Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 9/8 kr. 6-9
  • Nea Enye Wɔ Afɛfɛde Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Enye Wɔ Afɛfɛde Ho
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nneɛma a Aba So Nnaadaa
  • Nipadua a Edi Mũ a Wɔhwehwɛ
  • Sɛnea Nneɛma a Aba So Kɔ So Sesa
    Nyan!—2003
  • Nya Adwene a Ɛkari Pɛ Wɔ Nneɛma a Aba So Ho
    Nyan!—2003
  • M’ahosiesie Te Sɛn?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Ntade a Yɛhyɛ—So Ɛho Hia Ankasa?
    Nyan!—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 9/8 kr. 6-9

Nea Enye Wɔ Afɛfɛde Ho

AKYINNYE biara nni ho sɛ nneɛma a aba so akyi a wubedi no betumi aboa wo ma wo ho ayɛ fɛ na ama woanya wo ho mu ahotoso. Ntade a ɛfata a wobɛhyɛ no betumi ama wɔrenhu wo nipaduam dɛmdi bi papa, na ebetumi mpo ada wo nkwaa a ɛyɛ fɛ no adi yiye. Ebetumi anya sɛnea afoforo bu wo no so nkɛntɛnso.

Nanso biribi wɔ hɔ a enye wɔ nneɛma a aba so foforo ho a yentumi mmu yɛn ani ngu so. Ebetumi asum adetɔfo afiri ama wɔakɔ so atɔ ntade foforo bere nyinaa. Ɛte saa efisɛ, nnwumakuw a wɔyɛ ntade no kɔ so ara pam foforo pii. Wɔhyɛ da yɛ eyi, esiane sɛ, sɛ ntade a aba so foforo no twam ntɛm a, nnwumakuw a ɛyɛ ntade no nya mfaso pii. Sɛnea ɔdepamfo Gabrielle Chanel kae no, “yɛma ntade foforo a aba so bɛyɛ sɛ nea atwam.” Enti ɔdetɔfo a onnim nea ɛrekɔ so no bɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔtɔ ntade foforo sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenyɛ atetekwaa.

Afei nso nneɛma ho dawuru a wɔbɔ no anifere kwan so no betumi atwetwe yɛn. Nnwumakuw a wɔyɛ ntade no sɛe dɔla ɔpepem pii de bɔ wɔn nneɛma ho dawuru, na mpɛn pii no ɛda ahotɔ a wɔn a wɔhyɛ ntade a adwumakuw no din da so benya no adi. Nsɛm a ɛtete sɛɛ betumi anya nkɛntɛnso kɛse. Sukuu kyerɛkyerɛfo bi a ɔwɔ Spain ka sɛ: “Biribiara nyɛ mmofra a wɔadu mpanyin afe so ahometew sɛ wonni mpaboa ‘a ɛwɔ din.’”

Nneɛma a Aba So Nnaadaa

Nnipakuw bi hyɛ ntade pɔtee bi de da wɔn ho adi. Nea wɔhyɛ no betumi akyerɛ sɛ ɔmanfo biribiara mfa wɔn ho, wotumi yɛ nea wɔpɛ biara wɔ asetram, anaasɛ wɔyɛ anuɔdenfo anaa wokura mmusua afoforo ho adwemmɔne mpo. Ɛwom sɛ ɔkwan a wɔafa so apam ntade binom no mfata na ɛyɛ ahodwiriw de, nanso ɛtaa ba sɛ nnipakuw no mufo dodow no ara hyɛ ntade koro. Nnipa binom a wonnye kuw no nsusuwii ntom no mpo ani betumi agye ɔkwan a wɔafa so apam wɔn ntade no ho. Wɔn a wogye saa ahosiesie yi tom no betumi ama afoforo ate nka sɛ wɔpene kuw no nsusuwii so na wɔhyɛ ho nkuran.

Nneɛma a aba so na ɛtaa twam, na ebi nkyɛ koraa. Ebia na efi ɔdwontofo bi a wagye din anaa obi foforo a afoforo hwɛ no suasua no hɔ. Nanso nneɛma kakraa bi na sɛ ɛba so a ɛtra hɔ kyɛ. Sɛ nhwɛso no, wɔ 1950 ne 1960 mfe no mu hɔ no, na mmofra a wɔyɛ akasatiafo taa hyɛ jeans bruu. Nanso nnɛ, nnipa a ɛsono mfe a wɔadi nyinaa bi hyɛ wɔ mmere ahorow mu.

Nipadua a Edi Mũ a Wɔhwehwɛ

Nnipa a wɔn ani bere nneɛma a aba so foforo denneennen no betumi de wɔn adwene asi wɔn nipadua so ma aboro so. Nnipa a wɔhyɛ ntade a aba so de kyerɛ wɔ baguam no yɛ nnipa a wɔtaa woware na wɔyɛ nteaanteaa, na yɛtaa hu wɔn mfonini.a Nipadua a “ɛfata” na wɔde bɔ biribiara a wɔtɔn ho dawuru, efi kar so kosi nnɔkɔnnɔkɔwade so. Britain Asetram Nsɛm Mu Nhwehwɛmu Asoɛe no bu akontaa sɛ, “ɛnnɛ, mmabaa hu mmea a wɔn ho yɛ fɛ yiye ho mfonini pii da koro sen nea yɛn maamenom hui wɔ wɔn mpanyin afe so nyinaa.”

Nipadua su bebrebe yi betumi ahaw adwene yiye. Wɔ United States sɛ nhwɛso no, nhwehwɛmu bi a wɔfa kaa ho asɛm wɔ Newsweek nsɛmma nhoma mu no daa no adi sɛ aborɔfo mmofra a wɔadu wɔn mpanyin afe so no ɔha mu 90 ani nnye wɔn nipadua ho. Saa mmofra yi mu binom yɛ nea wobetumi biara sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya ‘nipadua a ɛyɛ pɛ.’ Nanso Asetram Nsɛm Mu Nhwehwɛmu Asoɛe no ka sɛ mmea dodow a wɔn mu duru ne wɔn kɛse betumi adu nipadua a ɛyɛ pɛ a nsɛm ho amanneɛbɔfo hyɛ ho nkuran ho no nnu ɔha mu 5. Nanso nnipa nteaanteaa paa a wɔkamfo kyerɛ mmoroso no afa mmabaa ɔpepem pii nnommum. Ama ebinom anya adidi ho nsɛnnennen ma wɔn anom ato.b Nieves Álvarez, Spaniani a ɔhyɛ ntade a aba so de kyerɛ wɔ baguam a na ontumi nnidi no ka sɛ: “Ná misuro kɛse a mɛyɛ no sen sɛ mewu.”

Nokwarem no, nneɛma foforo betumi de adidi ho nsɛnnennen te sɛ anomtow ne adidi mmoroso aba. Nanso, adwene ayaresa ho Abenfo, Anne Guillemot ne Michel Laxenaire ka sɛ: “Asɛyɛde bata teateayɛ ho anigye a wɔkyerɛ no ho.”

Ɛda adi pefee sɛ nneɛma a aba so foforo wɔ nkɛntɛnso pa ne nkɛntɛnso bɔne nyinaa bi. Ɛma adesamma tumi di ɔpɛ a wɔwɔ sɛ afoforo begye wɔn atom na wɔanya biribi foforo de asiesie wɔn ho no ho dwuma. Nanso ahosiesie a ɛtra so betumi ama yɛahyɛ ntade a ɛbɛma afoforo anya yɛn ho adwemmɔne. Na sɛ yɛma sɛnea yɛte wɔ nipaduam no ho hia yɛn dodo a, yebetumi anya adwene a ɛmfata a ɛne sɛ ɛbo a yɛsom no gyina ‘nneɛma a yɛde siesie yɛn ho’ so mmom sen su pa a yɛda no adi no. Álvarez a yɛfaa n’asɛm kae mfiase no ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ yefi ase bu nea onipa no betumi ayɛ ne ne komam tebea mmom sen sɛnea wasiesie ne ho no.” Nanso gyinapɛn a ɛte saa mu nsakrae a yɛbɛyɛ no ntumi mma seesei. Ɛnde, na yɛbɛyɛ dɛn atumi anya nneɛma a aba so foforo ho adwene a ɛkari pɛ?

[Ase hɔ nsɛm]

a Time nsɛmma nhoma bɔ amanneɛ sɛ wɔhwɛ kwan sɛ mmea a wɔhyɛ ntade a aba so foforo de kyerɛ wɔ baguam no “tenten bedu anyɛ yiye koraa no mita 1.74, wɔyɛ nteaanteaa paa, wɔn anofafa mu yɛ duru, wɔn anim trɛw, wɔn ani sõsõ, wɔn nan woware na wɔn hwene yɛ nteaanteaa a ɛnware pii.”

b U.S. Ɔman Fekuw a Ɛhwɛ Anomtow ne Ɛho Nsɛnnennen So bu akontaa sɛ, wɔ United States nkutoo no, nnipa ɔpepem awotwe na wɔn anom ato a wontumi nnidi, na wɔn a wɔn de mu yɛ den no pii wuwu. Wɔn mu dodow no ara (ɔha mu 86) hyia adidi ho nsɛnnennen ansa na wɔadi mfe 21.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 8, 9]

So Obi Bɛhyɛ Ɛno Ankasa?

Wɔ fefɛw bere ne otwa bere biara mu no, woyi ntade a ɛyɛ fɛ yiye adi wɔ adan a wɔpam ntade wom mu wɔ New York, Paris, ne Milan. Sɛ nneɛma no bo a ɛyɛ den no da nkyɛn a, ɛte sɛ nea ntade yi mu pii mfata sɛ wɔhyɛ koraa anaasɛ wɔhyɛ a ɛnyɛ yiye no. Spaniani ɔdepamfo Juan Duyos ka sɛ: “Wɔampam ntade a wuhu a ɛyɛ kyenkyenenn na ɛmfata yi amma ɔmanfo sɛ wɔnhyɛ ankasa. Ebia atirimpɔw nti a wɔde ntade a aba so kyerɛ wɔ baguam ne sɛ wɔbɛtwe nnipa adwene asi ɔdepamfo no so kɛse anaa edin a ɛda so no so mmom sen sɛ wɔbɛtɔn. Sɛ nhwɛso no, ebia ntade horow a ɛyɛ fɛ a woyi no adi wɔ bere pɔtee bi mu ho nsɛm a nsɛm ho amanneɛbɔfo bɛka no pii no betumi aboa ma wɔatɔn aduhuam a wɔn a wɔyɛɛ ntade no din da so no kɛse.”

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Nneɛma a aba so a wubedi akyi no betumi ama woabɔ ka kɛse

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Ebia ntade bi a wobɛtaa ahyɛ no bɛma wɔde kuw bi asusuw wo

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Ama ebinom anya adidi ho nsɛnnennen a ɛyɛ hu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena