Wo Fam De a Ɛsɛ Sɛ Woyɛ Wɔ Adansi Adwuma Ma Daakye No Mu
1 Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ kɔ so hwɛ honhom fam adansi adwuma bi a Yesu fii ase bɛyɛ mfe 1,960 a atwam ni bere a ofii ase boaboaa asuafo ano no so. (Mat. 4:17; 7:24, 25, 28; Yoh. 7:46) Yehowa ahyira adwuma yi so pii. (Mmeb. 10:22) Bere a yɛkɔ so ka Onyankopɔn Ahenni kyerɛ no, na yɛresi adan nso de adi nkɔso a ɛbɛba daakye no ho dwuma.—Ɔsɛnk. 11:6.
2 Bere a ɛsɛ sɛ yesiesie Ahenni Asa dedaw pii no, yehia afoforo a asafo afoforo a wɔrehyehyɛ no behyiam wɔ so. Wɔ nsa a ɛda yɛn dwumadi so nyinaa akyi no, yenyaa asafo afoforo 16 kaa asafo ahorow dedaw a ɛwɔ Ghana no ho. Esiane sɛ wɔmma yenhyiam wɔ Ahenni Asa a ɛwɔ hɔ mprempren mpo no so nti, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nhyehyɛe afoforo ma asafo afoforo yi ne dedaw no nso. Su pa a ɛfata nkamfo a anuanom yii no adi de dii ahiade yi ho dwuma no so reba mfaso kɛse.—Dw. 41:1; Mmeb. 19:17; Ɔsɛnk. 11:1; Luka 14:13, 14.
MMOA A EFI ƆDƆ MU A PII DE MA
3 Yɛnam ntoboa a yeyi de to Asafo Ti Ahenni Asa Foto no mu no so yi yɛn dɔ adi kyerɛ “anuanom kuw no nyinaa.” (1 Pet. 2:17, NW) Bere a wɔkae sɛ wɔde nsa ato yɛn dwumadi so no akyi pɛ, asafo ahorow pii maa wɔn werɛ fii Asafo Ti Ahenni Asa Foto a yefii ase de dii dwuma wɔ Ghana wɔ September 1988 mu no. Nanso, asafo kakra maa ɛho asɛm traa wɔn adwenem, na wofi nokwaredi mu de sika bɛto Foto no mu daa ma enti eduu October 1, 1990 no, na sika ¢2,088,276.00 wɔ Foto no mu. Eyi fata nkamfo yiye. Nanso, nokwarem no, Ahenni Asa ahe na saa sika no betumi asi, sɛ woyi nsa a ɛda yɛn dwumadi so no a? Sɛnea yehia Ahenni Asa no kɔ so yɛ kɛse bere a anoboaboa adwuma no nya nkɔanim no. Enti ɛsɛ sɛ mpanyimfo no hwɛ hu sɛ wɔahyɛ Asafo Ti Ahenni Asa Foto ntoboa adaka no nsow yiye, na esi baabi a obiara behu de biribi ato mu. Yɛde ntoboa a yebenya no ne sika a wɔde tua bosea a wɔabɔ no besisi Ahenni Asa afoforo bere a yɛsan nya kwan sɛ yebesisi Ahenni Asa no.
4 Asafo ti no, ne yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛda anisɔ kɛse adi kyerɛ ankorankoro ne mmusua pii a wɔde ntoboa to Asafo Ti Ahenni Asa Foto no mu daa no. Asafo pii ayɛ tirimbɔ ahorow na ama wɔde ntoboa abɛto Foto yi mu. Amansin bi nso fi ɔdɔ mu ayɛ tirimbɔ ahorow a ɛte saa ara.
5 So wowɔ adansi adwuma ho nimdeɛ bi? Sɛ saa, na wubetumi de wo ho ama aboa ma yɛasisi Ahenni Asa a, wubetumi ama mo asafo no mu mpanyimfo ne ɔmansin sohwɛfo no aso ate. Yebehia adwumayɛfo a wotu wɔn ho ma a wɔwɔ adansi ho nimdeɛ wɔ ɔman yi mu nyinaa bere a yefi ase sisi Ahenni Asa bere a wɔayi nsa a ɛda yɛn dwumadi so akyi no. Afei nso, wɔbɛtete anuanom afoforo a wɔfata honhom mu ma wɔayɛ adwuma a ehia no, sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi aboa asafo pii wɔ wɔn adansi nnwuma mu wɔ Amantam Adansi Boayikuw Ahorow a Asafo ti no apaw akwankyerɛ ase.
AMANTAM ADANSI BOAYIKUW AHOROW NO ADWUMA
6 Ebia ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ Amantam Adansi Boayikuw Ahorow no adwuma no mu. Wɔ aman a wɔwɔ ntoboa a ɛdɔɔso wɔ Asafo Ti Ahenni Asa Foto no mu a wobetumi abɔ asafo ahorow no bosea ma wɔde asisi Ahenni Asa no nyinaa mu no, Asafo ti no paw Amansin Adansi Boayikuw Ahorow. Amansin Adansi Boayikuw Ahorow no de mmoa ma wɔ Ahenni Asa no ho nhyehyɛe ne ne si afã horow nyinaa mu. Boayikuw ahorow yi wɔ adan nsusuwso nkrataa a ɛma wohu akwan a wɔbɛfa so asi adan ntɛmntɛm a Asafo ti no na ɛde ama wɔn. Anuanom a wɔwɔ boayikuw ahorow yi mu no yɛ mpanyimfo a wɔwɔ osuahu, na wobetumi de Ahenni Asa a ɛnso pii na ɛyɛ fɛ ne sika ne bere pii a wɔrensɛe no ho nyansahyɛ a ɛsom bo ama. Esiane wɔn osuahu nti, wobetumi aboa asafo no mu mpanyimfo ma wɔasi gyinae sɛ ebia ɛbɛyɛ papa sɛ wosiesie Ahenni Asa bi a ɛwɔ hɔ anaa ɛsɛ sɛ wosi foforo, na wobetumi aboa ma wɔahu sɛ ebia faako a wɔpɛ sɛ wosi dan no ye ansa na wɔatɔ asase no. Wobetumi aboa mpanyimfo no nso ma wɔabu ɔdan no si ho ka ne sika a wobenya afi Ahenni Asa bi a ɛwɔ hɔ a ebia wɔbɛtɔn no mu no pɛpɛɛpɛ.
7 Nyansa wom sɛ wobehu Ɔmantam Adansi Boayikuw no bere tenten ansa na wɔatɔ asase bi. Wɔde ahyɛde ama boayikuw ahorow yi sɛ wɔmmoa mma wonsisi Ahenni Asa wɔ beae bi a wɔapaw a amansin pii wɔ hɔ, na wobetumi aboa ma wɔatɔ asase. Wɔwɔ akwankyerɛ a wɔde bɛboa anuanom ma wɔakwati nsɛnnennen a wobetumi ahyia wɔ asase a wɔbɛtɔ no mu. Wɔde boayikuw no guamtrani din, address, ne telefon nɔma ama ɔmansin sohwɛfo biara na obetumi de ama asafo no mu mpanyimfo no bere a ɛho abehia no.
8 Bere a wɔrepaw asase de asi Ahenni Asa wɔ kurow kɛse a asafo bɛboro biako wom mu no, ɛsɛ sɛ asafo no mu mpanyimfo ne Ɔmantam Adansi Boayikuw no, ɔmansin sohwɛfo anaa amansin so ahwɛfo, kuropɔn sohwɛfo no, ne sɛ ebetumi a, asafo ahorow a ɛbemmɛn no mu mpanyimfo susuw asɛm no ho. Eyi betumi aboa asafo no mu mpanyimfo no ma wɔapaw baabi a ɛho ɛbɛba asafo no anaa asafo ahorow a wɔresi dan no so mfaso, na sɛnea nnipa kyere so wɔ Ahenni Asa a ɛbemmɛn no so no agyae, na afei nso, ama asafo no adɔ daakye wɔ mpɔtam hɔ. Wɔ nkurow akɛse mu no, asafo abiɛsa anaa nea ɛboro saa taa hyiam wɔ Ahenni Asa biako so. Wɔ mmeae a nnipa nnɔɔso pii wɔ hɔ mpo no, wobetumi apaw baabi a ebetumi afa asafo abien anaa nea ɛboro saa.
9 Bere a Amantam Adansi Boayikuw Ahorow no de akwankyerɛ ahorow a Asafo ti no de ama di dwuma no, wɔbɛyɛ adwuma a mfaso wɔ so bere a wɔboa ɛhɔnom asafo ahorow no ma wosiesie wɔn Ahenni Asa na wosisi afoforo no. Wɔ adan no si mu no, wɔbɛyɛ nhyehyɛe ma wɔn a wɔatu wɔn ho ama no akɔ faako a wosi no wɔ bere a wobehia wɔn ankasa no nkutoo no, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔn asafo no nhyiam horow ne asɛnka rempa wɔn ti so. Ɔmantam Adansi Boayikuw biako kae sɛ: “Yɛnam mmɔden a yɛkɔ so bɔ sɛ yɛde Asafo ti no akwankyerɛ ahorow bedi dwuma no so aboa ma adansi no ayɛ mmerɛw na akɔ so ntɛmntɛm.”
10 Nhyehyɛe ne nimdeɛ a wonya wɔ nnwuma yi mu no aboa wɔ Nhyiam Asa si ne adan a anuanom sisi wɔ asiane a ɛnyɛ onipa na ɔma ɛba no akyi no mu. Nimdeɛ a ɛte saa no nso ama anuanom binom afata sɛ wɔbɛyɛ adwuma wɔ Betel si anaa ntrɛwmu adansi nnwuma mu.
10 Yɛn nyinaa betumi ada ayamye aba no adi de aboa wɔn a wɔhwɛ adansi adwuma no so no. Ɔkwan yi so no, ‘yewie adwuma’ a ehia no yɛ a ɛnyɛ ‘ahomegu na yɛde yɛe na mmom anigye.’ (Aso. 14:26; Heb. 13:17) Ɔmantam Adansi Boayikuw bi a ɛwɔ Michigan, U.S.A., tumi bɔɔ amanneɛ sɛ: “Na asafo abiɛsa no ntam biakoyɛ yɛ soronko. . . . Anuanom no nyinaa daa honhom mu ahokokwaw adi. Adwuma a yɛne wɔn yɛe no yɛ anigye. Ɛyɛ adwuma a ɛsɛ sɛ wɔkae.”
SIKA A YƐDE BETUA AHENNI ASA SI HO KA
12 Ɛsɛ sɛ wɔyɛ sika biara a wobehia de atua ho ka no ho nhyehyɛe wɔ adwuma no mfiase. (Luka 14:28-30) Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no hu sɛ asafo no betumi atua ka a wɔbɛbɔ no denam nhwehwɛmu a wɔbɛyɛ na wɔahu (1) sika dodow a wobeyi de aboa ma wɔatɔ asase no na wɔde atua ɔdan no si ho ka, (2) ne sika dodow a wobetumi de abɔ wɔn bosea wɔ wɔn hɔnom ne bere tenten a wɔbɛkɔ so anya sika no, ne (3) sika dodow a adwurubɔfo no susuw sɛ wobeyi ɔsram biara de atua bosea biara a wohia de aka sika a wɔsɛe ɔsram biara no ho no.
13 Ɛno akyi no, ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wɔhwehwɛ mmoa a ɛyɛ sika afi Asafo Ti Ahenni Asa Foto no mu no ne ɔmansin sohwɛfo no a obetumi aboa wɔn denam wɔn ahiade ne wɔn adansi adwuma no ho nkyerɛkyerɛmu ho asɛm a ɔbɛka akyerɛ Asafo ti no so no susuw wɔn adansi adwuma no ne sika a wohia no ho. Bere a ɔmansin sohwɛfo no de amanneɛbɔ no akɔma Asafo ti no akyi no, wɔbɛkyerɛw asafo ko no tẽẽ. Wɔde sika fam mmoa ma nkakrankakra bere a sika ba foto no mu no, na wɔbɛhwɛ sɛnea wɔn ahiade te no so na wɔde ama.
KURA NSIYƐ HONHOM MU
14 Ɛsɛ sɛ wɔkamfo obiara wɔ adɔe a oyi no adi kyerɛ wɔ Asafo Ti Ahenni Asa Foto no a ɔde ntoboa to mu no ho. Wɔmfaa nsa ntoo Foto no so ɛ. Mmom no, emu sika redɔɔso. Nanso ɛsɛ sɛ yɛma ɛdɔɔso ntɛmntɛm, sɛ yɛhwɛ afoforofo a yɛhwɛ kwan sɛ wɔbɛba asafo no mu bere a wɔayi nsa afi yɛn dwumadi so no a. Bere a ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho ma Ahenni Asa a yebesisi no ntɛmntɛm wɔ ɔman yi mu no ni. Enti kɔ so fi ayamye mu yi ntoboa to Foto no mu. Yɛhyɛ mo nyinaa nkuran sɛ monsan nkenkan krataa a na ɛhyɛ September 1988 krataa yi mu no. Afei hyɛ wo fam de a ɛsɛ sɛ woyɛ wɔ adansi adwuma ma daakye no mu no nsow, na fa mpaebɔ di ho dwuma.
15 Wɔ Ahenni Asa foforo si mu no, anigye, nsiyɛ, ne honhom pa boa ma yɛyɛ adwuma no wie. Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so da honhom koro no ara adi bere a yɛhwehwɛ sɛ yɛbɛma nnipa pii anya nokware no ho nimdeɛ na yɛahyɛ wɔn nkuran ma wɔne yɛn ahyia wɔ yɛn Ahenni Asa so no. Nsiyɛ a ɛte sɛɛ no yɛ anisɔ a yeyi adi kyerɛ a ɛma nnipa a wɔba nhyiam no dodow kɔ anim na asafo no nso dɔ no.
16 Bere a yɛkɔ so trɛw yɛn som adwuma mu, na yɛyere yɛn ho denneennen wɔ adwuma a yɛwɔ no mu no, akyinnye biara nni ho sɛ yɛbɛkɔ so anya Yehowa nhyira. (Luka 13:24) Yennim nkɔso ne nkɔanim a yebenya daakye. Nanso ehia sɛ yesiesie yɛn ho de gye asomfo pii a wɔbɛba daakye no. Eyi hia sɛ yesiesie yɛn ho mprempren ara. Enti, yɛbɔ Yehowa mpae sɛ ɔnkɔ so nhyira yɛn na ɔmma yɛn akwankyerɛ. Bere a yɛresi adan ama daakye no, ɛmmra sɛ yɛn nyinaa bɛyɛ adwumayɛfo a wɔka Yehowa ho—honam fam, ne honhom fam. Akyinnye biara nni ho sɛ obehyira yɛn bere a yɛhwɛ wɔn a wɔde ntɛmpɛ ba n’Ahenni ahyehyɛde no mu wɔ nna a edi akyiri yi nna a etwa to no mu no so no.—Yes. 60:8, 10, 11, 22.