Ntade a Yɛhyɛ—So Ɛho Hia Ankasa?
“MINHU atade a menhyɛ!” So woate saa asɛm a wɔde rehwehwɛ mmoa yi bi pɛn? Nokwarem no, nnɛyi mmeae a wɔtɔn ntade a wɔde siesie ho no, wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛboa wo bere nyinaa—anaa mpo wɔbɛma w’adwene ayɛ wo bebree—denam nneɛma a abaso foforo a wɔyɛ so.
Nea ɛma gyinaesi no yɛ den mpo ne sɛ, ebia wɔbɛhyɛ wo nkuran nnansa yi mpo sɛ ma w’ahosiesie nyɛ basaa sen sɛ anka ɛbɛyɛ kama. Ɛdefa nsakrae a aba wɔ 1990 mfe yi mu ho no, ntade ho atesɛm krataa bi ka sɛ: “Ɛma awerɛhyem sɛ yebehu sɛ ɛnyɛ ye nko na sɛ wubesiesie wo ho sɛ obi a wahaw, ne mfe akɔ anim, ne ho ntade atetew, na wayɛ pasaa, no ye na ɛfata nso.”
Nokwarem no, wɔ nnansa yi mfe mu no, aguade ho dawuru a wɔbɔ denneennen, TV so nnipa a wɔhwɛ wɔn suasua wɔn, atipɛnfo, ahomaso, ne anuonyampɛ anya nkɛntɛnso a emu yɛ den wɔ ntade a nkurɔfo hyɛ so, titiriw no wɔ mmofra so. Wɔn mu bi mpo bɔ korɔn na ama wɔatumi anya ntade a aba so foforo ahyɛ.
Ɔkwan a wɔfa so pam ntade a agye din wɔ 1990 mfe yi mu no pii nyaa ne mfiase fii amammerɛ a abɛsen kɔ a na ɛmfa kwan mu te sɛ Atɔe fam mmofra asɔretiafo ahosiesie a ɛkɔɔ so wɔ 1960 mfe no mu no mu. Abogyesɛ, ti nhwi a wogya no kusuu a wɔnsrɛn, ne ntade fĩ a aponpono a wɔhyɛ no kyerɛe sɛ wɔapo tete adwene a ɛfa abrabɔ pa a yebekura mu ho no. Nanso atuatew ahosiesie no kɔfaa biribi foforo nso bae a na obiara pɛ sɛ odi akyi, atipɛnfo nhyɛso foforo.
Ntadehyɛ abɛyɛ ɔkwan a nnipa dodow no ara nam so da nnipa ko a wɔyɛ adi. Ntade, titiriw T-shɛt, abɛyɛ ɔkwan a dede nnim a wɔfa so bɔ agumadi a agye din ne agumadi mu mmɔdenbɔfo, anikasɛm, anibue, anuɔdensɛm, ɔbra pa—anaa ɔbra bɔne—ne aguade ahorow ho dawuru. Anaasɛ ebetumi ayɛ asefem. Susuw asɛm bi a epuee atesɛm krataa Newsweek mu no ho: “Atirimɔdensɛm a Wɔnam Mmofra Ntade so Da no Adi.” Atesɛm krataa mu asɛm no faa asɛm bi a obi a wadi mfe 21 ka faa ne T-shɛt ho no kae sɛ: “Mehyɛ atade no efisɛ ɛka tebea a mewom ho asɛm kyerɛ nkurɔfo. Meremma obiara nkyerɛ me nea menyɛ na mempɛ sɛ obiara beguan me ho.”
Ɛsono obiara ne nneɛma a wɔakyerɛw agu ne T-shɛt mu. Nanso nea aba so a wodi akyi—di kuw bi akyi anaa nea obiara reyɛ bi, ahopɛ, adapaade, anaa basabasayɛ—da adi. Obi a ɔpam ade tutu mu ntokuru sɛnea wɔn a ɔpam wɔn nneɛma no bɛkyerɛ no sɛ ɔnyɛ. Ɔka sɛ: “Wotumi paw ntokuru akɛse, nketewa, ne hɔ-ne-hɔ. Ɛyɛ ɔkwan a wɔfa so yɛ ntade kɛkɛ.”
Dɛn na Ntadehyɛ Da no Adi?
Jane de Teliga a ɔhwɛ ntadehyɛ ho nsɛm so wɔ Powerhouse Tete Nneɛma Akorae, a ɛwɔ Sydney, Australia ka sɛ: “Yenim yiye sɛ ntadehyɛ yɛ ɔkwan a wofa so kyerɛ abusua a wufi mu wɔ ɔman mu.” Ɔde ka ho sɛ: “Wopaw abusua a wopɛ sɛ wɔde hu wo, na wusiesie wo ho sɛ wɔn pɛpɛɛpɛ.” Ɔbenfo Dianna Kenny, a ɔyɛ adwene ne nneyɛe ho kyerɛkyerɛfo wɔ Sydney Sukuupɔn mu, kae sɛ atade a obi hyɛ ho hia na ama wɔahu nipa ko a ɔyɛ te sɛ nyamesom, ahonyade, adwuma, abusua a obi fi mu, nhomasua, ne nkurɔfo fie nɔma ara pɛ. Sɛnea Jet nsɛmma nhoma no kyerɛ no, wɔ sukuu bi a ɛkame ayɛ sɛ aborɔfo nkutoo na wɔwɔ mu wɔ United State no, aborɔfo ne abibifo mu nyiyim “sɔree bere a Aborɔfo mmeawa bi bɔɔ wɔn ti, hyehyɛɛ ntade akɛse, ne atuatew ntade foforo no, efisɛ wosusuw sɛ Abibifo na wɔyɛ wɔn ho saa.”
Abusua mu nyiyim kɔ so wɔ dwumadi ahorow bi te sɛ nnwonto nso mu. Nsɛmma nhoma a wɔfrɛ no Maclean’s no ka sɛ: “Mpɛn pii no, ntade a wɔhyɛ ne nnwom a wɔto no na ɛkɔ: wɔn a wɔn ani gye rege ho no hyɛ ntade ne kyɛw a wɔde Jamiacafo kɔla a ɛyɛ hyerɛn na ayɛ, na wɔn a wɔpɛ rock nnwom nso hyɛ fam ntade a ɛkyekyere wɔn ne soro atade a wɔasensan mu basabasa.” Nanso ɛmfa ho sɛnea ɛte biara no, ntade a ɛma obi ho yɛ basaa, ɔsɛ mmɔborɔwa, obi a wɔato no asaworam, ne onnibie no, bo taa yɛ den.
Dɛn na Aka Ɔkwan a Yɛfa so Siesie Yɛn Ho No?
Atesɛm krataa kyerɛwfo Woody Hochswender ka sɛ, “Biribiara a wuhu no ne nea anka wobɛpɛ sɛ wuhu no bɔ abira. Ɔkwan a mmarima fa so siesie wɔn ho, a bere bi na anka mmara katee da ho no, abɛyɛ nea agye nsam koraa. . . . Ayɛ te sɛ nea wɔatu nneɛma agu basaa.” Nanso, wɔ ɔkwan bi so no, saa suban yi da obi adi sɛ onipa a hwee mfa ne ho. Anaasɛ ebetumi akyerɛ sɛ obi mmu ne ho anaa afoforo.
Wɔ asɛm bi a wɔkyerɛw faa sɛnea adesuafo hu akyerɛkyerɛfo ho no, atesɛm krataa Perceptual and Motor Skills kyerɛkyerɛ mu sɛ “ɛwom sɛ wobu ɔkyerɛkyerɛfo a ɔhyɛ jeans sɛ obi a ɔma adesua dan mu yɛ anigye de, nanso ɔno na wɔmfa n’asɛm nyɛ hwee koraa, na ɔno na mpɛn pii no wobu no sɛ ɔkyerɛkyerɛfo a onnim hwee.” Nsɛmma nhoma koro no ara ka sɛ “wobu ɔkyerɛkyerɛfobea a ɔhyɛ jeans sɛ obi a ne ho yɛ anika, obi a obiara tumi bɛn no, onni nimdeɛ papa, nnipa kakraa bi na wobu no, ne ho nsɛ ɔkyerɛkyerɛfo, na obiara pɛ n’asɛm.”
Ne nyinaa mu no, wɔ aguadi wiase yi mu no, yɛsan wɔ ntadehyɛ mu fene foforo bi: ahosiesie a ɛtwetwe afoforo adwene. Wɔ nnansa yi mfe mu no mmea pii apɛ sɛ wonya dibea a ɛkorɔn wɔ nnwuma mu. Marie, a ɔyɛ ɔpanyin wɔ adwuma bi a etintim nhoma mu ka sɛ: “Misiesie me ho de hyɛ afoforo so.” Ɔde ka ho sɛ: “Mepɛ sɛ meda nsow. Mepɛ sɛ meda me ho adi sɛ biribi a ɛyɛ soronko koraa.” Nokware na Marie aka no sɛ ɔde n’adwene nyinaa si ne ho so no.
Ntade a aba so no adidi kɔ asɔre ahorow mu nso. Wɔn a ntade a aba so foforo adi wɔn ti no mu pii mpo de asɔre a wɔkɔ no ayɛ mmeae a wɔde wɔn ntade foforo kɔkyerɛ. Nanso, ɛnnɛ, bere a asɔfo hyehyɛ wɔn ntade yuu no, wɔtaa bu asɔre mma a wɔhyɛ jeans ne mpaboa a wɔde di agoru anaa ntade a aba so no animtia.
Dɛn Nti ne Saa Ahopɛ ne Anuonyampɛ Yi?
Adwene ne nneyɛe ho animdefo ka sɛ ntade a aba so foforo—titiriw nea mmofra hyɛ—no yɛ ɔkwan a obi fa so susuw ne ho sen afoforo, efisɛ ɛtwe afoforo adwene ba ne so. Wɔka ho asɛm sɛ “adeyɛ a agye nhini wɔ wɔn a wɔrebɛn mpanyin afe so no mu a ɛma wɔtwe afoforo adwene ba wɔn so.” Ne nyinaa mu no, nea ɔrekyerɛ ne sɛ: “Misusuw sɛ w’adwene wɔ me so sɛnea m’ankasa m’adwene wɔ me ho so no.”—American Journal of Orthopsychiatry.
Nsusuwii a ɛtwe adwene si bo a adesamma som so na emmu Onyankopɔn hwee no nso akanyan adwene a (aguadi taa hyɛ akyi) a ɛne sɛ, wone onipa a ne ho hia sen obiara wɔ amansan yi mu. Ɔhaw no ne sɛ, nnipa a wosusuw sɛ ‘wɔn ho hia sen obiara’ yi bɛyɛ ɔpepepem asia na wɔwɔ hɔ nnɛ. Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ Kristoman mu no nso de wɔn ho ahyɛ honam fam ade dodowpɛ ntua a ɛrekɔ so no mu, na wɔrebɔ mmɔden sɛ wobenya “asetra pa, prɛko pɛ.” (Fa toto 2 Timoteo 3:1-5 ho.) Nea ɛka eyi ho ne abusua asetra a asɛe ne nokware dɔ a enni hɔ, enti ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa pii, titiriw mmofra, ani abere wɔn ho refa kwan biara so sɛ wɔbɛma wɔahu wɔn na wɔanya ahobammɔ.
Nanso, wɔn a wɔn ahosiesie ne wɔn gyinabea wɔ Onyankopɔn anim ho asɛm hia wɔn no bisa wɔn ho sɛ: Ɛhe na ɛsɛ sɛ mema ntadehyɛ a wɔsakrasakra mu no nya me so nkɛntɛnso kodu? Mɛyɛ dɛn ahu sɛ me ntade fata? So ɛyɛ nea ɛkyerɛ sɛ biribi atoto anaa ɛka asɛm a enye fa me ho?
So M’ahosiesie no Fata?
Nea yɛhyɛ no gyina nea obiara pɛ so titiriw. Ɛsono nea obiara pɛ, na ɛsono obiara sikasɛm nso. Ɛsono baabiara ne ɛhɔ amammerɛ, ɔman biara nko ne ne de, wim tebea biara nko ne ɛho de. Nanso sɛnea wo tebea no te biara no, ma saa nnyinasosɛm yi ntra w’adwenem: “Ade biara wɔ ne bere a wɔahyɛ ama no, na ɛbere wɔ hɔ ma adwuma nyinaa ɔsoro ase.” (Ɔsɛnkafo 3:1, Revised Standard Version) Wɔ ɔkwan foforo so no, siesie wo ho ma ɛne tebea no nhyia. Na nea ɛto so abien no, ‘fa ahobrɛase ne wo Nyankopɔn nantew.’—Mika 6:8.
Ɛno nkyerɛ sɛ siesie wo ho ma no ntra so, na mmom wɔ ɔkwan a “ɛsɛ” na ɛda “adwenemtew” adi so. (1 Timoteo 2:9, 10) Mpɛn pii no, nea eyi kyerɛ ne ahosodi a wobɛda no adi, su a Working Woman nsɛmma nhoma no kyerɛ sɛ wɔde ntade a ɛsɛ ne nea ɛyɛ kama da no adi. Sɛ akwankyerɛ pa no, mma afoforo adwene mmma wo ntade so kan bere a wɔawura dan bi mu no, na anhaw wɔn adwene. Working Woman ka sɛ: “Siesie wo ho . . . sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo adwene mma wo ntade so mmom, na wɔahu wo sɛnea wote ankasa.”
Nsɛmma nhoma Perceptual and Motor Skills ka sɛ: “Nhoma ahorow a ɛhwehwɛ dwuma a ntadehyɛ di wɔ adwene a ɛma obi nya wɔ nea ɔhyɛ atade no ho ne nea ɛka kyerɛ afoforo mu no kyerɛ sɛ ntadehyɛ yɛ ɔkwan titiriw a edi kan a wɔfa so hu sɛnea afoforo te.” Wɔ eyi mu no ɔbea bi a ɔwɔ ne mfe 40 mu, a bere a atwam no na ɔnam ɔkwan a ɔfa so siesie ne ho so twetwe afoforo adwene ba ne so de gyigye n’ani no ka sɛ: “Ɛde ɔhaw kɛse brɛɛ me efisɛ ɛma ɛbɛyɛɛ den sɛ wobehu sɛnea mete wɔ adwuma mu ne fie. Bere nyinaa na nnipa a me ne wɔn yɛ adwuma no pɛ sɛ wɔde me pue kodidi awia.” Ɔbea bi a ɔyɛ sika ho ɔkontaabufo, reka ɔkwan foforo a wɔfa so yɛ ade ho asɛm no, ɔka sɛ: “Mahwɛ sɛnea mmarima yɛ wɔn ade wɔ mmea a wɔn ahosiesie yɛ basaa, anaa wɔn ahosiesie te sɛ mmarima de no ho. Wɔtaa bu wɔn sɛ mmea a wɔn asɛm yɛ den a wɔpɛ sɛ wosisi afoforo, na mmarima ntaa nhu wɔn mmɔbɔ.”
Abeawa kumaa bi a wɔfrɛ no Jeffie hui sɛ sɛ oyi ti a aba so a, ɛma nkurɔfo nya ne ho adwemmɔne. Ɔka sɛ: “Misusuwii sɛ na ɛma meyɛ ‘soronko’ kɛkɛ. Nanso nkurɔfo fii ase bisaa me sɛ: ‘Woyɛ Yehowa Adansefo no mu bi ampa?’ na na ɛyɛ me aniwu.” Ná ɛsɛ sɛ Jeffie bisa ne ho nsɛm a emu yɛ den. Nokwarem no, so ɛnyɛ nokware sɛ ɛnyɛ ano nko na ɛka “nea ayɛ koma ma abu so” na mmom yɛn ntade ne yɛn ahosiesie nso? (Mateo 12:34) Dɛn na wo ntadehyɛ da no adi—koma a ɛtwe adwene kɔ Ɔbɔadeɛ no so anaasɛ w’ankasa so?
Fa “Adwenemtew” Siesie Wo Ho
Susuw nkɛntɛnso a wo ntade wɔ wɔ wo so no nso ho. Ahosiesie a tumi wom ne ahosiesie a ɛtra so betumi ama woayɛ ahomaso, ahosiesie a enni mu betumi ama adwene a ɛnteɛ a wowɔ wɔ wo ho no ayɛ kɛse, na T-shɛt a ɛbɔ sini anaa obi a wagye din wɔ agumadi mu a wopɛ n’asɛm anaa okunini bi ho dawuru no betumi atwetwe wo akɔ akunini som mu—abosonsom. Yiw wo ntade kasa kyerɛ afoforo—na ɛka wo ho asɛm kyerɛ wɔn.
Dɛn na wo ntade ka fa wo ho, sɛ wosiesie wo ho kyenkyerenn sɛnea afoforo behu wo anaa ɛtwetwe akɔnnɔ a? So worehyɛ nipasu a nokwarem no ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden sɛ wubedi so no mu den anaa? Bio nso, nnipa bɛn na worebɔ mmɔden sɛ wobɛtwetwe wɔn? Afotu a ɛwɔ Romafo 12:3 no betumi aboa yɛn ma yɛadi yɛn ho a yebesusuw asen afoforo, ahomaso, ne adwene a ɛnteɛ so nkonim. Ɔsomafo Paulo tu yɛn fo wɔ hɔ sɛ ‘yennnwen yɛn ho nnntra nea ɛsɛ sɛ yɛdwen, na mmom yɛnnwene anidahɔ adwene.’ Nea “anidahɔ adwene” a yebenya no kyerɛ ne anyansafo a yɛbɛyɛ.
Eyi ho hia titiriw ma wɔn a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa na wɔrehwɛ afoforo so no. Wɔn nhwɛso wɔ tumi kɛse wɔ afoforo so. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɛfata ama ɔsom adwuma hokwan ahorow wɔ Kristofo asafo no mu ne wɔn Kristofo yerenom nso da ahobrɛase ne obu adi wɔ wɔn ntadehyɛ ne ahosiesie mu. Yɛrempɛ da sɛ yɛbɛyɛ te sɛ ɔbarima a Yesu kaa ne ho asɛm wɔ ne mfatoho a ɛfa ayeforohyia apontow ho mu no: “Na ɔhene no baa mu bɛhwɛɛ didifo no, obehuu onipa bi a ɔnhyɛ ayeforohyia atade wɔ hɔ.” Bere a obehuu sɛ saa ɔbarima yi nni ntease pa biara nti a ɛsɛ sɛ ɔhyɛ saa aniammɔho atade no, “ɔhene no see asomfo no sɛ: ‘Monkyekye ne nan ne ne nsa mfa no nkɔtow no nkyene.’—Mateo 22:11-13.
Saa nti, ɛho hia sɛ awofo de wɔn kasa ne nhwɛso boa wɔn mma ma wonya adwene a ɛfata wɔ ntade a ɛsɛ ho na wɔn ani gye. Nea eyi betumi akyerɛ ne sɛ ɛtɔ da a ɛsɛ sɛ awofo si pi bere a wɔne wɔn babarima anaa wɔn babea resusuw nsɛm ho no. Nanso hwɛ nkuranhyɛ ara a ɛyɛ bere a wɔde nkamfo a yɛnhwɛ kwan ma yɛn wɔ yɛne yɛn mmofra ahosiesie a edi mu ne yɛn abrabɔ pa ho no!
Yiw, Yehowa asomfo ade wɔn ho afi ahuhude, ntade aboɔden a aba so, ne wɔn ho so a wɔbɛtwe adwene asi no ho. Wɔwɔ ɔsoro nnyinasosɛm a ɛkyerɛ wɔn kwan, ɛnyɛ wiase honhom no. (1 Korintofo 2:12) Sɛ wode nnyinasosɛm ahorow yi yɛ adwuma a, ɛrenyɛ den pii mma wo sɛ wobɛpaw wo ntade. Bio nso, te sɛ nea wɔde mfonini to mu a edi mu a woapaw no, ɛremmunkam wo nipasu so anaa ɛrenka ho asɛmmɔne. Na bere dodow a wobɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ sɛ Onyankopɔn no, bere dodow no ara na wubenya honhom fam ahoɔfɛ a wo ntade biara ntumi mma wunnya.