Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • cf ti 12 kr. 118-127
  • “Wankasa Ankyerɛ Wɔn a Wanyɛ Mfatoho”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Wankasa Ankyerɛ Wɔn a Wanyɛ Mfatoho”
  • “Bra Bedi M’akyi”
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Na Yesu De Mfatoho Kyerɛkyerɛ
  • Ɔde Ntotoho a Asete Nyɛ Den Dii Dwuma
  • Ɔfaa Nsɛm Fii Nneɛma a Wɔyɛ No Daa No Mu
  • Ɔfaa Nsɛm Fii Abɔde Mu
  • Ɔde Nsɛm a Asisi a N’atiefo Nim Dii Dwuma
  • “Wankwati Bɛ Anka Asɛm Biara Ankyerɛ Wɔn”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Yɛn Nkyerɛkyerɛ A Yɛbɛma Anya Nkɔso—Denam Mfatoho A Yɛde Bedi Dwuma Yiye So
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Fa Mfatoho Kyerɛkyerɛ
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
“Bra Bedi M’akyi”
cf ti 12 kr. 118-127

TI 12

“Wankasa Ankyerɛ Wɔn a Wanyɛ Mfatoho”

1-3. (a) Hokwan soronko bɛn na asuafo a wɔne Yesu nantewee no nyae, na dɛn na Yesu yɛe a ɛma ɛyɛɛ mmerɛw sɛ wɔbɛkae ne nkyerɛkyerɛ no? (b) Sɛ obi de mfatoho a ɛma yehu aba a ɛwɔ asɛm bi mu yɛ adwuma a, adɛn nti na ɛnyɛ den koraa sɛ nkurɔfo bɛkae ne mfatoho no?

ASUAFO a na wɔne Yesu nam no nyaa hokwan soronko bi. Ná wɔsua ade fi Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no ankasa hɔ tee. Sɛ Yesu rekyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn Asɛm mu nokware a ɛyɛ anigye no a, na wɔte ne nne ankasa. Saa bere no, na ɛsɛ sɛ asuafo no ma ne nsɛm a ɛsom bo no tena wɔn adwene ne wɔn koma mu, efisɛ na bere nsoe sɛ wɔkyerɛw ne nsɛm no.a Enti Yesu ma ɛyɛɛ mmerɛw maa wɔn sɛ wɔbɛkae nea ɔkyerɛkyerɛ wɔn no. Ɔyɛɛ no sɛn? Ɔnam ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe, titiriw sɛnea ɔde mfatoho dii dwuma yiye no so na ɛyɛɛ saa.

2 Nokwarem no, sɛ mfatoho bi ma yehu aba a ɛwɔ asɛm bi mu a, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛkae. Nhoma kyerɛwfo bi kaa sɛ, mfatoho “ma aso dane aniwa” na ɛma “atiefo twa nneɛma ho mfoni wɔ wɔn adwene mu.” Sɛ yetwa nneɛma ho mfoni wɔ yɛn adwene mu a, ɛma yetumi dwen nsɛm ho yiye, enti nsɛm bi a asete yɛ den mpo no, mfatoho tumi boa ma yɛte ase ntɛm. Mfatoho tumi ma nsɛmfua mu da hɔ, na ɛma nsɛm ka yɛn adwene mu kyɛ.

3 Ɔkyerɛkyerɛfo biara ntenaa asaase so pɛn a onim sɛnea yɛde mfatoho di dwuma yiye paa ma epusuw nkurɔfo kɛse te sɛ Yesu Kristo. Ɛde besi nnɛ nyinaa, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛkae mfatoho pii a ɔmae no. Adɛn nti na na Yesu taa de mfatoho kyerɛkyerɛ? Dɛn na ɛmaa ne mfatoho ahorow no kaa nkurɔfo koma paa? Yɛbɛyɛ dɛn asuasua ɔkwan a Yesu faa so kyerɛkyerɛe yi?

Nea Enti a Na Yesu De Mfatoho Kyerɛkyerɛ

4, 5. Adɛn nti na Yesu de mfatoho dii dwuma?

4 Bible no kyerɛ nneɛma atitiriw mmienu bi nti a Yesu de mfatoho pii yɛɛ adwuma. Nea edi kan no, ɛmaa nkɔmhyɛ baa mu. Yɛkenkan wɔ Mateo 13:34, 35 sɛ: “Yesu de mfatoho na ɛkaa eyinom nyinaa kyerɛɛ nnipadɔm no. Nokwasɛm ne sɛ, wankasa ankyerɛ wɔn a wanyɛ mfatoho, na ama nea wɔnam odiyifo no so kae no aba mu sɛ: ‘Mfatoho na mede bɛkasa; mɛpae mu aka nsɛm a ahintaw fi mfiase no.’” Odiyifo a Mateo faa n’asɛm kae no, ɔno na ɔhyehyɛɛ Dwom 78:2 no. Onyankopɔn honhom na ɛkaa odwontofo no ma ɔkyerɛw too hɔ mfe pii ansa na wɔrewo Yesu. Susuw nea wei kyerɛ no ho hwɛ. Yehowa ka too hɔ mfe pii sɛ Mesia no de mfatoho ahorow bɛkyerɛkyerɛ. Wei ma yehu sɛ, saa kwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ yi, Yehowa ani gye ho paa.

5 Nea ɛtɔ so mmienu no, Yesu ankasa kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔde mfatoho ahorow dii dwuma na ama wayiyi wɔn a wɔn “koma apirim” no afi atiefo a wɔn aso yɛ mmerɛw mu. (Mateo 13:10-15; Yesaia 6:9, 10) Dɛn na ɛwɔ ne mfatoho mu a na etumi ma nea ɛwɔ nkurɔfo koma mu da adi? Ɛtɔ mmere bi na Yesu yɛ mfatoho a, na ɔpɛ sɛ n’atiefo no bisa no ɛho nsɛm sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛkyerɛkyerɛ mu yiye akyerɛ wɔn. Ná wɔn a wɔwɔ ahobrɛase no wɔ ɔpɛ sɛ wɔbebisa nsɛm, nanso wɔn a wɔyɛ ahantan anaa wɔn ani nnye asɛm a ɔka no ho no de, wɔanyɛ saa. (Mateo 13:36; Marko 4:34) Enti wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase na wɔrepɛ biribi ahu no, Yesu mfatoho no ma wɔhuu nokware no, nanso wɔn a wɔyɛɛ ahantan na wɔammrɛ wɔn ho ase no de, ne mfatoho no amma wɔanhu nokware no.

6. Mfaso a ɛwɔ Yesu mfatoho so no, ebi ne nea ɛwɔ he?

6 Sɛ Yesu de mfatoho a ɛma yehu aba a ɛwɔ asɛm bi mu yɛ adwuma a, na mfaso pii fi mu ba. Ná ɛkanyan nkurɔfo anigye ma wɔtie no. Ná ɛma wɔtwa nneɛma ho mfoni wɔ wɔn adwene mu, na na ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛte nneɛma ase. Sɛnea yehui wɔ ti yi mfiase no, na Yesu mfatoho no boa n’atiefo ma wɔkae ne nsɛm. Bepɔw So Asɛnka a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Mateo 5:3–7:27 no yɛ adanse baako a ɛkyerɛ sɛ Yesu de mfatoho dii dwuma mpɛn pii. Wɔkyerɛ sɛ Yesu de kasakoa bɛboro 50 dii dwuma wɔ ɔkasa yi mu, na nea ɛbɛma yɛate asɛm yi ase yiye no, kae sɛ wubetumi de bɛyɛ simma 20 akenkan ɔkasa no. Enti sɛ yɛkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, ɔkaa kasakoa baako wɔ anibu 20 biara mu! Ɛda adi pefee sɛ, Yesu hui sɛ mfaso wɔ mfatoho a wɔde di dwuma no so paa!

7. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yesuasua sɛnea Yesu de mfatoho dii dwuma no?

7 Yɛyɛ Kristo akyidifo, enti ɛsɛ sɛ yesuasua ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe, ne sɛnea ɔde mfatoho dii dwuma no nso. Sɛnea atomde ma aduan yɛ dɛ no, saa ara na sɛ yɛde mfatoho di dwuma yiye a, ebetumi ama nkurɔfo ani agye yɛn nkyerɛkyerɛ ho. Sɛ yɛto yɛn bo ase paw mfatoho a ɛfata a, ebetumi ama ayɛ mmerɛw sɛ yɛn atiefo bɛte nokwasɛm a ɛho hia ase yiye. Afei ma yensusuw nneɛma a ɛmaa Yesu mfatoho ahorow no tuu mpɔn no bi ho nhwɛ. Ɛno bɛboa ama yɛatumi ahu sɛnea yɛde akwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ ma etu mpɔn yi adi dwuma yiye.

Ɔde Ntotoho a Asete Nyɛ Den Dii Dwuma

Seagull nnomma mmienu nam wim, ɛnna nhwiren bi wɔ fam.

Sɛn na Yesu de nnomaa ne nhwiren kyerɛkyerɛɛ sɛnea Onyankopɔn dwen yɛn ho mu?

8, 9. Ɔkwan bɛn so na Yesu de ntotoho a asete nyɛ den dii dwuma, na dɛn na ɛmaa ne ntotoho ahorow no tuu mpɔn?

8 Sɛ Yesu rekyerɛkyerɛ a, na ɔtaa de ntotoho ahorow a asete nyɛ den a enhia sɛ ɔkyerɛkyerɛ mu di dwuma. Nanso, na wɔtumi twa nsɛm ntiantiaa a ɔka no ho mfoni wɔ wɔn adwene mu, na na ɛma wɔtumi te nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ase yiye. Sɛ nhwɛso no, bere a ɔretu n’asuafo no fo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma nneɛma a wɔhia no da biara ho adwinnwen hyɛ wɔn so no, ɔde wɔn totoo “wim nnomaa” ne “nhwiren” ho. Nnomaa ngu aba na wɔntwa, na saa ara nso na nhwiren nyɛ adwuma na wɔnnwene ntama. Nanso, Onyankopɔn hwɛ wɔn. Asuade no mu da hɔ, ɛne sɛ: Sɛ Onyankopɔn hwɛ nnomaa ne nhwiren a, ɛnde ɔkwan biara so, ɔbɛhwɛ nnipa a ‘wɔkɔ so hwehwɛ Ahenni no kan’ no.—Mateo 6:26, 28-33.

9 Kasakoa yɛ ntotoho a asete nyɛ den nanso emu dɔ paa. Ɛno nso, na Yesu taa de yɛ adwuma wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu. Kasakoa ka biribi ho asɛm te sɛ nea ade baako no ara ne ɔfoforo no. Wei mu nso, wamma ne ntotoho no anyɛ den sɛ wɔbɛte ase. Bere bi ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Mone wiase hann.” Ná ɛnyɛ den koraa sɛ asuafo no bɛte kasakoa yi ase, efisɛ na wɔnam wɔn kasa ne sɛnea wɔbɔ wɔn bra so betumi ama Onyankopɔn Asɛm mu nokware no ahyerɛn, na aboa afoforo ama wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam. (Mateo 5:14-16) Kasakoa ahorow a Yesu de dii dwuma no, hyɛ ebi nsow: “Mone asaase so nkyene,” ne “Mene bobe no, na mone nkorabata no.” (Mateo 5:13; Yohane 15:5) Kasakoa a ɛtete saa no asete nyɛ den, nanso tumi wom paa.

10. Nhwɛso ahorow a ɛbɛma woahu sɛnea wode mfatoho bedi dwuma wɔ wo nkyerɛkyerɛ mu no, ebi ne sɛn?

10 Wobɛyɛ dɛn de mfatoho adi dwuma wɔ wo nkyerɛkyerɛ mu? Ɛho nhia sɛ wudwinnwen nsɛm atenten biara ho. Mmom no, hwehwɛ ntotoho a ɛyɛ ntiantiaa. Fa no sɛ woreka owusɔre ho asɛm, na wopɛ sɛ wode mfatoho kyerɛkyerɛ mu sɛ ɛnyɛ den koraa mma Yehowa sɛ obenyan awufo. Ntotoho bɛn na ɛbɛba w’adwene mu? Bible de owu toto nna ho. Enti, wubetumi aka sɛ, “Onyankopɔn betumi anyan awufo sɛnea sɛ obi da a, yenyan no no pɛpɛɛpɛ.” (Yohane 11:11-14) Anaasɛ ebia na wopɛ sɛ woma mfatoho de kyerɛkyerɛ mu sɛ, sɛ mmofra betumi anyin yiye a, ehia sɛ wɔda ɔdɔ adi kyerɛ wɔn. Nhwɛso bɛn na wubetumi de adi dwuma? Bible de ntotoho yi di dwuma: Mmofra te sɛ “ngodua nketewa a ayɛ fɛ.” (Dwom 128:3) Wubetumi aka sɛ, “Sɛnea nnua hia awia hann ne nsu no, saa ara na ehia sɛ wɔda ɔdɔ adi kyerɛ mmofra.” Sɛ ntotoho no nyɛ den sɛ wɔbɛte ase a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama w’atiefo sɛ wɔbehu nea worepɛ akyerɛ.

Ɔfaa Nsɛm Fii Nneɛma a Wɔyɛ No Daa No Mu

11. Nneɛma a yɛyɛ no daa a Yesu hui bere a na ɔrenyin wɔ Galilea, a akyiri yi ɔde pii yɛɛ ne mfatoho no, ebi ne nea ɛwɔ he?

11 Ná Yesu nim sɛnea yɛyɛ mfatoho ma ɛfa nkurɔfo asetena ho paa. Mfatoho a ɔyɛe no pii fa nneɛma a ɛbɛyɛ sɛ ohui bere a na ɔrenyin wɔ Galilea no ho. Wo de, susuw bere a na ɔyɛ abofra no ho hwɛ. Mpɛn ahe ara na wanhu sɛ ne maame reyam hwiit de ayɛ esiam, ɔde mmɔkaw refra mmɔre, ɔresɔ kanea, anaa ɔreprapra fie? (Mateo 13:33; 24:41; Luka 15:8) Mpɛn dodow ahe na wanhu mpataayifo sɛ wɔregu asaw wɔ Galilea Po no mu? (Mateo 13:47) Mpɛn ahe na wanhu sɛ mmofra redi agorɔ wɔ gua so? (Mateo 11:16) Ɛda adi sɛ, Yesu hyɛɛ nneɛma afoforo nsow, a ɛno nso wɔyɛ no daa, na ɔkaa ho asɛm wɔ ne mfatoho ahorow mu. Ebi ne; aba a wogu, ayeforohyia apontow a ɛyɛ anigye, ne hwiit afuw a ɛrenkyɛ na wɔatwa.—Mateo 13:3-8; 25:1-12; Marko 4:26-29.

12, 13. Bere a Yesu de Samariani mmɔborɔhunufo bi yɛɛ mfatoho no, adɛn nti na ɔde ɔkwan a ‘efi Yerusalem sian kɔ Yeriko’ no baa mfatoho no mu?

12 Nneɛma a Yesu atiefo nim no yiye na na ɔka ho asɛm wɔ ne mfatoho mu. Sɛ nhwɛso no, bere a ɔrefi mfatoho a ɛfa Samariani mmɔborɔhunufo no ase no, ɔkaa sɛ: “Ná ɔbarima bi fi Yerusalem resian akɔ Yeriko, na ɔkɔtɔɔ akorɔmfo-werɛmfo mu. Wɔworɔw ne ho ntaade bobɔɔ no, na wogyaw no hɔ kɔe a na ɔreyɛ awu.” (Luka 10:30) Hyɛ no nsow sɛ, Yesu de ɔkwan a ‘efi Yerusalem sian kɔ Yeriko’ no dii dwuma de kaa n’asɛm no. Bere a ɔrema saa mfatoho no, na ɔwɔ Yudea, baabi a ɛbɛn Yerusalem; enti ɛda adi sɛ na n’atiefo no nim ɔkwan a na ɔreka ho asɛm no. Ná wɔnim sɛ saa kwan no so yɛ hu paa, ɛnkanka bere a obi nko ara nam so retu kwan. Ná ɔkwan no kɔntɔn fa baabi a ɛhɔ yɛ dinn, enti na ɛma a akorɔmfo-werɛmfo nya baabi a wɔbɛtetɛw.

13 Ɔkwan a ‘efi Yerusalem sian kɔ Yeriko’ no, Yesu kaa nneɛma bi faa ho a na n’atiefo nim no yiye. Sɛnea mfatoho no kyerɛ no, ɔsɔfo bi dii kan betwaa mu wɔ saa kwan no so, ɛnna afei Lewini bi nso bɛfaa hɔ, nanso wɔn mu biara annyina anhwɛ nea wapira no. (Luka 10:31, 32) Ná asɔfo no som wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ, na na Lewifo no boa wɔn. Sɛ asɔfo ne Lewifo no nyɛ adwuma wɔ asɔrefie hɔ a, na wɔn mu pii tena Yeriko, na na efi Yerusalem rekɔ Yeriko yɛ kilomita 23 pɛ. Enti, na wɔtaa fa saa kwan no so. Afei hyɛ no nsow sɛ, Yesu kaa ɔkwantufo no ho asɛm sɛ na ‘ɔresian fi Yerusalem’ na ɛnyɛ sɛ na ɔreforo fi hɔ kɔ. Ná n’atiefo no bɛte wei ase. Efisɛ na baabi a Yerusalem da no wɔ soro sen Yeriko. Enti sɛ obi “fi Yerusalem” retu kwan a, sɛnea ɛte biara no, na ‘obesian.’b Wei ma yehu sɛ, na Yesu de nneɛma a n’atiefo no nim na na edi dwuma wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu.

14. Sɛ yɛreyɛ mfatoho a, yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yedwen yɛn atiefo ho?

14 Yɛn nso, sɛ yɛde mfatoho redi dwuma a, ɛsɛ sɛ yedwen yɛn atiefo ho. Nneɛma bɛn na ɛfa yɛn atiefo ho a yebetumi ahwɛ ho de ayɛ mfatoho? Yebetumi asusuw nneɛma bi te sɛ mfe a wɔadi, wɔn amammerɛ anaa abusua a wɔfi mu, ne adwuma a wɔyɛ ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛde mfatoho a ɛfa kuayɛ ho di dwuma wɔ baabi a akuafo wɔ a, wɔn a wɔwɔ hɔ no bɛte ase asen nnipa a wɔwɔ kurow kɛse mu. Yebetumi de nnwuma a yɛn atiefo yɛ no da biara da ne wɔn asetena mu nsɛm ayɛ mfatoho. Ebi ne nea ɛfa wɔn mma, wɔn afie, nneɛma a wɔn ani gye ho, ne aduan a wɔdi ho.

Ɔfaa Nsɛm Fii Abɔde Mu

15. Adɛn nti na ɛnyɛ nwanwa sɛ na Yesu nim abɔde ho nsɛm yiye saa?

15 Yesu mfatoho no mu pii ma yehu sɛ, na onim nnua, mmoa, ne wim tebea ho nsɛm yiye. (Mateo 16:2, 3; Luka 12:24, 27) Onyaa nimdeɛ a ɛte saa no fii he? Bere a na ɔrenyin wɔ Galilea no, akyinnye biara nni ho sɛ onyaa bere hwɛɛ Yehowa abɔde. Nea ɛsen saa no, Yesu ne “abɔde nyinaa mu abakan,” na Yehowa de no dii dwuma sɛ “odwumayɛni a onim adwuma paa” de bɔɔ nneɛma nyinaa. (Kolosefo 1:15, 16; Mmebusɛm 8:30, 31) Ɛnde wohwɛ a, ɛyɛ nwanwa sɛ na Yesu nim abɔde ho nsɛm yiye saa? Saa nimdeɛ a Yesu nyae yi, momma yɛnhwɛ sɛnea ɔde dii dwuma maa ne nkyerɛkyerɛ tuu mpɔn kɛse.

16, 17. (a) Dɛn na ɛma yehu sɛ na Yesu nim sɛnea nguan yɛ wɔn ade no yiye? (b) Nhwɛso bɛn na ɛkyerɛ sɛ nguan tie wɔn hwɛfo nne ampa?

16 Kae sɛ, Yesu kaa sɛ ɔne “oguanhwɛfo pa” no, na ɔde n’asuafo no nso totoo “nguan” ho. Yesu nsɛm no ma yehu sɛ na onim sɛnea nguan yɛ wɔn ade no yiye. Ná onim sɛ ayɔnkofa soronko bi da nguanhwɛfo ne wɔn nguan ntam. Ɔkyerɛe sɛ nguan ma kwan ma wɔn hwɛfo di wɔn anim, na wɔbrɛ wɔn ho ase di wɔn hwɛfo no akyi. Adɛn nti na nguan di wɔn hwɛfo akyi? Yesu kaa sɛ: “Efisɛ wonim ne nne.” (Yohane 10:2-4, 11) Enti ɛyɛ ampa paa sɛ nguan nim wɔn hwɛfo nne?

Oguanhwɛfo bi di ne nguan anim de wɔn rekɔ adidi.

17 George A. Smith kyerɛw nea ɔno ankasa hui wɔ ne nhoma bi a wato din The Historical Geography of the Holy Land mu. Ɔkaa sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a, yegye yɛn ahome awiabere wɔ Yudafo asubura no bi ho, na na nguanhwɛfo mmiɛnsa anaa nnan taa de wɔn nguan ba hɔ. Ná nguankuw no nyinaa di afra, enti yebisaa yɛn ho sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na oguanhwɛfo biara ahu n’ankasa nguan bio? Nanso bere a wɔama wɔn nsu na wɔne wɔn adi agorɔ awie no, nguanhwɛfo no paapae wɔn ho mu ma obiara kogyina ɔfã bi wɔ obon no mu, na wɔn mu biara de nne soronko teɛm frɛ ne nguan. Ɛba saa a, nguan no mu biara fi kuw no mu kɔ wɔn ankasa wura nkyɛn, na wɔn nyinaa fi hɔ kɔ nnidiso nnidiso sɛnea wɔbae no pɛpɛɛpɛ.” Nokwasɛm ne sɛ, na saa mfatoho a Yesu de kyerɛkyerɛɛ asɛm yi mu no fata paa, efisɛ, sɛ yɛpɛ sɛ “oguanhwɛfo pa” Yesu ka yɛn brɛbrɛ a, gye sɛ yegye ne nkyerɛkyerɛ tom, yetie no, na yedi n’akyi.

18. Ɛhe na yebetumi anya Yehowa abɔde ho nsɛm afi?

18 Yɛbɛyɛ dɛn anya nsɛm afi abɔde mu de ayɛ mfatoho? Yebetumi ahwɛ ɔkwan soronko a mmoa fa so yɛ wɔn ade no, na yɛahwɛ ho ayɛ ntotoho a ɛfata na asete nyɛ den. Ɛhe na yebetumi anya Yehowa abɔde ho nsɛm afi? Bible no ka mmoa ahorow pii ho asɛm, na ɛtɔ mmere bi a, ɛde mmoa suban di dwuma de kyerɛkyerɛ nneɛma mu. Bible tumi ka sɛ obi ho yɛ hare te sɛ adowa anaa ɔsebɔ, n’ani da hɔ te sɛ ɔwɔ, na ne ho nni asɛm te sɛ aburuburuw.c (1 Beresosɛm 12:8; Habakuk 1:8; Mateo 10:16) Yebetumi anya nsɛm afoforo afi Ɔwɛn-Aban, ne Nyan! mu. Afei sɛ yɛkɔ jw.org so nso a, yebenya bi afi nsɛm ne video a ɛba ntoatoaso a yɛato din “Wɔbɔe Anaa?” no mu. Yehowa abɔde mu nneɛma a ɛyɛ nwanwa no, saa nhoma ne video ahorow yi de bi yɛ ntotoho a asete nyɛ den. Wubetumi asua nneɛma pii afi mu.

Ɔde Nsɛm a Asisi a N’atiefo Nim Dii Dwuma

19, 20. (a) Nea ɛbɛyɛ na Yesu apa atoro nkyerɛkyerɛ ho ntama no, sɛn na ɔde asɛm bi a esii nkyɛe dii dwuma? (b) Yɛbɛyɛ dɛn de asetena mu nsɛm a asisi ankasa ne osuahu ahorow akyerɛkyerɛ?

19 Yebetumi de nsɛm a esisi wɔ yɛn asetena mu ayɛ mfatoho a etu mpɔn. Adwene a ɛntene a ɛne sɛ, nea obi yɛ na ɛma asiane to no no, bere bi Yesu de asɛm bi a esii nkyɛe dii dwuma de bɔ gui. Ɔkaa sɛ: “Nnipa 18 a Siloam abantenten no bu guu wɔn so kunkum wɔn no, mususuw sɛ na wɔyɛ abɔnefo sen nnipa a ɛtete Yerusalem nyinaa?” (Luka 13:4) Nokwarem no, na ɛnyɛ sɛ nnipa 18 a wɔwuwui no ayɛ Onyankopɔn bɔne ntia. Mmom no, esiane sɛ “asiane to” nnipa nyinaa “bere a wɔnhwɛ kwan” nti na wɔwuwuu saa no. (Ɔsɛnkafo 9:11) Asɛm a Yesu atiefo nim no yiye a ɔtwee adwene sii so no, ɛma ɔbɔɔ atoro nkyerɛkyerɛ gui.

20 Yɛbɛyɛ dɛn de asetena mu nsɛm a asisi ankasa ne osuahu ahorow akyerɛkyerɛ? Fa no sɛ wiase yi awiei bere a Yesu hyɛɛ ho nkɔm no ne bere a nkɔmhyɛ no bɛba mu no, wo ne obi resusuw ho. (Mateo 24:3-14) Nsɛm a yɛtaa te no nnansa yi a ɛfa akodi, aduankɔm, anaa asaasewosow ho no, wubetumi atwe adwene asi bi so de akyerɛkyerɛ sɛnea sɛnkyerɛnne no bi renya mmamu no mu. Anaasɛ, fa no sɛ nsakrae a ɛsɛ sɛ obi yɛ na ama no ahyɛ suban foforo no, wopɛ sɛ wode osuahu bi kyerɛkyerɛ mu. (Efesofo 4:20-24) Ɛhe na wubetumi anya osuahu a ɛte saa no afi? Wubetumi afa onua anaa onuawa bi a ɔwɔ w’asafo mu suahu, anaa osuahu bi a ɛwɔ Yehowa Adansefo nhoma ne video ahorow mu de adi dwuma. Afei nso, sɛ wokɔ jw.org so a, wubenya osuahu pii afi nsɛm a ɛba toatoa so a yɛato din “Bible Tumi Sesa Nnipa” no mu.

21. Sɛ yɛkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm no mu yiye kyerɛ nkurɔfo a, mfaso bɛn na ɛde ba?

21 Nokwasɛm ni, na Yesu yɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse! Sɛnea yɛahu wɔ ɔfã yi mu no, na n’adwuma titiriw ne sɛ ‘ɔbɛkyerɛkyerɛ na waka asɛmpa no.’ (Mateo 4:23) Yɛn nso, ɛno ne adwuma titiriw a yɛyɛ. Sɛ yɛma yɛn nkyerɛkyerɛ tu mpɔn a, ɛso ba mfaso pii. Sɛ yɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo a, na yɛrekyɛ wɔn ade, na ɔma a ɛte saa no de anigye ba. (Asomafo Nnwuma 20:35) Nea ɛma yenya saa anigye no ne sɛ, yenim sɛ Yehowa ho nokwasɛm a ɛtena hɔ daa na ɛsom bo no, ɛno na yɛde kyerɛkyerɛ nkurɔfo. Afei nso yenim sɛ, yɛredi Yesu, Ɔkyerɛkyerɛfo kɛse a ɔsen biara a watena asaase so pɛn no nhwɛso akyi, enti yɛwɔ akomatɔyam.

a Ɛda adi sɛ, Yesu wu akyi, bɛyɛ mfe nwɔtwe twaam ansa na Onyankopɔn rema wɔakyerɛw n’asetena mu nsɛm a edi kan wɔ Mateo Asɛmpa no mu.

b Sɛnea na Yesu kyerɛ no, na ɔsɔfo no ne Lewini no “fi Yerusalem,” enti na wɔfi asɔrefie hɔ na na ɛrekɔ. Enti ɔbarima a wapira no a na ayɛ sɛ nea wawu no, na ɔsɔfo no ne Lewini no rentumi nka sɛ, sɛ wɔde wɔn nsa ka no a wɔde wɔn nsa aka funu, na ɛremma wɔmfata sɛ wɔsom wɔ asɔrefie hɔ saa bere no. Ayamye a wɔanna no adi yi, na obiara rentumi nka sɛ ɛyɛ ne kwan so.—Leviticus 21:1; Numeri 19:16.

c Sɛnea Bible de mmoa suban yɛ mfatoho no, sɛ wopɛ sɛ wuhu ɛho nsɛm pii a, hwɛ Insight on the Scriptures, Volume 1, kratafa 268 ne 270-271. Yehowa Adansefo na wɔyɛe.

Wobɛyɛ Dɛn Adi Yesu Akyi?

  • Abɔde mu nneɛma bɛn na Yesu de yɛɛ mfatoho, na yɛbɛyɛ dɛn de nneɛma a ɛtete saa ayɛ mfatoho?—Mateo 13:24-32.

  • Ɔkwan bɛn so na Yesu de mfatoho a asete nyɛ den kyerɛkyerɛɛ asɛm bi mu ma emu daa hɔ, na dɛn na wusua fi mu?—Mateo 18:12-14.

  • Nneɛma a wɔyɛ no daa bɛn na Yesu de yɛɛ mfatoho, na ɔkwan bɛn so na ne nhwɛso no betumi aboa wo ama woapaw nsɛm a wode bɛyɛ mfatoho?—Luka 11:5-8; 12:6.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena