Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 2/8 kr. 14-16
  • Mɛyɛ Dɛn Anya Ntade a Ɛfata?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mɛyɛ Dɛn Anya Ntade a Ɛfata?
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛka Kɛse a Ɛwɔ Afɛfɛde Mu
  • W’ahiade a Wubesusuw Ho
  • Nneɛma no Dodow a Wobɛkyerɛkyerɛw
  • Nneɛma a Wɔtotɔ no Nyansam
  • Dɛn Na Ntade Kyerɛ Ma Wo?
    Nyan!—1987
  • Ntade a Yɛhyɛ—So Ɛho Hia Ankasa?
    Nyan!—1999
  • W’ahosiesie Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • So Nea Mehyɛ Fa Ho Ankasa?
    Nyan!—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 2/8 kr. 14-16

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Mɛyɛ Dɛn Anya Ntade a Ɛfata?

ROBERT ho yeraw no! Ɛsɛ sɛ ɔkɔ ne nuabea ayeforohyia ase, nanso onni atade biara a ɔde bɛhyɛ. Ɛnyɛ sɛ Robert wɔ tebea a Bible frɛ no “adagyaw” no mu. (Yakobo 2:15) Nanso Robert ntumi mfa ntade a ɔhyɛ no daa daa no biara nkɔ adeyɛ titiriw yi ase mma ɛnyɛ yiye.

Nanso ababaa Angela wɔ dwumadi abiɛsa a emu biara hwehwɛ atade foforo. Nanso ɔnte sɛ Robert, enti ɛnyɛ den mma no sɛ obenya atade a ɛfata ahyɛ. Ɛnyɛ sɛ Angela di yiye. Nea ɛte ara ne sɛ wanya ntade a ehia a ɛma otumi siesie ne ho ma ɛfata tebea horow pii.

Asɛm bi a ɛbaa Woman’s Day nsɛmma nhoma mu kae sɛ: “Ntade ho hia. Ebetumi aboa wo yiye ama w’ani agye wo ho ankasa.” Atade a wohyɛ nso ka sɛnea afoforo bu wo na wɔne wo di no kɛse. Enti ntease wom sɛ Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnhyɛ “ntade a ɛsɛ, mfa ani a ewu ade” nsiesie yɛn ho. (1 Timoteo 2:9) Sɛ woyɛ Kristoni a, ɛsɛ sɛ woma ntade a ɛfata a wubenya no yɛ wo ahiasɛm.

Nanso ebetumi aba sɛ ɛmfa ho sɛ ntade ayɛ w’adaka mu ma no, ɛtɔ da bi a ɛyɛ wo sɛ wunni atade biara a wobɛhyɛ anaa? Dɛn na ɛma ɛba saa, na wobɛyɛ dɛn adi tebea no ho dwuma?

Ɛka Kɛse a Ɛwɔ Afɛfɛde Mu

Mpɛn pii no, ɛnyɛ sika ne asɛm no, na mmom efi wiase no ahosiesie ne afɛfɛde a ɛkɔ so sakra a ɛde obi yɛ akoa no. Nhoma a ɛne Youthtrends ka sɛ “wiase aguadifo no hu sika kɛse a mmofra bɛsɛe no ntade a edin akɛse deda so ho.” Sikanibere ka wɔn a wɔyɛ ntade no ma wɔde amanneɛbɔ ahorow a ɛwɔ nsɛmma nhoma mu ne TV so dɛɛdɛe mmofra ma wɔtotɔ nneɛma—na wɔtotɔ araa a wonnyae da! Atipɛnfo nhyɛso boa ma saa adeyɛ no kɔ so yiye. Ɔkyerɛkyerɛfo bi bɔ abubuw sɛ: “Obiara resɛe sika kɛse wɔ ntade ho, na mmofra a wontumi ntɔ no, . . . sɛ wɔpɔn sukuu a, wɔkɔyɛ adwuma na ama wɔatumi atɔ gyense a agye din kɛkɛ.”

Ntade a aba so a ɛde wo bɛyɛ akoa no gye sika, na ebia ɛremma wunnya sika pii mfa ntɔ ntade a wuhia ankasa a mfaso wɔ so no. Enti Romafo 12:2 de afotu pa ma bere a ɛka eyi no: “Monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwenem foforoyɛ nsakra mo ho.” Ampa, sɛ́ obi bɛyɛ soronko no nyɛ mmerɛw bere nyinaa. Charlene a wadi mfe dunsia gye tom sɛ: “Sɛ woansiesie wo ho te sɛ mmofra a wɔwɔ sukuu no a, wobu wo sɛ woatɔ mu.” Nanso sɛ woma afoforo kyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ woyɛ a, wodan wɔn akoa. (Fa toto Romafo 6:16 ho.) Ababaa bi a wɔfrɛ no Johanna gye tom sɛ: “Me bo fuw, efisɛ mete nka te sɛ nea meresiesie me ho akyerɛ onipa foforo bere nyinaa.”

Nyansa wɔ eyi mu bere nyinaa? Sɛ nhwɛso no, susuw ntade a wɔfrɛ no street-gang, hip-hop, ne “grunge” no ho hwɛ. Nnipa pii hyɛ saa ntade yi esiane sɛ agye din ara kwa nti. Nanso ɛkame ayɛ sɛ nea ɛka ho asɛm ne abufuw ne atuatew. Sɛ wohyɛ a, ɛbɛma ebinom anya wo ho adwene a ɛmfata anaa? (Yohane 15:19; fa toto 2 Korintofo 6:4 ho.) Kum a wobetumi akum wo esiane sɛ wosɛ basabasayɛ kuw muni nti no nkamfua. Enti U.S. sukuu ahorow bi abara basabasayɛ kuw ntade a wɔbɛhyɛ. Dɛn na yesua fi mu? Ntease nnim sɛ wobɛma w’atipɛnfo apaw ntade ama wo, na kampɛ sɛ wɔadi w’asetra so. Sɛ́ anka wobɛhaw wo ho wɔ nea wɔn ani begye ho ho no, kɔ so ‘sɔ nea ɛsɔ Awurade ani yiye no hwɛ’!—Efesofo 5:10.

W’ahiade a Wubesusuw Ho

Sɛ woanni nneɛma a aba so ne afɛfɛde akyi a, wubetumi afi ase atotɔ ntade a wuhia ankasa. Sɛ nhwɛso no, wudi wo bere no fã kɛse wɔ sukuu mu. Sɛ mo sukuu no hwehwɛ sɛ mohyɛ sukuu atade anaa wɔkyerɛ ntade pɔtee a monhyɛ a, wuntumi mpaw nneɛma pii. Nanso wɔma kwan ma obiara hyɛ nea ɔpɛ wɔ sukuu pii mu, na ahosiesie basaa ne nea ɛkɔ so wɔ hɔ.

Wɔ tebea a ɛte saa mu no, ebia ɛrenyɛ nea nyansa wom sɛ wobɛyɛ wo ho soronko akɔfa nguguso ne abɔkɔn anaa skirt soronko bi ahyɛ. Wubesiesie wo ho sɛnea ɛsɛ a ɛnyɛ nea ɛtra so anaa basaa. Ababaa kumaa bi a wɔfrɛ no Millie yɛɛ saa. Bere a na ɔwɔ sukuu no ɔkwatii ahosiesie a ɛtra so. Sɛ wo tebea te saa a, ebia wo nso wubehia trɔɔs, hyɛɛt, anaa blouse ahorow a ɛsɛ kakra wɔ wo ntade mu. Sɛ sika ho yɛ den a, ebia saa ntade yi kakraa bi a wubenya no bɛso wo.—Fa toto Luka 10:42 ho.

Wo sukuu ntade a womma ɛnnɔɔso pii no betumi ama woanya sika pii de adi ahiade afoforo ho dwuma. Sɛ nhwɛso no, wowɔ abɔnten anaa ofie nnwuma bi yɛ? Ɛnde wuhia ntade bi a emu yɛ duru a etumi kyɛ. Wubehia ntade a ɛfata ama agumadi ne agodie afoforo nso. Ɛwom sɛ ebia atade soro ne fam, ne mpaboa a ɛwɔ din a wobɛhyɛ ne nea aba so de, nanso wubehu sɛ ntade bi a ne bo nyɛ den pii nso ye saa ara.

Sɛ woyɛ Yehowa Adansefo mu biako a, ebehia sɛ wususuw hia a wuhia ntade a ɛfata a wobɛhyɛ akɔ Kristofo nhyiam horow nso ho, efisɛ ntade a wɔmfa nkɔ baguam mfata mma ɔsom. Wɔ aman a wɔhyɛ Atɔe Famfo ntade mu no, mmerante taa hyɛ trɔɔs a ɛyɛ fɛ, hyɛɛt a eye, abɔkɔn, ne nguguso. Mmabaa taa hyɛ ntade anaa ɛsoro ne fam. Ahosiesie a ɛte saa ara na wɔde yɛ afie afie asɛnka adwuma no. Ntade a ɛte saa no dodow a wubetumi atɔ no begyina wo sika so. Anigyesɛm ne sɛ, ɛho nhia sɛ wo ntade bɛdɔɔso anaa ɛbɛyɛ nea aba so. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea woahoro ma ani atew.

Yesu Kristo kɔɔ ayeforohyia ase, na saa ara na ebia wɔbɛto nsa afrɛ wo ma woakɔ aponto ahorow bi ase. (Yohane 2:1, 2) Sɛ nkurɔfo taa siesie wɔn ho yiye ma adeyɛ a ɛte saa a, ɛnde ntease wom sɛ wubenya ntade bi a ɛfata. Johanna gye tom sɛ: “Makɔ mmeae bi a mansiesie me ho yiye pɛn, na anyɛ asɛm papa amma me.” Atade biako a wubetumi de asiesie wo ho yiye a anyɛ yiye koraa wubenya no betumi nso ama woakwati ɔhaw ne ɛka a nneɛma a wɔtɔ no bere a adeyɛ bi abɛn pɛɛ de ba no.

Nneɛma no Dodow a Wobɛkyerɛkyerɛw

Israel asɔfo no kyerɛkyerɛw nneɛma a wɔde dii dwuma wɔ Yehowa asɔrefi hɔ no dodow. (Exodus 38:21) Ɔkwan a ɛte saa ara so no, wubetumi ayɛ nea nhoma kyerɛwfo Jean Patton frɛ no adaka mu nhwehwɛmu no. (Color to Color) Hwehwɛ wo ntade, a nea ɛhyɛ akyiri nso ka ho, mu. Wubetumi ahu ntade bi a wo werɛ afi sɛ ɛwɔ hɔ. Bere koro no ara nso wubetumi ayi ntade a ayɛ wo ho ketewa anaa wompɛ bio no afi mu.

Nea edi hɔ no, kyerɛkyerɛw nneɛma no din, na wubetumi akyekyem ayɛ no ntade atitiriw (nguguso, suit, mmea ntade, agumadi ntade, nguguso a ne fam nka ho), ntade a wɔde si so (blouse ahorow, nea wɔde ko awɔw, hyɛɛt a ɛyɛ fɛ), ne nneɛma nketenkete (nnuku, abɔmu, ahyɛnsa, ɛkyɛw, mpaboa, bag, abɔkɔn ahorow). Nneɛma din a wokyerɛkyerɛw no saa no boa wo ma wuhu nneɛma a wuhia na ama wo ntade no asõ.

Nneɛma a Wɔtotɔ no Nyansam

Wɔ aman bi mu no, ntade foforo bo yɛ den. Mmofra bɔ wɔn ho mmɔden hwɛ ntade a wɔwɔ no so yiye, na wɔhwɛ hu sɛ ɛyɛ nea wɔahoro ma ani atew. Nanso, sɛ wubetumi atotɔ ntade foforo nso ɛ? Janet Wallach ka wɔ ne nhoma Working Wardrobe mu sɛ “sɛ ɔbea de adwene to ho totɔ ne ntade na onim nea ɔde bɛyɛ a, ebia ɔrensɛe bere ne sika pii.” Saa ara na ɛte wɔ mmerante fam. Ebia wunni sika pii, enti ɛsɛ sɛ wubu biribiara a wotɔ ho akontaa. (Fa toto Luka 14:28 ho.) Ebia ɛno bɛhwehwɛ sɛ woyɛ nyiyim wɔ nneɛma a wototɔ mu, na wototɔ nneɛma a ɛho hia nkutoo. Ade a mfaso wɔ so a wubetumi ayɛ ne sɛ wobɛsɛe sika kɛse wɔ ntade a wobɛhyɛ no kɛse no ho.

The Better Business Bureau A to Z Buying Guide de afotu yi ma sɛ: “Gyina kɔla titiriw biako te sɛ bruu ne nsõnsõ anaa nea ɛbere dum ne tuntum so totɔ wo ntade. Paw ntade atitiriw a ne kɔla tete saa, na gyina kɔla a ani hyerɛn a ɛne no kɔ no so tɔ hyɛɛt, blouse, ne nneɛma a wɔde ka ahosiesie ho.” Ntade a ne kɔla yɛ ada-ntam bɛkyɛ ansa na atwam. Sɛ wotɔ ntade a ɛwɔ kɔla atitiriw no nkutoo a, ɛrenyɛ den sɛ wode ntade afoforo besisi so ahwɛ na ama woanya akwan foforo a wobɛfa so asiesie wo ho.

Mmebusɛm 14:15 ka sɛ: “Onitefo hwɛ ne nantew mu yiye,” na ɔkwan pɔtee bi a wobɛfa so atotɔ wo ho nneɛma no betumi aboa wo ma woakwati atotɔatotɔ. Ababaa bi ka sɛ: “Bere biara a mekɔtotɔ nneɛma no, mekyerɛkyerɛw nneɛma a merekɔtotɔ no din de kɔ.” Kae nso sɛ, sɛnea ɛte biara no, mfaso wɔ so sɛ wobɛtɔ ntade pa, ɛnyɛ ne dodow na ehia. Atade pa betumi adi mfe pii. Ababaa bi ka sɛ: “Ntade a na mehyɛ de ko awɔw bere a na minnii mfe aduonu no bi da so wɔ hɔ.” Nanso, ɛnyɛ edin kɛse a ɛda atade bi so na ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ papa ankasa, na mmom sɛ wɔhwɛ atade no ankasa yiye a na wobetumi ahu no yiye paa.a

Nnyɛ ade ntra so wɔ ntade a aba so ho. Ɛkame ayɛ sɛ mmea ntade anaasɛ mmarima suit rentwam da. Ɛnkyɛ na ntade a aba so atwam. Amelia Fatt ka wɔ ne nhoma Conservative Chic mu sɛ: “Ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔde ntade a entwam da besi afoforo so, wɔbɛhyɛ no afe a ɛbɛba no mu, na ɛnyɛ sikasɛe.”

Mma wo werɛ mmfi sɛ w’awofo de mfe pii anya osuahu wɔ ntade totɔ mu. Ebia nneɛma a mo ani gye ho no bi renhyia koraa, nanso mo adwene betumi ahyia kɛse wɔ ntade atitiriw no ho asen sɛnea wunim no. Angela ka sɛ: “Me maame boaa me ne me nuabea maa yehuu ntade a eye.” Sɛ wunya abotare a, bere rekɔ so no, wo nso wubetumi anya ntade a ɛfata a wubenya so mfaso. Ebia ɛremma bio sɛ wobɛka sɛ, ‘Minni atade biara a mede bɛhyɛ!’

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ “Mmofra Bisa Sɛ . . . Dɛn na Ɛbɛma Matumi Apaw Ntade a Ɛfata?” a ɛwɔ October 8, 1989, Engiresi de mu no.

[Kratafa 15 mfonini]

Nea edi kan no, hwehwɛ nea wowɔ dedaw no mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena