So Wokyerɛw Krataa Kɔ Aburokyiri?
Adawurubɔfo a wɔwɔ Ghana taa kyerɛw nkrataa kɔ Asafo ti no baa dwumadibea ahorow a ɛwɔ aburokyiri a wobisa nneɛma pii fi nnamfo a wɔne wɔn bedi nkrataa kyerɛw so kosi aware mu ahokafo so. Ebinom nso kyerɛw hwehwɛ nhoma a wɔde ma kwa, ne nneɛma a wɔakyere agu kasɛt so ne tape so. Yɛpɛ sɛ obiara hu sɛ Asafo ti no baa dwumadi ahorow a ɛwɔ aburokyiri no rentumi nni abisade ahorow yi ho dwuma.
Asafo ahorow ne wɔn a wɔkra nsɛmma nhoma no address a ɛwɔ Asafo ti no nneɛma mu no yɛ kokoam nneɛma na wɔrentumi mfa mma obi nkyerɛw n’ankasa nkrataa. Ɛsɛ sɛ ankorankoro a wɔhwehwɛ nnamfo a wɔne wɔn bedi nkrataa kyerɛw ne aware mu ahokafo no yɛ wɔn ankasa nhyehyɛe.
Bio, Asafo ti no mfa obiara nkɔ aburokyiri. Sɛ worekɔsra ɔman bi mu na wunim address ko a wode bedi dwuma wɔ saa ɔman no mu a, yɛhyɛ wo nkuran sɛ wobɛkyerɛw baa dwumadibea a ɛwɔ saa ɔman no mu no, sɛ ebi wɔ hɔ a, na bisa Ahenni Asa a ɛbɛn hɔ no address ne nhyiam mmere horow no.
Ɛdefa nhoma ne nneɛma afoforo ho no, yɛhyɛ adawurubɔfo ne akwampaefo nyinaa nkuran sɛ wɔnkra nea wɔhwehwɛ no mfa wɔn asafo no mu. Saa akwankyerɛ ahorow yi a wubedi so no bɛma Asafo ti no ade ne ho afi bere sɛe ne adwuma pii ho.