Ahenni Asa Adansi Nhyehyɛe Foforo
Ɛda adi sɛ Yehowa redi ne bɔhyɛ sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ ne fifo na ɔde wɔn afa n’akwan so no so. (Yes. 54:13) Efi tete na ɔyɛɛ ɔsom mu biakoyɛ ho nhyehyɛe pɔtee a nea ɛka ho ne ɔkyerɛkyerɛ a ɛho hia a wɔde bɛma. (Deut. 31:12, 13; Neh. 8:1-8; Dw. 122:1) Eyi ama ne nkurɔfo anokwafo anya mfaso pii. Ɛdenam n’afotu a wɔbata ho pintinn so no, wɔatumi atew wɔn ho afi wiase no ho na wɔne wɔn mfɛfo asomfo anya fekubɔ a ɛbɛn so yiye. (Ex. 34:11-16; 2 Kor. 6:14-18) Wotu yɛn fo wɔ nna a edi akyiri yi mu titiriw sɛ yenhyiam daa sɛnea ɛbɛyɛ a ɛnyɛ sɛ Yehowa betumi akyerɛkyerɛ yɛn nko, na mmom sɛ yɛbɛhyehyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran na yɛatwetwe yɛn ho yɛn ho akɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu nso.—Rom. 1:11, 12; Heb. 10:23-25.
Kristofo ahyiam wɔ nkurɔfo afi mu ne baguam nyinaa fi afeha a edi kan no mu. (Aso. 2:42, 46; 12:12) Nanso efi 1935 mu titiriw bere a wɔbɔɔ amanneɛ sɛ wɔbɛfrɛ nhyiambea foforo bi a wɔresi wɔ Hawaii, U.S.A no Ahenni Asa no, Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛwɔ mmaa nyinaa abɔ mmɔden sɛ wobenya wɔn ankasa ɔsom beae na wɔde saa din yi afrɛ no. Nea afi mu aba ne sɛ wohu Ahenni Asa ahorow wɔ asase so nyinaa nnɛ, na afe biara wosisi pii anaasɛ wɔtɔ adan bi sɛ asafo nhyiam mmeae.
Wɔ Yehowa Adansefo fam no, Ahenni Asa no ne ɔdan a ɛho hia sen biara wɔ mpɔtam biara. Ebia ɔdan no ankasa bɛyɛ nea ɛyɛ fɛ wɔ ne nhyehyɛe ne sɛnea wosii no mu, nanso sɛ wɔde toto afoforo ho na ɛba fam mpo a, wɔkyerɛ ho anisɔ kɛse sɛ ɛyɛ nokware som beae ne faako a wofi di teokrase dwumadi ho dwuma wɔ mpɔtam hɔ. Edi adanse sɛ wɔreka Ahenni ho asɛmpa no wɔ mpɔtam hɔ. Ɛyɛ beae a ɛma wɔn a wɔn honhom mu ahiade ho hia wɔn no nya honhom fam ahotɔ ne ɔkyerɛkyerɛ.—Mat. 5:3.
NTRƐWMU A ƐBA NTƐMNTƐM MA AHENNI ASA AHIADE YƐ KƐSE
Amanneɛbɔ a efi nsasesin no mu ba kyerɛ sɛ Yehowa gu so ‘reyɛ’ anoboaboa adwuma no ‘ntɛm’ bere a mprempren nneɛma nhyehyɛe yi awiei no de ntɛmpɛ ba yɛn so no. Aba sɛnea ɔnam odiyifo Yesaia so kae no pɛpɛɛpɛ sɛ “nea osua koraa bɛdan apem, na akumaa adan ɔman a ɛyɛ den.” (Yes. 60:22) Sɛ nhwɛso no, adawurubɔfo dodow akɔ anim bɛboro 10,000 wɔ mfe anum a atwam no mu wɔ Ghana. Saa nkɔanim a ɛyɛ nwonwa yi hwehwɛ sɛ wɔtetew asafo afoforo pii, na eyi kyerɛ sɛ wohia Ahenni Asa afoforo pii. Nanso entumi nyɛɛ yiye sɛ asafo ahorow no betumi ne nkɔanim no abɔ anan wɔ Ahenni Asa adansi mu. Bere a bere kɔ so no wɔte saa ahiade yi nka kɛse na anoboaboa adwuma no kɔ so a ennyae.
Wɔde amanneɛbɔ yi maa yɛn mfe anum ni wɔ “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam no ase wɔ ɔkasa bi a wɔmaa no Fida a na ne ti ne “Sɛnea Yehowa Aka Yɛn Abom” no mu. Sɛnea wobɛkae no, ɔkasafo no tĩĩ nneɛma a asisi wɔ Kristofo nnɛyi abakɔsɛm mu a wonim yiye no pii mu tiawa na ɔtwee adwene kɔɔ Mika 2:12 mmamu a ɛyɛ nwonwa no so, faako a wɔakyerɛw sɛ: “Mɛka wɔn mabom sɛ nguan nguamman mu, sɛ mmoakuw wɔn didibea so, nnipa dodow a wɔyɛ hoo.” Wɔ saa tebea no mu no ɔkasafo no a ogyina Sodikuw no ananmu no bɔɔ nhyehyɛe foforo bi a wɔnam so bɛma Ahenni Asa ahorow adansi akɔ ntɛmntɛm no ho amanneɛ.
Ɛwom sɛ wɔde amanneɛbɔ no mae tiawa wɔ nhyiam ɔkasa no mu de, nanso nhyiamfo no de anigye gyei. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛbɛka sɛ wɔasɔ nhyehyɛe no ahwɛ ma ayɛ yiye wɔ aman pii mu. Enti Sodikuw no asi gyinae sɛ wɔmmfa nni dwuma wɔ Ghana nso mfa mmoa mma wonsisi Ahenni Asa pii. Nsɛm a ɛbɛboa yɛn nyinaa ma yɛate sɛnea nhyehyɛe no bɛyɛ adwuma ne sɛnea yɛn mu biara betumi anya “Ahenni Biakoyɛ” a wɔda no adi mu kyɛfa no ase yiye wɔ nna a ɛda yɛn anim mu no bi ni.
AHIADE NO
Nhyiam ɔkasa no dan adwene kɔɔ nea wɔaka wɔ Nhyehyɛe a Wɔayɛ ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma mu kratafa 61 no so se: “Sɛ́ beae a wohyiam som no, ɛnsɛ sɛ Ahenni Asa no yɛ ɔdan a wɔresi no apɔmpɔmpɛ so na ama afoforo ani agye ho. Bere a ebia ɛbɛsono sɛnea wosi no wɔ mmeae horow no, n’atirimpɔw ne sɛ wobehyiam wɔ hɔ. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 17:24 ho.) Ɛsɛ sɛ ɛyɛ beae a eye na ɛfata a wɔyɛ Kristofo nhyiam horow a ɛboa yɛn ma yenyin honhom mu na yesua Yehowa ho ade, a ɛhyɛ yɛn nkuran ma yenya n’Ahenni adwuma no mu kyɛfa.” Sɛ́ Bible nteteebea wɔ mpɔtam hɔ no, Ahenni Asa no di dwuma tee nso wɔ asɛmpa no a wɔbɛka wɔ yɛn asafo no asasesin mu no mu.
Ahenni Asa ahorow a ɛwɔ Ghana nkurow akɛse mu no ho nhwehwɛmu daa no adi sɛ sɛ wɔkyekyem a asafo ahorow abiɛsa na wɔkɔ saa Ahenni Asa ahorow yi mu biara so. Nokwarem no, asafo ahorow anan anaa anum mpo na wɔkɔ nkurow akɛse mu Ahenni Asa binom so mprempren. Sɛ asafo ahorow bɛyɛ kɛse dodow sɛ wobɛkɔ Ahenni Asa so ma wɔn ho atɔ wɔn a, ebu nnipa binom, titiriw afoforofo, abam na wɔnkɔ nhyiam daa. Ɛbɛyɛ den kɛse ma mpanyimfo ne asafo mu asomfo sɛ wobedi anuanom ahiade ho dwuma denam wɔn ankasa mmoa a ehia a wɔde bɛma wɔn so. Sɛ asafo ahorow abiɛsa anaa nea ɛboro saa de Ahenni Asa bi redi dwuma dedaw a, mpanyimfo no twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛkamfo asafo foforo a wɔbɛtew akyerɛ efisɛ baabiara nni hɔ a asafo foforo no behyia.
Wɔ faako a nea ɛboro asafo ahorow abien de Ahenni Asa bi di dwuma no, ɛbɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛyɛ nhyehyɛe a ahotɔ wom ama nna atitiriw te sɛ ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ anaa afe afe Kristo wu Nkaedi afahyɛ no; ebia wobehyia akwanside wɔ nhyehyɛe a ɛdɔɔso a wɔbɛyɛ ama asafo ahorow no mu biara asɛnka no mu. Wɔ saa tebea horow yi mu no, sɛ wɔde Ahenni Asa koro no ara di dwuma da biara a, wɔtaa hyia nsɛnnennen bi wɔ ɛsohwɛ ne ne siesie mu. Ɛtɔ mmere bi a Ahenni Asa a wɔde di dwuma pii no ma nsɛnnennen sɔre wɔ wɔne afipamfo ntam esiane kar mmobɔso anaa nsɛnnennen a ɛte saa esiane nnipa dodow no nti. Kwan tenten a ehia sɛ wotwa ansa na wɔakɔ nhyiam horow no nyɛ mmerɛw, na eyi twentwɛn nkɔso ase.
ASƐNNENNEN NO YƐ SIKASƐM TITIRIW
Nanso dɛn nti na Ahenni Asa adansi ntumi ne Ahenni adawurubɔfo nkɔanim no ne asafo afoforo a wɔtetew no mmɔɔ anan? Asɛnnennen no yɛ sikasɛm titiriw. Bere a ɛyɛ nokware sɛ ɛyɛ den sɛ wobenya ntrɛwmu wɔ nkuraase mmeae bi anaasɛ wontumi nnya esiane sɛ anuanom no ntumi nsii Ahenni Asa a ɛfata anaasɛ wonnyaa bi kwan foforo biara so nti no, wohu asɛnnennen a ahyehyɛde no hyia nnɛ no titiriw wɔ nkurow akɛse mu faako a nsase bo akɔ soro araa ma asafo mmiako mmiako, a nea ɛsoso ka ho, ntumi ntɔ asase a wobesi dan wɔ so mpo no. Nea ɛka ho no, adan a wɔasisi awie bo ama anuanom ntumi ntɔ adan a ɛwɔ hɔ dedaw a wobetumi adan no ayɛ Ahenni Asa.
Amanneɛbɔ a wɔde mae wɔ “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam no ase no kaa akwan horow bi a wobetumi afa so adi akwanside ahorow yi so ho asɛm, na ɛde mfaso ne nhyira abrɛ anuanom nyinaa. Saa akwan a wɔkaa ho asɛm yi ma Yehowa Adansefo asafo horow a ɛwɔ mmaa nyinaa nya ɔkwan foforo a wɔbɛfa so ada no adi sɛ “Ahenni Biakoyɛ” yɛ paara wɔ yɛn mu wɔ ɔkwan fɛfɛ so.
NEA WOBETUMI AYƐ
Sɛnea ebia wunim no, wɔ mfe no mu no Asafo ti no ahyɛ Ahenni Asa adansi ho nkuran na wɔayɛ mmoa a wɔde bɛma asafo ahorow ho nhyehyɛe denam bosea a wɔbɔ wɔn so. Nanso, wɔ nnansa yi mfe mu no, baa dwumadibea afoforo ne tintim mfiri ahiade wɔ wiase nyinaa ama ɛho abehia sɛ wotwa Ahenni Asa bosea no so. Nanso eyi nkyerɛ sɛ Asafo ti no ani nnye ho bio sɛ wobehu sɛ asafo ahorow no hyiam nkabom ne ahotɔ mu wɔ wɔn ankasa Ahenni Asa so. Yenim hia a ɛho hia sɛ wɔma nneɛma kɔ ntɛmntɛm no yiye. Esiane eyi nti yɛasusuw asafo ahorow no mprempren ahiade no ho pii, na nea afi saa nneɛma ho nsusuwii yi mu aba ne mmoa a wohia ho nhyehyɛe foforo a wɔde asi hɔ denam ɔkwan bi a ɛte sɛ nea eye ma obiara a ɛmmfa adesoa a ɛnsɛ nto anuanom bi so so no. Nokwarem no, Bible mu nnyinasosɛm titiriw a wɔde yɛ adwuma no ne nea ɔsomafo Paulo kae wɔ 2 Korintofo 8:13-15 no. Ná anuanom a wɔwɔ Palestina no honam fam ahiade ho asɛm haw no na ɔde nyansahyɛ ahorow a ɛfata mae ma asafo ahorow a ɛwɔ Asia Kumaa no aboa.
Ɔsomafo no dan adwene kɔɔ Yehowa ɔdɔ nsiesiei a ɔde dii Israelfo ahiade ho dwuma wɔ wɔn mfirihyia aduanan sare so akwantu no mu no so, na ɔkae sɛ:. “Sɛ ɛnyɛ pɛpɛɛpɛ nti na saa bere yi mu mo mmoroso akogu wɔn hia mu, na wɔn mmoroso nso abegu mo hia mu, na ayɛ pɛpɛɛpɛ, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Nea ɔboaboa bebree ano no, ebi ammoro no so, na nea ɔboaboa ketewaa ano no, anhia no hwee.” (Fa toto Exodus 16:18 ho.) Nanso ɔkwan bɛn so na wobedi mprempren Ahenni Asa ahiade yi ho dwuma ankasa?
ASAFO TI AHENNI ASA FOTO—SƐNEA EBESI AYƐ ADWUMA
Bere a wɔrebɔ Asafo ti Ahenni Asa Foto no ho amanneɛ wɔ United States ne Canada no, eyi ne nea Sodikuw no ka kyerɛɛ anuanom no: “Ɛho hia sɛ yɛde nyansa ankasa di dwuma. Yɛabɔ sɛnea yebetumi asisi Ahenni Asa pii no ho mpae na yɛasusuw ho yiye pii. Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi ayɛ eyi de ama Yehowa ɔsom mu biakoyɛ akɔ so no, Asafo ti no de nhyehyɛe foforo bi resi hɔ a ebefi ase wɔ ɔsom afe foforo no mu. Nhyehyɛe foforo yi atirimpɔw ne sɛ wɔbɛboaboa sika ano ama Ahenni Asa adansi anaasɛ ne ntrɛwmu. Yegye di sɛ ɛbɛyɛ yiye sɛ yebetumi ayɛ pii wɔ ɛno fam denam Ahenni Asa foto a yɛde besi hɔ wɔ Asafo ti no dwumadibea ti a ɛwɔ United States ne Canada baa dwumadibea hɔ no so.”
Nhyehyɛe no befi ase ayɛ adwuma wɔ Ghana September 1, 1988 mu. Asafo ahorow de ntoboa nnaka atitiriw bi besisi hɔ na wɔakyerɛw ho “Asafo ti Ahenni Asa Foto.” Wɔde nkrataa bi a wɔakyerɛw so “ASAFO TI AHENNI ASA FOTO NTOBOA” remana asafo biara na wɔde abɔ nnaka a wɔde bedi ntoboa titiriw yi ho dwuma no ho. Saa nhyehyɛe yi bɛma obiara a ɔwɔ asafo no mu a ɔpɛ no afi ne pɛ mu ayi ntoboa ato mu bere ne bere mu. Wɔde ntoboa a ɛte saa no bɛmana Asafo ti no baa dwumadibea ɔsram biara awiei na wɔde bedi asafo ahorow a wohia sika de asi Ahenni Asa no ahiade nkutoo ho dwuma. Asafo ti no bɛkyerɛ sɛ nsa aka ntoboa biara na wɔde aka Asafo ti Ahenni Asa Foto no ho.—Fa toto 2 Ahene 12:9-16 ho.
Nokwarem no, asafo ahorow a mprempren wɔretua wɔn ankasa Ahenni Asa ho ka na wɔwɔ ɛno ho ntoboa adaka no betumi de saa adaka no ara adi dwuma. Sɛ wɔpɛ sɛ wɔboa asafo afoforo nso a, wobetumi de ntoboa adaka asi hɔ ama Asafo ti Ahenni Asa Foto no.
Ebegye bere ansa na wɔanya sika a ɛdɔɔso wɔ Asafo ti Ahenni Asa Foto no mu na ama asafo ahorow afi ase abɔ bosea afi mu. Enti, wɔn a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔde nhyehyɛe foforo yi bedi dwuma no nnkyerɛw Asafo ti no nnka wɔn ahiade ho asɛm seesei. Yɛsrɛ mo montwɛn nkosi sɛ wɔbɛbɔ asafo horow no amanneɛ sɛ wɔaboaboa sika a ɛdɔɔso ano sɛnea wobetumi afi nhyehyɛe no fã yi ase ansa. Saa bere no asafo ahorow a wohia sika de asisi Ahenni Asa, atɔ adan asiesie, anaasɛ wɔasiesie Ahenni Asa a ɛwɔ hɔ dedaw na wɔatrɛw mu no betumi abisa bosea afi Asafo ti Ahenni Asa Foto no mu. Asafo anaasɛ asafo ahorow a wɔde Ahenni Asa no di dwuma no na ebetua bosea no. Yɛbɛma asafo ahorow no akɔ so atua mfɛntom wɔ sika a wɔde bɛbɔ wɔn bosea no ho sɛnea ɛbɛyɛ a yebetua ɛho dwumadi ho ka, na yɛde adi nneɛma bo a ɛbɛyɛ den ho dwuma akodu baabi, na afei nso ama foto no mu ayɛ duru.
ASAFO AHOROW A WƆWƆ AHENNI ASA A WƆNNE HO KA BIARA
Asafo ahorow binom wɔ wɔn ankasa Ahenni Asa dedaw, na ebia wɔnne ho ka biara. Wɔ nhyehyɛe foforo yi ase no, ebia asafo ahorow a ɛtete saa no bɛpɛ sɛ woyi ntoboa ma Asafo ti Ahenni Asa Foto no de boa asafo afoforo ma wonya asa ahorow a ɛfata. Ebia wobesi gyinae sɛ wobetwa sika koro no ara ato hɔ te sɛ nea wɔretua wɔn ankasa bosea no na ama wɔatumi ayi ntoboa ɔsram biara ama Asafo ti Ahenni Asa Foto no. Sɛ ɛte sɛ nea ntease wɔ nhyehyɛe a ɛte saa mu a, mpanyimfo no betumi de asɛm no ato asafo no anim te sɛ mpaemuka na wɔama asafo no akyerɛ ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛboa wɔ saa kwan yi so no.
WƆDE REMITTANCE KRATASIN TITIRIW BI BEDI DWUMA
Sɛ wɔde Asafo ti Ahenni Asa Foto sika no rebrɛ Asafo ti no ɔsram biara a, akyerɛwfo de Remittance and Credit Request (S-20) kratasin soronko na ebedi dwuma ama saa atirimpɔw no nkutoo. Yɛsrɛ mo mommmfa sika foforo biara nhyɛ kratasin a wɔde redi dwuma de sika abɛto Asafo ti Ahenni Asa Foto no mu no so. Ɛnde na ɛno kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw krataa a wɔde yi sika (cheque) foforo ma sika a wɔde remana Asafo ti Ahenni Asa Foto no. Yɛsrɛ mo mommmfa nka nsɛmma nhoma anaa nhoma sika anaa ntoboa foforo biara ho. Ɛsɛ sɛ wotua cheque no ma Watch Tower Society. Sɛnea yɛaka wɔ atifi hɔ no, wɔbɛhyɛ da akyerɛ sɛ nsa aka ntoboa biara a wɔde bɛmana Asafo ti Ahenni Asa Foto no.
ASAFO Tl NO BƐHWEHWƐ MO AHIADE MU
Wɔ krataa yi mfiase hɔ baabi no yɛtwee adwene sii ahiade a ɛwɔ baabiara sɛ wɔbɛma Ahenni Asa adansi akɔ ntɛmntɛm wɔ Ghana no so. Yɛakyerɛ nea enti a ebegye nkabom adeyɛ wɔ asafo ahorow nyinaa fam sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi adi mprempren asɛnnennen no so na yɛahwɛ ahu sɛ nkɔso ano nsiw esiane nhyiam mmeae ahorow a asafo ahorow a ɛwɔ mmaa nyinaa nnya nti no nso so. Nanso ansa na yebefi Asafo ti Ahenni Asa Foto no mu abɔ bosea biara, ne bere a yɛtwɛn sɛ sika bɛba foto titiriw yi mu no, Asafo ti no bɛyɛ ahiade ahorow pɔtee ho nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri wɔ ɔman yi mu. Asafo ti no bɛyɛ nhyehyɛe ama anuanom a wɔfata ayɛ nhwehwɛmu wɔ amansin ne nkurow akɛse mu, na wɔ saa kwan yi so no yebehu ahiade ahorow pɔtee a egye ntɛmpɛ ne faako a ɛsɛ sɛ wɔde mmoa a efi Asafo ti Ahenni Asa Foto no mu di kan kɔ. Nhwehwɛmu no bɛkyerɛ mmoa ko a wobetumi de ama wɔ adwumayɛfo a wɔwɔ ɛho nimdeɛ, nhyehyɛe ne nneɛma a wɔde si dan ne nea wɔde siesie, ne nea ɛkeka ho wɔ mpɔtam hɔ no nso. Bere a nsa aka amanneɛbɔ yi nyinaa no, ebia ebetumi ayɛ yiye sɛ wɔbɛboa asafo ahorow a wohia amanneɛbɔ a ɛte saa no, na enti wobetumi de Asafo ti Ahenni Asa Foto no adi dwuma ma atu mpɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ nnepa pii wɔ bere tiaa mu. Bere a mo hɔ mpanyimfo no boa koraa no, wobetumi awie nhwehwɛmu no wɔ bere tiaa bi mu.
NKABOM ADEYƐ A WƆADA NO ADI NNANSA YI
Wɔ mfe kakraa a atwam no mu no anuanom akuw akɛse a wɔboaboa nneɛma ne adwumayɛfo ano gu hɔ asisi Ahenni Asa ɔhaha pii wɔ United States ne Canada wɔ ɔkwan a ɛma wotumi de nnanu anaasɛ dapɛn awiei biako pɛ wie Ahenni Asa adansi no so. Wɔaboaboa anuanom akuw ano wɔ saa aman yi so ma wɔde akwankyerɛ a wohia ma wɔ saa nnwuma yi ho. Wɔadi adanse fɛfɛ a ɛkyerɛ sɛ Ahenni biakoyɛ yɛ paara wɔ nsɛm yi biara mu. Wɔresusuw saa nhyehyɛe yi ho esiane Asafo ti no mprempren mmɔdenbɔ titiriw no nti. Wɔde nnwuma a ɛte saa no ho akwankyerɛ bɛma ma ɛho aba asafo ahorow a wohia mmoa na wɔn ankasa betumi de nhyehyɛe no adi dwuma de asi Ahenni Asa foforo no ho mfaso, ebia ɛnyɛ nnanu, na mmom ntɛm ara sɛnea ebetumi ayɛ yiye. Wɔde eyi ho nsɛm pii bɛba akyiri yi.
NHYIAM ASA ADANSI
Ahyehyɛde no nnɛyi nkɔso ama abɛyɛ nea eye na ɛyɛ afotu pa sɛ wobesisi adan akɛse wɔ aman binom mu de ayɛ ɔmansin nhyiam horow. Wɔfrɛ saa adan yi Yehowa Adansefo Nhyiam Asa. Wɔ Ghana no amansin pii atotɔ nsase dedaw na wɔreyɛ ho adwuma de anya biribi a ɛte saa. Bere bi akyi no wɔde Asafo ti Ahenni Asa Foto no bedi saa atirimpɔw yi nso ho dwuma, nanso ɛnsɛ sɛ wobisa ho asɛm biara saa bere yi. Yɛpɛ sɛ yɛde yɛn adwene si Ahenni Asa pii a ɛho ahiade gye ntɛmpɛ no a yebesisi so.
AHENNI BIAKOYƐ HO ƆYƐKYERƐ BƐKƆ SO ARA
Yɛn nyinaa de anigye kae “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam a wɔyɛɛ no December 1983 mu no. Dwumadi no ma yehuu Yehowa nhyira a ɛwɔ ne nkurɔfo a wɔaka abom so no kɛse. Ampa, yɛayɛ te sɛ “nguan nguamman mu, sɛ mmoakuw wɔn didibea so,” sɛnea wɔnam Mika so kae no. Ɛda adi yiye sɛ Yehowa ‘aboa yɛn ano’ na anigye a yenya nnɛ wɔ ne nguankuw mu no yɛ nea nsɛm “nnipa dodow a wɔyɛ hoo” no kyerɛkyerɛ mu ma ɛfata.—Mika 2:12.
Yɛkamfo anuanom a wɔwɔ mmaa nyinaa sɛ wɔadi anim wɔ Ahenni Asa adansi mu mfe no nyinaa mu. Nkabom adeyɛ wɔ asafo ahorow bi mu no ama wɔasisi Ahenni Asa pii wɔ Ghana nyinaa. Wɔ mmeae a saa adan yi wɔ no ɛnyɛ sɛ adi asafo ne ɔmansin ahorow no ahiade pɔtee ho dwuma nko na mmom ayɛ adansedi ama wɔn a wohu no nyinaa sɛ nnipa a Yehowa din da wɔn so no yɛ nnam wɔ wɔn mpɔtam hɔ. Nea ɛka ho no, bere a anuanom no bɔ wɔn nnwuma yi ho ka na wɔhwɛ so no, wɔakɔ so ayi ntoboa ayamye mu de aboa wiase nyinaa Ahenni adwuma ntrɛwmu no.
Esiane anigye a wɔde gyee amanneɛbɔ a edi kan wɔ “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam no ase no so no nti, yɛwɔ awerɛhyem sɛ anuanom nyinaa begye so saa ara bere a wɔn nsa aka ɛho nsɛm afoforo yi no. Bere a wɔyɛ nhyehyɛe no ho nneɛma ho adwuma ne bere a Asafo ti no nsa bɛka amanneɛbɔ pɔtee denam ahiade ahorow ho nhwehwɛmu a wɔbɛyɛ no so no, wɔbɛkɔ so de nsɛm ne nkyerɛkyerɛmu pii ama.
Nanso mprempren mpo Asafo ti Ahenni Asa Foto no ma yenya hokwan foforo a yɛde bɛkyerɛ ɔkwan pa so sɛ yɛyɛ nkurɔfo a wɔaka abom a wɔsom Yehowa sɛ ahyehyɛde biako wɔ Ahenni biakoyɛ mu. Bere a yesusuw nneɛma ho tra nea yɛn ankasa asafo hia mprempren no, ɛsɛ sɛ yesusuw yɛn nuanom a wɔwɔ ɔman yi mu afã afoforo a wohia sika fam mmoa a ɛbɛma wɔatumi asi Ahenni Asa no ho ahiade pɔtee no ho. Eyi bedi atirimpɔw pa foforo a ɛne sɛ ɛbɛka yɛn abɛn ho kɛse wɔ Ahenni biakoyɛ mu no ho dwuma bere a yɛde adwempa kɛse hwɛ “[yɛn] nuanom kuw a wɔwɔ wiase nyinaa” no ahiade ho asɛm, wɔ nea yebetumi ayɛ sɛ ankorankoro ne sɛ asafo de adi ahiade a ɛwɔ hɔ ho dwuma mu no.—1 Pet. 5:9, NW.
AWIEI
Ɛmmra sɛ saa nhyehyɛe yi nyinaa bɛyɛ asɛm a yɛn mu biara kɔ so fi ne komam bɔ ho mpae a egye ntɛmpɛ. Na ɛmmra sɛ yɛn nyinaa bɛhwehwɛ akwan a yɛnam so bɛyɛ ade ma ɛne yɛn mpaebɔ no ahyia sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi mprempren Ahenni Asa ahiade no ho dwuma. Bere a Yehowa kɔ so bue ɔkwan ma wɔboaboa “nguan foforo” no ano ba n’asomfo a wɔaka abom no nguankuw no mu no, ɛmmra sɛ ɔbɛhwɛ ma yɛanya nneɛma a ɛdɔɔso a yɛde bɛboa afoforofo yi nyinaa ma wɔn ase atim nokware no mu na wɔanyin honhom mu. Ɛmmra sɛ wɔbɛkɔ so ate yɛn anigye ne nkabom nteɛm na ayɛ kɛse da biara da akosi sɛ ebedu ne pɔmpɔn a yɛde ani bu no so a wɔde wɔn a Yehowa bɛkora wɔn so wɔ ahohiahia kɛse no mu no nea otwa to koraa no bɛba abɛka ho. Ampa ara sɛ yɛn anigye bu so nnɛ na ɛbɛkɔ so anya nkɔanim daakye bere a Yehowa nhyira ba yɛn biakoyɛ mu ɔsom a yɛde ma no sɛ nokware Nyankopɔn koro pɛ no so no.