Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/09 kr. 1
  • Fa Nsɛm a Asete Nyɛ Den Kyerɛkyerɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Nsɛm a Asete Nyɛ Den Kyerɛkyerɛ
  • Yɛn Ahenni Som—2009
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akwankyerɛ Abiɛsa a Ɛbɛma Wo Nkyerɛkyerɛ Atu Mpɔn
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • “Ɛsɛ Sɛ Moyɛ Akyerɛkyerɛfo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Afoforo Tumi Te Ase
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2009
km 5/09 kr. 1

Fa Nsɛm a Asete Nyɛ Den Kyerɛkyerɛ

1. Dɛn ne ade biako a ehia paa na ama yɛn nkyerɛkyerɛ mu ada hɔ, na atu mpɔn?

1 Ade a ehia paa na ama yɛn nkyerɛkyerɛ atu mpɔn ne sɛ yɛbɛma asete ayɛ mmerɛw. Sɛ yesusuw ɔkwan a Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse, Yesu, faa so kyerɛkyerɛe no ho a, ɛbɛboa ma yɛn ‘nkyerɛkyerɛ atu mpɔn.’—2 Tim. 4:2; Yoh. 13:13.

2. Dɛn na ehia na ama yɛn nkyerɛkyerɛ asete ayɛ mmerɛw, na nkɛntɛnso bɛn na nkyerɛkyerɛ a ɛte saa wɔ?

2 Ka Nsɛm a Asete Nyɛ Den: Yebetumi ahu nokwasɛm a emu da hɔ a asete nyɛ den a onipa bi aka pɛn no bi wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu. (Mateo ti 5 kosi 7) Ɔkwan a Yesu faa so ‘kyerɛkyerɛe’ no maa nnipakuw a na wɔretie no no “ho dwiriw wɔn.” Yesu nsɛm a na ɔreka no kaa asraafo a wɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔkyere no no koma ma wɔkae sɛ: “Obiara nkasae saa da.” (Mat. 7:28, 29; Yoh. 7:46) Ɛho nhia sɛ yɛde nsɛmfua akɛse a asete yɛ den anaa nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri pii di dwuma na ama afoforo ate nokware no ase yiye. Yebetumi de nsɛm a obiara te ase akyerɛkyerɛ nokware no mu ma emu ada hɔ.

3. Dɛn na ebetumi ama ebinom de nsɛm apuapua wɔn atiefo, na dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛanyɛ saa?

3 Susuw Nsɛm Dodow a Ɛsɛ sɛ Woka Ho: Ná Yesu susuw n’atiefo no ho na ama wahu nsɛm dodow a ɛsɛ sɛ ɔka kyerɛ wɔn wɔ bere pɔtẽẽ bi mu. (Yoh. 16:12) Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ani to fam na yɛdannan yɛn nsɛm mu ma ɛne wɔn a yɛka asɛm no kyerɛ wɔn no ahiade hyia. Eyi ho hia, titiriw bere a yɛredi abusuafo, wɔn a wɔakyerɛ asɛm no ho anigye foforo, anaa mmofra adanse no. Sɛ wɔwɛn wɔn aso tie yɛn yiye mpo a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamfa nsɛm pii ampuapua wɔn. Wɔn a wɔwɔ koma pa no bɛkɔ so asua nokware a ɛfa Yehowa Nyankopɔn ho no ho ade.—Yoh. 17:3; 1 Kor. 3:6.

4. Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ yɛde yɛn adwene besi nsɛntitiriw so sen sɛ yɛde nkyerɛkyerɛmu pii bɛma?

4 Fa W’adwene si Nsɛntitiriw So: Yesu amfa nsɛm pii anhyehyɛ ne nkyerɛkyerɛ mu. Bere a ɔkae sɛ: ‘Wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa befi adi’ no, wamfa owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ benya no mu nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri amma saa bere no. (Yoh. 5:28, 29) Sɛ yɛreyɛ Bible adesua a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si nsɛntitiriw no so na ɛnsɛ sɛ yɛde nsɛm bi a ɛmfa adesua no ho hyehyem.

5. Sɛ yɛde nsɛm a asete nyɛ den kyerɛkyerɛ a, mfaso bɛn na yebenya?

5 Yɛn ani sɔ paa sɛ Yehowa de nsɛm a asete nyɛ den akyerɛkyerɛ yɛn ne ho nokwasɛm nyinaa! (Mat. 11:25) Momma yɛmfa nsɛm a asete nyɛ den nkyerɛkyerɛ, na ama yɛn som adwuma no asow aba ma yɛn ani agye.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena