Ma Nhumu Ne Kasadɛ Mmra Wo Nkyerɛkyerɛ Mu
“Onyansafo koma kyerɛ n’ano nimdeɛ, na ɛma n’ano ka kasadɛ.”—MMEBUSƐM 16:23, NW.
1. Dɛn nti na Onyankopɔn Asɛm a yɛbɛkyerɛkyerɛ no hwehwɛ pii sen asɛm a yɛbɛka kɛkɛ?
SƐ́ Onyankopɔn Asɛm ho akyerɛkyerɛfo no, ɛnyɛ yɛn Bible asuafo adwene mu nko na ɛsɛ sɛ yedu, na mmom wɔn komam nso. (Efesofo 1:18) Enti nkyerɛkyerɛ hwehwɛ pii sen sɛ yɛbɛka asɛm ara kwa. Mmebusɛm 16:23, NW ka sɛ: “Onyansafo koma kyerɛ n’ano nimdeɛ, na ɛma n’ano ka kasadɛ.”
2. (a) Dɛn na gye a yɛbɛma obi agye biribi adi no kyerɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristofo nyinaa betumi ayɛ akyerɛkyerɛfo a wɔma nkurɔfo gye di?
2 Akyinnye biara nni ho sɛ ɔsomafo Paulo de saa nnyinasosɛm yi dii dwuma wɔ ne nkyerɛkyerɛ adwuma mu. Bere a ɔwɔ Korinto no, na “daa homeda ɔkɔka asɛm hyiadan mu ma Yudafo ne Helafo gye di.” (Asomafo no Nnwuma 18:4) Sɛnea nhoma bi kyerɛ no, Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “gye di” wɔ ha no kyerɛ “adwene nsakrae a ɛnam ntease anaa abrabɔ fam nkɔmmɔbɔ so ba.” Paulo nam nkyerɛkyerɛmu a etwa akyinnyegye to so tumi maa nkurɔfo sakraa wɔn nsusuwii koraa. Ná ɔkwan a ɔfa so ma wogye di no mu yɛ den araa ma na n’atamfo mpo suro no. (Asomafo no Nnwuma 19:24-27) Nanso, na Paulo nkyerɛkyerɛ no nyɛ nnipa tumi bi. Ɔka kyerɛɛ Korintofo no sɛ: “Me kasa ne m’asɛnka amfa nnipa nyansa adɛfɛdɛfɛ kwan so, na mmom ɛnam honhom ne tumi yikyerɛ mu, na mo gyidi annyina nnipa nyansa so, na mmom agyina Onyankopɔn tumi so.” (1 Korintofo 2:4, 5) Esiane sɛ Kristofo nyinaa wɔ Yehowa Nyankopɔn honhom no mmoa nti, wɔn nyinaa betumi abɛyɛ akyerɛkyerɛfo a wɔma nkurɔfo gye di. Nanso ɔkwan bɛn so? Momma yɛnhwɛ nkyerɛkyerɛ akwan a etu mpɔn no bi.
Yɛ Otiefo Pa
3. Dɛn nti na nhumu ho hia bere a yɛrekyerɛkyerɛ afoforo no, na yɛbɛyɛ dɛn atumi adu Bible asuafo koma mu?
3 Nkyerɛkyerɛ kwan a edi kan nyɛ ɔkasa, na mmom otie. Sɛnea yehui wɔ Mmebusɛm 16:23 no, sɛ yebetumi ama obi agye adi a, ɛsɛ sɛ yenya nhumu. Akyinnye biara nni ho sɛ Yesu daa nhumu adi wɔ nkurɔfo a ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn no ho. Yohane 2:25 ka sɛ: “Na ɔno ankasa nim nea ɛwɔ onipa mu.” Nanso yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu nea ɛwɔ wɔn a yɛkyerɛkyerɛ wɔn no koma mu? Ɔkwan biako ne sɛ yɛbɛyɛ atiefo pa. Yakobo 1:19 ka sɛ: “Ma nnipa nyinaa nyɛ ntɛm ntie, nyɛ nyaa nkasa.” Ampa, ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔda wɔn nsusuwii adi ntɛm. Sɛ yɛn Bible asuafo behu sɛ yɛwɔ wɔn ho nokware anigye a, wobenya ɔpɛ kɛse sɛ wɔbɛda wɔn nkate ankasa adi. Mpɛn pii no, nsɛmmisa a efi ayamye mu na tema wom betumi aboa yɛn ma yɛadu nkurɔfo komam ma ‘wɔada’ nsɛm a ɛte saa ‘adi.’—Mmebusɛm 20:5.
4. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo mpanyimfo yɛ atiefo pa?
4 Ɛho hia titiriw sɛ Kristofo mpanyimfo yɛ atiefo pa. Ɛno ansa na wobetumi ‘ahu sɛnea ɛsɛ sɛ wobua obiara’ ankasa. (Kolosefo 4:6) Mmebusɛm 18:13 bɔ kɔkɔ sɛ: “Nea obua asɛm ansa na ɔte no, ɛyɛ agyimisɛm ne aniwu ma no.” Bere bi anuanom baanu bi a wokura adwempa maa onuawa bi afotu wɔ wiase no fã a ɔreyɛ ho esiane sɛ ɔtotoo asafo nhyiam ahorow bi mu nti. Ɛhaw onuawa no yiye sɛ wɔammisa no nea enti a wamma no. Ná wɔyɛɛ no oprehyɛn nkyɛe. Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yebetie ansa na yɛde afotu ama!
5. Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo betumi asiesie ntawntawdi a ɛsɔre anuanom ntam no?
5 Wɔ mpanyimfo fam no, nea mpɛn pii no ɛka nkyerɛkyerɛ ho ne sɛ wɔde afotu bɛma afoforo. Ɛha nso, ɛho hia sɛ wɔyɛ atiefo pa. Atiefo pa a wɔbɛyɛ ho hia titiriw bere a ntawntawdi sɔre mfɛfo Kristofo ntam no. Gye sɛ mpanyimfo tie ansa na wɔatumi asuasua ‘Agya a ɔnhwɛ nnipa anim na obu atɛn’ no. (1 Petro 1:17) Nkate mu taa yɛ den wɔ tebea a ɛtete saa mu, na ɛbɛyɛ papa sɛ ɔpanyin no bɛkae asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 18:17 no: “Nea ɔbɔ ne nkuro kan yɛ sɛ ɔtreneeni kosi sɛ ne yɔnko ba bɛpɛɛ no mu.” Ɔkyerɛkyerɛfo a ne ho akokwaw betie afanu no nyinaa. Ɛdenam mpaebɔ so no, ɔboa ma asomdwoe ba wɔn ntam. (Yakobo 3:18) Sɛ nkate mu yɛ den a, obetumi akyerɛ sɛ anuanom no mu biara nka ne haw nkyerɛ ɔno mmom sen sɛ wɔne wɔn ho bedi anobaabae. Ɛdenam nsɛmmisa a ɛfata so no, ɔpanyin no betumi ahu asɛm a wɔresusuw ho no mu yiye. Mpɛn pii no, ɛnyɛ nitan, na mmom nkitahodi pa a enni hɔ na ɛde ntawntawdi no ba. Nanso sɛ wɔabu Bible nnyinasosɛm so a, ɔkyerɛkyerɛfo a ɔwɔ ɔdɔ no betumi de nhumu akyerɛkyerɛ afei, bere a watie afanu no asɛm no.
Mfaso a Ɛwɔ Asɛm a Wotwa no Tiawa So
6. Ɔkwan bɛn so na Paulo ne Yesu yɛɛ nhwɛso wɔ ɔkwan tiawa a wɔfa so kyerɛkyerɛ no mu?
6 Asɛm a wotwa no tiawa nso yɛ nkyerɛkyerɛ kwan foforo a mfaso wɔ so. Ampa, yɛpɛ sɛ Bible asuafo bɛyɛ ‘wɔn a wɔne ahotefo nyinaa anya’ nokware no ‘tɛtrɛtɛ ne tenten ne korɔn ne emudɔ ahuye.’ (Efesofo 3:18) Bible nkyerɛkyerɛ bi wɔ hɔ a ɛyɛ nwonwa na mpɛn pii no asete yɛ den. (Romafo 11:33) Nanso, bere a Paulo kaa asɛm no kyerɛɛ Helafo no, ɔde adwene sii asɛm tiawa a ɛne ‘Kristo asɛndua mu bɔ’ no so. (1 Korintofo 2:1, 2) Saa ara na Yesu kyerɛkyerɛe wɔ ɔkwan a emu da hɔ na ɛyɛ anigye so. Ɔde nsɛmfua a asete nyɛ den dii dwuma wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu. Nanso, na ekura nokware a emu dɔ sen biara a wɔaka ho asɛm pɛn no mu bi.—Mateo, atiri 5-7.
7. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama yɛn nsɛm ayɛ tiawa bere a yɛreyɛ Bible adesua no?
7 Saa ara na yebetumi ama yɛn nsɛm ayɛ ntiantia bere a yɛreyɛ Bible adesua no. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam adwene a yɛde besi “nneɛma a eye koraa” no so. (Filipifo 1:10) Sɛ yɛresusuw nsɛmti a ɛyɛ den ho a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden ma yɛn nsɛm mu da hɔ. Ɛsɛ sɛ yɛde adwene si kyerɛw nsɛm atitiriw so mmom sen sɛ yɛbɛbɔ mmɔden akenkan Bible kyerɛwsɛm biara a wɔatwe adwene asi so wɔ nhoma no mu no asusuw ho. Eyi hwehwɛ sɛ yɛyɛ ahosiesie pa. Ɛnsɛ sɛ yɛka nsɛm pii ma ebunkam osuani no so, na ɛnsɛ sɛ yɛma nsɛm a ɛho nhia pii ma yɛyera. Sɛ osuani no wɔ asɛmmisa bi a ɛmfa adesua no ho tẽẽ a, yebetumi de anifere aka sɛ yebesusuw ho bere a yɛawie adesua no.
Nsɛmmisa a Yɛde Bedi Dwuma Wɔ Ɔkwan a Etu Mpɔn So
8. Ɔkwan bɛn so na Yesu de nsɛmmisa dii dwuma ɔkwan pa so?
8 Nkyerɛkyerɛ kwan foforo a mfaso wɔ so nso ne sɛ yebebisa nsɛm a etu mpɔn. Yesu Kristo de nsɛmmisa dii dwuma kɛse wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu. Sɛ nhwɛso no, Yesu bisaa Petro sɛ: “Simon, wudwen ho dɛn? Hefo nkyɛn na asase so ahene gyigye amanne anaa ɔtow? Wɔn mma anaa ananafo nkyɛn? Ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ananafo nkyɛn, no, Yesu buaa no sɛ: Ɛnde na mma no de wɔn ho.” (Mateo 17:24-26) Sɛ́ Onii a na wɔsom no wɔ asɔrefie hɔ Ba a ɔwoo no koro no, na ɛnyɛ Yesu asɛyɛde koraa sɛ obetua asɔrefie tow no. Nanso Yesu daa nokwasɛm yi adi denam nsɛmmisa a etu mpɔn a ɔde dii dwuma no so. Enti Yesu boaa Petro ma ohuu nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ denam nsɛm a na ɔno Petro nim dedaw no so.
9. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de nsɛmmisa adi dwuma bere a yɛreyɛ Bible adesua no?
9 Yebetumi de nsɛmmisa adi dwuma ɔkwan pa so bere a yɛreyɛ Bible adesua no. Sɛ osuani ma mmuae a ɛnteɛ a, ebetumi ayɛ wo sɛ fa mmuae a ɛteɛ no ma, nanso so asɛm no bɛka ne tirim ankasa? Mpɛn pii no, ɛyɛ papa sɛ wobɛma osuani no ate nsɛm no ase denam nsɛmmisa so. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛte nea enti a ɛsɛ sɛ ɔde Onyankopɔn din di dwuma ase a, yebetumi abisa sɛ, ‘So wo din ho hia wo? . . . Dɛn ntia? . . . Sɛ obi amfa wo din amfrɛ wo a, wobɛte nka dɛn? . . . So ntease nnim sɛ Onyankopɔn bɛhwɛ kwan sɛ yɛde n’ankasa din bedi dwuma?’
10. Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo betumi de nsɛmmisa adi dwuma bere a wɔreboa ankorankoro a wɔahaw nkate fam no?
10 Mpanyimfo nso betumi de nsɛmmisa adi dwuma ɔkwan pa so bere a wɔreyɛn nguan no. Satan wiase no ama asafo no mufo pii di yaw, na ebia wɔte nka sɛ wɔn ho ntew na afoforo nnɔ wɔn. Ɔpanyin betumi ne onipa a ɔte saa no asusuw nsɛm ho denam eyi a ɔbɛka so: ‘Ɛwom sɛ woka sɛ wo ho ntew de, nanso Yehowa bu wo dɛn? Sɛ yɛn soro Agya a ɔwɔ dɔ no maa ne Ba no wui de yɛɛ agyede maa wo a, so ɛno nkyerɛ sɛ Onyankopɔn dɔ wo?’—Yohane 3:16.
11. Atirimpɔw bɛn na nsɛmmisa a ɛma afoforo susuw nneɛma ho di ho dwuma, na ɔkwan bɛn so na yebetumi de adi dwuma wɔ baguam ɔkasa mu?
11 Nsɛmmisa a ɛma afoforo susuw nsɛm ho yɛ nkyerɛkyerɛ kwan foforo a mfaso wɔ so. Wɔnhwɛ kwan sɛ atiefo bebua eyinom ma obiara ate bi, nanso wɔnam so boa wɔn ma wosusuw nsɛm ho. Ná tete adiyifo no taa bisa nsɛm a ɛte saa de ma wɔn atiefo susuw nsɛm ho yiye. (Yeremia 18:14, 15) Yesu de nsɛmmisa a ɛma afoforo susuw nsɛm ho dii dwuma ɔkwan a etu mpɔn so. (Mateo 11:7-11) Nsɛmmisa a ɛtete saa no tu mpɔn titiriw wɔ baguam ɔkasa mu. Sɛ́ anka wobɛka akyerɛ atiefo kɛkɛ sɛ ɛsɛ sɛ wofi ɔkra nyinaa mu som sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsɔ Yehowa ani no, ɛbɛyɛ nea etu mpɔn kɛse sɛ wubebisa sɛ, ‘Sɛ yɛamfi ɔkra nyinaa mu ansom nokwarem a, so Yehowa ani begye ho?’
12. Mfaso bɛn na ɛwɔ nsɛmmisa a wɔde hu afoforo adwene a yɛde bedi dwuma so?
12 Nsɛmmisa a wɔde hu afoforo adwene boa ma yehu sɛ ebia Bible suani no gye nea ɔresua no di ankasa anaa. (Mateo 16:13-16) Osuani betumi abua no yiye sɛ aguamammɔ nye. Nanso dɛn nti na womfa nsɛmmisa te sɛ nea edidi so yi nni dwuma, W’ankasa wote nka dɛn wɔ Onyankopɔn abrabɔ ho gyinapɛn ho? So wote nka sɛ ɛyɛ den dodo? So wobɛka sɛ Onyankopɔn gyinapɛn ahorow akyi a wubedi ho hia ankasa anaa ɛho nhia?
Mfatoho a Edu Komam
13, 14. (a) Dɛn na biribi ho mfatoho a yɛbɛyɛ no kyerɛ? (b) Dɛn nti na mfatoho a ɛfata tu mpɔn?
13 Ɔkwan foforo a yɛbɛfa so adu atiefo ne Bible asuafo komam ne sɛ yɛde mfatoho a etu mpɔn bedi dwuma. Nea Hela asɛm a wɔkyerɛɛ ase “mfatoho” kyerɛ ankasa ne sɛ “yɛde biribi bɛtoto biribi ho anaasɛ yɛde bɛbom.” Sɛ woyɛ mfatoho a, wokyerɛkyerɛ biribi mu denam biribi a ɛne no di nsɛ a wode ‘bɛtoto ho’ no so. Sɛ nhwɛso no, Yesu bisae sɛ: “Dɛn ho na yɛde Onyankopɔn ahenni bɛto? Anaasɛ ɛbɛ bɛn na yebebu wɔ ho?” Wɔ mmuaema mu no, Yesu bɔɔ sinapi fua a na wonim no yiye no din.—Marko 4:30-32.
14 Onyankopɔn adiyifo de mfatoho a tumi wom pii dii dwuma. Bere a Asiriafo a Onyankopɔn de wɔn dii dwuma twee Israelfo aso daa atirimɔden a emu yɛ den adi no, Yesaia de saa mfatoho yi ka wɔn animtiaabu no ho asɛm sɛ: “So akuma hoahoa ne ho nea ɔde twa ade no so?” (Yesaia 10:15) Yesu nso de mfatoho dii dwuma pii bere a na ɔrekyerɛkyerɛ afoforo no. Wɔbɔ amanneɛ sɛ “wankwati ɛbɛ ankasa ankyerɛ wɔn.” (Marko 4:34) Mfatoho pa tu mpɔn efisɛ ɛkanyan adwene ne koma no nyinaa. Ɛma atiefo te nsɛm foforo ase ntɛm denam toto a wɔde toto biribi a wonim dedaw ho no so.
15, 16. Dɛn na ɛbɛma mfatoho atu mpɔn kɛse? Ma ho nhwɛso ahorow.
15 Yɛbɛyɛ dɛn atumi de mfatoho a edu komam ankasa adi dwuma? Nea edi kan koraa no, ɛsɛ sɛ mfatoho no ne ade a wɔrekyerɛkyerɛ mu no di nsɛ ma ɛfata. Sɛ mfatoho no ne dekode no nhyia ankasa a, mfatoho no bɛsɛe atiefo adwene mmom sen sɛ ɛbɛma wɔate nneɛma ase. Bere bi ɔkasafo bi a ɔbɔ mmɔden yɛe sɛ ɔde sɛnea nkaefo a wɔasra wɔn no brɛ wɔn ho ase ma Yesu Kristo no bɛtoto ɔkraman ahobrɛase ho. Nanso so mfatoho a nidi nnim yi fata ankasa? Bible no da nsusuwii a ɛte saa ara adi wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye na nidi wom pii so. Ɛde Yesu akyidifo 144,000 a wɔasra wɔn no toto “ayeforo a wɔahyehyɛ no ama ne kunu” ho.—Adiyisɛm 21:2.
16 Sɛ wɔma mfatoho ahorow fa nnipa asetra ho a, ɛsow aba pii. Natan mfatoho a ɛfa oguan a wokum no ho no kaa Ɔhene Dawid koma efisɛ na n’ani gye nguan ho esiane sɛ na ɔyɛ oguanhwɛfo wɔ ne mmofraberem nti. (1 Samuel 16:11-13; 2 Samuel 12:1-7) Sɛ na mfatoho no fa nantwi ho a, anka ebetumi aba sɛ ɛrensow aba pii. Saa ara na mfatoho a egyina nyansahu mu nneɛma so anaasɛ abakɔsɛm a emu nna hɔ so no so remma yɛn atiefo mfaso ahe biara. Ná Yesu de ne mfatoho ahorow gyina da biara asetram nsɛm so. Ɔkaa nneɛma a na wɔtaa hu, te sɛ kanea, ewim nnomaa, ne wuram sukooko ho asɛm. (Mateo 6:15, 16; 6:26, 28) Ná Yesu atiefo betumi ate nneɛma a ɛte saa no ase ntɛm.
17. (a) Dɛn so na yebetumi de yɛn mfatoho ahorow agyina? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi de mfatoho a ɛwɔ yɛn nhoma ahorow mu adi dwuma ma ɛne yɛn asuafo tebea ahyia?
17 Wɔ yɛn asɛnka mu no, yɛwɔ hokwan pii sɛ yɛde mfatoho ahorow a ɛyɛ tiawa nanso etu mpɔn bedi dwuma. Ma w’ani nna hɔ. (Asomafo no Nnwuma 17:22, 23) Ebia yebetumi agyina otiefo bi mma, ne fie, n’adwuma, ne ade a ɔyɛ de gye n’ani so ayɛ mfatoho. Anaasɛ ebia yɛde nimdeɛ a yɛn ankasa yɛwɔ wɔ Bible suani bi ho no bedi dwuma de ama mfatoho a wɔde ama wɔ yɛn adesua no mu no mu ada hɔ. Fa mfatoho a etu mpɔn a wɔde dii dwuma wɔ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no ti 8 no nkyekyem 14 mu no sɛ nhwɛso. Ɛfa ɔwofo bi a ɔwɔ dɔ a ne fipamfo bi keka ne ho nsɛmmɔne ho. Yebetumi asusuw sɛnea yebetumi ama saa mfatoho no afata Bible suani bi a n’ankasa yɛ ɔwofo tebea ho kakra.
Kyerɛwnsɛm no a Yɛbɛkenkan no Yiye
18. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden yɛ akenkanfo pa?
18 Paulo tuu Timoteo fo sɛ: “Bata ɔkenkan, afotu ne ɔkyerɛkyerɛ ho.” (1 Timoteo 4:13) Esiane sɛ Bible no so na yɛn nkyerɛkyerɛ gyina nti, mfaso wɔ so sɛ yebetumi akenkan no yiye. Lewifo no nyaa hokwan kenkan Mose Mmara no kyerɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo. So na wɔn ano fomfom wɔ akenkan a ɛte saa mu anaasɛ na wɔkenkan a ɛnne nsakrae biara nnim? Dabi, Bible ka wɔ Nehemia 8:8 sɛ: “Na wɔkenkan Onyankopɔn mmara nhoma no fann, na wɔkyerɛɛ ase ma wɔtee ne kenkan no ase.”
19. Yɛbɛyɛ dɛn atumi atu mpɔn wɔ Kyerɛwnsɛm no akenkan mu?
19 Kristofo mmarima bi wɔ hɔ a wɔyɛ akasafo pa nanso wɔmmɔ mmɔden wɔ akenkan mu. Wɔbɛyɛ dɛn atumi atu mpɔn? Ɛne sɛ wɔbɛtaa akenkan ade. Yiw, ɛdenam kenkan a wɔbɛkenkan no den mpɛn pii kosi sɛ wobetumi akenkan no yiye so. Sɛ mowɔ Bible ho kasɛt ahorow wɔ mo kasa mu a, nyansa wom sɛ wubetie sɛnea ɔkenkanfo no si nsɛm so dua na ɔdannan ne nne no, na woahyɛ sɛnea ɔbobɔ din ahorow ne nsɛmfua a wunnim no nsow. Wɔn a wɔwɔ New World Translation wɔ wɔn kasa mu no nso betumi anya mmoa a ɛde ma wɔ nsɛmfua din bobɔ mu no so mfaso.a Sɛ wusiesie wo ho a, wubetumi abɔ edin te sɛ Maʹher-shalʹal-hash-baz mpo a wommrɛ ho koraa.—Yesaia 8:1.
20. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ‘ama yɛn ani aba yɛn nkyerɛkyerɛ so’?
20 Sɛ́ Yehowa nkurɔfo no, hwɛ hokwan ara a yɛwɔ sɛ wɔde yɛn redi dwuma sɛ akyerɛkyerɛfo! Ɛnde, momma yɛn mu biara mmu saa asɛyɛde yi aniberesɛm. Ɛmmra sɛ ‘yɛbɛma yɛn ani aba yɛn ho ne yɛn nkyerɛkyerɛ so daa.’ (1 Timoteo 4:16) Yebetumi ayɛ akyerɛkyerɛfo pa denam atiefo pa a yɛbɛyɛ, nsɛm a yebetwa no tiawa, nsɛm a ɛma yehu nneɛma mu a yebebisa, mfatoho a etu mpɔn a yɛde bedi dwuma, ne ahokokwaw a yɛde bɛkenkan kyerɛw nsɛm no so. Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa benya ntetee a Yehowa nam n’ahyehyɛde no so de ma no mu mfaso, efisɛ eyi betumi aboa yɛn ma yɛanya “asuafo tɛkrɛma.” (Yesaia 50:4) Sɛ yɛde nnwinnade a wɔde ama sɛ yɛmfa nyɛ yɛn som adwuma, a nea ɛka ho ne nhomawa, kasɛt ne video ahorow, di dwuma kosi ase a, yebetumi asua sɛnea yɛde nhumu ne kasadɛ bɛkyerɛkyerɛ.
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔkyekyɛ din pa mu ma ɛyɛ afã horow, na wɔde nsisimu anaa nnyigyei agyiraehyɛde kyɛ ɔfã biara mu. Sɛnea wɔbɔ no no gyina ɔfa a agyiraehyɛde no hyɛ no so. Sɛ ɛnne nkyerɛwde na ɛde ɔfã no ba awiei a, wɔbɔ ɛnne nkyerɛwde no twe mu. Sɛ anom nkyerɛwde na ɛde ɔfã no ba awiei a, wɔmmɔ ɛne nkyerɛwde no ntwe mu.
So Wokae?
◻ Ɔkwan bɛn so na atiefo pa a yɛbɛyɛ bɛboa yɛn wɔ yɛn nkyerɛkyerɛ mu?
◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua Paulo ne Yesu wɔ yɛn nkyerɛkyerɛ a yɛbɛma ayɛ tiawa mu?
◻ Nsɛmmisa bɛn na yebetumi de adi dwuma bere a yɛrekyerɛkyerɛ afoforo no?
◻ Mfatoho ahorow bɛn na etu mpɔn yiye?
◻ Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama yɛn ho akokwaw sɛ baguam akenkanfo?
[Kratafa 16 mfonini]
Ɔkyerɛkyerɛfo pa tie asɛm na ama wanya nhumu
[Kratafa 18 mfonini ahorow]
Yesu faa ne mfatoho ahorow fii da biara da asetra mu nsɛm mu