Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 7/8 kr. 20-23
  • Dɛn Na Ntade Kyerɛ Ma Wo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Na Ntade Kyerɛ Ma Wo?
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛsen Nkataho
  • Nea Ɛsɛ sɛ Wopaw ho Asɛnnennen
  • Anifere a Wɔde Tɔ Ade
  • Kari a Wobɛkari Pɛ
  • Mɛyɛ Dɛn Anya Ntade a Ɛfata?
    Nyan!—1995
  • Ntade a Yɛhyɛ—So Ɛho Hia Ankasa?
    Nyan!—1999
  • Nya Adwene a Ɛkari Pɛ Wɔ Nneɛma a Aba So Ho
    Nyan!—2003
  • W’ahosiesie Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 7/8 kr. 20-23

Dɛn Na Ntade Kyerɛ Ma Wo?

ƆBEA bi buae sɛ: “Wɔ me fam no, ntade ma me ho yɛ me hyew, ɛyɛ nkataho ma me na ɛma minya ahotɔ.” Ɔfoforo buae sɛ:

“Mede siesie me ho!” Ɔbarima bi kae sɛ: “Ɛkyerɛ biribiara. Ɛdɛn, ɛnyɛ ɛno a anka merentumi mpue nkɔ abɔnten anaasɛ merentumi nyɛ m’adwuma.”

Nokwarem no, adwene a nkurɔfo wɔ wɔ ntade ho no yɛ nea ɛsonsonoe efisɛ nnipa baanu biara nni hɔ a wɔsɛ pɛpɛɛpɛ. Enti wubu ntade dɛn? So wususuw ntade a wohyɛ ne sɛnea wohyɛ no no ho? Na dɛn na wo ntade ka fa wo ho?

Ɛsen Nkataho

Ampa, ade titiriw a wɔde ntade yɛ ne sɛ wɔde kata nipadua no ho. Nanso wɔ eyi mu no, nsonsonoe a ɛwom no dɔɔso pii. Sɛ nhwɛso no, wɔde Indiafo sari, Japanfo kimono, Hawaiifo muumu, ne Mfinimfini Apueifo aba no kata nipadua no ho nanso ɛyɛ saa wɔ akwan ahorow a ɛsonsonoe koraa so. Germanfo homburg, Fransefo beret, ne Arabfo kaffiyeh no nyinaa yɛ nea wɔde kata ɔbarima ti so nanso ɛsono emu biara. Wɔde mpaboa a wɔde dua ato ase, nea wɔde mmoa nhoma ayɛ ne asepatere atenten kata nan ho nanso wɔde yɛ saa wɔ akwan a ɛsonsonoe so. Na hena na obetumi akyerɛ nea eye kɛse wom​—Scotlandfo atade a wɔfrɛ no kilt anaasɛ Amerikafo de a wɔfrɛ no slacks no?

Ɛmfa ho sɛnea yɛte nka wɔ yɛn ntade ho, ɛda nneɛma pii adi wɔ yɛn ho ne sɛnea yɛte nka wɔ afoforo ho. Ansa na yɛbɛka asɛm bi mpo no, na yɛn ntade aka yɛn ho asɛm bi dedaw. Nkurɔfo gyina ntade a yɛhyɛ ne sɛnea yɛhyɛ no sona wɔde kyerɛ nnipa a yɛyɛ na wɔde yɛn fra nnipa bi mu. Sɛ nhwɛso no, ɛwom sɛ ɔsrɛsrɛfo a ɔhyɛ atade a atetew ne obi a wasiesie ne ho fɛfɛɛfɛ no hyɛ ntade de, nanso nsonsonoe kɛse da sɛnea wɔma nkurɔfo hu, sɛnea wɔte ne sɛnea wobu wɔn no ntam.

Wɔde ntade pii rekyerɛ asetra kwan a obi apaw, amammui adwene a ɔwɔ, ɔman a ofi mu ne nea ɛkeka ho. Sɛ nhwɛso no, wɔ Shanghai a ɛwɔ China no, mmea pii repaw ntade a wɔhyɛ a wɔn anan ho da hɔ ne Atɔe Famfo ayeforohyia ntade​—a ɛkyerɛ sɛ wɔagyae nea na wɔhyɛ tete no. Nea ɛne eyi bɔ abira no, mmea resan ahyɛ tete Nkramofo ntade wɔ Mfinimfini Apuei ne Nkramofo aman bi mu.

Wɔ nea ɛfa obi ankasa ho mpo mu no, ɛsɛ sɛ osi gyinae wɔ atade a ɛsɛ sɛ ɔhyɛ, bere ne beae a ɛsɛ sɛ ɔhyɛ no ho. Ebia dungarees (John Green) bɛyɛ nea ɛfata ma afum adwumayɛ anaasɛ ofie adwumayɛ anaasɛ wɔ mmere horow bi mu, nanso worentumi nhyɛ nkɔ aguabɔ ase, ɔsom nhyiam ahorow ase. Ebia nea yɛtaa hyɛ kɔtɔ aduan no renyɛ nea ɛbɛfata sɛ yɛhyɛ bere a yɛne yɛn nnamfo repue anwummere no. Esiane sɛ “abrabɔ foforo” no ne asetra kwan a ɛda no adi no anya nneyɛe ne nneɛma a aba so no so nkɛntɛnso nti, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ ntade ahorow bi a yɛbɛpaw no ho.

Ntade ahorow pii a aba no ma obiara, ɔbarima anaa ɔbea, abofra anaa ɔpanyin hyia asɛnnennen a ɛhwehwɛ sɛ ɔde nyansa di dwuma na ɔyɛ nhwehwɛmu. So wususuw ntade a wohyɛ ne sɛnea wohyɛ no no ho yiye?

Nea Ɛsɛ sɛ Wopaw ho Asɛnnennen

Barbaralee Diamonstein ka wɔ Vogue nsɛmma nhoma no mu sɛ: “Bere bi a atwam no, na sɛnea atade bi yɛ papa no ho na na wodwen nanso afei de, din a ɔdepamfo no de frɛ no no ne nea agye obiara adwene.” Nokwarem no, ɛnyɛ nea nnipa pii gyina so paw atade ne papa a ɛyɛ, dwuma a wɔde bedi ne hia a wohia. Mmom no, yɛte nneɛma ho dawurubɔ ahorow a ɛhyɛ yɛn bɔ sɛ, sɛ yɛhyɛ atade a ɔdepamfo bi apam no a, yɛn ho bɛyɛ fɛ, yebenya obu ne din bere nyinaa.

Nneɛma ho dawurubɔ a ɛte saa ano a yebegyina ne yɛn ankasa nkate a ɛbɛma yɛatɔ biribi no so a yebedi no gye ɔpɛ a emu yɛ den ne ahosodi. Nnipa kakraa bi na wobetumiabɔ nyansahyɛ yi agu: “Oo! Bɔ mmɔden na tɔ. Ɛfata wo yiye.” Bere a ebia nsɛm a ɛte saa no bɛyɛ te sɛ nnwom wɔ yɛn asom no, ebetumi asɛe yɛn sika nhyehyɛe nso. So wugyae wo ho mu ma ɔdetɔnfo bi a n’ani abere adɛfɛdɛfɛsɛm? Anaasɛ so wubetumi agyina ɔhyɛ a ɛbɛma woatɔ biribi a wunhia ankasa anaasɛ wunni ho sika no ano? Sɛ wubetumi ayɛ saa a, ɛnde ɛsɛ sɛ wɔkamfo wo?

Eyi nkyerɛ sɛ obi rentumi mpaw biribi a ɛyɛ foforo a aba so. Nanso ahwɛyiye ne asɛm no. Ɛyɛ papa sɛ wobɛhyɛ ntade a ɛne wo mfe, wo nipasu ne w’asetra kwan hyia sen sɛ wobɛma nea aba so akyerɛ wo kwan anaasɛ wubegyae wo ho mu ama w’atipɛnfo nhyɛso na woapaw atade foforo bi. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ahosiesie bi “aba so” no nkyerɛ sɛ eye ma wo. Sɛ nhwɛso no, akwan horow bi wɔ hɔ a wɔfa so siesie wɔn ho a nnwontofo bi ama agye din wɔ aman bi mu a ɛmma wonhu sɛ woyɛ mmarima anaasɛ mmea esiane nnuru ahorow a wɔde yeyɛ wɔn anim, sɛnea woyɛ wɔn ti nhwi ne wɔn ade nti no wɔ hɔ. Nyansa nnim sɛ wobɛpaw ahosiesie a ɛte saa esiane sɛ ebinom yɛ saa nti. Na hyɛ nea Deuteronomium 22:5 ka wɔ asɛm yi ho wɔ Bible no mu no nsow.

Wɔ atadehyɛ mu no, nea ehia ne sɛnea onipa no ahosiesie te na ɛnyɛ atade a ɔhyɛ no. Mfaso kɛse wɔ so sɛ obi benya ɔkwan a n’ankasa fa so siesie ne ho a ɛda adi sɛ eye na ɔyɛ saa wɔ anidahɔ mu sen sɛ obedi nea aba so akyi daa.

Anifere a Wɔde Tɔ Ade

Ntade a eye no nkyerɛ sɛ wowɔ ntade pii anaasɛ wowɔ nea aba so nnansa yi bi na mmom ɛtaa yɛ nea wode ahwɛyiye na ɛtɔe. Enti ansa na wobɛkɔ akɔtɔ atade bi no, di kan hwɛ ntade a wowɔ dedaw no. Ebia wubetumi asakra nneɛma a womfa nni dwuma bio wɔ bere kakraa a atwam ni no mu no anaasɛ wubetumi agyae dwuma a wode di no. Hyehyɛ ntade a wowɔ no hwɛ na hwɛ sɛ wubetumi adannan mu ma abɛyɛ foforo anaa. Eyi a wobɛyɛ no bɛboa wo kɛse ma woahu nea wuhia ankasa.

Sɛ woretɔ ade a, susuw sɛnea ade foforo no ne ntade a wowɔ dedaw no betumi ahyia no ho. Paw nneɛma a ɛne wo ntade no ani hwɛbea ne sɛnea wɔapam no no behyia. Eye sɛ wobɛpam atade no yiye efisɛ ɛbɛma woatumi ahyɛ akyɛ. Afei nso, sua sɛnea wobɛhyɛ ntade dedaw a wowɔ no denam dan a wobɛdannan mu wɔ akwan ahorow so no so.Adeyɛ a ɛte saa no bɛboa ma woahyɛ wo ntade no akyɛ na w’ani begye ho kɛse nso.

Nneɛma a wobɛtɔ wɔ bere a ɛsɛ mu ne beae a eye nso kyerɛ pii. Eyi hwehwɛ sɛ wobɛyɛ nhyehyɛe kakra nanso mfaso a ebefi mu aba no bɛyɛ nea ɛfata. Ɔbea biako se: “Sɛ edu ntadetɔn bere nkutoo a na mehwɛ sɛ mɛto ntade.” Nanso nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔretɔ ade bi no nkyerɛ sɛ eye sɛ wobɛtɔ. Enti bɔ mmɔden sɛ wubetumi ahu sɛ ntama no yɛ papa. Ɔde ka ho sɛ: “Mehwehwɛ aguadidan a wɔtew nneɛma so kakra wom anaasɛ metwɛn kosi sɛ aguadidan afoforo bɛtetew wɔn nneɛma so. Wɔ saa kwan no so no. mitumi nya adepa tɔ na ɛnsɛe me sikasɛm nhyehyɛe no.”

Kari a Wobɛkari Pɛ

Ebia obi ho a ayɛ basaa no bɛkyerɛ sɛ ɔyɛ anibiannaso anaasɛ ommu ne ho na onsusuw sɛnea ne nneyɛe ka afoforo ho no mpo. Wɔ ɔkwan foforo so no, obi ahosiesie a ɛboro so no bɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔhopɛfo na odwen ne ho tra so. Enti ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛpɛɛpɛɛ adwen horow a wukura no mu. Bisa wo ho sɛ: So merebɔ mmɔden sɛ mesiesie me ho asen obiara denam ntade a mehyɛ de kyerɛ no so anaa? So menam atade so ne afoforo resi akane anaasɛ ama me ne wɔn ayɛ pɛ? So atade a mehyɛ no fata ma bere ne beae no?

Akyinnye biara nni ho sɛ ntade ka nsɛm pii fa yɛn ho. Ɛkyerɛ sɛ ebia yedwo anaasɛ yɛyɛ ahomaso, yɛwɔ obu ma afoforo anaasɛ yɛyɛ ahantan. Ebetumi akyerɛ sɛ yɛwɔ atɛmpa na yebu yɛn ho anaasɛ ebetumi akyerɛ sɛ yedwen yɛn ho nkutoo na yensusuw afoforo ho. Yiw, ebetumi akasa brɛoo, akasa dennen anaasɛ ateɛm wɔ yɛn ho. Enti kari a yɛbɛkari pɛ wɔ ntade a yɛpaw mu no ho hia.

Bere a yɛma ɛtra yɛn adwene mu sɛ ntade yɛ sɛnea yɛte nka wɔ yɛn mu no ntoaso ara kwa no, ɛsɛ sɛ yɛn ntade yɛ nea eye na ɛfata na yɛpow atadehyɛ biara a ɛnsɛ anaasɛ ɛtra so. Sɛ yesusuw atade a yɛhyɛ ne sɛnea yɛhyɛ no ho yiye a, yɛn ntade bɛka yɛn ho asɛmpa.

[Box on page 23]

Nyansahyɛ Ahorow a Ebetumi Ama Woanya Ntade Pa

Adwuma mu panyin bi a ɔwɔ Hart Schaffner & Marx Clothes adwumam se: “Atade a ɛyɛ papa no ma wunya awerɛhyem sɛ ɛbɛyɛ nea eye, ɛbɛfata wo na ɛbɛkɔ so ara ayɛ sɛnea ɛte sɛ wusi mfe pii mpo a.” Wɔde nyansahyɛ bi ama wɔ ha wɔ sɛnea ◻ wubetumi anya ntade pa no ho.

◻ Sɛe sika a wubetumi fa tɔ atade pa

◻ Pow nea aba so ne nea ani hwɛbea, sɛnea wɔnwenee ne sɛnea wɔpam no yɛ nea ɛtra so no

◻ Ma ɛnyɛ nea ɛfata wo a wɔapam no yiye

◻ Paw atade a sɛnea wɔnwenee no ne ani hwɛbea fata atirimpɔw nti a woretɔ no

◻ Fa atade no sɛn hɔ, ma mframa mfa mu na ma ɛnsɛn hɔ nnɔnhwerew 24 ansa na woasan afa ahyɛ

◻ Bere a ɛho hia yiye nkutoo na ɛsɛ sɛ wusi; di ɛho akwankyerɛ no akyi yiye

[Kratafa 22 mfoni]

Ɛsono sɛnea ntade a wɔapam na nyansam a ɛyɛ fɛ no te wɔ ɔman biara mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena