Nokware Som Retrɛw Wɔ Europa Apuei Fam
1 Na afeha a edi kan Kristofo no yɛ Ahenni asɛnkafo a wɔyɛ nnam. Wodii ahurusi bere a asafo no ‘kɔɔ so dɔe daa’ no. (Aso. 16:5) Asɛnka adwuma no a wɔde akokoduru yɛe no maa nokware som trɛw kɔɔ Asia, Afrika, ne Europa, na ɛma wonyaa gyidifo pii.
2 Wɔ awiei bere yi mu no, nokware som kɔ so trɛw wɔ Europa Apuei fam nsase so titiriw. Yɛrenya nkɔso kɛse mprempren wɔ aman a aban de ne nsa too wɔn dwumadi so besii 1990 mfiase pɛɛ no mu. 1999 Yearbook no da no adi sɛ saa aman no mu abien, Russia ne Ukraine, mu biara bɔɔ amanneɛ sɛ adawurubɔfo bɛboro 100,000 na wɔrenya baguam ɔsom adwuma no mu kyɛfa. Efi 1991 reba no, nnipa bɛboro 220,000 ahyira wɔn ho so ama Yehowa ma wɔabɔ wɔn asu wɔ kan Soviet Union nsase 15 so! Nkɔso a wɔrenya no ntɛmntɛm yi ama ɛho abehia sɛ wosisi Ahenni Asa ne Nhyiam Asa foforo pii, na wɔtrɛw baa dwumadibea dodow bi nso mu.
3 Seesei wɔde Asafo Ti no Ahenni Asa Foto mu sika no bi rebɔ aman a ɛho abehia kɛse sɛ wonya Ahenni Asa ahorow nanso sikasɛm mu ahokyere wɔ hɔ no bosea. Efi March 1996 de besi October 1998 no, Asafo ti no penee bosea a wɔde besisi Ahenni Asa 359 a baa dwumadibea ahorow a ɛhwɛ Europa Apuei fam aman 11 so bisae no so. Wɔde sika a woyi no totɔ nsase ne nneɛma a wɔde besisi Ahenni Asa foforo de bi nso boa asafo ahorow no ma wɔde siesie adan dedaw a wɔwɔ no. Mfonini a ɛwɔ ha yi ma yehu sɛnea wɔde ntoboa a wɔde to Asafo Ti no Ahenni Asa Foto no mu wɔ United States ne aman foforo mu no aboa yɛn nuanom a wɔwɔ Europa Apuei fam no.
4 Wɔ 1998 mu no, Bulgaria nyaa nkɔanim a ɛyɛ ɔha mu 12, na anuanom no ani gyei bere a wohyiraa wɔn Ahenni Asa a edi kan so wɔ April mu wɔ saa afe no mu no. Croatia nyaa nkɔanim a ɛyɛ ɔha mu 4, na seesei anuanom resisi Ahenni Asa pii a wɔde bɛtrɛw nokware som mu. Wɔ Hungary no, asafo 144 na wohyiam wɔ Ahenni Asa bɛyɛ 80 so. Eyi kyerɛ sɛ saa ɔman no mu asafo 235 no mu ɔha mu 61 no ankasa wɔ baabi a wohyiam som. Wɔ Macedonia no, Ahenni Asa si ho nhyehyɛe no ama wɔasi asa afoforo abien awie, na wogu so resi foforo pii. Wɔ 1999 ahohuru bere mu no, wosii Ahenni Asa abien a ɛbom biako wɔ ahenkurow Skopje mu. Anyɛ yiye koraa no, asafo asia na wotumi hyiam wɔ asa yi so.
5 Afe a etwaam no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, na wɔbɔ nnipa bɛboro 260 asu dapɛn biara wɔ Russia! Esiane sɛ Russia baa dwumadibea no reyɛ nea wɔyɛ wɔ aman foforo mu no bi nti, seesei wɔahyehyɛ Amantam Adansi Boayikuw 12 wɔ wɔn asasesin kɛse no nyinaa mu na wɔde aboa Ahenni Asa a wobesisi no daakye no. Wɔresi saa ɔman no mu Nhyiam Asa a edi kan a ɛbɛfa nnipa 1,600 wɔ St. Petersburg atifi fam. Wobesi Ahenni Asa anum a emu biara bɛfa nnipa 200 nso aka ho. Nea ɛbɛyɛ na wɔadi yɛn nuanom ne anigyefo pii a wɔwɔ Ukraine no honhom fam ahiade ho dwuma no, wɔasi Ahenni Asa 84 awie na wogu so resi 80.
6 So nkɔso a aba Europa Apuei fam yi mma yɛn ani nnye? Ɛmfa ho ɔman a yɛte mu no, nokware som a ɛretrɛw no kae yɛn sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim na ne boasetɔ no bɛma “nnipakuw kɛse” anya nkwa. (Adi. 7:9; 2 Pet. 3:9) Hwɛ hokwan a yɛanya sɛ yɛboa kakra ma afoforo nyin wɔ honhom fam a wɔn a wɔte akyirikyiri nsase mpo so ka ho! Mmebusɛm 28:27 ma yɛn awerɛhyem sɛ “nea ɔma ohiani no, ɛrenhia no.” Ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛboa ma wɔatua saa adansi yi ho ka no ma honam fam nneɛma a yɛn nyinaa wɔ no yɛ “pɛpɛɛpɛ,” na nokware som a yehu sɛ ɛretrɛw wɔ wiase nyinaa no ma yɛn ani gye.—2 Kor. 8:14, 15; Aso. 20:35.
[Kratafa 3 mfonini]
Săcele, Romania
[Kratafa 3 mfonini]
Maardu, Estonia
[Kratafa 3 mfonini]
Sevnica, Slovenia
[Kratafa 3 mfonini]
Tiszavasvári, Hungary
[Kratafa 4 mfonini ahorow]
Jūrmala, Latvia
[Kratafa 4 mfonini ahorow]
Tallinn, Estonia
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 4, 5]
Taurage, Lithuania
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 4, 5]
Belgrade, Yugoslavia
[Kratafa 5 mfonini ahorow]
Prievidza, Slovakia
[Kratafa 5 mfonini ahorow]
Mátészalka, Hungary
[Kratafa 6 mfonini]
Vranov nad Topl’ou, Slovakia
[Kratafa 6 mfonini ahorow]
Ruma, Yugoslavia
[Kratafa 6 mfonini ahorow]
Tornakalns, Latvia