Akwankyerɛ Abiɛsa a Ɛbɛma Wo Nkyerɛkyerɛ Atu Mpɔn
1. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden ma yɛn nkyerɛkyerɛ tu mpɔn?
1 Kristofo asomfo nyinaa yɛ akyerɛkyerɛfo. Sɛ́ ebia ɛyɛ da a edi kan a yɛakɔ obi nkyɛn, yɛresan akɔboa no ma n’anigye ayɛ kɛse anaa yɛreyɛ Bible adesua no, na yɛrekyerɛkyerɛ no. Na nea yɛka no nso yɛ asɛnhia. Yɛrema nkurɔfo ahu “nkyerɛwee kronkron” a ebetumi ‘ama wɔahu nyansa akɔ nkwagye mu.’ (2 Tim. 3:15) Eyi yɛ hokwan kɛse paa! Akwankyerɛ abiɛsa a ɛbɛma yɛn nkyerɛkyerɛ atu mpɔn na edidi so yi.
2. Yɛbɛyɛ dɛn atumi de nsɛm a asete nyɛ den akyerɛkyerɛ?
2 Nsɛm a Asete Nyɛ Den: Sɛ yenim biribi ho asɛm yiye a, yɛn werɛ betumi afi sɛ ebia asete bɛyɛ den ama obi a onnim ho nsɛm pii no. Enti sɛ woreyɛ Bible adesua a, mfa nsɛm pii a ɛho nhia nhyehyɛ wo nkyerɛkyerɛ mu. Mmom no, si nsɛntitiriw a ɛwom no so dua. Ɛnyɛ nsɛm pii a wobɛka no na ɛbɛkyerɛ ankasa sɛ wunim nkyerɛkyerɛ. (Mmeb. 10:19) Mpɛn pii no, ɛyɛ papa sɛ wobɛkenkan kyerɛw nsɛm atitiriw no nkutoo. Sɛ wokenkan kyerɛwsɛm bi wie a, twe adwene si ne fã a ɛfa nea moresusuw ho no nkutoo so. Nokware ahorow a emu dɔ wɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka a ɛwɔ Mateo ti 5 kosi 7 no mu, nanso wamfa nsɛm pii ne nsɛm a asete yɛ den anni dwuma wɔ ne nkyerɛkyerɛ no mu.
3. Mfaso bɛn na ɛwɔ mfatoho so, na emu nea ɛwɔ he na ɛtaa yɛ papa?
3 Mfatoho: Mfatoho ma obi dwen, ɛkanyan no, na ɛma ɔkae asɛm no. Nsusuw sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ obi a onim kasa na woatumi ama mfatoho a ɛtɔ asom. Ná Yesu taa de mfatoho ntiantiaa a asete nyɛ den kyerɛkyerɛ. (Mat. 7:3-5; 18:2-4) Mfonini a ɛnyɛ den sɛ wobehu nea ɛkyerɛ a wobɛyɛ wɔ krataa so no nso betumi aboa. Sɛ wudi kan dwen mfatoho ahorow bi ho kakra a, wubetumi anya nea etu mpɔn.
4. Yɛbɛyɛ dɛn atumi de nsɛmmisa adi dwuma ma atu mpɔn?
4 Nsɛmmisa: Nsɛmmisa ma wo suani no dwen. Enti, nya abotare bere a woabisa asɛm bi no. Sɛ woma mmuae ntɛm ara a, worentumi nhu nea wo suani no nim ankasa. Sɛ ɔma mmuae a ɛnteɛ a, ɛbɛyɛ papa sɛ wode nsɛmmisa afoforo bɛboa no ma wahu mmuae a ɛteɛ no sen sɛ wubebua ama no. (Mat. 17:24-27) Nokwarem no, yɛn mu biara nni hɔ a otumi kyerɛkyerɛ pɛpɛɛpɛ. Enti, Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmma yɛn ani mmra yɛn nkyerɛkyerɛ so bere nyinaa. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛne yɛn atiefo benya so mfaso daa.—1 Tim. 4:16.