Ahenni Asa Adansi Adwuma Renya Nkɔso
1 Wɔ 1983 mu wɔ “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam ahorow a wɔyɛe wɔ United States ase no, wɔbɔɔ amanneɛ sɛ wɔbɛyɛ foto titiriw bi de aboa ma wɔasisi Ahenni Asa asiesie wɔ United States ne Canada nyinaa. Ná yennim sɛ nhyira befi mfiase ketewaa a ɛte saa no mu aba. Yefii ase huu nea Dwom 92:4 ka ma ɛfata no yiye: “Na wo, [Yehowa, NW], woma m’ani gye wo nneyɛe ho, wo nsa ano nnwuma ho na medi ahurusi.”
2 Yedi ahurusi kɛse nnɛ wɔ nea yɛreyɛ no ho. Ɛnnɛ Ahenni Asa a wosi no ntɛmntɛm rekɔ so wɔ wiase nyinaa. Yɛn nyinaa wɔ hokwan sɛ yebenya adwuma yi mu kyɛfa wɔ ɔkwan bi so. Yɛyɛ saa denam sika ntoboa kɛse anaa kakraa bi a yeyi de boa ma wotua mmeae pii a yɛsom wɔ wiase nyinaa a wɔresisi no ho ka no so. Anuanom pii nso de wɔn mfiri, wɔn bere, ne wɔn dom akyɛde ma na ama yɛde ayɛ nnwuma a ɛte saa. Yehowa akwankyerɛ, ne mmoa, ne hyira a wahyira mmɔden a yɛde biakoyɛ bɔ no so pii no na ama nhyehyɛe yi atumi ayɛ yiye.—Dw. 127:1.
3 Baa dwumadibea pii adi nhwɛso a mfiase no wɔyɛ maa asafo ahorow a ɛwɔ United States no akyi. Adaka bi wɔ hɔ a adawurubɔfo de wɔn ntoboa a woyi ma Ahenni Asa Foto no gu mu wɔ Ahenni Asa ahorow so wɔ aman pii mu. Wɔ United States no, March 1997 Yɛn Ahenni Som no de nsakrae bi a wɔyɛe wɔ nhyehyɛe yi mu too gua. Ɛkae sɛ: “Efi bere a yɛyɛɛ Asafo Ti Ahenni Asa Foto no wɔ 1983 mu no, anuanom ayi wɔn yam ayi ntoboa pii ma yetumi de bosea a wɔde besi Ahenni Asa ma. Asafo ahorow bɛyɛ 2,700 anya nhyehyɛe yi so mfaso dedaw. Anka ɔkwan foforo biara nni hɔ a asafo pii bɛfa so asisi Ahenni Asa foforo anaa wɔasiesie nea ehia sɛ wosiesie no. Mprempren ɛho hia ntɛm sɛ yɛde ntoboa a wɔayi no bi bɔ aman a wɔn ho akyere wɔn wɔ sika fam no mu asafo ahorow no bosea. Asafo ti no ne saa asafo ahorow a enyaa mo ntoboa no so mfaso no ani sɔ nhyehyɛe yi a mokɔ so boa no kɛse.”
4 Na wɔde saa amanneɛbɔ no reto nsa afrɛ wɔn sɛ wonnya Ahenni Asa a wɔresisi no ntɛmntɛm nhyehyɛe no mu kyɛfa. Yɛde Ahenni Asa Foto no bi bedi yɛn nuanom a wɔwɔ nsase foforo so no ahiade ho dwuma bere a yɛkɔ so de bosea ma na ama wɔde asisi Ahenni Asa wɔ United States no. Asɛm foforo a ɛbaa August 1997 Yɛn Ahenni Som mu kae sɛ: “Ɛho da so ara hia sɛ yesisi Ahenni Asa wɔ wiase nyinaa. Wɔ ɔsom afe a etwaam yi ara mu no, wɔtew asafo afoforo 3,288. Asafo yi mu pii wɔ Afrika, Asia, Amerika Mfinimfini ne Anafo fam, ne Europa Apuei fam.”
5 Dɛn na yɛatumi ayɛ fi saa bere no? Afe 2001 Yearbook no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Nhyehyɛe yi nti, wɔasisi Ahenni Asa 453 awie wɔ aman 30 mu, na wɔresisi afoforo 727. Wɔasi so dua sɛ wɔnyɛ Ahenni Asa ho nhyehyɛe biako mma ɔman biara a ɛde hɔnom nneɛma si na wosi no sɛnea wosi hɔnom adan no. Wɔ Kenya no, wɔde abo a wɔapaapae na edi dwuma; wɔ Togo no wɔtaa de ntayaa na edi dwuma; wɔ Cameroon no, wɔde semɛnte ntayaa na esi na wɔakokwaw ho akyiri yi. Wɔ saa kwan yi so no, anuanom tumi nya adansi ho nimdeɛ a ehia na wɔde ahwɛ ɔman no nhyehyɛe mu dwumadi atitiriw so.”
6 Yebetumi ahu sɛnea Yehowa ahyira nhyehyɛe yi so no ho adanse wɔ Afrika asasepɔn kɛse no so. Bere a wohwɛ Ahenni Asa a wɔasisi no bi mfonini no, susuw nkɛntɛnso a saa adansi no anya wɔ Yehowa Adansefo adwuma no so ho! Aba saa wɔ akwan atitiriw abiɛsa so—biakoyɛ a aba wɔ yɛn wiase nyinaa onuayɛ kuw no mu, nkɛntɛnso a anya wɔ mpɔtam hɔ nnipa so, ne wɔn a wɔkɔ asafo nhyiam ahorow no dodow a akɔ anim. Bere a krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som yi mu no twe adwene si Ahenni Asa a wɔasisi wɔ Afrika no so no, nea ɛbɛba akyiri yi no bɛtwe adwene asi sɛnea Ahenni Asa a wɔresisi ho nhyehyɛe no renya nkɔso wɔ wiase mmeae afoforo nso no so.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 3]
CENTRAL AFRICAN REPUBLIC
Bimbo, Bangui
Begoua, Bangui
[Kratafa 4 mfonini]
Ukonga, Tanzania
[Kratafa 4 mfonini]
Accra, Ghana
[Kratafa 4 mfonini]
Salala, Liberia
[Kratafa 4 mfonini]
Karoi, Zimbabwe
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 4, 5]
Allada, Benin—kan Ahenni Asa
Allada, Benin—Ahenni Asa foforo
[Kratafa 5 mfonini]
Kpeme, Togo
[Kratafa 5 mfonini]
Sokodé, Togo
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 4, 5]
Fidjrosse, Benin
[Kratafa 6 mfonini]
Lyenga, Zambia—kan Ahenni Asa
[Kratafa 6 mfonini]
Lyenga, Zambia—Ahenni Asa foforo
[Kratafa 6 mfonini]
Kinshasa, Congo
[Kratafa 6 mfonini]
Musambira, Rwanda