Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/88 kr. 2
  • Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 5
  • DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 12
  • DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 19
  • DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 26
  • DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 3
Yɛn Ahenni Som—1988
km 9/88 kr. 2

Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 5

Dwom 181

12 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu de a wɔapaw. Hyɛ dapɛn awiei yi nsɛmma nhoma adwuma ho nkuran. Fa ɔyɛkyerɛ ntiantiaa a ɛfa nea aba foforo a yɛde ma ho ka ho sɛnea bere ma kwan.

20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Denam Nhomawa Ahorow So.” Mommɔ nkyekyem 1 ne 2 mu nkɔmmɔ tiaa na afei ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ abiɛsa a wɔasua no yiye, biako fa nhomawa a yɛde rema no biara ho. Hyɛ adawurubɔfo nkumaa nkuran sɛ wonsua sɛnea wɔde bɛma a ɛwɔ nkyekyem 4 no. Tu adawurubɔfo fo sɛ wonsiesie wɔn ho yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi atu mpɔn yiye bere a wofi biako so kɔ foforo so no. Kae wɔn sɛ wobetumi de nhomawa ahorow no afi Bible adesua ase.

13 min: “1989 Kalenda no so Ade Foforo Bi.” Anigye so ɔkasa. Kyerɛkyerɛ sɛnea wɔbɛkra kalenda no a wɔada no adi wɔ Nkaebɔ Ahorow mu no mu pefee.

Dwom 204 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 12

Dwom 183

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka asafo no asɛnka nhyehyɛe ho asɛm. Bisabisa mmofra a wɔyɛɛ akwampaefo aboafo wɔ sukuu akwamma bere mu no nsɛm. Ɔkwan bɛn so na wɔanya mfaso, na anigye ahorow bɛn na wɔanya? Ma wɔnka osuahu ahorow a ɛyɛ anigye a wonyae wɔ asɛnka mu tiawa.

20 min: “Abusua Bible Adesua​—Kristofo Ahiade a Edi Kan.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho.

15 min: Bisabisa mmofra ahorow a wɔwɔ asafo no mu nsɛm. Dɛn ne mo hɔ nsɛnnennen a Adansefo nkumaa hyia wɔ sukuu mu? Dɛn na wɔn ankasa betumi ayɛ na wɔne wɔn awofo aka abom de ama abusua adesua ayɛ yiye? Dɛn na wobetumi ayɛ de aboa wɔn? So wɔn botae ne sɛ wɔde wɔn bere nyinaa bɛsom Yehowa?

Dwom 157 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 19

Dwom 19

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sika akontaabu ne ntoboa ho anisɔ. Hyɛ nsɛmma nhoma a wɔde bɛkɔ asɛnka Memeneda a ɛto so anan ho nkuran. Yɛ sɛnea wɔde bɛma a ɛfata ho ɔyɛkyerɛ ntiantiaa.

15 min: “Nya W’ankasa Botae Horow ma Ɔsom Afe Foforo No.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde di ho dwuma. Sɛ nea wɔde bɛkyerɛ nkɔso a wɔanya no, ebia wobɛpɛ sɛ wubisa sɛ ebinom fii ase maa mmuae wɔ nhyiam horow ase, woni Bible adesua ase, wɔyɛɛ akwampaefo aboafo bere bi, anaasɛ wɔyɛɛ daa akwampaefo afe a etwaam no mu a.

20 min: Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som mu no ho fi mfiase kosi asɛmti ketewaa a ɛwɔ kratafa 4 ɔfã 1 no so.

Dwom 40 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 26

Dwom 184

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Teokrase Nsɛmmansɛmma. Afei nso, “So Wokyerɛw Krataa kɔ Aburokyiri?” Nya afie afie adwuma Kwasida a edi kan October mu no mu kyɛfa. Fa w’akontaabu ma ntɛm September awiei.

15 min: Ɔkwan Bɛn so na Yebetumi Asow Aba Pii? Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo di ho dwuma. Wo ne asafo no ntĩ akwan a obiara betumi afa so anya ɔsom adwuma afã horow a ɛsɛ sɛ wɔde adwene kɔ so no mu kyɛfa mu. Wobetumi de Index no adi dwuma wɔ “FIELD MINISTRY” ase de ahwehwɛ amanneɛbɔ. Fa nyansahyɛ ahorow a eye ma atiefo no. Wobetumi de ɔyɛkyerɛ biako kosi abiɛsa adi dwuma de ayɛ nsɛmpɔw a wobesusuw ho no ho nhwɛso.

20 min: Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som mu no ho fi asɛmti ketewaa a ɛwɔ kratafa 4 ɔfã 1 no so kosi asɛmti ketewaa “Asafo ti no Bɛhwehwɛ mo Ahiade Mu” a ɛwɔ kratafa 5 no so.

Dwom 123 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 3

Dwom 190

5 min: Asafo mu nkaebɔ.

10 min: Fa Creation nhoma no ma October mu. Ɔkasa a wɔma no ahokeka mu. Si sɛnea Creation nhoma no som bo ma nkurɔfo a wɔwɔ mo asasesin no mu no so dua. Hyɛ tebea horow a wobetumi de ama wom ho nyansa. Yɛ afie afie a wɔde bɛma bere a wɔde Nkɔmmɔbɔ asɛmti no di dwuma no ho ɔyɛkyerɛ.

10 min: “Ɔsoro Ɔkyerɛkyerɛ ho Osetie mu Mfaso a Yebenya.” Abusua nkɔmmɔbɔ a wosi sɛnea wɔyɛɛ ade ɔkwan pa so wɔ nhyiam da titiriw a edi kan no ho ne akwanhwɛ ma nhyehyɛe foforo no so dua. Kae anuanom da a mo asafo no bɛyɛ nhyiam da titiriw a edi hɔ no sɛ wɔabɔ ho amanneɛ dedaw a.

20 min: Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som mu no ho fi asɛmti ketewaa “Asafo ti no Bɛhwehwɛ mo Ahiade Mu” so kosi awiei.

Dwom 80 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena