Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 9/8 kr. 8-10
  • Nya Adwene a Ɛkari Pɛ Wɔ Nneɛma a Aba So Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nya Adwene a Ɛkari Pɛ Wɔ Nneɛma a Aba So Ho
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahoɔfɛ a Ɛnsɛe Da
  • Nea Enye Wɔ Afɛfɛde Ho
    Nyan!—2003
  • Sɛnea Nneɛma a Aba So Kɔ So Sesa
    Nyan!—2003
  • Dɛn Na Ntade Kyerɛ Ma Wo?
    Nyan!—1987
  • M’ahosiesie Te Sɛn?
    Mmabun Bisa Sɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 9/8 kr. 8-10

Nya Adwene a Ɛkari Pɛ Wɔ Nneɛma a Aba So Ho

BIBLE ka sɛ Onyankopɔn ‘ayɛ ade nyinaa fɛfɛ ne bere mu.’ (Ɔsɛnkafo 3:11) Yehu nneɛma a ɛyɛ fɛ wɔ baabiara. Yehu bi nso wɔ nnipa ho.

Ɔdepamfo botae ne sɛ ɔbɛma yɛn ho ayɛ fɛ denam ntade a yɛbɛhyɛ so. Nanso sɛnea yehui wɔ asɛm a edi kan no mu no, nnwumakuw a wɔyɛ ntade no asesa ahoɔfɛ ho adwene a nnipa wɔ no. Adwene ne nneyɛe ho ɔbenfo Ruth Striegel-Moore ka sɛ: “Yɛtaa hu mmea a wɔyɛ nteaanteaa paa, na yesusuw sɛ eyi na wobu no ahoɔfɛ.”

Ɛda adi pefee sɛ ɛbɛyɛ nea nyansa nnim sɛ yɛbɛma wiase no adwene wɔ ahoɔfɛ ho nnɛ no ahyɛ yɛn so ma yɛadi akyi. Doris Pooser kyerɛe wɔ ne nhoma Always in Style no mu sɛ, “ɛho nhia sɛ obi a ɔyɛ ɔbea nnɛ sesa anaa ɔdan ne nipadua bere biara a ade foforo ‘bɛba so’ no.” Nokwarem no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma kwan ma nsɛm ho amanneɛbɔfo de wɔn ankasa gyinapɛn hyɛ yɛn so? Pooser ka sɛ: “Hwɛ abotɔyam a ɛyɛ sɛ yɛmma nneɛma nhyɛ yɛn so pii na mmom yɛbɛma yɛn ani asɔ nea yɛwɔ sen sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi biara asesa nea yɛwɔ.”

Ahoɔfɛ a Ɛnsɛe Da

Sɛ́ wubenya wo ho mu ahotoso ne abotɔyam wɔ asetram no gyina nneɛma pii so sen ahoɔfɛ. Judy Sargent a na kan no ɔwɔ anomtow yare no kyerɛwee sɛ: “Nokware anigye fi komam. Ennyina sɛnea obi mu duru te so.” Bible ka pii fa asɛm no ho. Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Ɛsɛ sɛ moma mo ahoɔfɛ yɛ komam nipa ankasa, honhom a edwo na ɛyɛ komm a ɛnsɛe da, na ɛno ne ade a ne bo yɛ den koraa Onyankopɔn anim.”—1 Petro 3:4, Today’s English Version.

Ahoɔfɛ a ɛyɛ komam nipa ankasa a Petro ka ho asɛm no sen nipaduam ahoɔfɛ esiane sɛe a ɛnsɛe da ne sɛnea ɛsom bo wɔ Onyankopɔn ani so no nti. Mfehaha pii a atwam ni no, ɔhene nyansafo bi kae sɛ: ‘Osoowayɛ yɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ yɛ ahuhude; ɔbea a osuro Yehowa na wobeyi no ayɛ.’—Mmebusɛm 31:30.

Ɛwom sɛ nipaduam ahoɔfɛ betumi atwe nnipa pii adwene asi wo so nnɛ de, nanso nnipa pii da so ara kyerɛ obu ma onipa a ɔda Kristofo su horow adi no. Na ɔsomafo Paulo tuu Kristofo fo sɛ: ‘Monhyɛ onipasu foforo. Monhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo ne abodwokyɛre.’—Kolosefo 3:10, 12.

Ɛnkyɛ na afɛfɛde atwam. Aboro so koraa no na atade a aba so foforo no bɛtra hɔ bere tiaa bi mu. Nanso sɛ ɛkɔba sɛ yɛn nipasu ne yɛn ahosiesie nhyia a, nkɛntɛnso pa a yɛanya biara bɛsɛe ntɛm ara. Kae sɛ, “honhom aba”—a ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, papayɛ, ne ahosodi ka ho no—rentwam da.—Galatifo 5:22, 23; 1 Timoteo 2:9, 10.

Nanso, ɛfata sɛ yɛma yɛn ani kũ yɛn ntade ho. Aline a ofi France no gye tom sɛ, na ɛyɛ den ma no sɛ obekura adwene a ɛkari pɛ wɔ eyi ho. Ɔka sɛ: “Sɛ́ obi a madu me mpanyin afe so no, na m’ani gye ntade ho ankasa. Na m’ani gye ntade a aba so foforo ho efisɛ na ɛma minya me ho mu ahotoso. Na sɛ mitumi tɔ ntade a ɛwɔ din a, na m’ani gye paa.”

Aline toa so sɛ: “Nanso bere a minyinii no, na ɛsɛ sɛ mehwɛ me ho wɔ sika fam, na afei mifii ase de me bere pii yɛɛ Kristofo som adwuma no. Mibehui sɛ, sɛ mema nea mewɔ no so me di a, nneɛma a aba so foforo remfa me nnommum bio. Mehyɛɛ ase tɔɔ ntade wɔ sotɔɔ a emu nneɛma bo nyɛ den mu anaasɛ bere a wɔatew ne bo so koraa no. Mibehui sɛ na meda so ara tumi siesie me ho kama—a memmɔ ka ahe biara. Asɛm no ara ne sɛ wubesua sɛnea wobɛtɔ ntade a ɛfata wo, ɛkari pɛ, na ɛne nea wohyɛ dedaw no hyia a ɛrentwam ntɛm. Sɛ́ anka mɛma afɛfɛde akyerɛ nea ɛsɛ sɛ metɔ mmom no, seesei mebɔ mmɔden sɛ mɛtɔ nea ɛfata me. Menka sɛ ntade ho nhia me bio. Nanso bo a mesom no gyina nneɛma pii so sen m’ahosiesie.”

Wɔ wiase a ahosiesie ho taa hia kɛse sen nipasu ankasa mu no, Kristofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma Bible nkaesɛm a anibere wom yi atra wɔn adwene mu: “Nea ɛwɔ wiase nyinaa, honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu ahohoahoa, emfi agya no, na mmom efi wiase. Na wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Yohane 2:16, 17.

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Ahoɔfɛ ankasa fi komam, na emfi atade a wohyɛ

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Paw ntade a ɛkari pɛ na ɛne nea wowɔ dedaw no hyia

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena