo no bisaa no sɛ: “Dɛn na ɛbɛyɛ wo ba a waba ne nneɛma nhyehyɛe yi awiei ho sɛnkyerɛnne?” Bere a Yesu aka nneɛma te sɛ ɔko a ɛbɛba pii, ɔkɔm, ɔyaredɔm, ne asasewosow ho asɛm akyi no, ɔkae sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mateo 24:3, 14, New World Translation.

Adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama no gye tom sɛ mprempren ne bere a Yesu nkɔmhyɛ no renya mmamu. Enti wɔn anigye sɛ wɔbɛyɛ nea wobetumi biara na Ahenni no ho dawurubɔ no anya nkɔso ansa na nhyehyɛe yi awiei aba. Wɔyɛɛ amanaman ntam ɔdansi dwumadi ho nhyehyɛe yi na ɛde akwankyerɛ ama wɔ mmɔden a saafo yi bɔ na wɔasisi adan a wɔde tintim Ahenni no ho nkrasɛm na wɔakyekyɛ no mu.

Ahenni Adwuma no mu Ntrɛwmu

Afe a etwaam no, wotintimii Ɔwɛn Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma a ɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm sɛ ɛno nkutoo ne adesamma anidaso no 678,509,507 wɔ mmeae ahorow a Yehowa Adansefo na wɔyɛ adwuma wɔ hɔ no mu. Ɛno kyerɛ sɛ wotintim nsɛmma nhoma—te sɛ nea worekenkan yi—bɛboro ɔpepem abien adwumayɛ da biara! Bio nso, afe biara wotintim Bible, nhoma, nhomawa, ne brochure ahorow ɔpepedudu pii na wɔkyekyɛ.

Nhomatintimbea ahorow a ɛsõ sen biara no wɔ Yehowa Adansefo amanaman ntam adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York no, ne ɔmantifi beae bi a ɛbɛn Wallkill, New York. Nanso, wɔ 1950 ne 1960 mfe no mu no, wosisii nhomatintimbea afoforo wɔ United States akyi mmeae afoforo. Enti, eduu 1970 no, na wotintim Ɔwɛn Aban ne Nyan! no wɔ mmeae a Yehowa Adansefo yɛ hɔ adwuma wɔ Germany, South Africa, Canada, England, Switzerland, Denmark, Sweden, Finland, ne France.

Afei, wɔ 1972 ne 1973 mu no, wofii ase tintim nsɛmma nhoma no wɔ Yehowa Adansefo nhomatintimbea ahorow wɔ aman asia mu: Japan, Brazil, Australia, Ghana, Nigeria, ne Philippines. Wɔ mfe a edi hɔ no mu no, bere a Ahenni adwuma no renya nkɔanim no, wofii baa dwumadibea afoforo a wobetumi atintim nhoma pii wom si ase. Nea ɛbɛma woanya ntrɛwmu a ɛbae ntɛmntɛm no ho adwene bi no, susuw baa dwumadibea ahorow a ɛwɔ mmeae a wotintim Ɔwɛn Aban ne Nyan! a wohyiraa so wɔ mmere a edidi so yi no ho:

Greece, January 16, 1979; Sweden, December 23, 1980; Brazil, March 21, 1981; Canada, October 10, 1981; Italy, April 24, 1982; Korea, May 8, 1982; Japan, May 15, 1982; Australia, March 19, 1983; Denmark, May 21, 1983; Spain, October 9, 1983; Netherlands, October 29, 1983; Germany, April 21, 1984; India, January 20, 1985; ne South Africa, March 21, 1987.

Bio nso, wohyiraa baa dwumadibea afoforo so anaa wosisii adan no bi kaa adedaw no ho wɔ Côte d’Ivoire, February 27, 1982; Tahiti, April 15, 1983; England, October 2, 1983; Finland, May 5, 1984; Norway, May 19, 1984; Martinique, August 22, 1984; Peru, January 27, 1985; Mexico, April 13, 1985; Venezuela, April 21, 1985; ne France, May 4, 1985.

Ɛwom sɛ adwumayɛfo a wɔnyɛ Adansefo a wotua wɔn ka na wɔyɛɛ baa dwumadibea no bi ho adwuma de, nanso Yehowa Adansefo titiriw na wɔyɛɛ emu pii. Wɔn mu mpempem pii tuu wɔn ho mae, ɛwom mpo sɛ na wɔn mu pii nnim ɔdansi adwuma ho hwee.

Bere a Yehowa Adansefo Ahenni no ho asɛmpaka no renya nkɔanim no, adwumayɛbea ahorow a emu trɛw ho behiae. Ɔkwan bɛn so na wɔde ahokokwaw besisi eyinom yiye?

Nhyehyɛe Foforo no Di Ahiade bi ho Dwuma

Nea ɛbɛyɛ na wɔahyehyɛ na wɔaboa amanaman ntam ɔdansi adwuma a ɛbɛyɛɛ kɛse no yiye nti, wonyaa adwumayɛfo a wotu wɔn ho ma dwumadi no ho adwene na wɔyɛɛ ho nhyehyɛe. Dwumadi no so ahwɛfo no mu biako kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Bere a ɔdansi adwuma bi rekɔ so no, nnwuma pɔtee bi ho hia wɔ mmere pɔtee bi mu. Wunhia obi a okuru dan so bere a wɔreto fapem. Enti wɔhyehyɛɛ amanaman ntam odwumayeni adwumayɛbea wɔ Brooklyn, New York, na ɛde akwankyerɛ ama.”

Enti, sɛ ɔdansi adwumayɛfo bi ho hia wɔ baabi a, Brooklyn dwumadibea no yɛ te sɛ “nhyehyɛeyɛfo.” Ɛyɛ nhyehyɛe ma adansi nnwuma a ɛwɔ wiase nyinaa no nya adwumayɛfo a wɔfata ma ɔdansi adwuma no ahiade ahorow. Se nhwɛso no, bere a wɔrewie adan a wɔdam a wosisi kaa Mexico baa dwumadibea no ho si wɔ 1988 mu no, wɔde amnneɛbɔ kɔɔ Brooklyn sɛ wɔhwehwɛ wɔn a wɔn ho akwokwaw wɔ karpet gu mu. Simma kakraa bi mu no, dwumadibea no nyaa adwumayɛfo a wɔn ho akokwaw baanan a na wɔn ani gye ho sɛ wobetu wɔn ho ama. Eduu bere a wohyiraa adan a wosisi kaa baa dwumadibea no ho no so wɔ January 1989 mu no, na wɔagu karpet no awie na na ɛyɛ fɛ.

Nea Ɛma Wɔfata Sɛ Wɔsom

Ansa na odwumayeni betu ne ho ama amanaman ntam dwumadi no, ɛsɛ sɛ ɔfata nea edi kan. Ɛse sɛ obiara a otu ne ho ma biara yɛ Yehowa Ɔdansefo a wahyira ne ho so abɔ asu. Wɔ United States no, ɛsɛ sɛ nea ɔpɛ sɛ otu ne ho ma no di kan yɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo New York adwumayɛbea no bi mu. Eyi ma wonya hokwan de hwɛ ne su wɔ adwumayɛ ho ne nea otumi yɛ. Afei ebia wɔbɛma ɔde dwumadi no mu kwan ho akwammisa krataa aba. Ɛwom sɛ wɔntaa nto nsa mfrɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wotu wɔn ho ma no yerenom sɛ wɔne wɔn kununom mmɛyɛ adwuma wɔ New York de, nanso wotumi fata ma nhyehyɛe no na wɔhyehyɛ akwammisa krataa.

Yehowa Adansefo a wɔwɔ aman afoforo so betumi abisa dwumadi no mu kyɛfa a wobenya no ho kwan denam akwammisa krataa a wogye fi wɔn man mu baa dwumadibea hɔ no so. Wɔde akwammisa no kɔ Brooklyn adwumayɛbea ti a wofi hɔ hwɛ amanaman ntam asomfo ne amanaman ntam adwumayɛfo afoforo a wɔatu wɔn ho ama ho nsɛm so no. Afei sɛ ɔkwammisafo no adwuma ho behia a, wɔma n’aso te.

Ɔyerenom no Mmoa

Ɛwom se adansifo yerenom taa yɛ wɔn a wonnim nnwuma no ho hwee de, nanso woakyerɛ wɔn mu pii sɛnea wɔkyekyere nnade bom, sɛnea wɔto ntayaa, ne afei sɛnea wotwiw nneɛma ho na wɔkã ho aduru. Afoforo nso yɛ fie nnwuma. Enti wɔn nyinaa de mmoa ma wɔ mmeae a wosisi adan wɔ wiase nyinaa no.

Ɔyere biako a ɔne ne kunu yɛɛ adwuma wɔ Puerto Rico baa dwumadibea foforo no si mu no kyerɛw Brooklyn dwumadibea no nnansa yi ara sɛ: “Yebeduu ha January 1, 1991, sɛ yɛrebɛyɛ yɛn ɔsram biako adwuma no. Mene wɔn a wɔkyekyere nnade bom no na ɛyɛɛ adwuma. Na eyi ne adwuma a ɛyɛ den sen biara koraa a mayɛ pen. Adwuma no ara ne sɛ wubekuntun hɔ de ɔdabaw ne dade hama akyekyere nnade abom—da mũ nyinaa!

“Nna kakraa a edi kan no na me kyɛw dennen no tutu, na na metaa kyekyere ade a ɛhyehyɛ me nsa a ɛsosoe dodo no fra nnade no. Nanso akyiri yi mihuu ne yɛ. Mede plasta anum anaasɛ asia tetaree me mpomponya so. Misuaa sɛnea wosusuw ɔdan wɔ ɛho mfonini so, wɔyɛ nsensanee de susuw adwuma no, na wɔhyehyɛ nnade a ɛsɛ sɛ wɔkyekyere bom no mu biara. Na ɛyɛ adwuma a ɛma akomatɔyam ankasa. Na nnwuma a metaa yɛ no da biara da no yɛ nea ɛsɛ sɛ meyɛ no mpɛn pii bio—apra, aduannoa, adehoro, ne nea ɛkeka ho. Nanso na wɔde saa nnade no kɔhyehyɛ afasu a ɛbɛtra hɔ bere tenten a baa dwumadibea no bɛkɔ so asi hɔ no mu. Saa nsusuwii no yɛ anigye!”

Hokwan a Woanya de Yɛ Adwuma no ho Aseda

Amanaman ntam ɔdansi adwuma yi sohwɛfo bi kae sɛ: “Ɛyɛ ade a ɛda nsow sen biara a wubetumi asusuw ho. Nnipa de wɔn akwamma tu kwan kɔ mmeae a wosisi adan a wɔn ankasa tua wɔn akwantu no ho ka. Ɛhɔ no wɔyɛ adwumaden bere tenten a ɛsen nea wɔyɛ afe mũ nyinaa no. Na sɛ wɔkɔ fie a, wɔkyerɛw bɛda yɛn ase wɔ hokwan a wonyae no ho!”

Sɛ nhwɛso no, krataa bi a yɛn nsa kae nnansa yi ara se: “Yɛrekyerɛw ada mo ase wɔ hokwan kɛse a yenya de yɛɛ Philippines baa dwumadibea no ho adwuma asram abiɛsa no ho. Adwumayɛ da biara bɛba awiei no na yɛabrɛ, sɛnea yɛhwɛɛ kwan no, nanso na fekubɔ pa no ahyɛ yɛn den wɔ honhom mu. Yɛn ani gyei sɛ yehuu adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama afoforo a wɔwɔ hɔ no mu pii, na yɛn ani gyee ɔman no mu Adansefo a yɛne wɔn yɛɛ adwuma no ho yiye. Nokwarem no, wɔabɛyɛ yɛn adɔfo, yɛn abusua no fã bi.”

Awarefo bi a wɔkɔɔ Ecuador kyerɛwee sɛ: “Yesuaa sɛnea yɛbɛtra ase a yenni nnuan a ahoɔden nnim, aguare nsu kakraa bi pɛ, na yɛde nsuonwini atwerɔw yɛn ho nhwi aguare. Na yennim sɛnea nneɛma a wɔtɔn ho dawurubɔ anya yɛn adwene so nkɛntɛnso no. Yɛyeree yɛn ho sɛnea yebetumi wɔ adwuma no mu, nanso yɛsan bae a na yɛanya pii sen nea yɛyɛe no. Sɛ wɔde Ecuador anuanom no toto wɔn a wɔwɔ U.S. no ho a, yɛn Ecuador anuanom no yɛ ahiafo wɔ honam fam, nanso wɔn honhom fam gyinapɛn ne asɛnka adwuma no ho anisɔ a wɔwɔ no da nsow. Nsɛm ntumi nkyerɛkyerɛ sɛnea yɛte nka wɔ hokwan yi ho no mu.”

Afasu a Wɔma so Si hɔ wɔ Ɔdansi Adwuma Mu

Amanaman ntam ɔdansi adwuma no mu ade bi a ɛda nsow ne afasu a wɔma so si hɔ no. Nea wɔyɛ wɔ eyi mu ne sɛ wɔbɛto ɔfasu a wɔde nnade ahyɛ mu den no wɔ fam. Eyi sorokɔ tumi yɛ sɛ aban a ɛtoa so abiɛsa a emu duru bɛyɛ sɛ tɔn 20. Wɔto ɔfasu no wɔ fam wɔ beae a wosi dan no anaa beae bi a ɛbɛn hɔ.

Wotumi hyehyɛ afasu asia anaa awotwe toatoa so. Sɛ afasu no kyen—mpɛn pii no wɔ nnanson akyi—a, wɔde afiri a ɛmema nneɛma so moma so sisi hɔ. Mprempren wɔde yɛ abɔnten ne ɔdan mu afasu nyinaa ne abansoro adan a ɛtoatoa so pii de. Sɛ nhwɛso no, wɔde afasu yi ɔhaha pii na esii Philippines baa dwumadibea fie a ɛyɛ aban a ɛtoaso 11 no. Nea afasu a ɛho yɛ toro a wɔato dedaw no hia ara ne sɛ wɔde aduru bɛkã ho.

Ɛnyɛ sɛ ɔkwan a wɔfa so si dan yi yɛ ntɛm nko na mmom ennye adwumayɛfo a wɔn ho akokwaw pii. Adwumayɛ ho nsɛmma nhoma, Concrete, kaa Yehowa Adansefo nhoma tintimbea dan a ɛwɔ England no si ho asɛm sɛ: “Na afasu a wɔmoma so sisi hɔ no na eye ma wɔn esiane sɛ ɔkwan a wɔfa so si dan yi yɛ mmerɛw nti . . . Bere ne sika pii a ɛnsɛe no yɛ nhyehyɛe yi so mfaso titiriw bere nyinaa.”

Nsɛmma nhoma no kaa afasu a wɔma so si hɔ wɔ ɔdansi mu no ho asɛm bio sɛ: “Sɛnea etumi ma wɔto afasu akɛse (nea wɔde nneɛma a emu yɛ duru bɛtoa so ne nea wɔnnyɛ no saa nyinaa) wɔ bere tiaa mu, ne sɛnea ɛma ɔman no mufo a wɔde wɔn yɛ adwuma nhia akwankyerɛ pii no ma ɛkɔ ntɛm na ɛnsɛe sika pii.” Ɛnde hwɛ sɛnea ɛfata sɛ ɔdansi dwumadi foforo yi de ɔkwan tiaa a eye yi bedi dwuma!

Ɔdansi ho Abenfo Dwumadibea Ahorow

Wofi ɔdansi ho abenfo dwumadibea kɛse bi a ɛwɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti wɔ Brooklyn, New York hɔ na ɛde amanaman ntam ɔdansi dwumadi yi ho akwankyerɛ ma. Ɛhɔ na ɔdansi ho abenfo, ne wɔn a wɔyɛ ɔdansi ho mfonini ahorow bɛboro ɔha—wɔn nyinaa yɛ adwumayɛbea ti hɔ adwumayɛfo—yɛ ɔdansi no ho nhyehyɛe. Nea ɛbɛyɛ na aboa adwuma a ɛreyɛ kɛse no, wɔabuebue amantam mu ɔdansi ho abenfo dwumadibea ahorow wɔ Japan, Australia, ne Europa.

Wɔ 1987 mu no, wofii ase de CAD (Computer Aided Design anaasɛ kɔmputa a wɔde yɛ mfonini) yɛɛ mfonini ahorow. Adwinnade ahorow pii wɔ CAD adwumayɛbea. Sɛ wɔde ne nyinaa bom di dwuma a, etumi ma wɔyɛ mfonini wɔ komputa so mmom sen sɛ wɔde nsa bɛyɛ agu mmerɛte so. Mprempren, CAD adwumayɛbea bɛboro 65 na wɔde di dwuma wɔ Brooklyn ne baa dwumadibea ahorow hɔ.

Esiane sɛ wotumi de mfonini ahorow no sie komputa mu nti, wotumi de ɔdan a wɔasi dedaw mfonini ahorow mu nneɛma ka mfonini afoforo a wɔreyɛ no ho. Eyi boa ma wonya nkɔso na ɛma ɔkwan a wɔfa so sisi adan no yɛ biako.

Nnansa Yi Adansi Nnwuma

Sɛnea Brooklyn Ɔdansi ho Abenfo Adwumayɛbea no yɛɛ kɛse no, saa ara na adwumayɛfo a wobetu wɔn ho ama na wɔayɛ adwuma no anoboaboa yɛɛ kɛse. Wobetumi aka sɛ dwumadi no fii ase wɔ 1985 mu, bere a adwumayɛfo a wofi aman afoforo so penee so sɛ wɔbɛboa ma wɔasi Panama baa dwumadibea no. Enyaa nkɔanim bere a na Peru hia mmoa na wɔasi adan pii aka wɔn baa dwumadibea no ho no. Na wofii dwumadi no ho nhyehyɛe yɛ ase ankasa wɔ Costa Rica ne Nigeria baa dwumadibea ahorow no si mu. Ankyɛ na wofii ase somasomaa adwumayɛfo atitiriw bi na wɔakɔboa wɔ nnwuma a wɔyɛ no wiase mmeae ahorow no mu.

Mprempren amanaman ntam asomfo ne afoforo a wɔatu wɔn ho ama aboa ma wɔasisi baa dwumadibea afoforo ne nea wɔasisi aka adedaw binom ho a nea ɛka ho ne pii a wosi wiei wɔ 1986 mfiase no. Wɔ mfe anum anaa nea ɛte saa a atwam mu no wɔasisi adan awie ahyira so wɔ Panama, Costa Rica, Chile, Mexico, New Zealand, Haiti, Liberia, Austria, Ecuador, Papua New Guinea, Guyana, Ghana, Hawaii, Portugal, Hong Kong, Cyprus, Peru, El Salvador, Mauritius, Japan, Honduras, Guatemala, Nigeria, Argentina, Australia, New Caledonia, Fiji, Philippines, ne Greece.

Na eyinom mu pii yɛ adansi nnwuma akɛse. Wɔ Nigeria no, ɛte sɛ nea wɔkyekyee kurow ketewaa bi wɔ asase a ne kɛse yɛ asase hama 140 so. Wosii nhomatintimbea a emu tenten yɛ mita 140 na ne trɛw yɛ mita 70, ne beae a nnipa bɛboro 400 bɛda, adwumadibea, beae a wɔde lɔre sisi, ne adan afoforo. Ɔdansi ho nneɛma a wɔde fi United States no nkutoo yɛɛ nnaka akɛse 347 mama, a sɛ wɔde sã so a ebedu kilomita 3.5!

Ɛtɔ mmere bi a, asɔfo sɔre tia adansi nnwuma no bi. Wɔ Greece no, asɔfo dii asɔretiafo a wɔtete bɔs 40 anim wɔ March 1989 mu, nanso polisifo kyerɛe sɛ Adansefo no wɔ mmara mu hokwan sɛ wosi wɔn dan no, na ɔsɔretia no to twae. Wowiee baa dwumadibea foforo no a ɛwɔ nhomatintimbea kɛse foforo ne adan a wɔdam 22 a ɛbɛfa nnipa bɛboro 170 no si na wohyiraa so asusow bere yi mu.

Wɔ France no, Evreux Ɔsɔfo Panyin, Jacques Gaillot, sɔre tiaa Yehowa Adansefo baa dwumadibea foforo kɛse a wobesi wɔ Louviers ho nhyehyɛe no. Ɔkae sɛ Adansefo no baguam asɛnka no nkyerɛ “obu mma ɔdesani nidi.” Nanso, afoforo ne ɔsɔfo panyin no anyɛ adwene. Wogye di sɛ ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo nya hokwan sɛ wɔtrɛw wɔn dwumadibea no mu wɔ mpɔtam hɔ, sɛnea wɔreyɛ wɔ mmeae pii wɔ wiase nyinaa no.

Mprempren, amanaman ntam adansifo a wɔatu wɔn ho ama resisi baa dwumadibea adan wɔ Colombia, Puerto Rico, Zambia, Brazil, England, Canada, Dominican Republic, Ecuador, Poland, Guadeloupe, Thailand, Leeward Islands, Bahamas, Western Samoa, Tahiti, Solomon Islands, Venezuela, Republic of Korea, South Africa, ne Germany. Wɔreyɛ ɔdansi nnwuma afoforo ho nhyehyɛe a nea ɛka ho ne baa dwumadibea afoforo anaa ebi a wobesisi aka nea ɛwɔ hɔ dedaw ho wɔ France, Spain, Mexico, Sri Lanka, Taiwan, ne Suriname.

Nea Ebehia a Wɔhwɛ Kwan

Bere a Yehowa Adansefo Sodikuw no maa kwan sɛ wɔntrɛw Germany baa dwumadibea no mu ɔha mu nkyem 50 wɔ 1988 mu no, ebinom susuwii sɛ nea wɔde reka ho no yɛ kɛse dodo. Nanso wɔ 1989 ne 1990 mu no, wɔmaa Yehowa Adansefo asɛnka adwuma no mmara mu hokwan koraa wɔ Poland, Hungary, East Germany, ne Romania. Na wɔ afe a etwaam no mu March 27 no, wɔgyee Yehowa Adansefo toom sɛ nyamesom ahyehyɛde wɔ Soviet Union.

Nnipa bɛboro 250,000 na wofi Europa Apuei Fam aman so kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam ahorow wɔ ahohuru bere a etwaam no mu na na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔn nsa bɛka Bible nhoma ahorow. 1991 Britannica Book of the Year kae sɛ: “Wɔ asram abien pɛ mu no, Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ West Germany no de Bible nhoma ahorow tɔn 275 a Bible 115,000 ka ho kɔɔ East Germany nkutoo.” Enti mprempren ɛda adi sɛ Germany baa dwumadibea no hia ntrɛwmu a wɔmaa ho kwan no nyinaa, na ehia no ntɛm!

Ahosiesie Ma Daakye Ahiade Ahorow

Sɛnea wubetumi ahu no. ‘Ahenni no ho asɛmpa a wɔbɛka wɔ wiase nyinaa ansa na awiei no aba’ na ama Yesu nkɔmhyɛ abam no gye mmɔdenbɔ kɛse. (Mateo 24:14) Na nokware Kristofo a wɔwɔ wiase nyinaa rebɔ saa mmɔden no. Wɔreyɛ nea wobetumi biara wɔ ɔkwampa so na wɔama Ahenni nkrasɛm no adu aman nyinaa so.

Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi ayɛ eyi no, Yehowa Adansefo retrɛw beae a wotintim Bible nhoma ahorow no mu wɔ wɔn wiase nyinaa adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York no. Mprempren wɔresi aban a ɛtoa so 30, wɔ 90 Sands Street ama wɔn adwumayɛfo no mu apem atra mu na wobewie si wɔ 1993 mu.

Nanso, ɔdansi adwuma a ɛsõ sen biara ne nea ɛrekɔ so wɔ beae bi a efi New York City kɔ hɔ bɛyɛ kilomita 110, a ɛbɛn Patterson, New York no. April 7, 1991 The New York Times no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Sɛ [Yehowa Adansefo] wie wɔ bɛyɛ 1996 mu a, na wɔasi afie akɛse 6 a ɛyɛ aban a ɛtoa so 2 kosi 5 a emu adan bɛyɛ 624, beae a wɔde kar 450 besisi, ahɔhodan a adan 144 wom, mukaase kɛse ne adididan a ɛbɛfa nnipa 1,600 bere koro mu, dwumadibea dan, adesuadan, ne nnwuma horow adan pii.” Adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama ɔhaha pii de wɔn ahoɔden reboa Ahenni ho nteteebea kɛse yi si a wonnye hwee.

Nokwarem no, ɔdansi dwumadi bi a ɛyɛ nwonwa rekɔ so wɔ asase no afãnan nyinaa—a adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama na wɔhwɛ so na wɔyɛ. Ɛyɛ ade foforo wɔ amanaman ntam ɔdansi adwuma mu ampa!

[Kratafa 25 mfonini]

Nnade a wɔde hyɛ afasu mu den a wɔkyekyere no yɛ adansi adwuma no fã bi

[Kratafa 27 mfonini]

Wɔ ɔfasu a wɔma so si hɔ wɔ ɔdansi adwuma mu no mu no, wotumi yɛ afasu no sisi afoforo so. Sɛ afasu no kyen yiye a, wɔmoma so sisi hɔ

[Kratafa 28 mfonini]

Wɔhwɛ Poland baa dwumadibea dan foforo no mfonini wɔ Brooklyn. Wɔde kɔmputa yɛ adansi ho mfonini

[Kratafa 29 mfonini]

Wɔayɛ nhyehyɛe sɛ wobesisi baa dwumadibea adan wɔ Puerto Rico, Zambia, ne Leeward Islands

[Kratafa 30 mfonini]

Adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama a wɔyɛ ɔdansi adwuma wɔ Europe ɔman bi so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena