Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w85 5/1 kr. 21-26
  • “Ɛsɛ Sɛ Moyɛ Akyerɛkyerɛfo”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Ɛsɛ Sɛ Moyɛ Akyerɛkyerɛfo”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔkyerɛkyerɛfo No . . .
  • . . . Ne Ne Nkyerɛkyerɛ
  • Ma Nhumu Ne Kasadɛ Mmra Wo Nkyerɛkyerɛ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • “Wankasa Ankyerɛ Wɔn a Wanyɛ Mfatoho”
    “Bra Bedi M’akyi”
  • Ma W’ani Mmra Wo Nkyerɛkyerɛ So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
w85 5/1 kr. 21-26

“Ɛsɛ Sɛ Moyɛ Akyerɛkyerɛfo”

‘Ɛsɛ sɛ Awurade akoa hu kyerɛkyerɛ.’​—2 TIMOTEO 2:24.

1, 2. Ɔkwan a ɛda nsow bɛn so na ɛsɛ sɛ Kristofo suasua Yesu?

DA BI wɔ 31 Y.B. fefɛw bere mu no, Yesu maa baguam ɔkasa bi kyerɛɛ nnipadɔm ahorow a na wɔahyiam rebetie ne nkyerɛkyerɛ no. Ɔkasae a na akasam afiri biara nni hɔ, enti ogyinaa bepɔw bi so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛte nea ɔreka no. Na asɛm a ɔkae no yɛɛ wɔn nwonwa. Bere a ɔkasa wiei no, n’atiefo no gye toom sɛ wɔntee biribi a ɛte saa da. Kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Ne kyerɛkyerɛ no maa nkurɔfo akuwakuw no ho dwiriw wɔn.” (Mateo 7:28) Wɔ saa bere yi ne mmere afoforo pii mu no, Yesu daa no adi sɛ ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ne ho akokwaw ampa.

2 Bio nso, ɔka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔn nso wɔbɛyɛ akyerɛkyerɛfo. Ɔkae sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo . . . monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mateo 28:19, 20) Ɔsomafo Paulo nso sii so dua sɛ Kristofo wɔ asɛyɛde sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ. Ɔka kyerɛɛ Kristofo a wɔwɔ Hebri no sɛ: “Ɛsɛ sɛ moyɛ akyerɛkyerɛfo esiane bere no nti.” (Hebrifo 5:12, NW) Ɔka kyerɛɛ Timoteo nso sɛ: “Ɛnsɛ Awurade akoa bi sɛ ɔko, na mmom ɛsɛ sɛ odwo ma nnipa nyinaa, ohu kyerɛkyerɛ.”​—2 Timoteo 2:24.

3. Tebea horow bɛn mu na ebia ɛho behia sɛ Kristoni kyerɛkyerɛ?

3 Dɛn nti na wɔresi ɔkyerɛkyerɛ so dua saa? Wiɛ, ɛsɛ sɛ Kristofo hu kyerɛkyerɛ bere a wɔka asɛm wɔ afie afie ne wɔ mmorɔn so, anaasɛ bere a wɔsan kɔsra anigyefo na wɔne wɔn yɛ Bible adesua no. Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde hokwan biara a wobenya ne afoforo adi nkitaho no bɛkyerɛkyerɛ (Hwɛ Yohane 4:7-15.) Bio nso, ɛho hia sɛ Kristoni somfo kyerɛkyerɛ bere a ɔkasa kyerɛ asafo no wɔ Ahenni Asa so anaa bere a ɔde afotu ma ankorankoro no. Na wotu mmerewa fo sɛ wɔnkyerɛkyerɛ mmabaa “asɛmpa.” (Tito 2:3-5) Kristofo awofo nso bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛn wɔn mma wɔ “ [Yehowa] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu”​—biribi a egye ahokokwaw kɛse wɔ ɔkyerɛkyerɛ mu. (Efesofo 6:4; Deuteronomium 6:6-8) Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔsomafo Paulo kae sɛ ɛsɛ sɛ Kristoni ‘hu kyerɛkyerɛ’!

4, 5. Mmoa bɛn na yɛwɔ a ɛbɛma yɛayɛ akyerɛkyerɛfo pa?

4 Nanso ɔkyerɛkyerɛ nyɛ mmerɛw. Ɛyɛ nyansa adwinni. (2 Timoteo 4:2) Ɔkwan bɛn so na Kristofo, a wɔn mu pii nyɛ “ɔhonam fam anyansafo” no betumi anya saa su yi? (1 Korintofo 1:26) Yehowa mmoa so nkutoo na wɔnam betumi anya. (Mateo 19:26) Yehowa de nyansa ma wɔn a wobisa no. (Yakobo 1:5) Ne honhom kronkron no boa wɔn a wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛyɛ n’apɛde no, na ɔde Bible no ama yɛn a “eye ma ɔkyerɛkyerɛ” na etumi boa yɛn ma ‘yesiesie yɛn ho ma nnwuma pa nyinaa,’ a ɔkyerɛkyerɛ ka ho.​—2 Timoteo 3:16, 17.

5 Bible no boa yɛn ma yɛbɛyɛ akyerɛkyerɛfo pa. Ɛyɛ eyi titiriw denam nokware mu a efi ka Yesu Kristo a ne kyerɛkyerɛ su ahorow maa ne bere sofo ho dwiriw wɔn no som adwuma kyerɛ yɛn no so. (Marko 1:22) Sɛ yehu nea ɛma ɔyɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa yi a, yebetumi abɔ mmɔden asuasua no. Nokwasɛm no ne sɛ, nneɛma ahorow abien wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesusuw ho wɔ asɛm a ɛfa ɔkyerɛkyerɛ ho no mu: ɔkyerɛkyerɛfo no ankasa su ahorow ne ɔkwan a ɔfa so kyerɛkyerɛ. Momma yɛnhwɛ sɛnea na eyi yɛ nokware wɔ Yesu fam, ne nea yebetumi asua afi ne nhwɛso no mu.

Ɔkyerɛkyerɛfo No . . .

6. Dɛn ne ade biako a ɛfa Yesu nkyerɛkyerɛ ho a ɛho hia sɛ yesuasua? Dɛn ntia?

6 Bere bi Yesu kae sɛ: “Me kyerɛkyerɛ nyɛ me dea, na nea ɔsomaa me no dea.” (Yohane 7:16) Bere foforo nso ɔkae sɛ: “Memmɔ m’ankasa me tirim mennyɛ biribi, na sɛnea agya no kyerɛkyerɛ me no, ɛno ara na meka.” (Yohane 8:28) Enti, Yesu twee adwene sii ne soro Agya no so. Ɛwom sɛ na ɔyɛ Mesia de, nanso na n’adwene ne sɛ ɔbɛhyɛ Yehowa din anuonyam, na ɛnyɛ n’ankasa de. (Mateo 6:9; Yohane 17:26) Saa ahobrɛase su yi boaa Yesu ma ɔbɛyɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔda nsow. Ɛsɛ sɛ Kristofo akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ hɔ nnɛ brɛ wɔn ho ase saa ara. Ɛnyɛ wɔn adwene ne sɛ wɔbɛhwehwɛ ayeyi ama wɔn ho sɛ́ akyerɛkyerɛfo na mmom ma Yehowa sɛ́ Obi a nea wɔkyerɛkyerɛ no fi no. Enti wɔn adesuafo no ba bɛyɛ Onyankopɔn asomfo, na ɛnyɛ nnipa bi asuafo.​—Fa toto Asomafo no Nnwuma 20:30 ho.

7, 8. (a) Su pa bɛn na Yesu nyae wɔ nokware no ho? (Dwom 119:97) (b) Ɔkwan bɛn so na su a ɛte saa ara bɛma yɛn ɔkyerɛkyerɛ su anya nkɔso?

7 Afei kae sɛ Yesu bae sɛ ‘ɔrebedi nokware no ho adanse,’ ne sɛ na ɔwɔ n’asɛm no ho nimdeɛ a edi mũ. (Yohane 17:17; 18:37) Bere a odii mfirihyia 12 mpo no, na n’ani gye Kyerɛwnsɛm mu nsɛm ho kɛse. (Luka 2:46, 47) Ɛda adi sɛ na Yesu dɔ nokware no. (Dwom 40:8) Ntease kɛse no nokware no ho dɔ yi na ɛmaa Yesu hui sɛ ɛho hia sɛ afoforo te n’asɛm no, na na wasi ne bo sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ wɔ ɔkwan a etu mpɔn so sɛnea obetumi.​—Yohane 1:14; 12:49, 50.

8 Na yɛn nso ɛ? Ebia yenim nokware no ho asɛm pii kakra, nanso so ɛyɛ nea yɛdɔ? So yegye bere sua ade na ama yɛn ho akokwaw kɛse wɔ dwuma a yɛde di no mu? So yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛka ho asɛm akyerɛ afoforo? Bere a yɛn nimdeɛ wɔ nokware no ho yɛ kɛse no, ɔdɔ a yɛwɔ ma no bɛyɛ kɛse na saa ara na yebenya anigye kɛse sɛ yɛbɛka ho asɛm akyerɛ afoforo. Odwontofo no kae sɛ anigye ne onipa a “[Yehowa] mmara sɔ n’ani, na odwen ne mmara so awia ne anadwo.” Bible no ka wɔ onipa a ɔte sɛɛ ho sɛ, “nea ɔyɛ nyinaa bewie yiye,“a ɔkyerɛkyerɛ nso ka ho.​—Dwom 1:1-3.

9. Yesu su foforo bɛn na ɛboa ma onyaa ɔkyerɛkyerɛ ho nimdeɛ pa?

9 Nanso, ɛnyɛ asɛm bi ho nimdeɛ ara kwa a yɛwɔ no na ɛbɛma yɛayɛ akyerɛkyerɛfo a wɔn ho akokwaw ankasa. Bere a na wokɔ sukuu no, ebia na wowɔ ɔkyerɛkyerɛfo bi a onim nneɛma a ɔkyerɛ ho ade no yiye nanso ɔnyɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa. Dɛn nti na na ɛte saa? Ebia na onni su bi a Yesu wɔ no kɛse no bi: ɔdɔ kɛse ma afoforo ne wɔn ho a wosusuw. Kyerɛwtohɔ no ka bere yi ho asɛm kyerɛ yɛn sɛ: “Na [Yesu] huu nkurɔfo akuwakuw no, ne yam hyehyee no maa wɔn, efisɛ na wɔabrɛ na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo.” (Mateo 9:36) Amma da sɛ na wabrɛ dodo anaa onni adagyew a ɔde bɛboa afoforo. (Yohane 4:6-26) Ná ɔwɔ ayamye, odwo ne boasetɔ wɔ wɔn mmerɛwyɛ ahorow no ho. Ná ɔpɛ sɛ ɔbɛboa wɔn. (Luka 5:12, 13) Ɛnnɛ, sɛ Kristoni ɔkyerɛkyerɛfo no bedi yiye a, na ɔno nso hia su horow yi ara bi.

10. Dɛn nti na nhwɛso pa yɛ yɛn nkyerɛkyerɛ a ɛbɛyɛ yiye no fã titiriw?

10 Afei nso hyɛ ade a ɛto so anan a ɛhyɛɛ Yesu agyirae sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no nsow. “Wannyɛ bɔne, nanso wɔanhu nnaadaa n’anom.” (1 Petro 2:22) Wanyɛ biribi a ɛbɛsɛe ne nkyerɛkyerɛ no. So eyi nso te saa wɔ yɛn ho? Paulo kyerɛw kɔmaa Romafo no sɛ: ‘Afei wo a wokyerɛkyerɛ obi sɛ wonwia ade no, wuwia ade?’ (Romafo 2:21) Nea ɛne no hyia no, so ɔpanyin a ɔrekyerɛkyerɛ asafo no hia a asɛnka adwuma ho hia no ankasa yɛ nnam wɔ asɛnka adwuma mu? So nea ɔrema ɔkasa a ɔde rehyɛ Bible akenkan ho nkuran no ankasa wɔ Bible akenkan ho nhyehyɛe? Wɔ tebea horow bi mu no abrabɔ ara kwa a ɔkasa nka ho betumi ‘anya’ obi a ɔsɔre tia. (1 Petro 3:1) Nneyɛe tumi kasa kɛse sen nsɛm a wɔka. Ampa, sɛ yɛn nneyɛe bɔ yɛn nsɛm abira a, osuani no behu nsonsonoe a ɛdam no ntɛm ara, na ɛyɛ nea ebetumi ama yɛn nkyerɛkyerɛ no ayɛ ɔkwa.

11. Ade foforo a ɛfa ɔkyerɛkyerɛ ho bɛn na wɔka ho asɛm wɔ ha?

11 Ɔpɛ a ɔkyerɛkyerɛfo no wɔ sɛ obeyi Yehowa ayɛ, ne ntease ne ɔdɔ ma nokware no, ayamye mu a ofi susuw afoforo ho ne ne nhwɛso pa nyinaa yɛ nneɛma atitiriw a ɛma obi yɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa. Adesuafo a wɔyɛ mmɔdenbɔfo ani gye su horow a ɛte sɛɛ ho, sɛ ɛyɛ nea ɔkyerɛkyerɛfo no ho nkokwawee wɔ ɔkwan ahorow a wɔfa so kyerɛkyerɛ no mu mpo a. Nanso, ɔkyerɛkyerɛ yɛ adwinni a wɔde nyansa di, na akwan horow a wɔfa so kyerɛkyerɛ a yebesusuw ho no betumi ama yɛn nkyerɛkyerɛ anya nkɔso. Susuw akwan horow a Yesu faa so kyerɛkyerɛe no bi ho na hwɛ sɛ ebetumi aboa wo ma woayɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa.

. . . Ne Ne Nkyerɛkyerɛ

12. (a) Yesu ɔkyerɛkyerɛ no fã bɛn na ɛda adi wɔ Mateo 5:3-12? (b) Ɔkwan bɛn so na wubetumi de eyi adi adwuma de ama wo ɔkyerɛkyerɛ anya nkɔso?

12 Sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu Yesu nkyerɛkyerɛ no dɛ no, kenkan ne Bepɔw so Asɛnka no nkyekyem kakraa a edi kan no. (Mateo 5:3-12) Dɛn na ɛkã wo ntɛm ara? Ɛne sɛ, Yesu paw ne nsɛm a ɔde dii dwuma no yiye. Nsɛm ntiantia a nsɛmfua, “Nhyira ne . . . ” di kan no ma ɛyɛ nnianim asɛm a wɔkae. Nanso hyɛ no nsow nso sɛ: Wammfa nsɛmfua hwanyann a asete yɛ den anni dwuma. Nokware ahorow a ɔdaa no adi no yɛ nea emu dɔ, nanso ɔdaa no adi wɔ ɔkwan tiawa so. Nea ɛma ɔkyerɛkyerɛ tu mpɔn ni: ASƐM A WƆFA ƆKWAN TIAWA SO KA. Kenkan Yesu ɔkasa no nkae a aka no na hyɛ nhwɛso afoforo bi a ɛfa nokware ahorow a emu dɔ a ɔdaa no adi wɔ ɔkwan tiawa a emu da hɔ so no nsow. (Mateo 5:23, 24, 31, 32; 6:14; 7:12) Afei susuw sɛnea wubetumi akyerɛkyerɛ nokware ahorow a emu dɔ te sɛ ebia, Amanaman Mmere no, anaa nea enti a Bible no da anidaso abien a ɛyɛ ɔsoro de ne asase so de, no mu wɔ ɔkwan tiawa so no ho.

13, 14. Ɔkwan bɛn so na mfatoho ahorow maa Yesu asɛm bɛyɛɛ nea etu mpɔn?

13 Afei kenkan Mateo 5:14-16. Yesu hyɛ n’atiefo a wɔbrɛ wɔn ho ase no nkuran sɛ wɔntrɛw nokware no mu nkɔ akyiri denam wɔn nsɛm ne nneyɛe pa so. Ebia saa adwene yi maa wɔn ho dwiriw wɔn. Wɔ saa bere no mu no na akyerɛwfo ne Farisifo no ne wɔn a wobu wɔn sɛ wɔyɛ Yudafo man no akyerɛkyerɛfo. Nanso Yesu maa asɛm no daa adi na ama abɛyɛ nea ntease wom kɛse. Ɔkwan bɛn so? Denam mfatoho a etu mpɔn a ɔde dii dwuma no so. Ɔkyerɛkyerɛ mmoa a ɛsom bo a na Yesu taa de di dwuma ni: MFATOHO AHOROW.

14 Dɛn nti na mfatoho ahorow? Efisɛ yɛn adwene no tumi yɛ nneɛma ho mfonini kɛse. Na, ɛdenam nneɛma a wonim a wɔde bedi dwuma so no, mfatoho ahorow betumi ama honhom mu nneɛma asete ayɛ mmerɛw. Enti, Yesu de Yehowa, mpaebɔ Tiefo no, totoo agya a ɔde nnepa ma ne mma ho. Ɔkaa ɔkwan a ɛso fa yɛ den a ɛkɔ nkwa mu no ho asɛm sɛ ɔpon ketewaa a epue ɔkwan hihiaa bi so. Ɔde atoro adiyifo totoo mpataku a wɔayɛ wɔn ho te sɛ nguanten anaasɛ nnua a ɛsow aba porɔwee ho. (Mateo 7:7-11, 13-21) Asetra mu nsɛm ho mfatoho ankasa yi maa Yesu nsɛm no yɛɛ nea etu mpɔn. N’asuade ahorow no bɛyɛɛ nea wɔkae a wɔn werɛ amfi.

15. Ma nhwɛso ahorow bi a ɛkyerɛ sɛnea Kristofo betumi de mfatoho ahorow adi dwuma de ama wɔn ɔkyerɛkyerɛ anya nkɔso nnɛ.

15 Saa ara na nnɛ Kristofo akyerɛkyerɛfo de mfatoho ahorow di dwuma de ma afoforo gye nsɛm a ɛyɛ foforo tom kɛse. Ebinom yɛ ntease a enni hell-gya no mu no ho mfatoho denam bisa a wobisa otiefo no nea obesusuw wɔ ɔwofo a ɔtwe ne ba a ɔyɛ asoɔden aso denam ne nsa a ɔde hyɛ ogya mu no ho no so. Yebetumi ayɛ nokware a ɛyɛ sɛ adesamma kakraa bi na wɔkɔ soro bere a wɔn mu pii wɔ anidaso sɛ wɔbɛtra asase so daa no ho nhwɛso sɛ ɔman a nnipa kakraa bi na wɔyɛ aban no, bere a afoforo pii nya nea aban no yɛ mu mfaso no. Nanso ɛsɛ sɛ mfatoho yɛ nea wɔtaa de nneɛma a otiefo no nim di dwuma wom. Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ nea wɔkyerɛkyerɛ mu tenteenten, anaa sɛ ɛyɛ tenteenten araa ma nea wɔreka ho asɛm no yera.

16. Mfatoho ahorow bɛn na ɛka adwene mu titiriw?

16 Mma wo werɛ mfi sɛ mfatoho ahorow betumi ayɛ nea wɔde aniwa hu nso. Bere a wobisaa Yesu sɛ eye sɛ wobeyi tow ama Kaesare no, ɔkae sɛ wɔmfa sika, denare no bi mmɛkyerɛ no, na ɔde yɛɛ mfatoho wɔ ne mmuaema no mu. (Mateo 22:17-22) Bere a ɔresi hia a ahobrɛase ho hia so dua no, ɔyɛɛ asɛm no ho mfatoho denam abofra kumaa a ɔfrɛɛ no bae no so. (Mateo 18:1-6) Na bere a ɔreka ahofama a edi mũ koraa ho asɛm no, ɔtwee adwene sii okunafo ankasa bi a ɔde nea ɔwɔ nyinaa mae​—taapo abien​—na ɔde beguu asɔrefi tow adaka no mu no so. (Marko 12:41-44) Saa ara na,wɔ Kristofo nhyiam horow ase wɔ Ahenni Asa so no, akasafo binom hu sɛ kyerɛw apon, mfonini ahorow ne nea wɔfrɛ no slides no boa yiye, na wɔ ofie Bible adesua mu no, yebetumi de mfonini ahorow a ɛwɔ nhoma ahorow mu no adi dwuma. Mfatoho ahorow a wohu tu mpɔn kɛse sen nsɛm ara kwa a wɔde ano ka.

17. Kyerɛ ɔkwan foforo a na Yesu fa so kyerɛkyerɛ.

17 Nea etwa to no, kenkan sɛnea Yesu dii Farisifo no ho dwuma wo bere bi a wɔabɔ ho amanneɛ wɔ Mateo 12:10-12 mu no. Hyɛ sɛnea obuaa asemmisa bi a wɔde resɔ no ahwɛ no wɔ ahokokwaw mu no nsow. Yiw, ɔde mfatoho bi dii dwuma, nanso so wohyɛɛ sɛnea ɔkaa no no nsow? Sɛ́ asemmisa. Enti ade ahokokwaw kyerɛɛ n’atiefo no kwan na ama woasusuw Homeda no ho wɔ ɔkwan a ɛkari pɛ so kɛse. Enti, NSEMMISA yɛ ɔkyerɛkyerɛ mmoa a ɛsom bo kɛse foforo a Yesu de dii dwuma. Hyɛ sɛnea Yesu de nsemmisa dii dwuma de maa n’atiefo gyina susuw nsɛm ho na ɛhyɛɛ asɔretiafo ma wɔsan susuw wɔn gyinabea ho no nsow.​—Mateo 17:24-27; 21:23-27; 22:41-46.

18. Ma nhwɛso ahorow bi a ɛkyerɛ sɛnea Kristofo betumi de nsemmisa adi dwuma wɔ gyidi ho nkɔmmɔbɔ ahorow mu nnɛ?

18 Kristofo a wɔwɔ ho nnɛ betumi de nsemmisa adi dwuma saa ara. Enti, bere a obi a ogye Baasakoro di de Mateo 28:18 di dwuma de kyerɛ sɛ Yesu yɛ obi a tumi nyinaa wɔ no ma enti ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ no, akyerɛkyerɛfo a wɔn ho akokwaw hu sɛ eye sɛ wɔde nsemmisa bedi dwuma de aboa no ma wasusuw nneɛma ho. Ebia, yebetumi abisa sɛ: ‘Sɛ wɔde tumi nyinaa maa Yesu, sɛnea nkyekyem no ka no a, ɛnde hena na ɔde maa no? Na na Yesu gyinabea ne dɛn ansa na wɔde rema no?’ Enti, ɛboa Baasakoroni no ma osusuw saa kyerɛwsɛm no ho wɔ ntease foforo mu? Saa ara na ebia obi a ogye hell-gya di de ɔdefo ne Lasaro bɛ no bedi dwuma abɔ mmɔden de akyerɛ sɛ hell-gya wɔ ho. (Luka 16:19-31) Nsemmisa te sɛ eyi betumi aboa: Bere a ohiani no wui no ɛhe na ɔkɔe? Sɛ na ɛyɛ ɔsoro a, na ɛno kyerɛ sɛ obiara a ɔwɔ soro no tweri Abraham kokom? Afei nso, dɛn na na Abraham reyɛ wɔ hɔ, efisɛ Yesu kae sɛ ɛde besi ne bere so no na nnipa biara nni ho a woaforo soro? (Yohane 3:13) Nsemmisa a ɛte sɛɛ bɛboa ma wahu sɛ tebea a na ohiani no wom wo ne wu akyi sɛnea wɔaka ho asɛm wo bɛ no mu no bɛyɛ sɛnkyerɛnne kwan so de. Enti, tebea a na ɔdefo no wom wɔ ne ‘wu’ akyi no nso yɛ sɛnkyerɛnne kwan so de a ɛnyɛ nea ɛsɛ sɛ yɛte ase sɛ ɛyɛ paara​—ne titiriw no esiane nea kyerɛw nsɛm afoforo ka wɔ hell ho no nti.​—Ɔsɛnkafo 9:10.a

19. Dɛn nti na nsemmisa som bo kɛse wɔ tebea horow a ɛfa ɔkyerɛkyerɛ ho nyinaa mu?

19 Nsemmisa ma osuani no nya ɔkyerɛkyerɛ no mu kyɛfa. Nsemmisa a ɔkasafo no nhwɛ ho mmuae kwan kanyan otiefo no ma osusuw nsɛm ho. Hyɛ sɛnea Yesu de nsemmisa a wonhwɛ mmuae kwan dii dwuma wɔ Mateo 11:7-11 no nsow. Wɔde nsemmisa di dwuma foforo nso. Mpɛn pii ɛho hia sɛ yehu nea ɛwɔ obi adwene mu ansa na yɛatumi aboa no. Esiane sɛ yɛnte sɛ Yesu a yebetumi ahu nea ɛwɔ koma no mu nti, ɔkwan koro pɛ na yebetumi afa so ahu eyi: ɛdenam nsɛm a wɔasusuw ho yiye a wobisa so.​—Mmebusɛm 18:13; 20:5.

20. Sɛ ‘yɛma yɛn ani ba yɛn ho ne yɛn kyerɛ no so’ a, akatua horow bɛn na yebenya? (1 Timoteo 4:16)

20 Yiw, ɔkyerɛkyerɛ yɛ nyansa adwinni. Sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no benya bi a, ɛsɛ sɛ n’ankasa nya su horow na ɔde di dwuma de sua sɛnea wɔkyerɛkyerɛ. Ɛnyɛ mmerɛw, nanso wubetumi anya. Na sɛ́ wobɛyɛ Kristoni no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ ɔkyerɛkyerɛfo Kristofo asɛyɛde pii wɔ hɔ a ɛho dwumadi gye ɔkyerɛkyerɛ. Enti eye sɛ yɛde Paulo afotu no bedi dwuma: “Ma w’ani mmra wo ho ne kyerɛ no so.” Ampa, ebinom wɔ dom akyɛde kɛse wɔ eyi mu sen afoforo. Nanso yɛn nyinaa betumi akyerɛkyerɛ yiye, sɛ yɛde yɛn ho hyem na yɛhwehwɛ Yehowa hɔ mmoa a. Sɛ yɛyɛ saa a, akatua no yɛ nea enni ano. Sɛnea Paulo kɔɔ so kae no: “Tra mu, efisɛ woyɛ saa a, wubegye wo ho ne w’atiefo nkwa.”​—1 Timoteo 4:16.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ New World Translation reference Bible, ase ho asɛm; afei nso Apendix 4 B.

So Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

◻ Su horow bɛn na ɛboaa Yesu ma ɔbɛyɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa?

◻ Ɔkwan bɛn so na su horow yi bɛboa yɛn?

◻ Dɛn nti na ɔkwan tiawa a wɔfa so ho hia ma ɔkyerɛkyerɛfo?

◻ Dɛn nti na mfatoho ne nsemmisa ahorow a yɛde di dwuma bɛma yɛn ɔkyerɛkyerɛ anya nkɔso?

[Kratafa 21 mfoni]

Wɔ ɔkwan a ɔfa so kyerɛkyerɛ mu no, na Yesu yɛ soronko wɔ nyamesom asɔfo no ho

[kratafa 24 mfoni]

Te sɛ Yesu no, ɛnnɛ Kristofo de hokwan ahorow a wonya nyinaa kyerɛkyerɛ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena