Bere A Wontumi Nyɛ Nneɛma A Ayɛ Hwanyann No Ho Hwee
HWEHWƐ wo fie. So nneɛma a ayɛ hwanyann rebunkam wo so? Sɛ w’adamfo hwɛ beae a wo ntade sensɛnee a w’ani bewu? Sɛ wohwehwɛ biribi pɔtee bi a wobrɛ esiane sɛ wo ho nneɛma pii gu so nti? Sɛ saa a, ɛnyɛ wo nko.
Ralph ka sɛ: “Meboa nneɛma ano dodo.” Leon de ka ho sɛ: “Na ntade, atesɛm nkrataa, nhoma a maboaboa ano bɛboro mfe 15 reyiri afa me.” Obi foforo a ne nneɛma ayɛ hwanyann nso ka sɛ: “Yi a meyiyi afi hɔ ho nsusuwii nkutoo ma mebrɛ ansa na mafi ase.”
Mmofra binom nyin wɔ tebea a nneɛma ayɛ hwanyann wom mu. Saa nnipa no mu biako se: “Sɛnea mitumi kae no, na mebɔ nkurɔfo kɔkɔ wɔ nea ɛsɛ sɛ wɔhwɛ kwan sɛ wobehu bere a edi kan a wɔba yɛn fie no ho bere nyinaa. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ wobetumi ayi biribi ato nkyɛn na wɔanya baabi atra.” Mpanyimfo mpo twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛto nsa afrɛ obi a onni abusua no mu ma waba nsrahwɛ efisɛ fie hɔ yɛ basaa.
Mpɛn pii no sɛ nkurɔfo retu ansa na wohu sɛ wɔaboaboa nneɛma pii ano. Sɛ obi anyɛ nhyehyɛe pa a ɛremma ne nneɛma nnyɛ hwanyann na ɔretu a, ɔsɛe bere—ne sika pii.
Nanso wɔ nnipa pii fam no, nneɛma hwanyann a woyiyi fi hɔ no nyɛ nneɛma a wɔbɛtow agu ara kwa. Ɛsɛ sɛ wodi akwanside ahorow bi so.
Dɛn Nti Na Wontumi Ntow Nngu Kɛkɛ
Bere bi mu no, adwene ne nneyɛe ho ɔdenimfo Lynda W. Warren ne ayaresabea mu odwumayɛni Jonnae C. Ostrom susuw sɛ nnipa a wɔde biribiara sie nyinaa yɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wohuu 1930 mfe no mu Ohia no. Na wosusuw sɛ nneɛma a wɔde sie no yɛ “ade a ɛnyɛ ne kwan so nanso ɛnsɛe hwee.” Nanso, bere a wɔhwehwɛɛ asɛm no mu akyi no, wɔbɔɔ amanneɛ sɛ: “Ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ yehu awo ntoatoa bi a wɔn mfe nkɔɔ anim a wɔboa biribiara ano a 1930 mfe no akyi koraa na wɔwoo wɔn. . . . Afei de yegye di sɛ saa suban no abu so ne sɛ, titiriw no ɛboro so dodo, ebetumi ama wɔn a wɔboaboa biribiara ano anaasɛ wɔn a wɔbɛn wɔn ahyia nsɛnnennen ahorow.”
Eyi betumi akɔ akyiri akodu he? Health nsɛmma nhoma bɔ amanneɛ sɛ: “Ostrom ahu sɛ efĩ ama aware pii agu.” Nnipa binom hwehwɛ mmoa fi wɔn a wɔde afotu ma ayɛ wɔn adwuma hɔ. Nokwarem no, Health nsɛmma nhoma frɛ obi ankasa nneɛma a ɔbɛtoto no yiye ho afotu no “adwuma a ɛrenya nkɔso a wɔn a wɔyɛ no betumi agye bɛyɛ $1,000 [U.S.] da biara na wɔayɛ nea yɛn nãnom teɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no: yensiesie yɛn adan mu.”
Ebia wo nneɛma nyɛɛ hwanyann pii saa. Nanso ebia ɛbɛyɛ den sɛ wobɛtra akwanside anan a edidi so yi a esiw nneɛma a ɛho aba asɛm no a wɔbɛtow agu kwan no:
◻ Ebia ɛho behia daakye. (“Eye sɛ mede besie sen sɛ menu me ho akyiri yi.”)
◻ Nkate a wonya wɔ ho. (“Ante Mary na ɔde eyi maa me.”)
◻ Sɛnea ebetumi asom bo. (“Ne bo betumi akɔ soro dabi.”)
◻ Ɛnsɛee. (“Eye dodo sen nea wɔtow kyene.”)
Dɛn na eti mu ba? Psychology Today se: “Nneɛma no kɔ so yɛ pii, na saara na nsɛnnennen a ɛde ba no nso kɔ so yɛ pii.”
Enti ɔkwan bɛn so na wubedi nneɛma a ɛyɛ nhwanyann no so?
Beae a Ɛsɛ Sɛ Wufi Ase
Ɔbea bi a wobisaa no sɛ, sɛ ahum kɛse sɛe ne nneɛma nyinaa na egyaw kakraa bi pɛ a ɔbɛte nka dɛn no kae sɛ: “Nea metee nka kɛse wɔ adwene a ɛne sɛ mɛhwere biribiara ho no ne ahotɔ—me nneɛma pii no a ebefi hɔ a menhaw me ho wɔ nea ɛsɛ sɛ metow gu ne nea ɛsɛ sɛ migyaw ho no.” Eyi kyerɛ sɛ nneɛma a wɔpaw bi na wɔatow bi agu no yɛ tumi yɛ den.
Ɔbenfo Daralee Schulman se: “Wɔn a wɔboaboa nneɛma ano pii no wɔ nsɛnnennen abien. Nneɛma a ɛwɔ fie hɔ dedaw no ne nneɛma a ɛreba mu no.” Sɛ anka wubeyi bere bi asi hɔ de ayiyi nneɛma atow agu mmom no, ɔhyɛ nyansa sɛ fa anyɛ yiye koraa no simma 15 nsiesie beae bi da biara. Eyi yɛ ɔkwan pa a wobɛfa so adi nneɛma hwanyann ho dwuma wɔ wo fie. Nanso “nneɛma a ɛreba mu” no nso ɛ?
Ansa na wobɛtɔ biribi akɔ wo fie no, bisa wo ho sɛ: ‘So mihia ankasa? Mede bɛto he? So mede bedi dwuma?’ Daralee Schulman ka sɛ ɛdenam saa nsɛm no a wubebisa so no, “woremfa nneɛma a anka wode bɛba fie no mu ɔha mu nkyem 75 mma.”
Wɔka kyerɛ wɔn a wɔwɔ Watch Tower Society no adwumayɛbea ti ne baa dwumadibea ahorow no sɛ wɔmmma wɔn adan mu nnyɛ hwanyann na wɔmma nneɛma a wɔde siesie hɔ no nyɛ bɛyɛ abien anaa abiɛsa wɔ ɔpon biara so. Eyi ma ɛhɔ asiesie nyɛ den na ɛyɛ fɛ. Ɛnsɛ sɛ wogyaw nkrataa, nsɛmma nhoma, nhoma ahorow, nhoma bag, nneɛma a wɔde bɔ nnwom, agodi ho nneɛma, ntade, mprɛte, ne nneɛma afoforo gugu hɔ. Nokwarem no, ɛnsɛ sɛ wɔde biribiara si fam hɔ ka nkongua no ho. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi yɛ nhwɛso ma obiara a ɔmpɛ sɛ nneɛma a atwa ne ho ahyia yɛ hwanyann no.
Wonhu—Ɛhyɛ Ɔdan a Ntade Wom No Mu
Joan se: “Mitumi de da koro siesie me dan mu fɛfɛɛfɛ, nanso adan nketewa a wɔde ntade sensɛn mu no yɛ asɛnnennen bere nyinaa.” Ebinom de ɔdan a wɔde ntade sensɛn mu no ayɛ beae a wɔtow nneɛma gu, na nneɛma hwanyann no atra beae a wonhu. Sɛ wɔde nneɛma pii kɔ so gu beae a ɛhɔ kɛse nsakra da a, asɛnnennen no sɛe koraa mmom.
So ehia sɛ wuyiyi nneɛma no bi fi wo dan a wode ntade sensɛn mu no mu? Good Housekeeping nsɛmma nhoma hyɛ nyansa sɛ: “Ade a wɔde ntade sensɛn so ne ɛho nneɛma wɔ hɔ pii na wobetumi ahyehyɛ asi baabiara. Fa ɛno bi di dwuma na woadi nneɛma pii a wɔaboaboa ano ho asɛnnennen wɔ wo fie no so nkonim.” Enti mfa dan a wode wo ntade sensɛn mu no nyɛ beae a wotow wura gu. Mma mu nyɛ hwanyann.
Adwene a Ɛkari pɛ Wɔ Ahode Ho
Ɔbea bi kae sɛ: “M’ahode kyerɛ onii ko a meyɛ, ɛyɛ onii a meyɛ no fã.” Ɔfoforo de ka ho sɛ: “M’agude ma me koma tɔ me yam pii. M’ani gye me nkawa ne kɔnmuade no ho yiye.” Nanso ɔbea foforo bi de animtiaabu ka sɛ: “Me ni—eyi yɛ me nkutoo na meremma wontow nkyene!”
Nea ɛne eyi bɔ abira no, Yesu Kristo kae sɛ: “Sɛ onipa nya ade ma ɛboro nea ohia a, ɛnkyerɛ sɛ n’asetra ayɛ nea ahobammɔ wom.”—Luka 12:15, The Jerusalem Bible.
Enti Bible no hyɛ nkuran sɛ ɛsɛ sɛ obi nya n’ahode ho adwene a ɛkari pɛ. Ɛka nso sɛ ɛsɛ sɛ obi hyehyɛ ne nneɛma yiye, na ɛde eyi yɛ ahwehwɛde wɔ wɔn a wɔsom sɛ mpanyimfo wɔ asafo no mu no ho.—1 Timoteo 3:2.
Dɛn nti na wumfi ase mfa atifi hɔ nyansahyɛ ahorow no bi nni dwuma wɔ wo fie fã baabi a nneɛma reyɛ hwanyann wɔ hɔ no? Ɛdenam da biara da mmɔdenbɔ ne w’ahode ho adwene a ɛkari pɛ a wubenya so no, wubetumi adi nneɛma a ayɛ hwanyann no so.
[Box/Picture on page 21, 22]
Nneɛma a Woyiyim na Wɔtow Gu
Nea edidi so yi yɛ nneɛma pɔtee a sɛ woanhwɛ yiye a ebetumi ama wo fie ayɛ hwanyann ho nyansahyɛ a ɛbɛboa wo.
Nhoma a Wɔkenkan: So ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛtow nsɛmma nhoma ne atesɛm nkrataa adedaw agu? So asɛmti bi tumi twe w’adwene ntɛm ara ma woka kyerɛ wo ho sɛ: ‘Mɛkenkan asɛm yi akyiri yi”? Sɛ anka wode nsɛmma nhoma anaa atesɛm krataa mũ no nyinaa bɛto hɔ no, twa emu asɛm a wɔani gye ho no fa ka “Nea Mɛkenkan Akyiri Yi” nneɛma bi mu. Sɛ woankenkan no bere tiaa bi—bɛyɛ adapɛn kakraa mu a—tow kyene.
Ntade: So wo ntade kɔ so yɛ bebree afe biara nso wonhyɛ ntade a wowɔ no mu fã mpo? Ebinom se wɔn ho sɛ: “Eyi bɛfata me—bere a me so atew nkaribo du no.” Eyi na ɛma wɔkora biribiara so wɔ dan ketewa a ntade sensɛn mu no mu. Nea ɛbɛma wakwati ntade a ɛbɛyɛ hwanyann no, sɛ atade bi di afe mũ nyinaa a woanhyɛ a, fa gu “Nea Mintumi Nsii ho Gyinae” adaka bi mu. Na sɛ bere tiaa bi akyi na wonhyɛe a, fa kyɛ anaa tow gu.
Nkrataa: Hwɛ nkrataa adaka no mu da biara. Fa wo nkrataa ahorow a wopɛ sɛ wode sie no hyɛ beae pɔtee bi. Wubetumi ahwehwɛ nea wode ɔsram biara de bɛhyɛ mu, na wɔ afe biako akyi no woatuw agu na woanya baabi de ɔsram foforo no de ahyɛ. Nnyinasosɛm no ne sɛ, fa sie, mmoa ano. Sɛ wunya adetɔn ho dawurubɔ nkrataa pii a, si ho gyinae ntɛm ara sɛ wubehia anaasɛ worenhia. Sɛ worenhia a tow gu. Sɛ wuntumi nhu a, fa gu “Nea Mintumi Nsii ho Gyinae” adaka bi mu dapɛn biako. Sɛ woantumi anyɛ ho hwee wɔ saa bere no mu a, tow gu.