Yɛn Nkyerɛkyerɛ A Yɛbɛma Anya Nkɔso—Denam Mfatoho A Yɛde Bedi Dwuma Yiye So
1 Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa nkurɔfo wɔ yɛn ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu ma wɔate honhom mu nokware ahorow a efi Onyankopɔn Asɛm mu no ase wɔ wɔn adwene mu? Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa nkurɔfo ma wɔanya afotu a ɛfa wɔn ho a wɔresua no mu mfaso? Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa nkurɔfo ma wɔasusuw honhom mu nneɛma ho yiye na akanyan wɔn wɔ wɔn adwene ne wɔn koma mu? Ɔkwan biako ni: Mfatoho a wɔde di dwuma yiye—nhwɛso ahorow a wonim a wɔde ma wɔte nneɛma ase wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw koraa so.
SUASUA YESU
2 Ná Yesu ne Ɔkyerɛkyerɛfo kɛse no. Akwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe no mu yiye a wɔhwɛ da no adi sɛ na mpɛn pii ɔde mfatoho ahorow di dwuma de ka asɔretiafo anim (Marko 12:12, 17) , de tu n’asuafo fo (Mat. 18:1-6; Luka 22:24-27; Yoh. 13:3-17) na na ɔde hu wɔn a wɔretie no no su. (Mat. 13:10-15; Yoh. 6:48-69) Nanso, ɛda adi sɛ na Yesu mfatoho ahorow no botae titiriw ne sɛ ɔde bɛkyerɛkyerɛ afa Ahenni no ho (Mat. 13:31-35) Ná Yesu mfatoho ahorow no bi yɛ tiaa, nsɛm kakraa bi pɛ. Ná ebi nso ware.
3 Sɛ nhwɛso no, bere a Petro bisaa Yesu mpɛn dodow a ɛsɛ sɛ wɔde onua bɔne firi no no, so Yesu buae ntɛm ara, tuu Petro fo sɛ ɛnsɛ sɛ ɔde bɔne hyɛ ne yam na mmom onyi ɔdɔ, mmɔborohunu ne fafiri adi anaa? Dabi. Mmom, Yesu buu bɛ tiawa bi a ɛfa akoa a na ɔde ɔhene bi ka kɛse ho no. (Mat. 18:21-35) Ɔmaa asuade no mu daa hɔ pefee denam adeyɛ ahorow abien a ɔde totoo ho no so. Na ɛbɛyɛɛ nea ɛfa obi ho tẽe ankasa. Tumi bɛn na mfatoho yi nyae? Ɛnnɛ mpo sɛ yɛkenkan na yɛte emu asɛm a tumi wom a ɛkyerɛ yɛn sɛ yenyi fafiri adi no a, ɛka yɛn koma.—Hwɛ United in Worship, kratafa 134, nkyekyem 9.
NYANSAHYƐ AHOROW A EYE
4 Nanso ɔkwan bɛn so na obi ho tumi kokwaw na onya osuahu wɔ mfatoho a wɔde di dwuma mu? Nea edi kan no, hwehwɛ asɛm a ɛwɔ Theocratic Ministry School Guidebook mu, nkratafa 168-71 a ɛfa “Mfatoho Ahorow a Ɛfata” ho no mu. ‘Wɔ kratafa 169 nkyekyem 8 no, Guidebook no se: “Ɛsɛ sɛ mfatoho yɛ nea ɛnyɛ den sɛ wɔbɛyɛ ho mfonini, a wɔnka nneɛma pii ho asɛm wɔ bere koro mu. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ tẽe a emu da hɔ.” Sɛ woresiesie dwumadi ama Teokrase Ɔsom Sukuu no a, wubetumi asusuw mfatoho ahorow a wobɛma a ɛfata asɛm no ne atiefo ho yiye.
5 Sɛ́ yebetumi de mfatoho pa adi dwuma no gyina yɛn ani a yɛbɛma ada hɔ wɔ tebea horow a atwa yɛn ho ahyia da biara ho no so. Sɛ nhwɛso no, hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ wubenya nsuonwini kuruwa ma anom bere a wim yɛ hyew kɛse no! Nanso honhom mu ade bɛn na saa anigye yi betumi akae yɛn? Yehowa mmɔborohunu? nokware no nsu a yɛde kɔma afoforo no? yɛn nuanom fekubɔ a ɛsom bo no? ne nea ɛkeka ho.
6 Yebetumi asua pii afi sɛnea Asafo nhoma ahorow de mfatoho di dwuma a yɛbɛhwɛ no mu, na ɛtɔ bere bi a yebetumi de eyinom bi adi dwuma ma ayɛ yiye. Sɛ nhwɛso no, wɔ Wubetumi Atra Ase Daa nhoma no nkratafa 32 ne 38 no, mfatoho tiaa bi wɔ hɔ a ɛfa obi a wafom kwan a ɔrehwɛ akwankyerɛ nhoma mu ho. Wɔde hia a ɛho hia sɛ ɔde ahobrɛase gye akwankyerɛ pa tom no toto hia a ɛho hia sɛ nnipa koma pafo gye Yehowa akwankyerɛ tom na wɔma wɔn asetra ne n’Asɛm hyia no ho. Wɔ Wubetumi Atra Ase Daa nhoma no kratafa 36 no, yɛ a ɛrentumi nyɛ yiye sɛ wobenya afiri a wɔde twitwa nam denam n’afã horow a wɔde begu kyɛnsee kɛse mu awosow so no yɛ sɛnea amansan a nneɛma kɔ so pɛpɛɛpɛ wom hia Ɔbɔadeɛ a ɔwɔ adwene no ho mfatoho yiye. Kae, mfatoho ntiantia yɛ nea eye sen biara. Yesu de nneɛma nketenkete dii dwuma de kyerɛɛ nneɛma akɛse mu. Ɔde nneɛma a asete nyɛ den kyerɛɛ honhom mu nokware ahorow a emu dɔ mu.—Mat. 13:44; 23:23, 24; 24:23, 33.
7 Kɔkɔbɔ: Sɛ mfatoho bi mu nna hɔ, enye anaa ɛmfata tebea no a, ɛnsɛ sɛ wode di dwuma. Nanso sɛ yɛyɛ ho adwuma a, yebetumi ahu sɛnea wɔde mfatoho di dwuma yiye. Ebetumi aboa yɛn ma yɛakyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm mu nokware ahorow a emu dɔ no na akanyan koma pafo ma wɔasom Yehowa.