Mo Ahenni Asa No Te Dɛn?
Woahwɛ sɛnea mo Ahenni Asa no te yiye nnansa yi? W’ani gyee sɛnea emu ne ɛho te no ho? Na adiwo hɔ, ne nneɛma a wɔaduadua wɔ hɔ no nso ɛ? Nkongua ne ade a ɛwɔ hɔ, adekoradan ne mmeae a wɔkɔyɛ wɔn ho yiye wɔ hɔ no te dɛn?
So wuhui sɛ biribi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ ho? Ɛnsɛ sɛ eyi yɛ wo nwonwa. Esiane sɛ dapɛn biara wohyiam wɔ hɔ mpɛn pii, na ebia asafo horow pii na ehyiam wɔ hɔ nti, ɔkwan biara so ɛho behia sɛ wosiesie hɔ na ayɛ beae a ɛfata.
Akyinnye biara nni ho sɛ mo asafo no wɔ nhyehyɛe bi a wɔayɛ a wɔnam so siesie Ahenni Asa no so. Nanso ɛhɔ siesie kɔ akyiri kodu he? Wɔ asafo horow pii mu no nea wɔyɛ nkutoo ne ɛhɔ apra ne nneɛma ho popa ne nkongua a wɔde besisi hɔ yiye. Nanso egye nneɛma pii a wɔbɛyɛ. Wɔ bere ne bere mu no ɛho hia sɛ wɔhohoro ɔdan mu hɔ ne nkongua ne afasu ne mfɛnsere no ho na woyiyi nkekãe ne efĩ a ɛwɔ hɔ. Na ananse ntontan ne nneɛma ahorow a asɛe a wɔaboaboa ano wɔ mmeae horow no nso ɛ?
Sɛ mubetumi asiesie hɔ yiye a, nhyehyɛe pa ho hia. Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw nneɛma horow a ehia sɛ wɔyɛ ne mmere horow a wɔde bɛyɛ saa bɔ hɔ. Ɛsɛ sɛ nsa ka nneɛma ahorow a wɔde bɛyɛ eyinom wɔ hɔ. Ɛho behia sɛ wɔpaw obi, ebia asafo mu ɔsomfo na ɔhwɛ Ahenni Asa no so siesie ho dwumadi nyinaa so, sɛ ebia nneɛma a wohia wɔ Ahenni Asa no so ne nneɛma a ehia sɛ wosiesie a ɔbɛhwɛ. Nanso nhyehyɛe a ɛfa asa no so siesie ankasa ho no betumi afa obiara ho.
Ɛsɛ sɛ wosusuw sɛnea Ahenni Asa no so nyinaa te ho. So ehia sɛ wɔka emu anaasɛ ɛho foforo? So ehia sɛ wosiesie mmeae bi? So ehia sɛ wɔyɛ adiwo hɔ ne mmeae a wɔde kar sisi no ho biribi? So nhwiren ne afifide afoforo kakraa a mubeduadua bɛboa ma sɛnea ɛhɔ nyinaa te no abɛyɛ nea ɛyɛ fɛ yiye? Ne nyinaa gye bere, adwene, mmɔdenbɔ ne sika. Nanso yɛwɔ awerehyem sɛ ɛyɛ mo pɛ sɛ, mufi ayamye mu bɛboa wɔ eyi yɛ mu na ama saa honhom fam ahomegyebea a ɛwɔ mpɔtam hɔ no ayɛ nea ɛfata.
Sɛ yɛn nyinaa hwɛ yiye sɛ yɛrensɛe nneɛma, mmubu nkongua anaasɛ mfa nneɛma nkekã afasu no ho a, ɛremma nneɛma pii nsɛe a ɛsɛ sɛ wosiesie. Ɛnsɛ sɛ wɔde chewing gum anaasɛ amane anaa biribi a ɛte saa tetare nkongua ase. Na wunim sɛ nkrataa a wɔde gugu fam, mmofra nnuan a wohwie gu fam anaasɛ wo mpaboa ase a worempopa ansa na woaba asa no so no nyinaa yɛ nneɛma a ɛma fam hɔ siesie yɛ den. Ahwɛyiye kakra a obiara bɛyɛ no yɛ nea yɛn nyinaa ani begye ho.
Yɛn ani gye sɛ yehu mmofra nkumaa wɔ Ahenni Asa no so. Ɛsɛ sɛ wɔtra wɔn awofo nkyɛn pɛɛ bere a wɔregye afotu afi Yehowa Asɛm mu no. Nanso Ahenni Asa so a wɔwɔ no nte sɛ bere a wɔwɔ fie anaasɛ afikyiri baabi no. Asɛyɛde da awofo so sɛ wɔde wɔn ani bɛhwɛ wɔn mma no yiye bere a wɔwɔ Ahenni Asa so. Mmofra a wɔnenam basabasa ‘a wɔato wɔn sraha’ no, hyɛ aniwu.—Mmeb. 29:15.
Awiei no, kae eyi: Adesuabea a ɛhɔ tew, na wɔasiesie hɔ sɛnea ɛfata no da sɛnea Yehowa ne ne nkurɔfo te no adi yiye. Na, O, anigye bɛn ara na ɛyɛ sɛ wobɛkɔ Ahenni Asa a wɔasiesie so yiye na ɛhɔ tew so na woato nsa afrɛ wɔn a wɔyɛ afoforo aka wo ho aba hɔ anaasɛ w’ani betwa bi so bere a wote kar anaasɛ bɔs mu retu kwan! Enti, Mo Ahenni Asa no So Te Dɛn? Sɛ́ ɛbɛyɛ nea eye, na ɛyɛ fɛ, no ho asɛyɛde da mo so!