Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/99 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1999
Yɛn Ahenni Som—1999
km 9/99 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma September: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. October: Yɛbɛma wɔakra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! November: Dɛn Na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? anaasɛ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. December: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu ne New World Translation.

◼ Sɛ wokɔ asɛnka a, ebia wubehyia mum. Sɛ kuw a wɔka mum kasa wɔ mo mpɔtam hɔ a, ɛsɛ sɛ wudi akwankyerɛ a wɔde ama wɔ Asafo ti krataa a wɔkyerɛw no December 15, 1998, de kɔmaa asafo ahorow nyinaa mu no akyi. Ɛkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mobɛkyerɛw nnipa a ɛsono kasa a wɔka, a mum kasa ka ho, a ebia wɔte mo asafo no asasesin mu anaa wɔnte mu no ho asɛm wɔ ‘Please Follow Up’ kratasin no so. Sɛ onii no ani nnye Ahenni asɛm no ho mpo a, ɛsɛ sɛ mode kratasin yi di atirimpɔw yi ho dwuma. . . . Sɛ wohyehyɛ ‘Please Follow Up’ kratasin no wie a, ɛsɛ sɛ wode ma asafo no kyerɛwfo tee anaa fa to Ahenni Asa so asɛnka akontaabu adaka no mu.” Sɛ ɔdawurubɔfo biara ma n’ani da hɔ sɛ ɔbɛboa wɔ saa kwan yi so a, akuw a wɔka mum kasa no betumi akyerɛw mum a wɔte wɔn mpɔtam hɔ no nyinaa din ato hɔ.

◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani anaa obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm mu September 1 anaa ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ muwie a, mommɔ mo asafo no amanneɛ bere a mode mo sikasɛm ho amanneɛbɔ a edi hɔ no ama akyi.

◼ Yɛrekae mpanyimfo no sɛ wonni obiara a wɔatu no anaa watwe ne ho a ebia ɔpɛ sɛ wɔsan gye no ho akwankyerɛ a wɔde ama wɔ April 15, 1991, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 21-3 no akyi.

◼ Ɛho hia sɛ akuw a emu nnipa yɛ 20 anaa nea ɛboro saa a wɔreyɛ nhyehyɛe abɛsra Betel no di kan kyerɛw krataa de kyerɛ nnipa no dodow ne da a wɔbɛba no. Akuw a emufo dɔɔso a wɔde wɔn kyinkyin Accra Betel ma wɔhwehwɛ hɔ no taa gye nnɔnhwerew abien a video a woyi kyerɛ wɔn no ka ho. Enti sɛ moreyɛ mo nsrahwɛ no ho nhyehyɛe a, yɛsrɛ sɛ monkae sɛ eyi ne Betel adwumayɛ bere: Anɔpa 8 kosi awia 12 ne awia 1:15 kosi anwummere 5:10. Memeneda yɛ anɔpa 8 kosi awia 12.

◼ Ɛsɛ sɛ asafo no mufo de Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a wɔma afoforo kra ne nea asa a wɔresan akra nyinaa a wɔn ankasa de ka ho, fa asafo no so.

◼ Asafo ti no nni nhoma a adawurubɔfo mmiako mmiako kra ho dwuma. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no yɛ nhyehyɛe ma wɔde nhoma a wɔkra ho nkaebɔ ma ɔsram biara ansa na wɔde krataa a wɔde kra nhoma no abrɛ Asafo ti no ɔsram biara sɛnea ɛbɛyɛ na obiara a ɔpɛ sɛ ne nsa ka n’ankasa nhoma no betumi aka ho asɛm akyerɛ onua a ɔhwɛ nhoma so no. Yɛsrɛ sɛ momma nneɛma a wɔkra ma wɔn a wobisa ntra mo adwenem.

◼ Wɔn a wɔkɔɔ 1998 “Onyankopɔn Asetra Kwan” Ɔmantam ne Amanaman Ntam Nhyiam nyinaa no nyaa nhyira pii. Wɔn a wɔkɔe no bi ne asɛmpatrɛwfo 2,764 ne amanaman ntam asomfo a ntoboa ahorow a asafo ahorow no fii ayamye mu yii no tumi ma wɔkɔɔ wɔn man mu no. Yɛn ani sɔ nhyehyɛe yi a moboae no yiye. Bere a yɛawie nhyiam ahorow yi no, yɛde sika a woyii a aka no bɛboa wiase nyinaa asɛnka adwuma no.

◼ Video a Ebi Aba Bio:

Jehovah’s Witnesses—The Organization Behind the Name—Engiresi

◼ Efi September 1, 1999 no, wobetintim Ɔwɛn-Aban no wɔ Kazakh kasa mu ɔsram biara.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena