Nhyehyɛe ma Dapɛn a Efi Ase May 11
DAPƐN A EFI ASE MAY 11
Dwom 117
□ Asafo Bible Adesua:
lv-TW nkekaho, asɛmti ketewa a ɛwɔ kr. 209 kosi asɛmti ketewa a ɛwɔ kr. 212
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Exodus 27-29
No. 1: Exodus 29:1-18
No. 2: Ɔkwan a Wobɛfa so Anya Anigye (lr-TW ti 17)
No. 3: Asiane a Ɛwɔ Nokwaredi a Ɛmfata Mu
□ Ɔsom Nhyiam:
Dwom 43
5 min: Nkaebɔ.
10 min: So Wubetumi Ayɛ Akwampaefo Boafo wɔ Akwamma Bere Mu? Atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Nhyehyɛe nhoma no kratafa 112-113 so. Ka nea ɛbɛma obi afata no ho asɛm, na ma wɔn a wɔayɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi no nka nhyira a wonyae no ho asɛm. Hyɛ anuanom nyinaa nkuran, titiriw sukuufo ma wɔmfa June kosi September akwamma mmere no nyɛ akwampae adwuma.
10 min: Wo ne W’abusua Nsiesie mo Ho Mma Asɛnka! Bisabisa anuanom baanu a wɔyɛ mmusua ti a wɔde bere a wɔde yɛ Abusua Som no bi siesie wɔn ho ma asɛnka no nsɛm tiawa. Dɛn na wɔyɛ de siesie wɔn ho, na mfaso bɛn na wɔanya wɔ so? Ma abusua ti bi nyɛ sɛnea wɔde bere a wɔde yɛ Abusua Som no bi bobɔ sɛnea wɔde nsɛmma nhoma bɛma so no ho ɔyɛkyerɛ.
10 min: “Fa Nsɛm a Asete Nyɛ Den Kyerɛkyerɛ.” Asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ.
Dwom 158