KRISTOFO ABRABƆ
Wubetumi De Wo Bere Ne W’ahoɔden Aboa?
Yesaia ka too hɔ sɛ, Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no bɛkɔ n’anim. Ɛnnɛ yehu sɛ saa asɛm no rebam. (Yes 54:2) Wei nti, ɛho hia sɛ yesisi Ahenni Asa ahorow, Nhyiam Asa ahorow, ne Betel ahorow. Yesisi wie nso a, ebehia sɛ yɛkɔ so siesie na yɛhwɛ so yiye. Adan no bi nso wɔ hɔ a, ebehia sɛ daakye yɛyɛ ho adwuma ma ɛsan si ne dedaw mu. Wei hwehwɛ sɛ yɛde yɛn bere ne yɛn ahoɔden boa. Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa?
Sɛ yɛn asɛnka kuw na esiesie Ahenni Asa so a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho hyem
Sɛ wɔretete anuanom binom ama wɔatumi ahwɛ wɔn Ahenni Asa so yiye a, yebetumi atu yɛn ho ama akogye ntetee no bi
Sɛ yɛpɛ sɛ ɛwom ara a yetu yɛn ho ma kɔboa wɔn a wosisi adan ne wɔn a wosiesie adan no a, yebetumi ahyehyɛ Local Design/Construction Volunteer Application (DC-50) no bi
Sɛ yɛpɛ sɛ yɛde nna bi kɔboa Betel, Nhyiam Asa ahorow a wɔresisi anaa mmeae a wɔkyerɛ yɛn nhoma ahorow ase wɔ yɛn man mu a, yebetumi ahyehyɛ Application for Volunteer Program (A-19) no bi
HWƐ VIDEO A YƐATO DIN ADANSI ADWUMA TITIRIW BI REBƐKƆ SO—NE FÃ BI NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:
Efi 2014 reba no, nsakrae bɛn na aba video ahorow a yɛde di dwuma no mu?
Nea ɛbɛyɛ na yɛanya video pii a ɛbɛboa yɛn ma yɛasom Yehowa nti, asafo no rebesi ɔdan titiriw bi. Ɛyɛ dan bɛn? Bere bɛn na wobefi ase asi, na bere bɛn na wobewie?
Dɛn na atuhoamafo betumi ayɛ de aboa adansi adwuma yi?
Sɛ yɛpɛ sɛ yɛboa ma wosi Ramapo dan no a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhyehyɛ DC-50 fɔɔm no, na yɛne anuanom a wɔwɔ LDC a wɔbɛn yɛn no yɛ adwuma?
Adanse bɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa “taa” dwumadi titiriw yi akyi?
Sɛ yɛnte United States anaa biribi nti yɛrentumi nkɔboa dwumadi titiriw yi a, dɛn na yebetumi ayɛ de aboa?